Onyankopɔn Mu Ahotoso Wowaw Me
SƐNEA RACHEL SACKSIONI-LEVEE KA KYERƐE
BERE A ƆWƐMFO BI BOBƆƆ M’ASOM ESIANE SƐ MANYƐ NASIFO AKOHYƐN A ƐTOTO APRƐM HO NNEƐMA NTI NO, ƆWƐMFO FOFORO KA KYERƐƐ NO SƐ: “ƐBƐYƐ PAPA SƐ WUGYAE. SAA ‘BIBELFORSCHER (BIBLE ASUAFO) NO BƐMA WƆAHWE WƆN ARAA KOSI SƐ WOBEWU AMA WƆN NYANKOPƆN.”
EYI sii December 1944 wɔ Beendorff, mmea adwumayɛban a ɛbɛn faako a wotu nkyene wɔ Germany atifi fam no. Ma menkyerɛkyerɛ nea enti a wɔde me baa ha ne nea ɛyɛe a minyaa nkwa bere a na aka asram kakraa bi ma Wiase Ko II aba awiei no mu.
Wɔwoo me too Yudafo abusua mu wɔ Amsterdam, Netherlands, wɔ 1908 mu, na na me ne mmeawa baasa no mu nea ɔto so abien. Na me papa yɛ dɛnkyɛmmo dwumfo, adwuma a na Yudafo pii yɛ wɔ Amsterdam ansa na Wiase Ko II reba no. Owui bere a na m’adi mfe 12 no, na ɛno akyi no me Nanabarima ne yɛn bɛtrae. Na Nanabarima ntoto Yudasom ase, na ɔbɔɔ mmɔden de Yudafo amammerɛ tetee yɛn.
Midii Paapa anammɔn akyi ma enti me nso mebɛyɛɛ dɛnkyɛmmo dwumfo, na wɔ 1930 mu no, mewaree obi a ɔno nso yɛ adwuma no bi. Yɛwoo mma baanu—Silvain, abarimaa a na ne ho yɛ anika nanso na n’ani so yɛ hyew, ne Carry, abeawa kumaa a ne ho yɛ anika na odwo. Awerɛhosɛm ne sɛ yɛn aware no ankyɛ. Wɔ 1938 mu, bere a yegyae aware no akyi bere tiaa bi no, mewaree Louis Sacksioni, a na ɔno nso yɛ dɛnkyɛmmo dwumfo. Yɛwoo yɛn babea Johanna wɔ February 1940 mu.
Na Louis yɛ Yudani nanso na ɔmfa ne ho nhyɛ Yudasom mu. Enti yɛanni Yudafo afahyɛ ahorow a na m’ani gye ho kɛse fi me mmofraase no bio. Na m’ani gyina biribi a ɛte saa ankasa, nanso me koma mu de, na migye Nyankopɔn di.
Mesesaa Me Som
Wɔ 1940 mfiase a Germanfo kɔto hyɛɛ Netherlandsfo so no, ɔbea bi baa yɛn fie bɛkaa Bible mu asɛm kyerɛɛ me. Mante nsɛm a ɔkae no mu pii ase, nanso bere biara a na ɔba hɔ no, na megye nhoma. Nanso, na menkenkan nhoma a ɔde ma me no efisɛ na mempɛ sɛ mɛte Yesu ho asɛm biara. Na wɔakyerɛkyerɛ me sɛ ɔyɛ Yudani ɔwaefo.
Afei da koro bi, ɔbarima bi baa me dan ano. Mibisaa no nsɛm te sɛ, “Adɛn nti na Onyankopɔn ammɔ nnipa foforo bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no? Adɛn nti na amanehunu adɔɔso saa? Adɛn nti na nkurɔfo tan wɔn ho na wodi ako?” Ɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ minya abotare a, obefi Bible mu de me nsɛm no ho mmuae ama. Enti yɛyɛɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe.
Nanso, mannye anni sɛ Yesu ne Mesia no. Nanso, bere a mifii ase kenkanee Mesia ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no, minyaa ho ntease foforo. (Dwom 22:7, 8, 18; Yesaia 53:1-12) Yehowa boaa me ma mihui sɛ saa nkɔmhyɛ ahorow no nyaa mmamu wɔ Yesu mu. Na me kunu ani nnye nea meresua no ho, nanso wansi me kwan sɛ mɛyɛ Yehowa Dansefo.
Mihintawee—Nanso Mekɔɔ So Kaa Asɛm No
Na bere a Germanfo kɔtoo hyɛɛ Netherlandsfo so no nyɛ bere pa mma me. Ɛnyɛ sɛ na meyɛ Yudafo a Germanfo de wɔn kɔ nneduaban ahorow mu no mu biako nko, na mmom na meyɛ Yehowa Adansefo, ahyehyɛde a na Nasifo no pɛ sɛ wɔtɔre ase no muni nso. Nanso mantra hɔ kwa, ɔsram biara na mede nnɔnhwerew bɛyɛ 60 ka me Kristofo anidaso foforo a manya no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo.—Mateo 24:14.
Da koro anwummere bi wɔ December 1942 mu no, me kunu amfi adwumam amma fie. Nea ɛkɔbae ne sɛ, wɔkyeree ɔne n’adwumayɛfo bi wɔ adwumam. Manhu no bio. Me nuanom Adansefo no tuu me fo sɛ me ne me mma no nkɔhintaw. Mitumi ne Kristoni bea bi trae wɔ Amsterdam fa baabi. Esiane sɛ na ɛyɛ hu paa sɛ yɛn baanan no nyinaa bɛtra faako nti, na ɛsɛ sɛ mema me mma no ne nkurɔfo tra.
Mpɛn pii no, ɛkaa dɛ na anka wɔakyere me. Anwummere bi, na Ɔdansefo bi de me atra ne sakre so de me rekɔ ahintawee foforo. Nanso, na ne sakre no kanea asɛe, enti Netherlands polisifo baanu gyinaa yɛn. Wɔde wɔn kanea hwɛɛ m’anim na wotumi hui sɛ meyɛ Yudani. Nea ɛyɛ nwonwa no, wɔkae sɛ: “Monkaa mo ho nkɔ—nanso, monantew.”
Wɔkyeree Me Kɔtoo Afiase
Anɔpa bi wɔ May 1944 mu, bere a na merebefi asɛnka ase no, wɔkyeree me—na ɛnyɛ sɛ meyɛ Dansefo nti na mmom sɛ meyɛ Yudani nti. Wɔde me kɔtoo afiase wɔ Amsterdam ma midii da du wɔ hɔ. Afei wɔde keteke faa me ne Yudafo afoforo kɔɔ Westerbork nneduaban a ɛwɔ Netherlands atifi fam apue no. Na wɔde Yudafo no fi hɔ kɔ Germany.
Mihyiaa me kunu nuabarima ne ne babarima wɔ Westerbork a na wɔakyere wɔn nso. Me nkutoo na na meyɛ Ɔdansefo wɔ Yudafo no mu, na mebɔɔ mpae bere nyinaa srɛɛ Yehowa sɛ ɔnwowaw me. Nnanu akyi no, me ne me kunu nuabarima ne ne babarima no traa keteke a wɔde fa nantwi a na ɛrebɛkɔ Auschwitz anaa Sobibor, owu nneduaban a ɛwɔ Poland no, mu. Mpofirim ara na wɔfrɛɛ me, na wɔde me kɔtraa keteke foforo—nea wɔde fa nnipa—mu.
Me kan nnamfo a na wɔyɛ dɛnkyɛmmo adwumfo no bi nso foroo keteke no. Wɔde dɛnkyɛmmo adwumfo bɛyɛ ɔha kɔɔ Bergen-Belsen wɔ Germany atifi fam. Akyiri yi, mihui sɛ m’adwuma no na ɛmaa minyaa nkwa, efisɛ na wɔtaa de mframa bɔne kunkum Yudafo a wɔde wɔn kɔ Auschwitz ne Sobibor no. Beae a ɛte saa na wɔde me kunu, me mma baanu, ne m’abusuafo foforo kɔe. Nanso, saa bere no na minnim nea ato wɔn.
Wɔ Bergen-Belsen no, wɔde yɛn a yɛyɛ dɛnkyɛmmo adwumfo no kɔtraa beae soronko bi. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ yɛn adwuma a ɛsom bo yi nti, wɔamma yɛanyɛ adwuma foforo biara. Ná me nko ara na meyɛ Ɔdansefo wɔ kuw no mu, na mede akokoduru kaa me gyidi foforo no ho asɛm kyerɛɛ me mfɛfo Yudafo no. Nanso, wobuu me sɛ ɔwaefo, sɛnea na nkurɔfo bu ɔsomafo Paulo sɛ ɔwaefo wɔ afeha a edi kan mu no ara.
Na minni Bible, na na me kɔn dɔ honhom fam aduan. Na Yudani duruyɛfo bi wɔ biako wɔ nneduaban no mu, na ɔde maa me gyee paanoo ketewa bi ne bɔta. Me ne ‘dɛnkyɛmmo adwumfo’ no traa Bergen-Belsen asram ason. Na wɔhwɛ yɛn yiye kyɛn afoforo ma enti eyi maa Yudafo nneduafo a aka no nyaa yɛn ho tan. Nanso, akyiri yi, na wonnya dɛnkyɛmmo mma yɛmfa nyɛ adwuma bio. Enti, wɔ December 5, 1944 no, wɔde yɛn Yudafo mmea bɛyɛ 70 kɔɔ mmea adwumayɛban a ɛwɔ Beendorff no.
Manyɛ Akode
Na wɔde nneduafo agu nkoron bi a ne tenten bɛyɛ mita 400 a ɛbɛn nneduaban no ma wɔreyɛ akohyɛn a ɛtoto aprɛm ho nneɛma. Bere a manyɛ adwuma yi no, wɔboroo me paa. (Yesaia 2:4) Ɔwɛmfo no de abufuw kae sɛ minsiesie me ho sɛ ade kye a mɛyɛ adwuma.
Ade kyee a na yɛrekohyia ma wɔabobɔ yɛn din no, metraa asraafo atrae hɔ a mankɔ. Na minim pefee sɛ wobekum me, enti mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma minnya me gyidi no so akatua. Mitĩĩ Bible mu dwom yi mu kaa no mpɛn pii: “Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro, nnipa betumi ayɛ me dɛn?”—Dwom 56:11.
Wɔbɛhwehwɛɛ asraafo atrae hɔ bɛfaa me kɔe. Saa bere no na mpanyimfo no biako bobɔɔ me ka kyerɛɛ me sɛ: “Hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ nyɛ adwuma?” Bere biara a obisaa me saa no, mekae sɛ Onyankopɔn. Saa bere no na ɔwɛmfo foforo ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛbɛyɛ papa sɛ wugyae. Saa Bibelforschera no bɛma wɔahwe wɔn araa kosi sɛ wobewu ama wɔn Nyankopɔn.” Nsɛm a ɔkae no hyɛɛ me den kɛse.
Esiane sɛ na wɔma nkurɔfo siesie tiafi so de twe wɔn aso na ɛyɛ adwuma a ɛyɛ me tan paa nti, mepenee so sɛ mɛyɛ. M’ani gyei sɛ wɔmaa adwuma a ɛte saa efisɛ na ɛyɛ adwuma a metumi afi ahonim pa mu ayɛ. Da bi anɔpa nneduaban mu hɔ sahene a obiara suro no no baa hɔ. Obegyinaa m’anim kae sɛ: “Wo ne Yudani a wompɛ sɛ woyɛ adwuma no?”
Mibuae sɛ: “Sɛ wutumi hu sɛ mereyɛ adwuma.”
“Nanso, worenyɛ adwuma biara mfa mmoa ɔko no, anaa wobɛyɛ?”
Mibuee sɛ: “Dabi. Onyankopɔn mpɛ saa.”
“Ɛnyɛ ade a wubekum obi ankasa, anaa ɛnte saa?”
Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ meyɛ akode a na merebu me Kristofo ahonim so.
Ogyee me prae no kae sɛ: “Metumi de eyi akum wo, anaa mintumi?”
Mibuae sɛ: “Ɛyɛ ampa, nanso ɛnyɛ ɛno nti na wɔyɛɛ prae. Otuo de ɛno nti na wɔyɛ.”
Yɛkaa Yesu ho nsɛm sɛ na ɔyɛ Yudani ne sɛ meyɛ Yudani de, nanso mabɛyɛ Yehowa Dansefo. Bere a ɔkɔe no, mfɛfo nneduafo no de ahodwiriw baa me nkyɛn bɛkae sɛ ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ matumi de akokoduru ne nneduaban hɔ sahene no akasa a me ho ampopo. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnyɛ sɛ mewɔ akokoduru na mmom, mitumi yɛɛ saa esiane sɛ me Nyankopɔn no ahyɛ me den nti.
Mifii Ɔko no Mu Fii
Wɔ April 10, 1945 no, bere aman a wɔaka abom ko tia Germany no duu Beendorff no, na ɛsɛ sɛ yehyia wɔ adiwo da mu nyinaa ma wɔbobɔ yɛn din. Ɛno akyi no, wɔde yɛn mu mmea 150 kɔfoafoaa so wɔ keteke a wɔde fa nantwi mu a wɔamma yɛn aduan anaa nsu. Keteke no tui na na yennim baabi a ɛrekɔ, ɛde yɛn dii akɔneaba wɔ akono hɔ nna pii. Ebinom tim wɔn mfɛfo nneduafo no bi amene sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya baabi pa agyina wɔ keteke no mu, na ɛno maa mmea no bi nyaa adwenemyare. Yehowa mu ahotoso a na mewɔ no na ɛhyɛɛ me den.
Da koro bi, yɛn keteke no gyinaa baabi a ɛbɛn mmarima nneduaban bi, na wɔma yesisii. Wɔmaa yɛn mu kakraabi bokiti sɛ yɛmfa nkobu nsu wɔ nneduaban no mu. Bere a miduu nsu no ho no, menom bi paa ansa na merebu bi agu bokiti no mu. Bere a mebae no, mmea no tu guu so sɛ mmoa bi. Wɔnom nsu no nyinaa ma ɛsae wɔ bokiti no mu. Nasi Asraafo (Hitler abirɛmpɔn awɛmfo) no, gyinaa hɔ hwɛɛ wɔn serewee wɔn. Nna dubiako akyi no, yekoduu Eidelstedt, nneduaban bi a ɛwɔ Hamburg mpɔtam hɔ. Na ɛbɛyɛ yɛn mu fa awuwu esiane akwantu no mu ɔbrɛ no nti.
Da bi, bere a na yɛwɔ Eidelstedt no, na merekenkan Bible akyerɛ mmea no mu kakraa bi. Amonom hɔ ara na nneduaban no mu sahene no begyinaa mpomma no mu. Yɛbɔɔ hu papaapa efisɛ na wɔmma kwan mma yɛmfa Bible nkɔ nneduaban no mu. Ɔsahene no baa hɔ bɛfaa Bible no na ɔkae sɛ: “Eyi yɛ Bible, anaa ɛnte saa?” Minyaa abotɔyam kɛse bere a ɔsan de maa yɛn na ɔkaa eyi no: “Sɛ mmea no mu biako wu a, mubetumi akenkan asɛm bi afiri mu.”
Mesan ne Anuanom Adansefo Hyiae
Bere a wogyaee yɛn wɔ nna 14 akyi no, Red Cross ahyehyɛde no de yɛn kɔɔ sukuu bi a ɛbɛn Malmö, Sweden, mu. Yeduu hɔ no, wɔtew yɛn nkutoo koguu baabi. Mibisaa wɔn a wɔhwɛ yɛn so no mu biako sɛ ebia obetumi ama Yehowa Adansefo aso ate sɛ mewɔ aguanfo atrae hɔ a. Nna kakraa bi akyi no, ɔbɛfrɛɛ me. Bere a meka kyerɛɛ ɔbea no sɛ meyɛ Ɔdansefo no, ofii ase sui. Na ɔno nso yɛ Ɔdansefo! Bere a ne bo dwoe no, ɔka kyerɛɛ me sɛ bere nyinaa na Adansefo a wɔwɔ Sweden no bɔ mpae ma wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ Nasi nneduaban mu no.
Efi saa bere no, na onuawa bi ba hɔ daa brɛ me kɔfe ne nnɔkɔnnɔkɔwade. Bere a mifii aguanfo atrae hɔ no, wɔde me kɔɔ beae bi a ɛbɛn Göteborg. Ɛhɔ na Adansefo no yɛɛ aponto fɛfɛɛfɛ bi maa me awia bi. Ɛwom sɛ na mente wɔn kasa de, nanso na ɛyɛ abotɔyam sɛ me ne me nuanom ahyiam.
Bere a na mewɔ Göteborg no, Ɔdansefo bi kyerɛw me ka kyerɛɛ me sɛ wɔkyeree me mma Silvain ne Carry ne m’abusuafo nyinaa kɔe a wɔamma bio. Ɛkaa me babea Johanna ne me nuabea kumaa nkutoo. Nnansa yi ara mihuu me babarima ne me babea din wɔ nhoma a na wɔakyerɛw Yudafo a wɔde mframa bɔne kunkum wɔn wɔ Auschwitz ne Sobibor no mu.
Adwuma a Meyɛe Wɔ Ɔko no Akyi
Bere a mekɔɔ Amsterdam na mihyiaa Johanna a na wadi mfe anum saa bere no, ntɛm ara na mesan fii ɔsom adwuma no ase bio. Ɛtɔ da a, na mihyia NSB, Dutch Amammui Fekuw, amanyɛkuw a wɔboaa Germanfo no. Eyinom na wɔmaa wokunkum m’abusuafo nyinaa no. Na ɛsɛ sɛ miyi adwemmɔne biara fi me tirim na ama matumi aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ wɔn. Misusuwii bere nyinaa sɛ Yehowa na ɔhwɛ koma mu na awiei koraa no, ɔno na obebu atɛn, ɛnyɛ me. Nhyira bɛn ara na minyaa sɛɛ yi!
Me ne ɔbea bi a wɔde ne kunu kɔtoo afiase esiane sɛ ɔboaa Nasifo no nti fii Bible adesua ase. Sɛ meforo atrapoe a ɛkɔ wɔn fie no a, na mete sɛ afipamfo no reka sɛ: “Monhwɛ, Yudani no rekɔ obi a ɔyɛ NSB muni nkyɛn bio.” Nanso, ɛmfa ho sɛ na ne kunu a ɔda afiase no tan Yudafo kɛse no, ɔbea yi ne ne mmabea baasa bɛyɛɛ Yehowa Adansefo.
Anigyesɛm ne sɛ akyiri yi me babea Johanna hyiraa ne nkwa so maa Yehowa. Me ne no tu kɔɔ baabi a na wohia Ahenni adawurubɔfo kɛse. Yenyaa honhom fam nhyira pii. Seesei, mete kuro ketewa bi mu wɔ Netherlands anafo fam, na me ne asafo no kɔ asɛnka bere nyinaa sɛnea metumi. Sɛ mekae bere a atwam no a, nea metumi aka ara ne sɛ, Yehowa annyaw me da. Me te nka bere nyinaa sɛ Yehowa ne ne Dɔba Yesu, ka me ho wɔ amanehunu bere mu mpo.
Wɔ ɔko no mu no, mehweree me kunu, me mma baanu, ne m’abusuafo dodow no ara. Nanso, mewɔ anidaso sɛ ɛnkyɛ mehu wɔn nyinaa bio wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Sɛ ɛka me nkutoo na misusuw nea ato me no nyinaa ho a, mede anigye ne anisɔ susuw odwontofo no asɛm no ho: “[Yehowa, NW] bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.”—Dwom 34:7.
[Ase hɔ asɛm]
a Edin a na wɔde nim Yehowa Adansefo a na wɔwɔ Germany saa bere no.
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Yudafo a wɔde wɔn rekɔ Westerbork nneduaban a ɛwɔ Germany no
[Asɛm Fibea]
Herinneringscentrum kamp Westerbork
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Me ne me mma Carry ne Silvain a wɔn baanu nyinaa hweree wɔn nkwa wɔ Okunkɛse no mu
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Bere a na wɔatew yɛn nkutoo akogu baabi wɔ Sweden
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Bere tiaa bi mu agyiraehyɛde kratasin a wɔyɛe sɛ memfa nkɔ me kurom
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Me ne me babea Johanna nnɛ