Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 2/8 kr. 6-10
  • Wɔrehwehwɛ Baabi a Wɔbɛfrɛ no Wɔn Fie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔrehwehwɛ Baabi a Wɔbɛfrɛ no Wɔn Fie
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aguanfo Atrae Asetra
  • Atutuatutu Mu Ahokyere
  • Asetra Pa a Wɔhwehwɛ
  • Nkurɔfo a Wɔrehwehwɛ Ahobammɔ
    Nyan!—2002
  • Wiase a Wobegye Obiara Atom
    Nyan!—2002
  • Sɛnea Yɛbɛboa “Ahɔho” Ama ‘Wɔde Anigye Asom Yehowa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Aguanfo a Wɔredɔɔso
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 2/8 kr. 6-10

Wɔrehwehwɛ Baabi a Wɔbɛfrɛ no Wɔn Fie

“Sɛ ofie nyɛ a mpo a ɛnte sɛ abɔnten.”—John Howard Payne.

NEA edi kan no ɔko bae, ɔko a amma awiei da. Afei ɔpɛ dii hɔ, ɔpɛ a antwam da. Ɔpɛ no akyi pɛɛ na ɔkɔm bae. Na nkurɔfo yɛɛ ade koro pɛ a wobetumi ayɛ no​—wofii wɔn afie kɔhwehwɛɛ nsu, aduan ne adwuma.

Nnipa mpempem pii koguu ɔhye a asraafo gyinagyina so no so. Nanso, mfe kakra a abɛsen yi mu no, wɔagye aguanfo ɔpepem biako dedaw, na aman a ɛbemmɛn wɔn no mpɛ sɛ wogye wɔn bio. Polisifo a wɔwɔ ɔhye so a wokurakura mporibaa hwɛ sɛ obiara rentra ɔhye no.

Ɔpanyin bi a ɔhwɛ atukɔfo ho nsɛm so kyerɛkyerɛɛ nea enti a wɔamma aguanfo pii kwan no mu. “Wontua tow. Wɔsɛe akwan. Wotwitwa nnua. Wɔma wo nsu sa. Dabi, yennye bio.”a

Awerɛhosɛm a ɛte saa no abu so nnɛ. Nnipa a wɔabɔ wɔn ahwete no hu sɛ ɛyɛ den paa sɛ wobenya baabi a ɛyɛ wɔn ankasa fie atra. Amanneɛbɔ bi a Amnesty International (Amanaman Ntam Kuw a Ɛpere Ɔmanfo Ahofadi) de maa nnansa yi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea nnipa a wɔrehwehwɛ ahobammɔ adɔɔso no, saa ara na aman a wɔmpɛ sɛ wɔde ahobammɔ ma no nso adɔɔso.”

Wɔn a wɔn ti yɛ yiye ma wokodu aguanfo atrae no tumi nya ahobammɔ kakra, nanso ɛhɔ nte sɛ fie. Na ebetumi aba sɛ atrae hɔ tebea renyɛ nea ɛfata koraa.

Aguanfo Atrae Asetra

Oguanfo bi a ofi Afrika kae sɛ: “Otuo betumi akum wo [wɔ wo kurom], nanso wɔ ha [aguanfo atrae] no, ɔkɔm bekunkum wo mma.” Sɛnea agya a n’ani abere yi hui no, aduan ne nsu ho yɛ na wɔ atrae pii na ahotew ne adan pii nni hɔ. Nea enti a ɛte saa no yɛ tiawa. Ebetumi aba sɛ aman a ennyaa nkɔso pii a aguanfo ɔpepem pii kogu hɔ mpofirim no ntumi nhwɛ wɔn ankasa nnipa. Ɛnyɛ ade a wobetumi ayɛ nnipadɔm a wɔba wɔn man mu prɛko pɛ no mmoa pii. Na aman a wodi yiye a wɔn ankasa wɔ wɔn haw ahorow no betumi atwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛboa aguanfo pii a wɔwɔ aman foforo so no.

Bere a nnipa bɛboro ɔpepem abien guan fii Afrika man bi mu wɔ afe 1994 mu no, na nsu nni aguanfo atrae a wɔkyekyeree no ahopere so no, na na ɛhɔnom ahotew nyɛ papa. Ne saa nti, kɔlera a esii hɔ no kunkum nnipa mpempem pii ansa na wɔretumi asɔw ano. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, asraafo de wɔn ho fraa ɔmanfo a wɔyɛ aguanfo no mu na ntɛm ara na wogyee nneɛma a wɔde bɛkyɛɛ wɔn no. Na ɔhaw yi nyɛ soronko. Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Asraafo a wɔde wɔn ho fra aguanfo mu no de ɔhaw pii abrɛ ɔmanfo no. Ama wɔahunahuna wɔn, ahaw wɔn, ahyɛ wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ sraadi mu.”

Kurom hɔfo nso betumi ahu amane esiane aguanfo pii a wɔaba hɔ rebɛpɛ biribi adi no nti. Wɔ Great Lakes mantam a ɛwɔ Afrika no, aban mpanyimfo bi nwiinwii kae sɛ: “[Aguanfo no] asɛe yɛn nnuan, yɛn nsase, yɛn anantwi, yɛn kwae, na wɔama ɔkɔm ne yare aba . . . Wɔbɛkyɛ [wɔn] nnuan bere a yɛn de yennya hwee.”

Nanso, ebia ɔhaw a ɛsen biara ne sɛ aguanfo atrae bebree bɛdan nkurow a wɔtra mu daa. Sɛ nhwɛso no, wɔ ɔman bi a ɛwɔ Mediterranea Supɔw so mu no, aguanfo bɛyɛ 200,000 na wɔafofɔre so wɔ atrae a na ɛsɛ sɛ nnipa 50,000 na wɔtra hɔ no. Wɔn mu biako de awerɛhow kae sɛ: “Yenni baabiara kɔ.” Aguanfo a wɔahu amane bere tenten yi nnya adwuma nyɛ wɔ ɔman a wɔakɔ mu no mu, na wobu akontaa sɛ wɔn mu ɔha mu 95 na wonni adwuma yɛ anaasɛ wonnya adwuma pa bi nyɛ. Ɔpanyin bi a ɔhwɛ aguanfo ho nsɛm so kae sɛ: “Nokwarem no, minnim ɔkwan a wɔfa so nya wɔn asetrade.”

Nanso, sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ aguanfo atrae a, ebetumi aba sɛ ɛbɛyɛ nea asɛe koraa wɔ wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete a wontumi mfi wɔn ankasa man mu no mu.

Atutuatutu Mu Ahokyere

Sɛnea Amanaman Nkabom Aguanfo Soafo Panyin kyerɛ no, “ɔhaw yi kɛse ne ne tɛtrɛtɛ, nnipa amanehunu a ɛwom, ɛne nkɛntɛnso a enya wɔ amanaman asomdwoe ne ahobammɔ so no ama nnipa a wɔabɔ wɔn ahwete wɔn man mu no abɛyɛ ɔhaw kɛse ama amanaman nyinaa.” Nneɛma pii nti, saa nnipa a wonni afie te mu yi asɛm taa yɛ mmɔbɔ sen aguanfo.

Amanaman ntam ahyehyɛde biara nni hɔ a edwen nnipa a wɔabɔ wɔn ahwete wɔn man mu no yiyedi ho, na nsɛm ho amanneɛbɔfo ntaa nka wɔn tebea a anibere wom no ho asɛm. Ebetumi aba sɛ wɔn ankasa aban ahorow a ɛredi ako no rennya ɔpɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban anaasɛ wontumi nyɛ saa. Sɛ mmusua reguan afi mmeae a asiane wɔ no a, wɔn mu taa tetew. Bere a nnipa a wɔabɔ wɔn ahwete wɔn man mu taa nantew twa kwan no, ebinom ntumi nnantew nnu baabi a ahobammɔ wɔ kɛse no.

Nnipa a wɔabɔ wɔn ahwete yi mu pii kɔhwehwɛ guankɔbea wɔ nkurow akɛse mu, baabi a wodi hia tete adangow anaa adantuw mu. Afoforo boaboa wɔn ho ano wɔ aguanfo atrae a wɔyɛ no ahopere so mu, na ɛtɔ mmere bi a afoforo bɛtow hyɛ wɔn so. Ɛtaa ba sɛ, nnipa dodow a wowuwu wɔ hɔ no dɔɔso sen nnipakuw foforo biara wɔ ɔman no mu.

Mmoa a asɛm biara nni ho a wɔyɛ nhyehyɛe de kɔma nnipa a wɔabɔ wɔn ahwete wɔn man mu de tew wɔn amanehunu so no mpo tumi de ɔhaw ba. The State of the World’s Refugees 2000 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ afeha a ɛto so 20 no mfirihyia du a etwa to mu no, adɔe akuw a wɔyɛ nnwuma wɔ aman horow mu no gyee nnipa mpempem pii nkwa, na wɔyɛɛ nneɛma pii de tew nnipa amanehunu so. Nanso, mfirihyia du no mu asuade atitiriw biako ne sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ ɔko mu no, akuw a wɔredi ako no betumi de nneɛma a wɔde reyɛ adɔe no adi dwuma ɔkwammɔne so, a nea etumi fi mu ba a ɛnyɛ papa ne sɛ, ɛma atumfoɔ a wɔsɛe nnipa ahofadi no nya din pa. Afei nso, wotumi tɔn nneɛma a adɔe akuw de kyɛ no ma wonya sika de boa ɔko no ma ɛkɔ so kyɛ.”

Asetra Pa a Wɔhwehwɛ

Aguanfo ne nnipa a wɔabɔ wɔn ahwete akyi no, aguanfo a wotu kwan kɔhwehwɛ ahode a wɔredɔɔso nso wɔ hɔ. Nneɛma pii na ɛde eyi ba. Nsonsonoe a ɛda wiase aman a wodi yiye ne wɔn a wodi hia ntam no reyɛ kɛse, na woyi aman a wodi yiye no bi asetra ho nneɛma wɔ television so kyerɛ wiase aman a wodi hia buruburoo no bi mufo. Wiase akwantu abɛyɛ mmerɛw, na ɛnyɛ den sɛ obi befi ɔman biako mu akɔ foforo mu. Amanko ne mmusua ne nyamesom mu nyiyim nso ka ho bi paa na ɛma nkurɔfo tutu akwan kɔ aman a wodi yiye mu no.

Nanso bere a atukɔfo no bi—titiriw wɔn a wɔwɔ abusuafo wɔ aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu fam no—akwantu yɛ dwoodwoo no, afoforo kɔsɛe wɔn asetra. Wɔn a wɔkɔtɔ nsɛmmɔnedifo a wɔyɛ akwantu ho nhyehyɛe nsam no hyia asiane titiriw bi. (Hwɛ nnaka a ɛka ho no.) Ɛsɛ sɛ abusua bi susuw saa asiane ahorow yi ho yiye ansa na wɔatu kwan akɔhwehwɛ ahode.

Wɔ afe 1996 mu no, ahyɛmma dedaw bi butuwii wɔ Mediterranea Po no mu ma nsu no faa nnipa 280. Ná wɔn a wowuwui no yɛ atukɔfo a wofi India, Pakistan, ne Sri Lanka a na wɔatua sika bɛyɛ $6,000 ne $8,000 wɔ kwan a wɔretu akɔ Europa no ho. Ansa na ahyɛmma no rebɔ no, na ɔkɔm ne sukɔm ade wɔn adapɛn pii dedaw, na na wɔayɛ wɔn ayayade nso. “Ɔkwan a na wɔretu akɔpɛ ahode” no dan bɛyɛɛ ahude, na ekowiee awerɛhow mu.

Sɛnea ɛte no, oguanfo, obi a waguan afi ne kurom akɔtra baabi wɔ ne man mu, otubrafo a onni tumi krataa, biara wɔ ahude bi a n’ankasa ahyia a obetumi aka akyerɛ. Nea ɛmaa nkurɔfo yi tutu fii wɔn kurom biara—sɛ́ ɛyɛ ɔko, ɔtaa, anaa ohia—no, wɔn amanehunu no ma nsɛmmisa bi sɔre: So wobedi ɔhaw yi ho dwuma da bi? Anaasɛ aguanfo no bɛkɔ so adɔɔso ara?

[Ase hɔ asɛm]

a Nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no sii March 2001 wɔ Asia man bi mu. Nanso nsɛm a ɛtete saa ara asisi wɔ Afrika aman bi mu nso.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Asase mfonini wɔ kratafa 8]

Sɛnea Atukɔfo a Wonni Tumi Krataa Tebea Te

Aguanfo ne wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete wɔn man mu akyi no, “atukɔfo a wonni tumi krataa” bɛyɛ ɔpepem 15 kosi ɔpepem 30 na wɔwɔ wiase nyinaa. Saa nnipa yi mu dodow no ara na wɔpɛ sɛ woguan ohia—ne ebia ɔtan ne ɔtaa—na wokodi yiye wɔ wiase aman a wodi yiye no mu.

Esiane sɛ tumi krataa a atukɔfo betumi anya ho ayɛ den mfe kakra a abɛsen yi mu nti, atukɔfo ho aguadi bɔne foforo bi asɔre. Nokwarem no, atukɔfo a wɔde wɔn tu kwan abɛyɛ adwuma a amanaman ntam nsɛmmɔnedifo anya sika wom nnɛ. Nhwehwɛmufo bi bu akontaa sɛ wonya mfaso dɔla ɔpepepem 12 afe biara, na wɔn a wɔyɛ akwantu no ho nhyehyɛe no nhyia asiane ahe biara. Pino Arlacchi a ɔyɛ Amanaman Nkabom kyerɛwfo panyin abadiakyiri no frɛɛ eyi “nsɛmmɔnedifo aguadi a ɛrenya nkɔso ntɛmntɛm wɔ wiase.”

Ɛkame ayɛ sɛ atukɔfo a wonni tumi krataa no nni ahobammɔ biara wɔ mmara mu, na wɔn a wɔyɛ wɔn akwantu ho nhyehyɛe no taa gye wɔn akwantu tumi nkrataa no. Atukɔfo a wɔte saa no taa yɛ nnwuma a akatua nnim papa, ofie nnwuma, mpataayi, anaa kuadwuma. Ebinom bɛdan tuutuufo. Sɛ aban mpanyimfo kyere wɔn a, ɛda adi sɛ wɔbɛsan de wɔn akɔ wɔn man mu a kaprɛ mpo nni wɔn ho. Sɛ wɔkasa wɔ adwumam tebea horow a enye no ho a, wotumi hwe wɔn anaasɛ wɔto wɔn mmonnaa anaasɛ wɔde basabasayɛ hunahuna wɔn abusuafo a wɔagyaw wɔn wɔ wɔn kurom no mpo.

Mpɛn pii no, amumɔyɛfo no de adwuma a akatua wom na ɛhyɛ atukɔfo no bɔ de daadaa wɔn. Ne saa nti, abusua bi a wodi hia no tumi tɔn wɔn agyapade nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn busuani biako bɛkɔ Europa anaa United States. Sɛ otukɔfo no ntumi ntua akwantu no ho ka no a, wɔbɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ adwuma de atete ɛka a ne kɛse betumi adu $40,000 no. ‘Asetra foforo’ a wɔde hyɛɛ no bɔ no bɛdan nkoasom.

[Mfonini]

Aguanfo a wonni tumi krataa a wɔwɔ Spain

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

Wɔsɛe Wɔn a Wonnim Hwee No

Siri abusua te Asia anafo fam apuei mmepɔw mu, baabi a n’awofo yɛ ɛmofuw. Da bi ɔbea bi ka kyerɛɛ Siri awofo sɛ obetumi anya adwuma a akatua pa wom ama no wɔ kurow kɛse mu. Na ɛyɛ den sɛ wɔbɛpo sika $2,000—a ɛsom bo paa ma bepɔw so akuafo—a ɔkae sɛ ɔbɛma wɔn no. Nanso, ankyɛ na Siri hui sɛ ɔwɔ nguamanfie. Ne wuranom no ka kyerɛɛ no sɛ gye sɛ otua $8,000 ansa na wanya ahofadi. Saa bere no na Siri adi mfirihyia 15.

Na Siri ntumi ntua saa ka yi. Ɔhwe ne mmonnaa a wɔtoo no ma ɔyɛɛ nea wɔhwehwɛ no. Bere tenten a wonya ne so mfaso no, na wɔrennyae no. Nokwasɛm a ɛhaw adwene ne sɛ wogyae tuutuufo a wɔte saa no pii—nanso gye bere a wɔanya AIDS no, na wɔsan kɔ wɔn nkuraase kowuwu.

Aguadi a ɛte saa ara rekɔ so wɔ wiase no afã foforo. Afe 1999 amanneɛbɔ bi a na n’asɛmti ne International Trafficking in Women to the United States buu akontaa sɛ mmea ne mmofra bɛyɛ 700,000 kosi 2,000,000 na wɔtɔn wɔn afe biara, na wɔn mu pii kosi tuutuu. Wɔdaadaa ebinom, wɔkyere afoforo; nanso ɛkame ayɛ sɛ wɔhyɛ wɔn nyinaa ma wɔyɛ adwuma a wɔmpɛ. Abofra bi a onnii mfirihyia aduonu a ofi Europa Apuei fam a wogyee no fii tuutuufo bi nsam kaa wɔn a wɔkyeree no no ho asɛm sɛ: “Mansusuw ho da sɛ eyi betumi ato me. Saa nkurɔfo yi yɛ mmoa ankasa.”

Wɔafa nkurɔfo a wɔn asɛm yɛ yaw yi bi afi aguanfo atrae, baabi a ɛbɛma ayɛ den sɛ wɔbɛpo adwuma a sika wom a wobenya ayɛ wɔ Europa anaa United States ho bɔhyɛ ahorow no. Wɔ mmea pii fam no, asetra pa a ɛte saa a wɔhwehwɛ no ama wɔakɔyɛ mfenaa wɔ nna mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10]

Munsusuw Nneɛma Ho Yiye Ansa Moatu Kwan Akɔpɛ Ahode

Esiane nsɛmmɔnedifo a wɔadɔɔso wɔ atukɔfo akwantu ho nhyehyɛe mu ne nsɛnnennen a ɛwɔ wiase aman a wodi yiye mu a wobɛkɔ wɔ mmara kwan so ho no nti, ɛsɛ sɛ okununom ne agyanom susuw nsɛmmisa a edidi so yi ho yiye ansa na wɔasi gyinae.

1. So yɛn sikasɛm nye ankasa koraa a enti ɛsɛ sɛ abusua no muni bi anaa abusua mũ no nyinaa tu kɔ ɔman a wogye akatua pa mu?

2. Akwantu no ho ka bɛyɛ ahe, na yɛbɛyɛ dɛn atumi atua?

3. So mfaso wɔ so sɛ yɛbɛtetew abusua no mu akɔpɛ ahode a ebia yɛn nsa renka no? Atukɔfo a wonni tumi krataa no pii hu ankasa sɛ wontumi nnya adwuma a edi mũ wɔ aman a wodi yiye no mu.

4. So ɛsɛ sɛ migye akatua akɛse ne asetram mfaso ahorow ho nsɛm no di? Bible ka sɛ “atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”—Mmebusɛm 14:15.

5. Ahotoso bɛn na mewɔ sɛ ɛnyɛ nsɛmmɔnedifo ahyehyɛde bi na mede me ho rekɔma wɔn?

6. Sɛ nsɛmmɔnedifo kuw bi a ɛte saa na ɛreyɛ akwantu no ho nhyehyɛe a, so mete ase sɛ ebetumi ama me yere—anaa me babea—akɔyɛ adwuma sɛ tuutuuni?

7. So minim sɛ sɛ mekɔ ɔman bi mu sɛ otukɔfo a minni tumi krataa a, mintumi nnya adwuma pa nyɛ na wobetumi apam me aba me kurom, na mahwere sika a mede tuu kwan no nyinaa?

8. So mepɛ sɛ mebɛyɛ otukɔfo a minni tumi krataa anaasɛ mɛpɛ sɛ medi atoro na ama manya kwan akɔ ɔman a wodi yiye wɔ mu no mu?—Mateo 22:21; Hebrifo 13:18.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Asase mfonini wɔ kratafa 8, 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Mmeae a Aguanfo ne Atukɔfo Adwumayɛfo Kɔ

Mmeae a aguanfo ne nkurɔfo a wɔabɔ wɔn ahwete wɔn man mu pii wɔ

→ Mmeae atitiriw a atukɔfo kɔyɛ adwuma

[Nsɛm Fibea]

Mmeae a efi: The State of the World’s Refugees. The Global Migration Crisis; ne World Refugee Survey 1999.

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Obi a waguan afi ne kurom a ɔrepɛ baabi atra

[Asɛm Fibea]

UN PHOTO 186226/M. Grafman

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena