Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 3/8 kr. 20-22
  • Na sɛ Mihyia Me Sukuuni Bi Ɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Na sɛ Mihyia Me Sukuuni Bi Ɛ?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛyɛde a Ɛne sɛ Yɛnka Asɛm No
  • Atipɛnfo a Wɔka Asɛm no Kyerɛ Wɔn Ho Asɛnnennen
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Asɛm no Akyerɛ Me Mfɛfo Sukuufo?
    Nyan!—2002
  • Mmofra—Dɛn Na Mudi Akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Akokoduru Ayɛ Soronko?
    Nyan!—1992
  • Mmofra—Momma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 3/8 kr. 20-22

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Na sɛ Mihyia Me Sukuuni Bi Ɛ?

“Sɛ̀ mɛsan akɔ sukuu Dwoda no yɛ den ma me. Sɛ me nnamfo no bi hu me a, mehwehwɛ asɛm bi ka kyerɛ wɔn. Sɛ nhwɛso no, meka kyerɛ me nnamfo no sɛ mipue kogyigyee sika maa Labour Party (Amanyɔ Kuw) no.”​— James, England.

“Wɔn a wohu me no di me ho fɛw wɔ sukuu mu. Mete nka sɛ nsɛm hyɛ me so.”— Débora, Brazil.

ADƐN nti koraa na saa mmofra yi suro sɛ wɔn nnamfo behu wɔn? So wɔreyɛ adwuma bi a mmara mma ho kwan? Nea ɛne no bɔ abira no, wɔreyɛ adwuma a nidi wom a ehia sen biara wɔ asase so nnɛ. Na wɔreyɛ adwuma a Yesu de ho ahyɛde mae sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, . . . na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so” no.​—Mateo 28:19, 20.

Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. kyerɛ no, mmofra a wɔadu mpanyin afe so bɛboro ɔha mu 90 na wogye Onyankopɔn di. Saafo yi mu bɛyɛ fã na wɔkɔ asɔre nnawɔtwe biara. Na bere a mmofra pii de wɔn ho ahyɛ asɔre nneyɛe ahorow te sɛ nnwonto mu no, wɔn mu kakraa bi na wɔka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ wɔn sukuufo. Nanso, wɔ wiase nyinaa no wɔde Yehowa Adansefo afie-afie adansedi adwuma no nim wɔn. Adansefo nkumaa mpempem pii de wɔn ho hyɛ saa adwuma yi mu.

Sɛ woyɛ Ɔdansefo kumaa a, akyinnye biara nni ho sɛ wo nso woreyɛ adwuma yi bi dedaw. Nanso eyi nkyerɛ ankasa sɛ wunhyia nsɛnnennen biara wɔ ne yɛ mu. Te sɛ mmofra a yedii kan kaa wɔn ho asɛm no, ebia hyia a wubehyia wo sukuuni bi wɔ asɛnka mu no bɛhyɛ wo ahometew. Britaniani abofra bi a wɔfrɛ no Jennie kae sɛ: “Ade biako a ɛyɛ me aniwu sen ne nyinaa ne sɛ, me sukuuni bi behu me sɛ mehyɛ atade, a mikura bag a nhoma gu mu—na masiesie me ho yiye sen sɛnea misiesie me ho wɔ sukuu no.”

Mfɛfo sukuufo a wohyia wɔn wɔ asɛnka mu ho suro mu betumi ayɛ den araa ma Kristofo nkumaa binom ka nsɛm de yiyi wɔn ho ano. Aberantewa bi a wɔfrɛ no Leon ka sɛ: “Minim Ɔdansefo kumaa bi a sɛ ɔkɔ asɛnka a ɔtaa hyɛ atade bi a wɔayɛ kɔn wɔ ho, na sɛ ohyia ne nnamfo a ɔne wɔn kɔ sukuu a, na watwe atade no kɔn akata ne ti.” Afei nso mmofra binom mpɛ sɛ wɔbɛkɔ asɛnka wɔ mpɔtam bi. Aberantewa bi a wɔfrɛ no Simon ka sɛ: “Mekae sɛ na mebɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenkɔka asɛm no wɔ borɔn bi so, efisɛ minim sɛ me sukuufo pii te saa beae hɔ.”

Ɛnyɛ nwonwa sɛ ehu bɛka wo bere a w’akohyia obi a wunim no wɔ asɛnka mu no. Nanso, sɛ woma ehu a ɛte saa di wo so a, ɛde ɔhaw na ɛbɛbrɛ wo. Germanni abeawa bi ka sɛ: “Na mewɔ saa su bɔne no wɔ asɛnka ho, ma enyaa me honhom fam yiyedi so nkɛntɛnso bɔne.”

Ɛnde na dɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ wokɔka asɛm no—titiriw sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ saa a? Sɛ yebebua a, ma yensusuw nea enti a Nyankopɔn de saa asɛyɛde no ato wo so no ho. Na afei yebehu sɛ sɛ wusi wo bo na wobɔ mmɔden a, wubetumi adi ehu a ɛka wo no so.

Asɛyɛde a Ɛne sɛ Yɛnka Asɛm No

Nea edi kan no ɛbɛboa wo ma woasusuw nokwasɛm a ɛne sɛ ɛnyɛ ade foforo anaa ade a ɛyɛ nwonwa sɛ wobɛka wo gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo no ho. Efi tete no, mmarima ne mmea a wosuro Nyankopɔn ayɛ saa. Sɛ nhwɛso no na wonim Noa yiye sɛ obi a ɔpam adaka kɛse bi. (Genesis 6:​14-​16) Nanso sɛnea 2 Petro 2:5 kyerɛ no, na “ɔyɛ treneekafo” nso. Noa tee nka sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔbɔ afoforo kɔkɔ wɔ ɔsɛe a na ɛreba no ho.​—Mateo 24:37-​39.

Akyiri yi, ɛwom sɛ wɔanhyɛ da amma Yudafo no ahyɛde pɔtẽẽ bi sɛ wɔnka asɛm no nkyerɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo no de, nanso wɔn mu pii kaa wɔn gyidi ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Ɛnam ɛno so ma ɔnanani bi a na wɔfrɛ no Rut besuaa Yehowa ho ade. Esiane anisɔ a onya maa n’asebea Naomi no nti, Rut ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.” (Rut 1:​16) Akyiri yi Ɔhene Salomo kyerɛe sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo pii bɛba abehu Yehowa “din kɛse” no na wɔasom wɔ N’asɔre fie.​—1 Ahene 8:41, 42.

Enti sɛ Nyankopɔn asomfo yi a wɔtraa ase tete no kaa asɛm no kyerɛɛ afoforo—ɛmfa ho sɛ wɔanhyɛ da amma wɔn ahyɛde biara—a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ Kristofo te nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔka asɛm no! Anyɛ yiye koraa no, wɔama yɛn ahyɛde sɛ yɛnka “ahenni ho asɛmpa yi.” (Mateo 24:14) Yɛte sɛ ɔsomafo Paulo, efisɛ etwa sɛ yɛka asɛmpa yi kyerɛ. (1 Korintofo 9:​16) Yɛn nkwa ankasa gyina ɛno so. Romafo 10:9, 10 ka sɛ: “Na sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade a, . . . wobegye wo nkwa. Na koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.”

Ɛhefa na wubetumi ayɛ saa ‘baguam mpaemuka’ no? Ɛwom sɛ bɔnnɔ so asɛnka wɔ n’afã de, nanso apon ano asɛnka da so ara yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wubetumi afa so adu afoforo nkyɛn. (Asomafo no Nnwuma 5:​42; 20:20) So esiane sɛ woyɛ abofra nti wuyi wo ho fi saa adwuma yi mu? Dabida. Bible no de ahyɛde yi ma wɔ Dwom 148:12, 13 sɛ: “Mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra: Wonyi [Yehowa, NW] din ayɛ.”

Atipɛnfo a Wɔka Asɛm no Kyerɛ Wɔn Ho Asɛnnennen

Nokwarem no, ebetumi ayɛ fɛre ne ɔhaw sɛ wobɛkɔ asɛnka akohyia wɔn a wo ne wɔn kɔ sukuu no bi. Ɛnyɛ ade a ɛyɛ nwonwa efisɛ obiara pɛ sɛ afoforo gye no tom. Obiara mpɛ sɛ wodi ne ho fɛw, wɔbɔ no ahohora, anaa wɔyeyaw no. Na sɛnea abeawa bi a wɔfrɛ no Tanya kyerɛkyerɛɛ mu no, “mmofra a wɔwɔ sukuu no tirim yɛ den!” Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wubedwen sɛnea sɛ wo sukuufo hu sɛ woasiesie wo ho kura bag a, wɔbɛyɛ wɔn ade no ho. Ɛyɛ awerɛhow sɛ ɔkwan biara so wobedi wo ho fɛw. Brazilni aberantewa bi a wɔfrɛ no Felipe ka sɛ: “Na me ne abarimaa a ɔne me wɔ adesua kuw biako te me fie. Na ɔka sɛ, ‘Bere biara na wukura Bible! Dɛn na ɛwɔ wo bag no mu?’”

Sɛ woyɛ obi a wodi wo ho fɛw saa a, ɛnyɛ asɛm ketewa. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Abraham ba Isak nua, Ismael dii ne ho fɛw atirimmɔden so. (Genesis 21:9) Ɔsomafo Paulo ammu ayayade yi adewa. Ɛfata sɛ ɔsomafo no frɛɛ no ‘ɔtaa’ wɔ Galatifo 4:29.

Saa ara na Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ nnipa bi bɛtan n’akyidifo no. Ɔkae sɛ: “Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.”—Yohane 15:18, 19.

Ɛnde, sɛ̀ Kristoni no, ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ wubehyia ɔtaa ahorow bi. (2 Timoteo 3:​12) Sɛ mpo woanka Bible no mu asɛm biara ankyerɛ w’atipɛnfo no a, wɔn mu bi bɛkɔ so atan wo esiane sɛ wukura abrabɔ pa mu na wommfa wo ho mmɔ wɔn wɔ wɔn nneyɛe bɔne mu nti. (1 Petro 4:4) Nanso, Yesu de awerɛkyekye nsɛm yi ma: “Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.” (Mateo 5:11) Ɔkwan bɛn so na sɛ wodi wo ho fɛw anaasɛ wɔbɔ wo ahohora a, ɛbɛma w’ani agye? Efisɛ wunim sɛ worema Yehowa Nyankopɔn koma ani agye! (Mmebusɛm 27:11) Na ɛdenam Onyankopɔn a wobɛsɔ n’ani so no, wobɛba abɛka wɔn a wobenya daa nkwa sɛ akatua no ho!​—Luka 10:25-28.

Anigyesɛm ne sɛ, ɛntaa nsi sɛ wo sukuufo no nyinaa—anaasɛ wɔn mu fã kɛse no ara bɛtan wo bere a woakohyia wɔn wɔ asɛnka mu no. Britaniani abeawa bi a wɔfrɛ no Angela kae yɛn sɛ: “Sɛ ɛba sɛ wukohyia wo sukuuni bi wɔ ɔpon ano a, mpɛn pii no, ne koma tu sen w’ankasa!” Ne sɛ, ebinom benya ɔpɛ sɛ wobetie nea wowɔ ka no. Sɛnea ɛte biara no, Kristofo nkumaa pii redi nkonim wɔ wɔn mfɛfo sukuufo a wodi wɔn adanse no mu. Yɛn asɛm a edi hɔ wɔ nsɛm a edidi so yi mu no besusuw akwan bi a wo nso wubetumi afa so ayɛ saa ho.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Mmofra pii suro sɛ wobehyia wɔn mfɛfo sukuufo wɔ asɛnka mu

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Mma w’ani nnwu wo gyidi ho esiane fɛwdi nti

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena