Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 4/8 kr. 14-16
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Asɛm no Akyerɛ Me Mfɛfo Sukuufo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Asɛm no Akyerɛ Me Mfɛfo Sukuufo?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔpɛ a Yebenya De Aka Asɛm No
  • Wo Ho Adi a Wobɛda
  • Na sɛ Mihyia Me Sukuuni Bi Ɛ?
    Nyan!—2002
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi De Nokware no Ayɛ Me De?
    Nyan!—1998
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Mmabun—Yehowa Werɛ Remfi Mo Adwuma!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 4/8 kr. 14-16

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Asɛm no Akyerɛ Me Mfɛfo Sukuufo?

“Na mewɔ asɛnka mu na mihyiaa obi a minim no mpofirim. Ehu kaa me! Na ɛsɛ sɛ nea me ne no wɔ asɛnka mu no toa so kasa ma me.”​—Alberto.

“Na minim sɛ me yɔnko sukuuni bi te saa kwan yi so, enti na mema me nuabarima kasa wɔ apon no nyinaa ano. Bere bi akyi no, ɛyɛɛ te sɛ nea wabrɛ, na ɔkae sɛ menkasa ɔpon a edi hɔ no ano. Mebɔɔ mu, na—menkɔ nkɔhwɛ a—n’anim ni! Me yam hyee me yiye!”—James.

MMOFRA taa te nka sɛ “ɛnna fam” sɛ wɔbɛka ɔsom ho asɛm. Nanso nokware Kristofo mu de, mmofra ani sɔ hokwan a ɛso bi nni a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ wɔnka wɔn gyidi a wokura ho asɛm nkyerɛ afoforo no. Ɛma Yehowa Adansefo mmofra mpempem pii de wɔn ho hyɛ afie afie asɛnka mu. Nanso ebinom yɛ saa a wosuro sɛ ebia wobehyia obi a wonim no sukuu mu. Jennifer ka sɛ: “Meda so ara suro sɛ mehyia wɔn a me ne wɔn kɔɔ sukuu no,” ɛwom mpo sɛ owiee ntoaso sukuu mfe bi a atwam ni de.

Sɛ woyɛ Kristoni abofra a, mmere bi wɔ hɔ a ebia wobɛte nka saa ara. Nokwarem no, yɛn nyinaa suro sɛ wɔbɛpo yɛn, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛbɛbɔ hu kakra bere a yɛka ɔsom ho asɛm kyerɛ yɛn mfɛfo sukuufo no.a Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma ehu bunkam yɛn so. So wokae ɔbarima bi a Bible frɛ no “Yosef a ofi Arimatea” no? Ogyee nea osua fii Yesu hɔ no dii. Nanso Bible ka Yosef ho asɛm sɛ “ɔyɛ Yesu suani, na Yudafo ho hu nti ɔyɛ no kokoam.” (Yohane 19:38) Wubebu adamfo a ɔmpɛ sɛ obiara hu mo adamfofa no dɛn? (Luka 12:8, 9) Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ Kristofo nyinaa “pae mu ka” wɔn gyidi ho asɛm. (Romafo 10:10) Nea ɛka ho ne mmofra a wɔwɔ wo sukuu mu a wobɛkasa akyerɛ wɔn.

Yosef a ofi Arimatea dii ehu a na ɔwɔ so, na anyɛ yiye koraa no ekowiei sɛ ɔhwehwɛɛ hokwan a ɔde besie Yesu amu. Wobɛyɛ dɛn atumi adi ehu a ɛwɔ wo so no so?

Ɔpɛ a Yebenya De Aka Asɛm No

Na ɔsomafo Paulo mfɛre koraa sɛ ɔbɛka ne gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɔkaa n’ankasa ho asɛm wɔ Romafo 1:15 mu sɛ obi a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛka Bible mu asɛm. Dɛn na ɛma onyaa ɔpɛ a ɛte saa? Sɛnea wɔakyerɛw wɔ nkyekyɛm 16 no, ɔka sɛ: “Na m’ani nwu asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu ma wɔn a wogye di nyinaa.” Ɛnde wo nso ɛ? So woasɔ nokware no ahwɛ paa ? (Romafo 12:2) So w’ankasa gye tom sɛ Bible mu asɛm yɛ “Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu”?

Ɛnnɔɔso sɛ wo ne w’awofo bɛkɔ Kristofo nhyiam horow kɛkɛ. Abofra bi a wɔfrɛ no Debora ka sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛkɔ nhyiam ara kwa, efisɛ w’awofo na wɔka kyerɛ wo sɛ yɛ saa. Nanso bere a nkurɔfo bisaa me nsɛm a ɛfa Bible ho no, manhu sɛnea m’ankasa mɛkyerɛkyerɛ mu.” Abeawa bi a wɔfrɛ no Mi Young ka saa ara sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa sɔ hwɛ hu sɛ eyi ne nokware no.”

Dɛn na ebetumi akanyan wo ma woaka Bible ho nimdeɛ a wowɔ no akyerɛ afoforo? Sua a w’ankasa besua! Abofra bi a wɔfrɛ no Sean ka sɛ: “Sɛ w’ankasa fi ase yɛ kokoam Bible adesua a, ɛma wufi ase gye nokware no tom ankasa. Woresua afa.” Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na ofi awosu mu pɛ adesua. Shevon ka sɛ: “Mempɛ akenkan. Enti na ɛyɛ den ma me mfiase no sɛ mɛkenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no anaasɛ mɛkenkan Bible daa. Nanso bere kɔɔ so no, mifii ase yɛɛ saa.”

Dɛn na nsiyɛ a wɔde sua ade saa no de ba? Ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Gyidi no fi asɛnka mu.” (Romafo 10:17) Bere a gyidi ne ahotoso a wowɔ renyin no, sɛnea ɛte biara no wo su bɛsesa. Abofra bi a ofi Brazil a wɔfrɛ no Elisângela wiee asɛm no sɛ: “Nidi wɔ Kristoni a obi bɛyɛ no mu, na ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɔma n’ani wu wɔ ho.” Nokwarem no, bere a wo gyidi renyin no, wuhu sɛ ɛhyɛ wo sɛ kasa kyerɛ afoforo—a wo mfɛfo sukuufo ka ho. Paulo kae sɛ: ‘Yegye di, na enti yɛkasa nso.’ (2 Korintofo 4:13) Ɛno akyi no, sɛ wode nokware nimdeɛ a ɛma nkwa yi kame mmofra a wuhu wɔn da biara no a, ɛbɛyɛ dɛn na wo ho atumi ‘afi wɔ afoforo mogya ho’?—Asomafo no Nnwuma 20:26, 27.

Nanso Kristofo mmofra binom te nka sɛ wɔmfata sɛ wɔbɛka Bible ho asɛm akyerɛ afoforo. Abofra bi a wɔfrɛ no Joshua ka sɛ: “Sɛ wunnim nea wobɛka a, mmɔden a wobɔ sɛ wubedi adanse no nyɛ anigye ahe biara.” Bio nso, Bible mu ntease a emu dɔ a wubenya no bɛboa wo ma woakura mu pɛpɛɛpɛ. (2 Timoteo 2:15) Wɔ Yehowa Adansefo asafo horow mu no, mmofra betumi abɛn asafo mu mpanyimfo no agye wɔn hɔ mmoa na ama ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ no anya nkɔanim. Abofra bi a wɔfrɛ no Matthias a ofi Germany ka sɛ: “Bere a mifii ase ne afoforo kasae—na ɛnyɛ Bible nhoma kɛkɛ a mekyekyɛ—no mifii ase nyaa asɛnka adwuma ho anigye.”

Awiei koraa no, wubetumi abɔ Onyankopɔn mpae ma waboa wo na wode nnamyɛ aka asɛm no. (Asomafo no Nnwuma 4:29) Ɔsomafo Paulo ankasa nyaa Onyankopɔn hɔ mmoa wɔ eyi mu. Ɔka wɔ 1 Tesalonikafo 2:2 sɛ: “Yɛyɛɛ nnam yɛn Nyankopɔn mu kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo, ɔko bebree mu.” Sɛnea nhoma bi ka no, wobetumi akyerɛ asɛm yi ase sɛ: “Onyankopɔn yii ehu fii yɛn komam.” Ɛnde, dɛn nti na wommɔ mpae mmisa Onyankopɔn ma onyi ehu mfi wo komam?

Wo Ho Adi a Wobɛda

Nea ɛne saa mpaebɔ no hyia no, wubetumi afi akokoduru mu atu anammɔn. Abeawa bi a wɔfrɛ no Chic a ofi Britain tu fo sɛ: “Ka kyerɛ wo mfɛfo sukuufo sɛ woyɛ Kristoni.” Wompɛ sɛ wobɛyɛ ‘kokoam suani.’ Abofra bi a wɔfrɛ no Rebecca ka sɛ, na ɔbɔ hu sɛ obehyia obi a onim no wɔ asɛnka mu. Nanso ɔka sɛ, ohui sɛ “sɛ woka kyerɛ wɔn sɛ woyɛ Kristoni a wokɔ afie afie a, ɛtɔ mmere bi a wobisa wo sɛ, ‘Ɛnde, so wobɛba me fie?’”

Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wotwɛn ma ɛba mpofirim? Hwehwɛ hokwan ahorow fa ka wo gyidi ho asɛm wɔ sukuu mu. Kae asɛm a ɔsomafo Paulo bisae no: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?’ (Romafo 10:14) Wo na wowɔ hokwan a ɛsen biara a wode bɛboa wo mfɛfo sukuufo ma wɔate. Abeawa bi a wɔfrɛ no Iraida ka sɛ: “Sukuu mu yɛ asɛnka asasesin a yɛn nkutoo na yebetumi ayɛ adwuma wom.” Mmofra pii de wɔn tebea no di dwuma de ka asɛm no bɔnnɔ so.

Nanso ɛtɔ mmere bi a, sukuu mu dwumadi de hokwan ahorow ba a wɔde ka Bible mu nokwasɛm ahorow kyerɛ. Abeawa bi a wɔfrɛ no Jaimie a ofi Britain ka sɛ: “Na yɛresusuw adannandi ho wɔ sukuu, na mekaa nea migye di ho asɛm. Mmarimaa no biako dii me ho fɛw sɛ Yehowa Adansefo nni nimdeɛ ahe biara na wɔmfata sɛ wɔde wɔn ba sukuu nhyehyɛe mu. Nanso, ɛhɔ ara na mmofra afoforo no begyinaa m’akyi.” Ɛda adi sɛ ne din pa sɛ Kristoni a ɔyɛ nhwɛso pa no so baa mfaso. Jaimie de ka ho sɛ: “Nea efi mu bae ne sɛ mede Is There a Creator Who Cares About You? nhoma no biako maa me yɔnko sukuuni abeawa bi.”b

Abeawa bi a wadi mfe 14 a ofi Romania a wɔfrɛ no Micu ka osuahu bi a ɛte saa ho asɛm: “Me kyerɛkyerɛfo kae sɛ yebesusuw mmosa, tawa, ne nnubɔne ho wɔ sukuu mu. Enti mede April 8, 2000 Nyan! a ɛka ‘Ɔkwan a Wubetumi Afa So Agyae Tawanom’ ho asɛm no bae. Me yɔnko sukuuni bi huu nsɛmma nhoma no, ɔfae a wamfa amma me bio. Bere a ɔkenkan wiei no, ɔkae sɛ na wasi ne bo sɛ obegyae tawanom.”

Ebia ɛnyɛ bere nyinaa na wubenya obi a ɔbɛkyerɛ anigye a ɛte saa. Nanso, Ɔsɛnkafo 11:6 tu yɛn fo sɛ: “Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye.” Sɛ hwee amfi mu mpo a, wo gyidi ho asɛm a woka wɔ sukuu mu no bɔ kwan ma wo na sɛ ɛba sɛ wuhyia wo yɔnko sukuuni wɔ afie afie adwuma mu a, wode anigye ankasa akasa. Abofra bi a ofi Britain a wɔfrɛ no Jessica ka sɛ: “Sɛ woredi wɔn a wunim wɔn adanse a ɛyɛ mmerɛw koraa, efisɛ wone wɔn bɔ dedaw.” Ebia sɛnea wo mfɛfo sukuufo binom pɛ sɛ wohu pii fa wo gyidi ho no bɛma wo ho adwiriw wo.

Nokwarem no, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wobegye wo fɛw so. Nanso Yesu de afotu a mfaso wɔ so yi mae sɛ: “Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a . . . momporoporow mo nan ase tutuw.” (Mateo 10:14) Wɔ ɔkwan foforo so no, ɛnsɛ sɛ wote nka sɛ wo na wɔapo wo. Fi hɔ asomdwoe mu na kɔhwehwɛ obi a ɔpɛ sɛ otie ankasa. Bere tia bi mu no, wubehu nnipa komapafo a nokware no ho kɔm de wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie. So ɛrenyɛ anigye sɛ wɔn mu bi bɛyɛ obi a na wo ne no kɔ sukuu? Sɛ saa a, w’ani begye sɛ wudii ehu a na wowɔ sɛ wobɛka wo gyidi ho asɛm akyerɛ wo mfɛfo sukuufo no so.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Na sɛ Mihyia Me Sukuuni Bi Ɛ?,” a epuee March 8, 2002 Nyan! mu no.

b Yehowa Adansefo na wontintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

“Sɛ w’ankasa fi ase yɛ kokoam Bible adesua a, ɛma wufi ase gye nokware no tom ankasa.”​—Sean.

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Mmɔ hu sɛ wobɛda wo ho adi sɛ woyɛ Kristoni

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Sukuu mu dwumadi ahorow taa de hokwan ba a wode ka Bible mu nokwasɛm ahorow kyerɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena