Mogya Mmoroso—Anosiw ne Ɛsodi
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRAZIL HƆ
EHU kaa Marian! Mpofirim ara ne hwenem tuu mogya pii. Ɔka sɛ: “Na ɛyɛ me sɛ mewu.” Bere a Marian kɔɔ ayaresabea no oduruyɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ mogya mmoroso na ɛmaa ne hwenem fii mogya no (ntini kɛse mu mogya mmoroso). Marian kae sɛ, nanso “me ho ye.” Oduruyɛfo no kae sɛ: “Nnipa pii nnim sɛ wɔwɔ mogya mmoroso efisɛ wonhu ho nsɛnkyerɛnne biara.”
Sɛnea wo mogya bɔ no nso ɛ? So sɛnea woyɛ w’ade seesei no bɛma woanya mogya mmoroso daakye? Dɛn na wubetumi ayɛ de adi sɛnea wo mogya bɔ no so?a
Ahoɔden a mogya de bɔ fa mogya ntini mu no na ɛma yehu sɛnea mogya bɔ no. Wobetumi de rɔba tiaa bi a tokuru da mu, a ɛhyɛ adwinnade bi a wɔde susuw sɛnea mogya bɔ mu akyekyere obi abasa de asusuw. Sɛ wɔyɛ saa wie a wohu nɔma abien. Sɛ nhwɛso no: 120/80. Wɔfrɛ nɔma a edi kan no mogya a ɛbɔ kɛse efisɛ wonya ɛno bere a koma no rebɔ no (systole), wɔfrɛ nɔma a ɛto so abien no mogya a emu atrɛw efisɛ wonya ɛno bere a koma no mmɔ no (diastole). Wɔde dwetɛ nsu a wosusuw no milimita mu na esusuw sɛnea mogya bɔ no, na nea ɛma aduruyɛfo hu sɛ obi anya mogya mmoroso ne bere a ne mogya no kɔ soro kodu 140/90 no.
Dɛn na ɛma sɛnea mogya bɔ no kɔ soro no? Fa no sɛ woregugu wo turo so nsu. Denam bue a wubebue dorobɛn no anaa wobesiw ano kwan ma ayɛ ketewa so no, nsu no de ahoɔden kɛse na ɛbɛba. Saa ara na sɛnea mogya bɔ no te: Sɛ mogya no pii fa ntini mu anaasɛ ntini no mu kwan yɛ ketewa a, ɛma mogya no bɔ boro so. Ɔkwan bɛn so na mogya mmoroso ba? Nneɛma pii na ɛde ba.
Nneɛma Bi a Wuntumi Nyɛ Ho Hwee
Nhwehwɛmufo ahu sɛ sɛ obi busuani bi wɔ mogya mmoroso a, ɛnyɛ den sɛ obetumi anya bi. Akontaabu kyerɛ sɛ ntafo a wɔsɛ wɔn ho betumi anya mogya mmoroso asen ntafo a wɔnsɛ wɔn ho. Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ “faako a awosu a ɛma obi nya mogya mmoroso no wɔ no na ɛbɛkyerɛ sɛ ebia obi nyaa mogya mmoroso fii awosu mu,” a ne nyinaa betumi akyerɛ sɛ wubetumi anya mogya mmoroso afi awosu mu. Mogya mmoroso a ano yɛ den tumi yɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim, na ɛtaa yɛ abibifo mmarima.
Nneɛma a Wubetumi Adi So
Hwɛ aduan a wudi yiye! Nkyene (sodium) betumi ama sɛnea obi mogya bɔ no ayɛ kɛse, titiriw abibifo binom, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wɔwɔ asikreyare. Mogya mu srade a ɛdɔɔso dodo nso betumi ama mogya ntini no mu asiw (atherosclerosis), ma enti ntini no mu kwan ayɛ ketewa, ma sɛnea mogya no bɔ mu ayɛ den. Wɔn a wɔn mu duru boro so ɔha mu nkyem 30 no betumi anya mogya mmoroso. Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ aduan a potassium ne calcium wom betumi abrɛ mogya mmoroso ase.
Sigaretnom betumi ama wo mogya ntini mu kwan asiw, ebetumi ama woanya asikreyare, komayare, ne yare a ɛma nipa fã dwudwo. Ne saa nti, sɛ sigaretnom ne mogya mmoroso di afra a, ebetumi ama woanya komayare. Ɛwom sɛ adanse no mu nnaa hɔ yiye de, nanso caffeine—a ɛwɔ kɔfe, tii, ne anonne a wɔde bese yɛ mu—ne nkate fam ne ɔhonam mu ɔhaw betumi de mogya mmoroso aba. Bio nso, nyansahufo nim sɛ asanom bebrebe ne apɔw mu a wɔnteɛteɛ betumi ama sɛnea mogya bɔ no mu ayɛ den.
Asetra Kwan Pa
Ɛbɛyɛ mfomso sɛ wobɛtwɛn anya mogya mmoroso ansa na woabɔ mmɔden asa. Ɛsɛ sɛ woma asetra kwan a eye ho hia wo fi wo mmofraase. Sɛ wohwɛ wo ho yiye seesei a ɛbɛma woanya asetra pa daakye.
Brazilfo Adwenkyerɛ Wɔ Mogya Mmoroso Ho a Ɛto so Abiɛsa kyerɛkyerɛɛ asetra kwan a ebetumi aboa ma mogya mmoroso so atew no mu. Ɛyɛ akwankyerɛ a etumi boa wɔn a wɔn mogya kɔ soro ne wɔn a wɔn de nkɔ soro no nyinaa.
Ɛdefa wɔn a wɔsoso pii ho no, nhwehwɛmufo hyɛ nyansa sɛ wobetumi adi nnuan a aduan mu ahoɔden nnɔɔso pii wom, na wɔagyae srade nnuan di, “aduan a ɛma obi so tew ntɛmntɛm” na wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu. Ɛdefa nkyene ho no, wɔhyɛɛ nyansa sɛ ɛnsɛ sɛ yedi boro gram asia anaa atere ketewa biako da koro.b Ɛno kyerɛ sɛ wobɛtew nkyene a wode gu aduan mu no so, na afei woatew kyɛnsee mu nnuan, nantwinam a wɔayam, prakonam a wɔayam de ahyɛ ade mu, ne afoforo, ne nnuan a wɔahow so. Wubetumi nso atew nkyene so denam nkyene a woremfa ngu aduan mu bere a woredidi no ne sɛ wobɛhwɛ nkrataa a ɛbɔ aduan a ɛhyɛ kankyee mu ho ahu nkyene dodow a ɛwom so.
Brazilfo Adwenkyerɛ no san hyɛ nyansa sɛ potassium a wɔbɛma adɔɔso wɔ aduan mu no nso ye efisɛ ebetumi “atew mogya mmoroso so.” Ne saa nti, nnuan pa a ɛsɛ sɛ yedi ne nnuan a “sodium nni mu pii na potassium dɔɔso wom,” te sɛ adua, afumduan a ɛyɛ bun, kwadu, anowatere, karɔt, ahwerew, tomantosi, ne akutu dɔɔso wom. Nsanom a wɔbɛtew so nso ho hia. Nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ nsa a ɛwɔ nnuan a mmarima a wɔanya mogya mmoroso di mu no boro mililita 30; na ɛnsɛ sɛ mmea anaa wɔn a wɔn mu nyɛ duru no de boro mililita 15.c
Brazilfo Adwenkyerɛ no de baa awiei sɛ apɔw mu a wobɛteɛteɛ daa no ma ahoɔden a mogya no de bɔ no so tew ma enti ɛma ɛyɛ den sɛ wobenya mogya mmoroso. Apɔw mu teɛteɛ kakra, te sɛ nantew, sakre ka, ne asuguare a wɔde simma bɛyɛ 30 kosi 45 bɛyɛ no mprɛnsa anaa mpɛn anum nnawɔtwe biara no so wɔ mfaso.d Nneɛma ahorow a ɛbɛma woanya akwahosan pa ne sigaret a wubegyae nom, mogya mu srade (srade a ɛda ne triglycerides) a wobɛma ɛso atew, ne asikreyare a wobedi so ne calcium ne magnesium ne nkate fam ne nipaduam haw a wubedi so. Nnuru bi te sɛ nnuru a wɔde sɔw hwenem, ne nnuru a acid wom, ne nnuru a wɔnom didi, ne aduru a wɔde kum yaw ano a caffeine wom betumi ama sɛnea mogya bɔ no mu ayɛ den.
Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wowɔ mogya mmoroso a, wo duruyɛfo na obetumi ama wo akwankyerɛ wɔ w’aduandi ne nea ɛsɛ sɛ woyɛ ho, sɛnea ɛne w’ahiade behyia. Nanso, ɛmfa ho sɛnea wo tebea te biara no, asetra kwan a ɛfata a wubenya fi wo mmofraase no so wɔ mfaso, ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mogya mmoroso nko na mmom obiara a ɔwɔ abusua no mu. Ná ɛsɛ sɛ Marian a yedii kan kaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mu no yɛ nsakrae wɔ n’asetram. Mprempren ɔnom nnuru na ɔhwɛ ne ho so yiye ɛmfa ho sɛ ɔyare no. Na wo nso ɛ? Bere a woretwɛn bere a nnipa nyinaa benya akwahosan pa “na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” no, hwɛ sɛnea wo mogya bɔ yiye!—Yesaia 33:24.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nyan! nhyɛ ayaresa pɔtee bi ho nkuran, egye tom sɛ eyi yɛ ankorankoro gyinaesi.
b Sɛ wowɔ mogya mmoroso anaa komayare, berɛbo mu yare, anaa asaabo mu yare na worenom ho nnuru a, kohu wo duruyɛfo wɔ sodium ne potassium a ɛsɛ sɛ wofa no daa no ho.
c Nsã a ano yɛ den mililita 30 no te sɛ mmosa a wɔasɔn so (whiskey, vodka, ne afoforo) mililita 60, ɛte sɛ bobesa a ano den yɛ mililita 240, anaa beer a ano den yɛ mililita 720.
d Wo ne wo duruyɛfo nsusuw w’apɔw mu a wobɛteɛteɛ ho nhyehyɛe no ho.
[Adaka wɔ kratafa 14]
KO A YƐBƐKO ATIA MOGYA MMOROSO
1. Nneɛma a Ebetumi Aboa Ma Woadi Mogya Mmoroso So
• Tew wo kɛse so
• Tew nkyene a wudi so
• Di nnuan a potassium wom kɛse
• Tew mmosa a wonom so
• Teɛteɛ w’apɔw mu daa
2. Akwan Ahorow a Ebetumi Aboa Ma
Woadi Sɛnea Wo Mogya Bɔ So
• Calcium ne nneɛma afoforo a ɛwɔmagnesium mu
• Afumduan pii a wubedi
• Ayaresa a edwudwo ɔhaw ano
3. Nneɛma a Ɛkeka Ho
• Gyae sigaret nom
• Tew srade a ɛda so
• Di asikreyare so
• Kwati nnuru ahorow a ɛma sɛneamogya bɔ mu yɛ den
[Asɛm Fibea]
Wonya fii Brazilfo Adwenkyerɛ Wɔ Mogya Mmoroso Ho a Ɛto so Abiɛsa no hɔ—Revista Brasileira de Clínica & Terapêutica.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]
W’apɔw mu a wobɛteɛteɛ daa ne nnuan pa a wubedi no betumi aboa ma woadi mogya mmoroso so