Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti na Nea Me ne No Te Dan Mu no Asetra Yɛ Den Saa?
“Midi me ho ni, midi me ho ni yiye paa. Nanso mɛba fie no, na nea me ne no wɔ dan mu no te fam asam ne nan rehwɛ TV—a ɔde nkrataa ne aborɔfo nkyewe apansam fam hɔ nyinaa. Bere biara a mɛba fie no, na nea merekɔto so yi ho mfonini wɔ m’adwenem, na meka no me tirim sɛ, ‘mempɛ sɛ mɛkɔ dan no mu.’”— David.
“Nea na me ne no wɔ dan mu no wɔ suban a enye koraa na ne
ho yɛ ahi. Mede m’adwene bu sɛ na osusuw sɛ ɔwɔ abaawa ne nea ɔbɛyɛ adwuma ama no. Na bere biara ɔpɛ sɛ ɔyɛ nneɛma sɛnea ɔpɛ no.”— Renee.a
ASƐM bi a ɛwɔ U.S.News & World Report mu kae sɛ: “Sua a yebesua sɛ yebenya ahɔho su ahorow a ɛyɛ soronko ho koma no betumi akyerɛ . . . fakaayɛ ne sɛnea wogyae asɛm mu ma ɛka. Nanso ne sua taa haw adwene.” Wɔn a wɔne afoforo atra dan koro mu pɛn ne wo bɛyɛ adwene.
Sukuupɔn mu asuafo pii ne afoforo tra dan koro mu na ama wɔatumi atew sukuu ho ka a ɛsõ no so. Mmofra foforo tu ne afoforo kɔtra dan koro mu esiane sɛ wɔpɛ fahodi afi wɔn awofo hɔ nti. Wɔ Kristofo mmofra mu no, pii apaw obi a wɔne no tra dan koro mu na ama wɔatumi adi honhom fam nneɛma ho dwuma. (Mateo 6:33) Wɔahu sɛ kyɛ a wɔne obi bɛkyɛ ɛka a wɔbɔ wɔ asetram no boa wɔn ma wotumi som sɛ bere nyinaa asɛmpakafo. Ɛtɔ mmere bi a asɛmpatrɛw adwuma ne ɔsom adwuma a obi yɛ wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea ahorow mu nso ma onya obi a wɔne no tra dan koro mu.b
Nyan! ne mmerante ne mmabaa a wɔne afoforo atra dan koro mu kasae. Wɔn nyinaa gye toom sɛ obi a wɔne no tra dan koro mu betumi asen obi a ɔboa wɔ dan akatua mu kɛkɛ—obi a wɔne no tra dan koro mu betumi ayɛ obi a wɔne no nya ayɔnkofa, bɔ nkɔmmɔ na wɔne no yɛ ade bom. Lynn ka sɛ: “Yɛtra ase bɔ mmea nkɔmmɔ anaa yɛhwɛ TV.” Renee ka sɛ: “Nea wo ne no te dan koro mu betumi ahyɛ wo nkuran nso. Ɛtɔ mmere bi na sɛ woreyɛ adwuma de abɔ mmɔden atuatua w’asetram ka nyinaa, na woaka asɛm no a, ɛyɛ ahomeka sɛ wowɔ nea wo ne no wɔ dan koro mu a ɔbɛhyɛ wo nkuran.”
Ɛno mpo no, obi a wo ne no bɛtra dan koro mu—titiriw obi a mfiase no wunnim no koraa—betumi ayɛ asɛnnennen kɛse. U.S.News & World Report ka fa kɔlege mu asetra ho sɛ: “Mmɔdenbɔ kɛse a sukuu pii bɔ sɛ wɔbɛma nnipa a wɔfata wɔn ho atra dan koro mu nyinaa akyi no, nneɛma a ɛmfata taa fi mu ba.” Nokwarem no, ntawntawdi a ɛba wɔ kɔlegefo a wɔte dan koro mu mu no yɛ nea wonim sɛ ayɛ kɛse ara ma adan basabasayɛ! Wɔayeyɛ Intanɛt afã horow a ɛma adesuafo nya hokwan de da wɔn a wɔne wɔn wɔ dan koro mu ho abufuw a ɛte sɛ nea enni ano a wɔanya no adi. Adɛn nti na tra a wɔne obi tra dan koro mu taa yɛ den saa?
Obi a Wunnim No a Wo ne No Bɛtra
Mark ka sɛ: “Obi a wunnim no a wo ne no bɛkɔ akɔtra yɛ ahodwirisɛm. Wunnim onii ko a ɔbɛyɛ ankasa.” Nokwarem no, obi a ebia wo ne n’adwene nhyia ahe biara anaa enhyia koraa ho adwene a wubenya no betumi ahaw wo yiye. Ɛyɛ nokware sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo adwene hyia wɔ nneɛma pii ho na wonya nneɛma bebree a wɔbɔ ho nkɔmmɔ. Ɛno mpo no, David ka sɛ: “Na mebɔ hu kɛse paa wɔ obi a wɔne no tra dan koro mu ho.”
Nanso ɛkɔbae sɛ nea David ne no kɔtraa dan koro mu no ntetee ne ne de di nsɛ. Nanso ɛnyɛ wɔn a wɔte dan koro mu nyinaa na wɔn biribiara taa hyia saa. Mark ka sɛ: “Ná nea odi kan a me ne no traa dan mu no mpɛ kasa pii. Sɛ wo ne obi te bɛn a, ɛsɛ sɛ mobɔ nkɔmmɔ. Nanso ɔrenyɛ saa. Efii ase hyɛɛ me abufuw.”
Nsonsonoe a ɛwɔ ntetee a yenyae mu nso betumi de adwennwen ne ahoyeraw foforo aba. Lynn ka sɛ: “Sɛ wutu fi fie nea edi kan a, ɛyɛ a wopɛ sɛ woyɛ ade wɔ ɔkwan a wopɛ so. Nanso ɛnkyɛ na woahu sɛ ɛsɛ sɛ wususuw afoforo a wɔwɔ hɔ ho.” Nokwarem no, bere a woafi w’abusua fie a ahobammɔ wom no, ebetumi ayɛ ahodwiriw sɛ wubehu sɛnea afoforo hu nneɛma wɔ ɔkwan soronko koraa so no.
Ntetee Ahorow, Akwan Ahorow
Egyina ntetee a obi nyae—anaa ntetee a wannya—fii n’awofo hɔ so kɛse. (Mmebusɛm 22:6) Abofra Fernando kae sɛ: “Meyɛ obi a midi me ho ni, na nea me ne no wɔ dan koro mu no yɛ ne nneɛma basabasa. Fa ntade korabea sɛ nhwɛso: Ɔtotow ne ntade gu baabiara. Na mepɛ ntade a wɔde sensɛn hɔ.” Ɛtɔ mmere bi a nsonsonoe a ɛda gyinapɛn a obiara kura mu no yɛ kɛse.
Renee kae sɛ: “Na me ne obi wɔ dan koro mu a na ne pia mu te sɛ sumina so! Me ne afoforo nso atra dan mu a sɛ wodidi wie a wonsiesie pon no so anaasɛ wogyaw nea wodidii mu no gu beae a wɔhohoro nneɛma mu hɔ nnanu anaa nnansa.” Yiw, sɛ ɛba fie adwuma so a, wɔn a wɔne wɔn wɔ dan koro mu binom reyɛ agyina hɔ ama nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 26:14: “Sɛ ɔpon dan ne ho ne mpontɛre so no, sɛ ɔkwaadwofo nso yɛ ne kɛtɛ so ne no.”
Wɔ ɔkwan foforo so no, tra a wɔne obi a n’ahotew tra so dodo tra dan koro mu renyɛ anigye pii nso. Ababaa bi a wɔfrɛ no Lee ka faa obi a ɔne no traa dan koro mu ho sɛ: “Sɛ ɛkaa ɔno nko a, ɛsɛ sɛ dɔnhwerew biara wosiesie hɔ. Menyɛ obi a minni me ho ni, nanso ɛtɔ da bi a, migyaw nneɛma te sɛ nhoma wɔ me mpa so. Na osusuw sɛ ɛsɛ sɛ n’ani di m’akyi wɔ biribiara mu.”
Ebetumi aba sɛ wɔn a wɔne wɔn tra dan koro mu wɔ wɔn ankasa nsusuwii wɔ ankorankoro ahotew ho. Mark kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea me ne no wɔ dan koro mu no nsɔre ntɛm koraa. Otu mmirika kɛkɛ kɔ beae a wobu nsu, na ɔde nsu hohoro ne tirim, na opue.”
Ntetee ne nipasu mu nsonsonoe betumi anya nkɛntɛnso wɔ anigyede ne ahomegye a wɔpaw mu. Mark ka fa nea ɔne no wɔ dan mu ho sɛ: “Yɛmpɛ nnwom koro.” Nanso, sɛ mokyerɛ obu ma mo ho mo ho a, nsonsonoe a ɛte saa betumi ayɛ nea mfaso wɔ so, ebia ɛbɛboa wɔn a wɔte dan koro mu ma watrɛw nneɛma a wɔn ani gye ho no mu. Nanso mpɛn pii no, saa nsonsonoe no kowie ntawntawdi mu. Fernando ka sɛ: “Mepɛ Spaniafo nnwom, nanso nea me ne no wɔ dan mu no kasa tia bere biara.”
Telefon—Ɔhaw Foforo
Dwumadi a wɔde telefon di betumi ayɛ nneɛma a ɛde ntawntawdi kɛse ba no mu biako. Mark ka sɛ: “Mepɛ sɛ meda. Nanso nea me ne no wɔ dan mu no nna ntɛm, a ɔkasa wɔ telefon so. Ɛno betumi ahyɛ abufuw wɔ bere bi akyi.” Lynn ka asɛm koro no ara sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a nea me ne no wɔ dan mu no nnamfo frɛ no anɔpa nnɔnabiɛsa anaa nnɔnnan bere mu. Na sɛ onni hɔ a, na ɛsɛ sɛ mesɔre kotie telefon no.” Dɛn ne ano aduru? “Yɛhwɛ maa obiara nyaa n’ankasa telefon.
Nanso, ɛnyɛ mmofra nyinaa na wobetumi atɔ wɔn ankasa telefon, na ama pii ne afoforo kyɛ. Eyi betumi ama tebea a emu yɛ den asɔre wɔ mmere bi mu. Renee ka sɛ: “Na wɔn a me ne wɔn wɔ dan mu no biako ne obi ayɛ nhyehyɛe a edi aware anim, na na ɔtaa de nnɔnhwerew pii kasa wɔ telefon no so. Wɔ ɔsram biako mu no, ɔmaa ɛka a ɛboro dɔla 90 na ɛbae. Esiane sɛ na yɛn nyinaa agye atom sɛ yɛbɛkyɛ ɛho ka no atua no pɛpɛɛpɛ dedaw nti no, ɔhwɛɛ kwan sɛ yɛn mu biara betua fã.”
Telefon no bi ankasa a wobenya no nso betumi ayɛ asɛm foforo. Lee kae sɛ: “Na nea me ne no wɔ dan koro mu no anyin sen me. Ná yɛwɔ telefon biako pɛ. Ná mekasa wɔ telefon no so bere nyinaa efisɛ na mewɔ nnamfo bebree. Wanka hwee da. Misusuwii sɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔkasa wɔ telefon no so a, ɔbɛka akyerɛ me. Mihu seesei sɛ mansusuw ne ho.”
Kokoam a Wɔhyɛ Yɛ Ade a Enni Hɔ
David ka sɛ: “Obiara hia bere kakra de ayɛ ade wɔ kokoam. Ɛtɔ mmere bi a mihia ara kɛkɛ sɛ midwudwo me ho a menyɛ hwee koraa.” Nanso, ɛtɔ mmere bi a bere a yɛn ankasa benya de ayɛ yɛn ade betumi ayɛ asɛnnennen wɔ bere a wo ne obi te dan koro mu no. Mark gye tom sɛ: “Mepɛ sɛ minya bere a me nko mede bɛyɛ m’ade. Enti ade a ɛyɛ den ma me paa ne bere a me nko minnya nyɛ m’ade no. Ná me ne nea me ne no wɔ dan mu no kura nhyehyɛe koro. Enti na ɛyɛ den sɛ yɛn mu biara benya bere de ayɛ n’ankasa ade.”
Yesu Kristo mpo, ɛtɔ mmere bi a na ohia bere a ne nkutoo de bɛyɛ n’ade. (Mateo 14:13) Enti ebetumi ahaw adwene, sɛ ɛnyɛ nea ebesiw kwan a, bere a wopɛ sɛ wokenkan ade, wusua ade, anaasɛ wususuw nneɛma ho nanso nea wo ne no te dan mu wɔ hɔ no. Mark ka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wubesua ade efisɛ biribi kɔ so bere nyinaa. Ɔto nsa frɛ ne nnamfo, ɔkasa wɔ telefon so, anaa ɔhwɛ TV anaa otie asɛm wɔ radio so.”
Nanso, ɛmfa ho sɛnea obi a wɔne no tra dan koro mu yɛ asɛnnennen fa no, mmofra pii atumi ne afoforo atra ma ayɛ yiye. Yebesusuw akwan ahorow ankasa a wobetumi afa so anya pii afi obi a wɔne no tra dan koro mu no ho nsɛm foforo a ɛfa eyi ho a ɛbɛba akyiri yi no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa edin no bi.
b Ɛwom sɛ wɔde saa afotu yi rema mmofra de, nanso ebetumi aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim a ɛsɛ sɛ wɔne afoforo tra dan koro mu esiane wɔn tebea a asesa, te sɛ kunayɛ nti.
[Mfonini wɔ kratafa 16 ,17]
Sono a ɛsono nnwom a obiara pɛ betumi de ɔhaw aba
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Susuw a wonsusuw afoforo ho betumi de ɔhaw aba