Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi ne Nea Me ne No Te Dan Koro Mu no Atra Asomdwoe Mu?
“Na mepɛ sɛ gyaade hɔ tew. Nanso na wɔn a me ne wɔn te dan koro mu no mfa ho sɛ nkankyee sisi basabasa anaa wɔagyaw wɔ sutof so. Ná ɛmfa wɔn ho ankasa.”—Lynn.a
WƆN a wɔne wɔn tra dan mu. Nhoma kyerɛwfo Kevin Scoleri ka sɛ: “Wobetumi ayɛ nnamfo pa anaa atamfo a wonnye koraa.” Ebia w’ankasa wonte nka saa, nanso akyinnye biara nni ho sɛ obi a wɔne no tra betumi ayɛ asɛnnennen ankasa.b Ntawntawdi abu so wɔ sukuupɔn adesuafo mu araa ma enti sɛnea U.S.News & World Report kyerɛ no, sukuu pii rebɔ “mmɔden kɛse” aboa wɔn a wɔte dan koro mu ma wɔne wɔn ho abɔ, “denam nhyiam ahorow a wɔbɛyɛ de asiesie wɔn a wɔte dan mu ntam ntawntawdi” ne guabɔ ahorow so.
Tra a wɔne obi tra dan mu no mpo betumi ayɛ den ama Kristofo nkumaa a wɔafi fie rekɔyɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no. Anigyesɛm ne sɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a yɛde di dwuma ne “nyansa a yɛda no adi” no betumi asiesie ntawntawdi ahorow bere nyinaa.—Mmebusɛm 2:7.
Munhu Mo Ho Yiye
Bere a anigye a wowɔ so atew wɔ tu a woatu kɔ akyi no, ebia wobɛkaakae sɛnea na nneɛma te wɔ fie. (Numeri 11:4, 5) Nanso, kae a wobɛkaakae nneɛma a atwam no bɛma ayɛ den ama wo sɛ wobɛyɛ nsakrae. Ɔsɛnkafo 7:10 de afotu yi ma sɛ: “Nka sɛ: Ɛdɛn na kan nna no ye sen eyinom yi? Na ɛnyɛ nyansa so na wubisa eyi ase.” Yiw, bɔ mmɔden sɛ wobɛma wo tebea no ayɛ anigye sɛnea ɛfata.
Fi ase denam mmɔden a wobɛbɔ sɛ wubehu nea wo ne no te dan mu no yiye so. Ampa, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn a wɔte dan mu no betumi ayɛ nnamfo paa. Nokwarem no, ebia na onipa no nyɛ obi a wubetumi ne no abɔ ankasa. Nanso, sɛ ɛsɛ sɛ wo ne saa nipa no tra a, so ntease nnim sɛ mobɛma asomdwoe atra mo ntam sɛnea ɛsɛ?
Filipifo 2:4 ka kyerɛ yɛn sɛ, “mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.” So wubetumi abisa abusua ko a nea wo ne no te dan mu no fi mu, anaa nea n’ani gye ho, ne botae ahorow, ne nea ɔpɛ ho asɛm, a ɛnyɛ sɛ woreyɛ saa de afeefee ne nsɛm mu? Ka wo nso wo ho nsɛm kyerɛ no. Dodow a muhu mo ho no, dodow no ara na mufi ase nya mo ho ntease.
Bere ne bere mu no, monyɛ nhyehyɛe ahorow bi a ɛbɛma moayɛ ade abom. Lee ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a me ne nea me ne no te dan mu no pue kodidi, anaasɛ yetumi bom kɔhwehwɛ mmeae a wɔyɛ adwinne.” Wɔ Kristofo a wɔte dan koro mu fam no, honhom fam dwumadi ahorow te sɛ ahosiesie a wɔyɛ ma asafo nhyiam horow anaa asɛnka adwuma a wɔbom yɛ mpo yɛ ɔkwan a edi mũ a ɛhyɛ mo ntam abusuabɔ mu den.
David Ka sɛ: “Sɛ nea me ne no te dan mu no rekɔma Bible mu baguam ɔkasa n’asafo mu a, me ne no kɔ kɔhyɛ no nkuran.” Ɛwom, sɛ ɛba biribi te sɛ agumadi ne nnwonto so a, wɔn mu biara wɔ nea ɔpɛ de, nanso ɔdɔ a wɔwɔ ma honhom fam nneɛma no ahyɛ wɔn ntam abusuabɔ mu den. David ka sɛ: “Yɛbɔ honhom fam nkɔmmɔ pii. Nokwarem no, yetumi bɔ honhom fam nneɛma ho nkɔmmɔ nnɔnhwerew pii.”
Kɔkɔbɔ bi ni: Wo ne nea wo ne no te dan koro mu no nnnya ayɔnkofa araa na amma woammu w’ani angu abusuabɔ foforo a mfaso wɔ so so. Sɛ nea wo ne no te dan mu no te nka sɛ wopɛ sɛ ɔka wo ho kɔ baabiara a wokɔ bere nyinaa a, obefi ase ate nka sɛ wɔaka no ahyɛ. Afotu a Bible no de ma ne sɛ ‘wobɛtrɛw’ wo nnamfofa mu.—2 Korintofo 6:13.
Mmara Pa no a Wɔde Tra Ase
Nokwarem no, bere a muhu mo ho mo ho yiye no, mubehu nsonsonoe a ɛwɔ mo su ahorow, nea mopɛ, ne mo nsusuwii nso mu. Sɛnea abarimaa Mark bɔ kɔkɔ no, “ɛsɛ sɛ mohwɛ kwan sɛ sintɔ ahorow bɛda adi.” Sɛ wobɛyɛ ahopɛ anaa obi a ontumi nyɛ fakaa no de adwennwen na ɛba. Saa ara na ɛbɛba bere a wohwɛ kwan sɛ nea wo ne no te dan mu no bɛyɛ nsakrae akɛse bi ma ɛne wo tebea ahyia no.
Fernando asua eyi afa tra a ɔne obi bɛtra dan mu no ho: “Ɛsɛ sɛ woda ayamye adi na ɛnsɛ sɛ woyɛ ahopɛ.” N’asɛm yi ne Mmara Pa a agye din a ɛka sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara” no hyia. (Mateo 7:12) Sɛ nhwɛso no, ankyɛ na Fernando hui sɛ ɔne nea ɔne no te dan mu no adwene nhyia wɔ ɔhyew anaa awɔw a ɛwɔ dan mu no ho; na Fernando pɛ sɛ dan no mu yɛ hyew, nanso nea ɔne no te dan mu no pɛ sɛ ɛhɔ yɛ nwini ansa na wada. Dɛn na ɛbae? Fernando ka sɛ: “Ná mede kuntu kata me ho.” Yiw, sɛnea Mark ka no no, “yɛ fakaa. Mpa abaw wɔ biribiara mu, na mmom ebia ɛsɛ sɛ wode ade biako anaa abien bi bɔ afɔre.”
Ɔkwan foforo a wubetumi afa so de Mmara Pa no adi dwuma ni: Sua sɛ wubenya abotare wɔ ade a n’ani gye ho no ho. Woka sɛ wompɛ ne nnwom? Wiɛ, ebetumi aba sɛ saa ara na ɔte nka wɔ wo de ho. Enti sɛ ne nnwom nyɛ nea ɛsɛe ɔbra pa a, ebia wobɛbɔ mmɔden sɛ wubenya abotare. Fernando ka sɛ: “Sɛ anka nea me no te dan mu no ani gye nnwom afoforo ho a anka mepɛ. Nanso nea n’ani gye ho no reyɛ akokwaw me.” Ɔkwan foforo so no, obi betumi atie ne nnwom denam biribi a wɔde hyehyɛ asom tie nnwom so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnhaw nea ɔne no te dan mu a ebia ɔresua ade no.
Mmara Pa no a wɔde bedi dwuma no nso bɛboa asi akyinnyegye ahorow a enhia wɔ honam fam nneɛma a obi wɔ ho no ano. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛyɛ wo su sɛ wobɛfa biribiara a ɛwɔ frigye mu a wummisa ho kwan—nanso wontaa mfa bi nsi ananmu—a, ebetumi de abufuw aba. Saa ara nso na sɛ wo bo befuw anaa worentew w’anim bere a nea wo ne no te dan mu no de biribi a woatɔ di dwuma no mma munnya abusuabɔ pa. Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnkyɛ ade fɛw so na yɛn nsa nteɛ.’ (1 Timoteo 6:18) Sɛ wote nka sɛ wɔresisi wo a, nka w’ano ntom wɔ ho. Ka nea ɛhaw wo no ho asɛm wɔ odwo ne ayamye kwan so.
Monna obu adi wɔ nneɛma a mo mu biara wɔ ho. Ɛyɛ ahantan sɛ wobɛfa biribi a wummisaa ho kwan ansa. (Mmebusɛm 11:2) Susuw hokwan a nea wo ne no te dan mu no wɔ sɛ ɔyɛ nneɛma wɔ kokoam no nso ho. Da nidi kakra adi, te sɛ kɔkɔɔkɔ a wobɛbɔ ansa na woakɔ ne dan mu. Sɛ woda obu adi a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔno nso bɛyɛ saa ara. David ka sɛ: “ƐNYƐ DEN mma yɛn mu biara sɛ yebesua ade wɔ fie. Yɛn nyinaa kyerɛ obu wɔ ɛno ho na yɛyɛ koom. Nanso ɛtɔ mmere bi na sɛ nea me ne no te dan mu no pɛ sɛ ɔyɛ biribi foforo a, mekɔ nhomakorabea.”
Nea ɛka Mmara Pa no a yɛde bedi dwuma ho nso ne sɛ wobɛyɛ obi a wotumi de ho to wo so, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wutua dan ka anaa woyɛ fie nnwuma bi wɔ bere ano a.
Akasakasa Ho Dwuma a Wodi
Wɔ Bible mmere mu no, “akasakasa a emu yɛ den” sii Kristofo mmarima baanu a wobu wɔn, Paulo ne Barnaba ntam. (Asomafo no Nnwuma 15:39) Na sɛ biribi a ɛte saa si mo baanu ntam nso ɛ? Ebetumi aba sɛ nnipa sintɔ anaa obi suban a ɛhyɛ abufuw no bɛsɔ wo boasetɔ ahwɛ akodu baabi. So wontwiwontwi anaa akasakasa a emu yɛ den bi a ɛba mo ntam no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mugyae dan mu tra? Ɛnte saa koraa. Ɛda adi sɛ Paulo ne Barnaba tumi siesiee wɔn ntam. Ebia wubetumi ayɛ saa ara ansa na woasi gyinae sɛ wubetu akɔ. Bible mu nnyinasosɛm bi a ebetumi aboa ni.
● “Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa ho.”—Filipifo 2:3.
● “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu. Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.”—Efesofo 4:31, 32.
● “Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.”—Mateo 5:23, 24; Efesofo 4:26.
Ɛso Mfaso Ahorow
Kristofo mmabun (a wɔnyɛ mmofra paa) pii ne wɔn a wɔne wɔn te dan mu adi kan ahu nokware a Ɔhene Salomo onyansafo no nsɛm no yɛ no: “Baanu ye sen obiako.” (Ɔsɛnkafo 4:9) Ampa, nnipa pii ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔne obi bɛtra dan mu. Mark ka sɛ: “Masua sɛnea me ne nkurɔfo bedi ne sɛnea me ne wɔn bɛbɔ yiye.” Renee de ka ho sɛ: “Wusua nneɛma pii fa wo ho. Na bere koro no ara no, obi a wɔne no tra dan mu betumi anya wo so nkɛntɛnso pa.” Lynn gye tom sɛ: “Ná meyɛ ahopɛ kɛse bere a meretu ne wɔn akɔtra dan mu no. Nanso masua sɛnea menyɛ katee. Seesei mahu sɛ yɛ a obi yɛ ne nneɛma wɔ ɔkwan a ɛne me de nhyia so no nkyerɛ sɛ enye.”
Ampa, bɔ a wubetumi ne nea wo ne no te dan mu abɔ no gye mmɔdenbɔ ne afɔrebɔ. Nanso sɛ wobɔ mmɔden de Bible nnyinasosɛm di dwuma a, wubetumi ayɛ pii sen sɛ wobɛma asomdwoe atra mo ntam kɛkɛ; w’ani begye mpo sɛ wowɔ obi a wo ne no te dan mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa edin no bi.
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Fa a wobɛfa nneɛma a ɛnyɛ wo de no betumi de akasakasa aba
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Munnya tema mma mo ho mo ho