Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 7/8 kr. 2-4
  • Polisifo—Dɛn Nti na Wɔn Ho Hia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Polisifo—Dɛn Nti na Wɔn Ho Hia?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwuma a Ɛde Yiyedi Ba Ɔman ne Ɔmanfo Asetram
  • Polisifo Ahobammɔ—Anidaso ne Osuro a Ɛwom
    Nyan!—2002
  • Polisifo—Wɔn Daakye Ne Dɛn?
    Nyan!—2002
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2002
  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 7/8 kr. 2-4

Polisifo—Dɛn Nti na Wɔn Ho Hia?

SƐ POLISIFO nni hɔ a, anka asetra bɛyɛ dɛn? Wiɛ, dɛn na esii wɔ 1997 mu bere a polisifo 18,000 ankɔ adwuma nna dodow bi wɔ Brazil kuropɔn Recife mu, na amma emufo a wɔn dodow boro ɔpepem biako annya polisifo mmoa no?

The Washington Post bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ nnafua anum a basabasayɛ kɔɔ so wɔ kuropɔn a egu mpoano yi mu no, wɔn a wodi wɔn ho dɔm da biara no abu abɔ ho mprɛnsa. Wɔawia sikakorabea awotwe. Basabasayɛfo kuw bi abɔ awura aguadidan bi mu anibere so akowia hɔ nneɛma, na wɔasen afa mmorɔn a nnipa atitiriw tete hɔ so atotow atuo. Obiara nkyerɛ obu mma kar nkyereso ho mmara. . . . Nsɛmmɔnedi a anya nkɔanim no ama afunu abu so wɔ beae a wɔkora afunu no na awufo abu abɔ ho wɔ ɔman ayaresabea a ɛso sen biara hɔ, baabi a wɔn a wɔde atuo ne sekan akunkum wɔn beabea fam hɔ no.” Wɔbɔ amanneɛ sɛ, atɛntrenee soafo no kae sɛ: “Amumɔyɛ a akɔ so wɔ ha yi yɛ nea ɛso bi nni.”

Baabiara a yɛte no, amumɔyɛ ne yɛn na ɛte, ɛmfa ho anibuei nyinaa akyi no. Yehia polisifo ahobammɔ. Nokwarem no, yɛn mu dodow no ate ayayade, dwowtwa, anibiannaso, ne atirimɔden a polisifo da no adi, ne tumi a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so no ho asɛm. Ɛsono sɛnea eyi te wɔ ɔman biara mu. Nanso sɛ polisifo nni hɔ a, anka yɛbɛyɛ dɛn? So ɛnyɛ nokware sɛ polisifo de ɔsom a mfaso wɔ so ma bere nyinaa? Nyan! bisabisaa polisifo binom nsɛm wɔ wiase afã ahorow de hwehwɛɛ nea enti a wɔpaw saa adwuma yi.

Adwuma a Ɛde Yiyedi Ba Ɔman ne Ɔmanfo Asetram

Ivan, a ɔyɛ Britania polisini no, kae sɛ: “M’ani gye ho sɛ mɛboa nkurɔfo. Emu nnwuma a egu ahorow no na ɛtwetwee me. Nnipa dodow no ara nnim sɛ polisifo dwumadi ɔha mu 20 kosi 30 pɛ na ɛfa nsɛmmɔnedi ho. Ɛyɛ adwuma a ɛde yiyedi ba ɔman ne ɔmanfo asetram ankasa. Sɛ mede da mu nyinaa kyinkyin a, mitumi di wɔn a wowu mpofirim ho dwuma, meboa wɔn a wɔanya kar akwanhyia, meboa ma nsɛmmɔnedi so tew, na meboa obi a ne mfe akɔ anim a n’adwene atu afra na ohia mmoa no. Etumi yɛ nea abotɔyam wom ankasa sɛ wode abofra bi a wayera bɛkɔ akɔma n’awofo anaasɛ wobɛboa obi a wɔadi no nsɛmmɔne ma wagyina yawdi ano.”

Stephen yɛ obi a kan no na ɔyɛ polisini wɔ United States. Ɔka sɛ: “Sɛ nkurɔfo ba wo nkyɛn bɛhwehwɛ mmoa ankasa a, sɛ́ polisini no, wowɔ hokwan ne bere a ɛbɛma woatumi de mmoa a ɛsen biara ama. Ɛno na ɛtwetwee me ma mekɔyɛɛ saa adwuma no. Ná mepɛ sɛ meboa nkurɔfo ma wɔsoa wɔn nnesoa. Mete nka sɛ meboa bɔ nkurɔfo ho ban fi nsɛmmɔnedi ho ɔkwan bi so. Mekyeree nnipa bɛboro 1,000 wɔ mfe anum mu. Na sɛ mehwehwɛ mmofra a wɔayera, meboa wɔn a wɔwɔ adwenemhaw a wɔnenam, na migye kar ahorow a wɔawia a, na minya abotɔyam ankasa. Afei nso na wɔn a yesusuw sɛ wɔadi bɔne a mekɔhwehwɛ wɔn kyere wɔn no ma m’ani gye.”

Roberto, polisini bi a ɔwɔ Bolivia no, ka sɛ: “Ná mepɛ sɛ meboa nkurɔfo wɔ ahokyere mu. Sɛ́ aberantewaa no, na m’ani gye polisifo ho efisɛ wɔbɔ nkurɔfo ho ban fi asiane ho. Wɔ me dwumadi mfiase pɛɛ no, na me na midi wɔn a wokyinkyin kuropɔn no mu baabi a na aban adwumayɛbea wɔ no anim. Ɛkame ayɛ sɛ na yedi amammuisɛm mu ɔyɛkyerɛ ho dwuma da biara. Ná m’adwuma ne sɛ mɛhwɛ na nneɛma ankowie basabasayɛ mu. Mihui sɛ sɛ meda adamfofa su adi na mete wɔn a wodi ɔyɛkyerɛ no anim no ase a, metumi ama basabasayɛ a anka ɛbɛma nnipa pii apira no agyae. Ná ɛno yɛ abotɔyam ankasa.”

Nnwuma a polisifo yɛ no gu ahorow. Tebea a wɔadi ho dwuma no bi ne agyinammoa a woyii no fii dua so ne afoforo a amumɔyɛfo afa wɔn nnommum a wogye wɔn, ne afei awifo a wokowia sika wɔ sikakorabea a wɔne wɔn de si ani no. Nanso, efi bere a nnɛyi polisi adwuma fii ase no, nkurɔfo nya wɔn mu ahotoso ne osuro nyinaa. Asɛm a edi hɔ no besusuw nea enti a ɛte saa ho.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 2, 3]

Nkratafa 2 ne 3: Wɔkyerɛ kwan wɔ kar nkyereso mu wɔ Chengdu, China; Greece polisifo a wɔhwɛ ma basabasayɛ gyae; polisifo a wɔwɔ South Africa

[Asɛm Fibea]

Linda Enger/Index Stock Photography

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Sotɔɔ dan a wokowiaa mu nneɛma bere a polisifo ankɔ adwuma nna dodow bi wɔ Salvador, Brazil, July 2001 no

[Asɛm Fibea]

Manu Dias/Agência A Tarde

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Stephen, U.S.A.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Roberto, Bolivia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena