Midii Ako a Etia Awo Akyi Adwenemhaw no Mu Nkonim
Mekae sɛ na mehwɛ me kunu sɛ ɔne yɛn babea ketewaa a yɛawo no foforo no redi agoru anigye so, na misusuwii sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn bere a menka wɔn ho no. Ná mete nka sɛ mayɛ adesoa ama wɔn. Ná mepɛ sɛ mekɔtra kar no mu tu kɔ a mensan mma bio. Ná minnim sɛ manya awo akyi adwenemhaw.
NA YƐN aware mu mfe du a edi kan no yɛ anigye mmere. Me ne Jason ani gyei sɛ yɛretete Liana, yɛn babea a odi kan no. Enti bere a minyinsɛnee bio no, yɛn nyinaa ani gyei.
Nanso mebrɛe wɔ saa nyinsɛn yi mu. Nokwarem, ɛkaa kakra anka mereyɛ awu esiane awo akyi nsɛnnennen nti. Nanso ansa na ɛno reba no, ɛrekɔ me nyinsɛn no awiei no, ɛte sɛ nea m’adwene tu frae. Tebea no mu bɛyɛɛ den bere a mewoo yɛn babea ketewa, Carly, na mifi ayaresabea baa fie no. Bere nyinaa na mabrɛ, na na mintumi nsi gyinae nketenkete mpo. Ná mefrɛ Jason wɔ telefon so mpɛn pii da mũ no de bisa no ofie nnwuma ko a ɛsɛ sɛ meyɛ bere a mawie foforo no, anaasɛ na mepɛ sɛ ɔma mihu sɛ biribi a maka anaa mayɛ no teɛ anaa.
Ná misuro sɛ me ne nkurɔfo bɛbɔ, nnamfo dedaw mpo. Sɛ obi ba yɛn fie bere a yɛnhwɛ kwan a, na mikohintaw dan mu. Ofie hɔ bɛyɛɛ me hu, nneɛma nketenkete twetwee m’adwene maa m’adwene tu frae. Mepɛ akenkan, nanso akenkan bɛyɛɛ den maa me efisɛ na mintumi mfa m’adwene nsi nneɛma so. Ɛyɛɛ me den sɛ mɛbɔ mpae, enti mihuu amane wɔ honhom fam. Ná minni nkate mma obiara, na na minni ɔdɔ nso mma obiara. Misuroe sɛ mepira me mma no efisɛ na minsusuw nneɛma ho yiye. Ná mimmu me ho bio. Misusuwii sɛ merebɔ dam.
Saa bere no, na Jason fi adwumam ba fie bɛboa ma yesiesie fie hɔ anaasɛ yɛnoa aduan ma abusua no—na na me bo fuw no sɛ ɔreboa me! Ná mete nka sɛ nea ɔreyɛ no kyerɛ sɛ menyɛ ɛna a otumi di nneɛma ho dwuma. Nanso, sɛ wammoa me a, na mebɔ no sobo sɛ onnwen me ho. Sɛ Jason anyɛ nneɛma sɛ obi a ne ho akokwaw na ɔwɔ ɔdɔ a, anka awo akyi adwenemhaw a minyae no bɛsɛe yɛn aware. Ebia Jason ankasa na obetumi aka sɛnea me tebea no kaa no ho asɛm yiye.
Me Kunu Ka Sɛnea Tebea no Kaa No
“Mfiase no, na mintumi nte nea ɛreyɛ Janelle no ase. Ɔsesae koraa, na ɔbɛyɛɛ obi a onni anigye na ontumi nyɛ biribiara; ofii ase yɛɛ n’ade sɛ onipa soronko bi. Ofii ase buu biribiara a meka no sɛ ɔkasatia, na sɛ mebɔ mmɔden mpo sɛ mɛma ne nnwuma so atew a, na ne bo fuw me. Mfiase no, metee nka sɛ menka nkyerɛ no sɛ onnyae saa nneɛma fõ no yɛ, nanso mihui sɛ saa a mɛka no bɛsɛe asɛm no.
“Ɔhaw baa yɛn abusuabɔ mu daa. Ɛte sɛ nea na Janelle susuw sɛ wiase mũ nyinaa mpɛ n’asɛm. Ná mate mmea foforo a wɔahyia ɔhaw a ɛte saa esiane awo akyi adwenemhaw nti no ho asɛm. Enti bere a mifii ase susuwii sɛ ɔhaw koro no ara bi na ɔrehyia no, mifii ase kenkanee nsɛm biara a metumi faa asɛm no ho. Nea mekenkanee no sii me nsusuwii no so dua. Mibehui nso sɛ Janelle yare no nyɛ ne mfomso—emfi anibiannaso bi a wayɛ.
“Migye tom sɛ ɔhwɛ mmoroso a na ɔne mmofra no hia no maa mebrɛɛ nkate ne honam fam. Wɔ mfe abien ntam no, na ɛsɛ sɛ meyɛ nhyehyɛe de yɛ honam fam adwuma, na midi m’asɛyɛde ho dwuma sɛ asafo mu panyin ne okunu ne agya. Anigyesɛm ne sɛ, mitumi yɛɛ m’adwuma mu nsakrae na ama matumi aba fie ntɛm, titiriw da a yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam horow no. Ná Janelle hwehwɛ sɛ mɛba fie bere ano abɛboa wɔ aduannoa mu na yɛasiesie mmofra no ho. Ne saa nti, na yɛn nyinaa tumi kɔ nhyiam horow no.”
Ayaresa a Minyae
Sɛ ɛnyɛ ɔdɔ mu a me kunu fi boaa me a, anka akyinnye biara nni ho sɛ ebegye bere tenten ansa na manya ayaresa. Jason nyaa boasetɔ tiee me bere a na mebɔ mmɔden sɛ medi me suro so no. Mihui sɛ ɛho hia ankasa sɛ menka me nkate nhyɛ. Ɛtɔ da a, na mekasa abufuw so mpo. Nanso Jason maa me awerɛhyem bere nyinaa sɛ ɔdɔ me na yɛn nyinaa na ɔhaw no ato yɛn. Ná ɔboa me bere nyinaa ma minya nneɛma ho adwempa. Akyiri yi na mepa kyɛw wɔ nsɛm a mekaa no abufuw so no ho. Ná ɔma me awerɛhyem sɛ efi me yare no. Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi seesei a, mihu sɛnea na ne nsɛm a efi ayamye mu no som bo ma me.
Awiei koraa no, yɛn baanu nyinaa nyaa oduruyɛfo bi a ne yam ye a ogyee bere tiee sɛnea mete nka no. Ɔkae sɛ manya awo akyi adwenemhaw, na ɔkyerɛe sɛ nea ebetumi ama manya ayaresa no bi ne nnuru a ɛbɛboa ma madi adwennwen so daa. Ɔhyɛɛ me nkuran nso sɛ minkohu adwenem ɔyaresafo. Ɔkamfo kyerɛe nso sɛ menteɛteɛ m’apɔw mu daa, aduru a aboa nnipa pii ma wɔadi adwenemhaw so.
Ɔhaw a ɛsen biara biako a mihyiae bere a na merenya ayaresa no ne aniwu ne fɛre a awo akyi adwenemhaw no de bae no ano a na megyina. Mpɛn pii no, ɛyɛ den sɛ nkurɔfo behu obi a ɔwɔ yare a wɔnte ase no mmɔbɔ. Awo akyi adwenemhaw nte sɛ nan a emu abu, a afoforo betumi ahu na wɔahu wo mmɔbɔ no. Nanso, m’abusua ne nnamfo a wɔbɛn me no boaa me, na wɔtee me ase ankasa.
Mmoa a Ɔdɔ Wom a Efi Abusuafo ne Nnamfo Nkyɛn
Me ne Jason kyerɛɛ mmoa a me maame yɛe wɔ saa ahokyere bere yi mu ho anisɔ kɛse. Ɛtɔ mmere bi a, na ohia nkate fam ahomegye wɔ fie. Maame hyɛɛ me nkuran bere nyinaa na wammɔ mmɔden sɛ obegye me nnwuma ayɛ. Mmom no, ɔboaa me na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menyɛ nea metumi biara.
Nnamfonom a wɔwɔ asafo no mu nso yɛɛ me mmoa kɛse. Wɔn mu pii kyerɛw nsɛm kakra bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ wodwen me ho. Hwɛ sɛnea m’ani sɔɔ ayamye nsɛm a ɛte saa no! Ná eyi te saa titiriw efisɛ na ɛyɛ den ma me sɛ me ne nkurɔfo bɛkasa, sɛ́ ɛyɛ telefon so anaasɛ anim ne anim no. Ná ɛyɛ den ma me mpo sɛ me ne mfɛfo Kristofo bɛbɔ wɔ nhyiam ase. Enti, sɛ yɛn nnamfonom kyerɛw yɛn a, na ɛnyɛ sɛ wɔahu mmerɛwyɛ a m’adwenemhaw no de abrɛ me no nko, na mmom na wɔrekyerɛ nso sɛ wɔwɔ ɔdɔ kɛse ma me ne m’abusua na wosusuw yɛn ho nso.
Eyi Nyɛ Yare a Ɛbɛhaw Me Me Nkwa Nna Nyinaa!
Me atɔ me kɛse seesei—afotu a me duruyɛfo de maa me, ne mmoa kɛse a m’abusuafo ne nnamfonom a wɔwɔ ntease yɛɛ me nti. Meda so ara teɛteɛ m’apɔw mu daa, sɛ mabrɛ mpo a, efisɛ eyi aboa me wɔ m’ayaresa mu. Mebɔ mmɔden nso sɛ mɛkyerɛ nkuranhyɛ a afoforo de ma me no ho anigye. Sɛ tebea no mu yɛ den a, mitie Bible mu nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so ne Ahenni Nnwom—nnwom a ɛhyɛ den wɔ honhom ne nkate fam a Yehowa Adansefo ahyehyɛ no. Saa nsiesiei pa yi boa hyɛ me den wɔ honhom fam ma minya nsusuwii pa. Nnansa yi ara, mafi ase mpo reyɛ Bible mu dwumadi ahorow bio wɔ asafo nhyiam ase.
Agye me bɛboro mfe abien ne fã ansa na madu beae a mitumi te ɔdɔ nka koraa ma me kunu, me mma, ne afoforo. Ɛwom sɛ eyi ayɛ bere a emu yɛ den ma m’abusua de, nanso mete nka sɛ seesei yɛwɔ abusuabɔ a emu yɛ den sen biara. Mekyerɛ anisɔ ma Jason titiriw, ɔno na ɔkyerɛe sɛ ɔdɔ me yiye denam gyina a ogyinaa tebea no ano bere a m’adwenemhaw no mu yɛɛ den na ɔyɛɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛboa me bere biara a mihia mmoa no. Nea ɛsen ne nyinaa no, seesei yɛn baanu nyinaa ne Yehowa a ɔhyɛɛ yɛn den kɛse wɔ yɛn sɔhwɛ mmere mu no wɔ abusuabɔ kɛse.
Ɛtɔ mmere bi a, m’adwenemhaw no ba kakra, nanso ɛdenam m’abusuafo, me duruyɛfo, asafo no, ne Yehowa honhom kronkron no mmoa so no, minya anidaso kɛse bere nyinaa sɛ me ho bɛtɔ me koraa. Yiw, awo akyi adwenemhaw nyɛ yare a ɛhaw obi ne nkwa nna nyinaa. Ɛyɛ ɔtamfo a yebetumi adi ne so nkonim.—Sɛnea Janelle Marshall ka kyerɛe.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 15]
Nneɛma a Ebetumi Ama Obi Anya Awo Akyi Adwenemhaw
Sɛ awosu mu nsakrae da nkyɛn a, ɛtɔ mmere bi a, nneɛma dodow bi betumi ama obi anya awo akyi adwenemhaw. Eyinom mu bi ne:
1. Adwene a ɔbea bi kura wɔ abaatanyɛ ho, a ebia nea ɛma ɛba saa ne anigye a wannya wɔ mmofraberem ne awofo a ɔne wɔn annya abusuabɔ pa.
2. Nneɛma a enni mu a ɔmanfo hwɛ kwan fi ɛnanom hɔ.
3. Sɛ abusua no wɔ adwenemhaw ho kyerɛwtohɔ a.
4. Aware a anigye nnim ne mmoa a obi nnya mfi n’abusuafo a wɔbɛn no pɛɛ anaasɛ wɔwɔ akyiri hɔ.
5. Adwene a ɛmfata a obi nya ma ne ho.
6. Abayɛn ho dadwen a ebunkam ne so anaa ɛbɔ no hu.
Ɛnyɛ nneɛma no nyinaa na yɛaka ho asɛm no. Nneɛma foforo nso betumi ama ɔbea bi anya awo akyi adwenemhaw. Nokwarem no, wonhuu nneɛma a ɛde ba no nyinaa nwiei.
[Adaka wɔ kratafa 16]
Ɛnyɛ “Awo Akyi” Awerɛhodi Kɛkɛ
Ɛnsɛ sɛ yedi mfomso susuw sɛ awo akyi adwenemhaw yɛ awo akyi nsakrae ara kwa. Oduruyɛfo Laura J. Miller ka sɛ: “Awo akyi nsakrae a nnipa dodow no ara nim no ne nea wɔfrɛ no ‘awo akyi awerɛhow’ no. . . . Mmea a wɔwo no bɛyɛ ɔha mu 50 na wohyia awerɛhow a ɛma wosu yi, nkate fam tebea (ɛkyerɛ nsakrae) a wɔba mu. Ɛtaa du ne mpɔmpɔnso wɔ awo akyi nnansa anaa nnanum, na afei ɛno ankasa de nkakrankakra fi hɔ wɔ adapɛn bi mu.” Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ nsakrae bi a ɛba ɔbea ahommoaa mu wɔ n’awo akyi no na ɛde suban mu nsakrae yi ba.
Esiane sɛ awo akyi adwenemhaw nte sɛ “awo akyi awerɛhow nka a wɔte” no nti, ɛyɛ adwenemhaw bi a obi nya ɛbere tenten, a etumi fi ase wɔ awo mu anaasɛ awo akyi adapɛn anaa asram dodow bi mpo. Ebia obi a ɔwo foforo na ɔba saa tebea yi mu no behu sɛ n’ani gye simma biako mu na afei n’adwene atu afra simma a edi hɔ no—a otumi te nka mpo sɛ onni ne ho dɔm. Bio nso, ne bo betumi afuw mmoroso. Ebia ɔbɛte nka bere nyinaa sɛ ontumi nni n’asɛyɛde ho dwuma sɛ ɛna na onni ɔdɔ mma ne ba no. Oduruyɛfo Miller ka sɛ: “Ɛnanom bi a nnuruyɛfo ka sɛ wɔanya adwenemhaw no fi nkate mu nim sɛ wɔdɔ wɔn mma, nanso wɔnte hwee nka sɛ anibiannaso ne abufuw, ne nneɛma a ɛyɛ wɔn tan. Afoforo mpo tumi susuw sɛ wompira wɔn mma no anaasɛ wonkum wɔn.”
Awo akyi adwenemhaw yɛ yare bi a ɛho abakɔsɛm akyɛ. Afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu na Helani duruyɛfo Hippocrates kaa adwene ne nneyɛe mu nsakrae a mmea bi kɔ mu wɔ wɔn awo akyi no ho asɛm. Nhwehwɛmu bi a wotintimii wɔ Brazilian Journal of Medical and Biological Research mu no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Awo akyi adwenemhaw yɛ ɔhaw titiriw a ɛka ɛnanom ɔha mu 10-15 wɔ aman pii mu.” Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, Nsɛmma Nhoma no kae sɛ: “Wontumi nhu adwenemhaw a ɛte saa no mu dodow no ara na ama wɔayɛ ho aduru a ɛfata.”
Awo akyi adwenemhaw a ɛntaa nsi nanso emu yɛ den paa ne dɛm a obi di wɔ adwenem wɔ n’awo akyi no. Nneɛma gyinagyina nea odi dɛm yi ani so, ɔte nne ahorow wɔ ne tirim, na ontumi nhu sɛ biribi yɛ paara anaasɛ ɛnyɛ paara, ɛwom sɛ obetumi ayɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ wɔ mmere bi mu, bɛyɛ nnɔnhwerew anan anaa nna dodow bi, de. Nneɛma a ɛde adwenem dɛmdi ba no yɛ biribi a wonnya nhui, nanso Oduruyɛfo Miller ka sɛ “ɛte sɛ nea ade titiriw a ɛde ba ne awosu mu nneɛma a ɛyɛ mmerɛw, a ebia nea ɛma ɛba saa ne nsakrae a ɛba ahommoaa mu no.” Oduruyɛfo a ne ho akokwaw betumi de dɛm a obi di wɔ adwenem wɔ awo akyi no ho aduru a edi mu ama.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 17]
Sɛnea Wobɛboa Wo Hoa
1. Sɛ adwenemhaw no kɔ so ara a, hwehwɛ oduruyɛfo mmoa. Sɛ woyɛ no ntɛm a na w’ayaresa nso bɛyɛ ntɛm. Hwehwɛ oduruyɛfo a ɔwɔ ntease na onim tebea no. Bɔ mmɔden sɛ womfɛre anaa w’abasam ntu wɔ yare no ho bere a wohwehwɛ aduruyɛ no.
2. Teɛteɛ w’apɔw mu daa. Nhwehwɛmu ada no adi sɛ apɔw-mu-ateɛteɛ a wɔyɛ no daa no yɛ biribi a etumi sa adwenemhaw ankasa.
3. Ka sɛnea wote nka no kyerɛ wɔn a wɔbɛn wo paa no. Ntew wo ho anaa nka wo nkate nhyɛ.
4. Kae sɛ ɛho nhia sɛ wunya ofie a biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wom. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkwati akɛsesɛm denam w’adwene a wode besi nneɛma a ɛho hia so.
5. Bɔ mpae srɛ akokoduru ne boasetɔ. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛbɔ mpae a, srɛ obi na ɔne wo mmɔ mpae. Sɛ wokɔ so te afobu ne abasamtu nka a, w’ayaresa bɛtwentwɛn ase.
[Ase hɔ asɛm]
a Nyan! nkamfo aduruyɛ pɔtee bi nkyerɛ. Nyansahyɛ a wɔde ama mmea ne mmarima nyinaa wɔ asɛm yi mu no nka tebea ahorow no nyinaa ho asɛm, na nyansahyɛ no bi wɔ hɔ a, ɛho renhia mpo wɔ tebea horow bi mu.
[Adaka wɔ kratafa 18]
Nyansahyɛ Ma Mmarima
1. Hu sɛ awo akyi adwenemhaw no nyɛ wo yere no mfomso. Sɛ ne ho ntɔ no a, wo ne no nyɛ adwene na monhwehwɛ oduruyɛfo a ɔte ɔhaw no ase na ɔwɔ ahummɔborɔ.
2. Nya abotare tie wo yere no. Hu ne nkate. Mma nneɛma a ɔnyɛ no ne kwan so no nnhyɛ wo abufuw. Fi ayamye mu boa no ma onnya nneɛma ho adwempa na ma no awerehyɛm sɛ ne ho bɛtɔ no. Nsusuw sɛ ɛsɛ sɛ wudi ɔhaw biara a ɔka ho asɛm no ho dwuma. Ebia na ohia awerɛkyekye ara kwa, ɛnyɛ mmuae a edi mu. (1 Tesalonikafo 5:14) Kae sɛ, awo akyi adwenemhaw ma ɛyɛ den ma wɔn a wohu amane no sɛ wobesusuw nneɛma ho yiye.
3. Tew nnwuma a ɛho nhia so na ama woanya bere pii aboa wo yere. Saa a wobɛyɛ no betumi ama wanya ayaresa ntɛm.
4. Hwɛ hu sɛ wubenya bere bi ama wo ho. Nipadua, adwene, ne honhom fam apɔwmuden pa a wubenya no bɛma woatumi de mmoa a ɛfata ama wo yere no.
5. Hwehwɛ obi a wo ne no bɛbɔ nkɔmmɔ na wahyɛ wo nkuran, ebia ɔbarima foforo a ne ho akokwaw wɔ honhom fam a ne yere anya awo akyi adwenemhaw pɛn.
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Marshall abusua no