Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 2/8 kr. 17
  • Tumi a Serew Wɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tumi a Serew Wɔ
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Serew—Eye Ma Wo!
    Nyan!—2000
  • Ɛyɛ a Serew Ɛyɛ Akyɛde
    Nyan!—2017
  • Adesua 5
    Me Bible Adesua
  • Hwɛ Nea Serew Tumi Yɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 2/8 kr. 17

Tumi a Serew Wɔ

ƐWOM sɛ ɛnkyɛ de, nanso wubetumi akae wɔ wo nkwa nna nyinaa mu. Ɛso mfaso dɔɔso, nanso obiara nni hɔ a ɔyɛ ohiani araa ma ɔrentumi nnya mu kyɛfa anaa ɔyɛ ɔdefo araa ma onhia bi. Dɛn na yɛreka ho asɛm yi? Ɛyɛ serew.

Serew ba bere a ntini dua bi sesa na ɛma aniwa hyerɛn na afono kyeakyea kakra kɔ soro de da abotɔyam adi. Wɔ adapɛn a edi kan wɔ awo akyi no, akokoaa no serew na nokwarem no, eyi de anika brɛ awofo a wɔn ani agye kɛse no. Wɔfrɛ saa serew a edi kan yi sɛ serew a wɔnhyɛ da a n’ankasa ba. Animdefo kyerɛkyerɛ mu sɛ saa serew yi ba mpɛn pii wɔ adaeso mu na ɛte sɛ nea ɛne sɛnea yɛte nka wɔ yɛn mu ne ehon nkwaadɔm atitiriw dwumadi wɔ abusuabɔ. Sɛ mpo yɛyɛ mpanyimfo a, saa serew a yɛnhyɛ da na ɛba yi betumi asan aba wɔ bere a yɛadidi awie anaa bere a yɛretie nnwom no.

Nanso, sɛ akokoaa di fi adapɛn asia rekɔ a, ɔserew bere a obi hwɛ n’anim anaa ɔte nne bi no. ‘Serew a wɔde gye nnipa so’—serew a efi obi pɛ mu, a n’ani da hɔ—ma yɛn ani gye, sɛ yɛyɛ nkokoaa anaa mpanyimfo no. Wɔka sɛ serew a ɛte saa nya nkɛntɛnso pa mpo wɔ yɛn akwahosan so. Sɛnea kasa ho ayaresafo Mirtha Manno ne Rubén Delauro, a wɔhwɛ Serew ne Akwahosan sukuu bi a wɔde yɛ wɔn ho mmoa so ka no, serew a yɛserew kɛkɛ no ma yenya anyinam ahoɔden mu nkanyan a ɛwɔ nkɛntɛnso wɔ akwaa a ɛma onyin no so. Saa akwaa yi, nso yi endorphin, nnuru mu nkwammoaa a ɛwɔ amemene no mu a ɛtew yaw so na ɛma yenya atenka pa no adi.

Ade titiriw foforo nti a ehia sɛ yɛserew ne nkɛntɛnso pa a enya wɔ afoforo so no. Serew a efi koma pa mu no da nkate adi a nsɛm ho nhia, sɛ ɛyɛ serew a yɛde kyia, nea ɛde awerɛkyekye ma, anaa nea ɛda nkuranhyɛ adi no. Ɛtɔ mmere bi a, hwɛ a yɛbɛhwɛ abofra bi mfonini a ɔreserew no betumi ama yɛaserew.

Serew a obi serew kyerɛ yɛn wɔ ɔdɔ kwan so no betumi aboa ma yɛn ho abae yɛn kɛse na yɛatumi agyina abasamtu anaa nsɛnnennen ano yiye. Bible no de nyansahyɛ ma sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.” (Mmebusɛm 3:27) Yiw, denam saa adeyɛ ketewa yi so no, yebetumi aboa yɛn ho ne afoforo. Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wo ne afoforo benya saa akyɛde a ɛsom bo yi mu kyɛfa—serew a ɛyɛ anigye no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena