Sɛnea Opira Sakraa M’asetra
SƐNEA STANLEY OMBEVA KA KYERƐE
Wɔ 1982 mu no, kar bi a n’ammirika ano yɛ den bɛbɔɔ me. Wɔhwɛɛ me ma me ho tɔɔ me, na ankyɛ na mifii adwuma ase ɛmfa ho sɛ na me kɔn ne me bo dompe a ato afere ho no ma metaa te yaw no. Nanso, mfe 15 akyi no, mihyiaa me gyidi ho sɔhwɛ a na ano yɛ den sen biara wɔ m’asetram.
ANSA na akwanhyia no resi ne ɛno akyi bere tiaa bi no, na mewɔ ahoɔden a edi mu. Ná metaa tu mmirika bɛyɛ kilomita 10 kosi 13 de teɛteɛ m’apɔw mu wɔ dapɛn awiei, afei nso na mebɔ bɔɔl, na na mitumi yɛ adwumaden nso. Meboae ma wosisii Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow ne Nhyiam Asa kɛse bi a ɛwɔ Nairobi, baabi a yɛte wɔ Kenya no.
Afei wɔ 1997 mu no, yaw a na mete wɔ me koko so no mu bɛyɛɛ den. Nnuruyɛ mu nhwehwɛmu a wɔyɛe no ma ɛbɛdaa adi sɛ, nnam a ɛhyehyɛ m’akyi berɛmo nnompe no ntam no ato afere ho, na na ɛremia me hon ntini kɛse no. Ná eyi fi akwanhyia a mekaa ho asɛm mfiase no.
Ansa na mereyare no, na manya adwuma sɛ ɔdetɔnfo wɔ sotɔɔ bi mu. Wɔyɛɛ m’abusua akwahosan ho sika nhyehyɛe kaa adwuma no ho maa me. Minyaa anidaso sɛ medi yiye wɔ aguadi mu. Nanso wɔ 1998 mfinimfini mu hɔ no, efi me koko kosi me nan ase nyinaa yɛɛ sisirii a na meyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. M’akwahosan de nkakrankakra sɛee.
Bere tiaa bi akyi no, m’adwuma no ne sika a na minya fi mu no nyinaa bɔɔ me. Saa bere no, na yɛn babea Sylvia adi mfe 13 na Wilhelmina nso adi mfe 10. Bere a m’adwuma fii me nsa no, na me yere Joyce bosome akatua a ɔde ba fie no na yɛde hwɛ yɛn ho. Esiane tebea foforo a na yɛakɔ mu no nti, yɛyɛɛ nsakrae wɔ yɛn asetra mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrensɛe sika wɔ nneɛma a ɛho nhia pii ho. Yɛbɔɔ mmɔden maa yɛn nsa soo yɛn ho so sɛnea ɛsɛ.
Adwene a Ɛmfata a Minyae
Ɛsɛ sɛ meka nokware sɛ, bere a mihuu aniberesɛm a na me tebea no yɛ no, m’adwene sɛee na mebɛyɛɛ anuonyampɛ a na biribiara yɛ me ahi. Ɛtɔ mmere bi a, na me bo fuw, na saa ara nso na na mente asɛm ase. Anka mereyɛ anya adwenemhaw. Obiara nni abusua no mu a ɔfaa ne ho tɔtorɔtɔɔ. Me yere ne yɛn mmabea no hyiaa tebea a na wonni ho adwene pii.
Saa bere no, na misusuw sɛ ntease wɔ nea mereyɛ no mu. Meyɛɛ kɛse prɛko pɛ. Afei ná me yam hwie, na na medwensɔ-dwensɔ me ho. Ná ɛtaa ma meyɛ basaa paa. Ná metaa tew me ho gyina mantwea baabi tew nusu. Ɛtɔ mmere bi a, na me bo fuw ma ɛyɛ serew. Ná minim sɛ ɛnyɛ ɔkwampa a ɛsɛ sɛ midi me tebea no ho dwuma ni.
Sɛ́ ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo Kristofo asafo no mu no, na metaa tu mfɛfo Kristofo fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn amanehunu biara ho asodi to Yehowa so. Nanso na mibisa me ho—a na ɛnyɛ pɛnkoro—sɛ ‘Dɛn nti na Yehowa ama biribi a ɛte saa ato me?’ Ɛwom sɛ na metaa de kyerɛwsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:13 no hyɛ afoforo nkuran de, nanso metee nka sɛ nea ato me no boro m’ahoɔden so!
Nnuruyɛ mu Nsɛnnennen
Ɛyɛɛ den maa me sɛ menya aduruyɛ a asɛm biara nni ho. Mitumi de da koro kɔ oduruyɛfo a ɔteɛteɛ apɔw mu, nea omiamia ayarefo, ne nea ɔde mpaane tuatua nipadua mu de sa yare hɔ. Sɛ minya ahotɔ mpo a, na ɛyɛ bere tiaa bi. Mehwehwɛɛ nnuruyɛfo pii a na wɔn a wɔyɛ nnompe ne amemene mu oprehyɛn nyinaa ka ho. Wɔn nyinaa kaa asɛm koro: Ɛsɛ sɛ wɔyɛ me oprehyɛn de dwudwo yaw no ano na afei woyi nnam a ato afere ho no fi hɔ. Esiane me gyidi a egyina Bible so no nti, mekyerɛkyerɛɛ nsɛm mu fann kyerɛɛ nnuruyɛfo abenfo no sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔde mogya di dwuma wɔ tebea biara mu.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.
Oduruyɛfo a odi kan no kae sɛ ɔbɛyɛ oprehyɛn no denam m’akyi a na ɔbɛpae so. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ me sɛ ebia ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ no bɛyɛ hu kakra. Nanso, oduruyɛfo yi antumi ankyerɛ pefee sɛ ɔremfa mogya nni dwuma. Mankɔ ne hɔ bio.
Oduruyɛfo a ɔtɔ so abien no kae sɛ ɔbɛpae me kɔn ho akosi m’akyi berɛmo no mu. Ɔkwan a ɛte saa a na ɔbɛfa so ayɛ no yɛ hu yiye. Ɛwom sɛ ɔpenee mogya a na minnye no so de, nanso bere a ɔkaa ho asɛm kɔɔ akyiri kakra no, ɔpɛe sɛ ɔyɛ oprehyɛn no ntɛm ara. Ɔno nso, mankɔ ne hɔ bio.
Nanso ɛdenam Yehowa Adansefo a wɔsom wɔ yɛn hɔ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mu mmoa so no, minyaa oduruyɛfo a na ɔte m’asɛm ase. Ɔkwan a oduruyɛfo a ɔtɔ so abiɛsa no kamfo kyerɛe no te sɛ nea oduruyɛfo a ɔtɔ so abien no kae no; ná ɛhwehwɛ sɛ wɔpae me kɔn akyi. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛrenyɛ hu pii.
Sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ me ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ oprehyɛn no mu pefee no ma me koma tui. Hu a mihui sɛ na wɔbɛyɛ oprehyɛn no afa me nkwaa a ɛyɛ mmerɛw te sɛ koma ne ahurututu ho no ma mebɔɔ hu kɛse. So na mefi mu afi? Nokwarem no, nsusuwii a ɛnteɛ a ɛte saa no anyi ehu no amfi me mu.
Wɔ November 25, 1998 mu no, wɔde nnɔnhwerew anan yɛɛ me oprehyɛn wɔ Nairobi ayaresabea, na asɛm biara ansi. Bere a wɔreyɛ oprehyɛn no, woyii me dwonku mu dompe ketewaa bi nso. Wɔbotabotaa dompe no ho na wɔde fam nea na ɛho aka no ho de nnade bi bobɔɔ mu. Eyi boae. Nanso anyi me haw no nyinaa amfi hɔ. Mede animia na na ɛnantew. Me nipadua da so ara yɛ sisirii.
Adwempa a Minyae
Sɛnea madi kan aka no, na mede bere pii adi me tebea a enye no ho abooboo. Nanso, nnuruyɛfo dodow no ara kamfoo me wɔ me boasetɔ ne anidaso a na mewɔ no ho. Dɛn nti na wɔtee nka saa? Ná wotumi hu sɛ bere a na midi yaw pii no, na meda so ara ka Onyankopɔn mu gyidi a mewɔ no ho asɛm kyerɛ wɔn.
Ɛwom sɛ bere ne bere mu no na me bo fuw tebea a na mewom no ho de, nanso mede me ho too Yehowa so. Ɔboaa me wɔ ɔhaw a mefaa mu nyinaa no mu—ɔyɛ ma ɛboroo so, ma ɛtɔ mmere bi a, na m’ani awu. Misii gyinae pintinn sɛ mɛkenkan kyerɛw nsɛm a minim sɛ ebetumi akyekye me werɛ wɔ me tebea no mu no na madwennwen ho. Emu bi ne:
Adiyisɛm 21:4: ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’ Bible bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a nusu ne yaw biara nni hɔ bio ho a misusuw ho no kyekyee me werɛ ankasa.
Hebrifo 6:10: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.” Ɛwom sɛ minni ahoɔden pii de, nanso minim sɛ Yehowa ani bɛsɔ mmɔden a mebɔe wɔ ne som ho no.
Yakobo 1:13: “Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” Hwɛ sɛnea asɛm yi yɛ nokware! Ɛwom sɛ Yehowa ama kwan ma merehu amane de, nanso ɛnyɛ ɔno na ama no aba saa wɔ ɔkwan biara so.
Filipifo 4:6, 7: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” Mpaebɔ boaa me ma minyaa asomdwoe a na merehwehwɛ no, na ɛmaa mitumi dii tebea no ho dwuma nyansam.
Ná mede kyerɛw nsɛm yi ahyɛ afoforo a wɔakɔ ahohia mu no den pɛn—na ɛboaa wɔn ankasa! Nanso, mibehui sɛ na mimmu bo a saa nsɛm no som no. Bere a yare yi bɔɔ me no ansa na merete nea ahobrɛase kyerɛ ase ne sɛnea ɛsɛ sɛ mede me ho to Yehowa so koraa.
Nneɛma Afoforo a Ɛhyɛɛ Me Den
Nnipa pii ka Kristofo nuayɛ no ho asɛm sɛ ɛyɛ dum ne nnyinaso wɔ ahohia bere mu. Nanso, hwɛ sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ yebebu yɛn ani agu yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea so! Nokwarem no, ebia wontumi nyɛ pii mfa mmoa yɛn de, nanso wɔayɛ krado bere nyinaa sɛ wɔbɛboa yɛn. Ná eyi te saa wɔ me fam. Ná anuanom taa begyina mpa a na meda so wɔ ayaresabea no ho, na ɛtɔ mmere bi a, anɔpatutuutu na wɔba. Na mpo wɔyɛɛ sɛ wobeyi ntoboa de aboa ma matuatua m’ayarehwɛ ho aka no. M’ani sɔ mmoa a wɔn a me tebea no kaa wɔn koma no de boaa me no nyinaa.
Wɔ yɛn asafo no mu no, Adansefo no nim sɛ seesei de minni ahoɔden a mede bɛyɛ pii. Mprempren, mesom sɛ guamtrani, na mewɔ Kristofo mpanyimfo a wɔyɛ me mmoa kɛse. Mekɔ asɛnka bere nyinaa. Bere a na merehu amane paa no, meboaa nnipa baanu ma wohyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa. Mprempren, wɔn mu biako resom sɛ asafo mu somfo wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Nairobi no biako mu.
Minhu nea menka mfa nna me yere ase wɔ hwɛ a wahwɛ me wɔ m’ahohia bere nyinaa mu no ho. Onyaa me bo a na efuw, me su a na ɛsakra, ntease a na minni ne m’abasamtu no ho koma. Bere biara a medi yaw atew nusu no, na ɔhyɛ me den, na ɔkyekye me werɛ. Ahoɔden a onyae de gyinaa amanehunu no ano no da so ara yɛ me nwonwa. Wada ne ho adi sɛ ɔyɛ ‘ɔyɔnko pa bere nyinaa mu.’—Mmebusɛm 17:17.
Yɛn mmabea no ahu sɛnea wobegyina me tebea no ano. Wɔyɛ nea wobetumi de boa me. Wonim m’ahiade na sɛ mihia mmoa a, wɔntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛboa me bere a wɔn maame nni hɔ no. Sylvia abɛyɛ me “poma,” na bere biara a mɛte nka sɛ mayɛ mmerɛw no, ɔboa me de me kyinkyin fie hɔ.
Na Mina a ɔno na osua koraa no nso ɛ? Mekae sɛ bere bi, mehwee ase wɔ fie hɔ a na mintumi nsɔre. Ná ɔno nkutoo na ɔwɔ fie. Ɔde n’ahoɔden nyinaa maa me so, na ɔyɛɛ me brɛoo de me kɔɔ me dan mu. Ɛde besi nnɛ, onnim nea ɛkaa no ma otumi yɛɛ saa. Ɛbɛyɛ den sɛ me werɛ befi akokoduru a onyae de yɛɛ saa no.
Ɔko a aden me so sen biara wɔ m’asetra mu ne pira a mipirae yi ano a magyina. Ɛyɛ ɔko a meda so ara kura mu. Minhyiaa m’asetra ne me gyidi ho sɔhwɛ a ɛsen eyi da. Masua pii afa ahobrɛase, odwo ne tema ho. Yehowa mu ahotoso ne awerɛhyem a mewɔ no aboa me ma matumi agyina ɔhaw yi no.
Mahu nokwasɛm a ɛwɔ ɔsomafo Paulo nsɛm yi mu no: “Yɛwɔ saa ademude yi anwenne mu, na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.” (2 Korintofo 4:7) Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo” a ɛbɛba ho no ma minya awerɛkyekye pii. (2 Petro 3:13) Mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔnkɔ so nwowaw me bere a migu so retwɛn wiase foforo no, efisɛ meda so ara yɛ mmerɛw, na mintumi mfa m’ahoɔden nyɛ hwee.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]
Kristofo dwumadi a me ne m’abusua bom yɛ no aboa me ma matumi agyina