Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 7/8 kr. 16-18
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Bere a Asiane Asi No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Bere a Asiane Asi No?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Nneɛma Bɔne Sisi
  • Akwan Pa a Wobɛfa So Agyina Ano
  • Awerɛkyekye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo No Mmusuafo?
    Nyan!—1991
  • Atutotow a Ɛkɔ So Wɔ Sukuu Mu—Dɛn Na Bible Ka?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Yehu Amane?
    Nyan!—2004
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Nneɛma Bɔne Ba?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 7/8 kr. 16-18

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Bere a Asiane Asi No?

“Dɛn nti na ɛsɛ sɛ amumɔyɛfo no kum me maame?”—Kevin.a

“[Ansa na September 11 reba no], na m’ani gye asase ase akwan ho. Afei mitwa sɛnea anka mewu wɔ asase ase kwan mu no ho mfonini wɔ m’adwene mu esiane sɛ ebu guu mu nti.”—Peter.

KEVIN maame wui wɔ September 11, 2001, ntua a wɔde baa Wiase Aguadi Asoɛe so wɔ New York Kuropɔn mu no mu. Peter anhwere ade kɛse wɔ saa kwan yi so, nanso saa asiane no kaa no kɛse.

Nsɛm ho amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Mmofra pii a wɔte New York reko tia adwenemhaw a September 11 [ntua no] akɔfa abrɛ wɔn no, a wɔn mu pii de saa adwenemhaw no bɛhyɛn wɔn mpanyin afe so.” Nea ɛhaw adwene no, “mmofra pii a na wɔmmɛn Wiase Aguadi Asoɛe hɔ koraa wɔ bere a wodwiriw gui no” hyiaa nkate fam haw “te sɛ wɔn a wɔde wɔn ani hui no nyinaa ara pɛ.”b

Yebetumi aka ade koro no ara afa ahude ahorow te sɛ ɔtopae a nkurɔfo de kum wɔn ho ne afoforo wɔ Israel ne atuo a wɔtotow no basabasa wɔ mmeae foforo no ho. Ɛdefa atuo a wɔtotow no saa ho no obi a ɔwɔ nkɛntɛnso a ahude de ba ho nimdeɛ kae sɛ: “Sɛ beae a [mmofra no] te ne beae a nsɛm yi sisi no ntam kwan yɛ akwansin 2,000 mpo a, saa adeyɛ no betumi ama [wɔn] dadwen ayɛ kɛse.”

Dɛn ntia? Sɛ asiane a ɛyɛ hu bi si a, mmofra nkumaa hu ɛho mfonini pii a nsɛm ho amanneɛbɔfo yi kyerɛ no. Wɔkɔ so de amumɔyɛfo no atopae a wɔtotow, sukuu mu atuo a wɔtotow, ne atoyerɛnkyɛm a esisi no ho mfonini a ɛyɛ hu kyerɛ na ɛno ma ɛyɛ den ma mmofra no sɛ wobeyi mfonini no afi wɔn adwene mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nhwehwɛmu bi a wɔyɛ maa New York Kuropɔn Nhomasua Bagua no daa no adi sɛ: “Asram asia akyi wɔ bere a Wiase Aguadi Asoɛe no dwiriw gui no, na aban sukuu adesuafo 8,266 mu ɔha biara mu 76 na wɔda so ara kae amumɔyɛfo ntua no.”

Yɛte mmere bi a Bible frɛ no “mmere a emu yɛ hu” mu. (2 Timoteo 3:1-5, New International Version) Sɛ asiane ahorow a ɛyɛ hu si a wobɛyɛ dɛn atumi agyina ano?c

Nea Enti a Nneɛma Bɔne Sisi

Ɔkwan biako a wubetumi afa so adi nkate horow a ebunkam wo so no ho dwuma ne sɛ wobɛkanyan “w’adwene gyenennyenen.” (2 Petro 3:1) Bɔ mmɔden sɛ wubefi ntease mu ahwɛ nneɛma sɛnea Onyankopɔn adwene te wɔ ho no. Sɛ nhwɛso no, wubetumi akae wo ho sɛ amanehunu dodow no ara ba esiane “ɛbere ne asiane” nti. (Ɔsɛnkafo 9 :11, NW) Yesu Kristo maa eyi ho nhwɛso bere a ɔkaa Siloa abantenten a ebu gui no ho asɛm no. Nnipa 18 na wowui wɔ saa asiane no mu. Nanso, Yesu maa emu daa hɔ fann sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɛtwee wɔn a wowui no aso. Wowuwui efisɛ na wonnyina baabi pa saa bere no. (Luka 13: 1-5) Nokwasɛm yi ho a wubesusuw no betumi aboa wo ma woanya asiane ahorow ho ntease pa.

Adwempa a wubenya nso remma ‘wo koma nhuru nhyɛ Yehowa’ na woamfa awerɛhosɛm a esisi no ho asodi anto ne so. (Mmebusɛm 19:3) Sɛ anka Yehowa bɛma yɛahu amane no, ɔyɛ “awerɛkyekye Nyankopɔn” mmom. (2 Korintofo 1:3) Sɛ asiane ahorow si a, ɛsɛ sɛ yɛbɛn no—ɛnsɛ sɛ yɛde abufuw twe yɛn ho fi ne ho. Dwennwen Bible mu nsɛm a ɛwɔ Yakobo 1:13 no ho: “Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.”d

Awerɛhosɛm bi a esii mfehaha pii a abɛsen kɔ wɔ Mediterranea Supɔw so no betumi akyerɛkyerɛ asɛm yi mu. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ onipa biako pɛ a onyaa ne ti didii mu wɔ saa asiane no mu no bɔɔ amaneɛ sɛ: “Onyankopɔn gya fi soro atɔ abɛhyew nguan ne mmerante no, na asɛe wɔn.” (Hiob 1:16) Ɔhaw a ɛyɛ hu bɛn ara ni! Ɛda adi sɛ na saa ɔbarima a ehu aka no yi susuw sɛ saa adeyɛ no fi Onyankopɔn. Nanso na emfi Onyankopɔn. Hiob 1:7-12 da no adi sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa ogya no, mmom no, ɛyɛ Onyankopɔn Tamfo—Satan Bonsam!

Na ɛno yɛ tebea soronko: Na Yehowa ama Satan hokwan titiriw bi sɛ ɔmfa nsɔ Hiob mudi mu kura nhwɛ. Enti nka sɛ Satan na atoyerɛnkyɛm biara a esi tee te sɛ ahum ne nsuyiri fi no.e Ne saa mpo no, Bible no ka sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Enti obetumi de nnipa adi dwuma ma wɔasɛe ade.

Nanso ɛnsɛ sɛ yɛte abasamtu nka. Susuw asɛm foforo bi a esii a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible no mu wɔ 1 Samuel 22:12-23 no ho hwɛ. Ɛhɔ no, yehu okunkɛse bi a ɛbaa asɔfo anokwafo kuw bi ne wɔn mmusua so ho asɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ Satan na ɔkanyan Ɔhene Saul otirimɔdenfo no ma ɔyɛɛ atirimɔdenne saa. Nanso, ɔnokwafo Dawid a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔhene no kyerɛw Nnwom 52 no, a ɛno mu na ɔde ahotoso daa no adi sɛ Onyankopɔn bɛsɛe mmarima a wodii saa amumɔyɛsɛm no.—Dwom 52:5.

Ɛnnɛ nso, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn remma awudi ne nsɛmmɔnedi a Ɔbonsam de ba no ntra hɔ daa. Wiɛ, Bible no hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn de ne Ba Yesu bedi dwuma de ‘asɛe Ɔbonsam nnwuma’! (1 Yohane 3:8) Awiei koraa no, wɔrenhu Satan adesɛe ho nkekae biara bio. Ɛdenam owusɔre so no, Onyankopɔn betumi mpo de ankorankoro a nsɛmmɔnedi anaa amumɔyɛsɛm akunkum wɔn no asan aba nkwa mu bio.—Asomafo no Nnwuma 24:15.

Akwan Pa a Wobɛfa So Agyina Ano

Saa anidaso a egyina Bible so yi betumi aboa wo na ehu anhyɛ wo so. Nanso akwan pa foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so. Sɛ nhwɛso no, hyɛ Bible mu nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 12:25 no nsow. Denam wo nkate ho asɛm a wobɛka akyerɛ afoforo nkutoo so na wubenya “asɛmpa” a ɛma awerɛkyekye. Saa a wobɛyɛ no bɛma woahu nso sɛ ɛnyɛ wo nkutoo na wowɔ ɔhaw no mu. Enti sɛ wote nka sɛ woahaw a, bɔ mmɔden da wo nkate adi kyerɛ w’awofo anaa Kristoni a ne ho akokwaw wɔ asafo no mu.f

Nyansahyɛ foforo bi ni: Ntaa nhwɛ nsɛm a ɛyɛ hu ho mfonini wɔ koowaa nkrataa mu. Saa a wobɛyɛ no bɛma ayɛ den ama wo sɛ wubeyi mfonini a ɛhaw adwene no afi wo tirim.—Dwom 119:37.

Woyɛ Kristoni? Ɛnde kɔ so bata wo Kristofo dwumadi ahorow no ho daa. (Filipifo 3:16) Nea ɛka saa dwumadi ahorow no ho ne nhyiam horow a wo ne mfɛfo Kristofo bɛkɔ na wo ne afoforo akyɛ wo gyidi nso. (Hebrifo 10:23-25) Ɛno bɛboa wo ma woayi w’adwene afi nsusuwii hunu so. Tew a wobɛtew wo ho no bepira wo mmom—nkate ne honhom fam nyinaa.—Mmebusɛm 18:1.

Bible no a yɛbɛkɔ so akenkan no daa no betumi aboa wɔ tebea biara a ɛhaw adwene mu. Na kokoram rekum ababaa bi a wɔfrɛ no Loraine maame. Hyɛ ɔkwan a Loraine faa so gyinaa awerɛhow tebea no ano no nsow: “Mekae sɛ na mekenkan Hiob nhoma no mpɛn pii wɔ ahohia no mu. Nnwom nhoma no nso maa me awerɛkyekye pii. Bere a mekenkan awerɛkyekyesɛm fii Kyerɛwnsɛm no mu no, metee nka sɛ nea Yehowa reyɛ me atuu.” Saa ara na ne nuabea Mishael nso ka sɛ: “Sɛ da bi wɔ hɔ na mankenkan Bible no a, na mete nka. Ná m’adwene san kɔ nsusuwii hunu no so. Bible no a mekenkanee no maa me honhom mu aduan a na ehia na mede agyina da biara da no.”

Sɛ woahwere obi—ne titiriw no sɛ obi a wodɔ no awu a—Bere a Obi a Wodɔ No Awug nhomawa no a wobɛkenkan no betumi akyekye wo werɛ paa. Gye bere kenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so nyinaa na dwennwen ho. Dwennwen owusɔre anidaso no nso ho. Loraine ka sɛ: “Mitwa sɛnea me maame bɛsan aba wɔ owusɔre mu no ho mfonini wɔ m’adwenem. Misusuw sɛnea mɛte sɛ ɔreka sɛ: ‘Masan aba. Na aduan bɛn na monoae? no ho.’ Ɛno bɛma maserew.”

Yehowa a wode wo ho bɛto ne so wɔ mpaebɔ mu no nso betumi ama woanya ahoɔden a wuhia na wode agyina asiane ahorow a enye koraa ano no. Loraine ka sɛ: “Na mewɔ dan no mu bere a maame guu ahome a etwa to no. Ntɛm ara na mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma me ahoɔden a mede begyina tebea no ano na mafa mu. Ntɛm ara na metee Onyankopɔn asomdwoe nka.” Ka nsɛm pɔtee wɔ mpae a wobɔ Yehowa no mu. Ma onhu sɛnea wote nka ankasa. Odwontofo no hyɛ nkuran sɛ: “Munyi mo yam nkyerɛ no.”—Dwom 62:8.

Mmere kɔ so no, akyinnye biara nni ho sɛ asase so amanehunu bɛyɛ kɛse. (2 Timoteo 3:13) Nanso, Bible hyɛ bɔ sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ . . . na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:9-11, 29) Saa anidaso yi ho a wobɛbata no bɛboa wo ma woatumi agyina, bere a asiane ahorow sisi no.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa edin no bi.

b Sɛnea adwenemyare ho abenfo kyerɛ no, nneɛma a ɛbɛkyerɛ sɛ obi anya saa yare no bi ne nkate fam haw, adaeso a ɛyɛ hu, ankonamyɛ, nnwuma nketenkete a ontumi nyɛ, ne afobu ne abufuw nka a ɔte.

c Ɛwom sɛ asɛm yi fa asiane akɛse a esisi ho de, nanso afotu no betumi aboa ankorankoro nso wɔ wɔn ankasa amanehunu mu, te sɛ bere a obi ahwere ne dɔfo bi no.

d Sɛ wopɛ nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan ho nsɛm a, hwɛ nhoma a ɛne Som Nokware Nyankopɔn Koro No a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 7.

e Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ,” wɔ December 1, 1974 Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu.

f Wɔ tebea horow a nkate fam ahohia anaa adwenemhaw no mu yɛ den mu no, ebia ɛho behia sɛ wohwehwɛ oduruyɛfo.

g Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛtew mfonini a ɛyɛ awerɛhow a nsɛm ho amanneɛbɔfo de kyerɛ a wobɛhwɛ no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena