Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 8/8 kr. 11-13
  • Awerɛkyekye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo No Mmusuafo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awerɛkyekye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo No Mmusuafo?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Ɛho Hia Ankasa?
  • Awerɛkyekye a Efi Onyankopɔn Asɛm Mu
  • Daakye a Ɛyɛ Anigye
  • Wiase Foforo a Ɛyɛ Nwonwa a Onyankopɔn Reyɛ No
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Bere a Asiane Asi No?
    Nyan!—2003
  • Nya Yehowa Ahoɔden Mu Awerɛkyekye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Sɛnea Wɔbɛma Mpanyinyɛ Asan Akyi
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 8/8 kr. 11-13

Awerɛkyekye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Awufo No Mmusuafo?

JANICE Lord a ɔkyerɛw Survivor Grief Following a Drunk-Driving Crash no ka sɛ wɔn a wɔhwere wɔn adɔfo mpofirim wɔ asabow a wɔde ka afiri akwanhyia mu no “nnya hokwan . . . ne wɔn nni nkra’ . . . anaa ‘wontumi nka sɛ medɔ wo.’”

Sɛnea yɛahu no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn nkurɔfo wuwu no gyina nneɛma pii ano: akomatu, ehu, abufuw, ne abasamtu. Ɔdɔfo a wɔhwere no wɔ saa kwan no so no ma wɔte adehwere nka daa. Wɔn a wɔhwere wɔn nnipa no betumi ate nka sɛ wɔn amanehunu no remfi hɔ da.

Esiane ɛyaw yi a ɛde ba no nti, aban mpanyimfo pii ayeyɛ mmara anaa tebea horow a ɛbɛma nnipa a wɔn ho ka mu afe biara no dodow no ano abrɛ ase. Sɛ nhwɛso no, ɔpanyin bi kyerɛe sɛ wɔn a wɔde asabow ka afiri no wɔ mmerɛwyɛ bi, na ɔhyɛɛ nyansa sɛ sɛ wɔyɛ mmeae ahorow a wɔbɛma wɔn ntetee, adwuma ne nnubɔne ho afotu wɔ hɔ ma wɔn a, ‘ebetumi ahyɛ wɔn den’ na wɔadi wɔn mmerɛwyɛ no so.

Dɛn Na Ɛho Hia Ankasa?

Nanso sɛnea eyi yɛ akɔnnɔ nyinaa akyi no, ɔdesani anaasɛ ɔdesani ahyehyɛde biara nni hɔ a ebetumi apopa ɛyaw a wɔn a wɔn nkurɔfo awuwu no di no, na adesamma ntumi mma awufo no nsan mma. Adesamma ntumi mfa nea ehia na wɔde asiesie tebea no mma. Nea ehia ankasa ne wiase no mu nhyehyɛe foforo koraa a ennyina nnɛyi ‘anigye a nea wɔbɛhwere biara mfa ho’ a ɛyɛ pɛsɛmenkominya na ɛsɛe ade adwenhorow a ekunkum nnipa pii no so.

So ntease pa bi wɔ hɔ nti a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani to wiase pa a amanehunu a ɛte saa no bɛyɛ ade a atwam no so? Yiw, ɛwɔ hɔ. Nokwarem no, wiase foforo bi a amanehunu yi nyinaa begyae wɔ asase so no ho anidaso wɔ hɔ, wiase a emu no, wɔbɛsan de wɔn a wɔawuwu wɔ akwanhyia mu no aba nkwa mu bio. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye a enni kabea sɛ eyinom ne wɔn mmusua bɛsan ahyia bio! Ɛbɛyɛ wiase foforo bi a wɔ bere bi akyi no, kan awerɛhosɛm ho nkae biara befi hɔ koraa.

Wohu saa wiase foforo no ho anidaso no wɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔkyerɛw wɔ honhom akwankyerɛ ase no mu na ɛka sɛ: ‘“[Onyankopɔn] bɛmene owu akosi daa, na [Yehowa] bɛpopa ani nyinaa so nusu” no mu (Yesaia 25:8) Nea ɛka eyi ho ne awufo a wobenyan wɔn afi ɔdamoa mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Yesu ne asomafo no yɛɛ eyi ho ɔyɛkyerɛ bere a wonyanee awufo no.​—Luka 7:11-16; 8:40-42, 49-56; Yohane 11:1, 14, 38-45; Asomafo no Nnwuma 9:36-42; 20:7-12.

Ɔdesani pɛyɛ bɛma wiase foforo no mu asetra ne nkwa mu a awufo a wobenyan wɔn afi ɔdamoa mu aba no adi mũ. Onyankopɔn ayaresa tumi no besiesie wɔn a wɔbɛtra ase saa bere no nyinaa adwene ne wɔn nipadua ma adi mu: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato anigye dwom.”​—Yesaia 33:24; 35:5, 6; hwɛ Mateo 15:30, 31 nso.

Bible no ka adesamma daakye tebea wɔ asase so no ho asɛm sɛ Onyankopɔn bɛpopa “wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne su ne yaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) Nea ɔbɛma mfaso horow a ɛyɛ nwonwa ne tebea a ɛyɛ anigye yi aba no ka sɛ: “Na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio; na mmom momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti.”​—Yesaia 65:17, 18.

Ɛdenam hena tumi so na eyinom nyinaa bɛyɛ hɔ? Ɛdenam anidaso Mafo kɛse, amansan Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn tumi so. Ɔhyɛ bɔ wɔ n’Asɛm no mu sɛ ɛrenkyɛ nhyehyɛe foforo a ɛte saa a “trenee te mu” no besi mprempren nneɛma nhyehyɛe a pɛsɛmenkominya ne basabasayɛ wom, nhyehyɛe a adu akyiri wɔ ne “nna a edi akyiri” mu no ananmu​—2 Petro 3:13; 2 Timoteo 3:1-5, 13; Mmebusɛm 2:21, 22.

Awerɛkyekye a Efi Onyankopɔn Asɛm Mu

Te sɛ nnipa afoforo no, yɛn bere yi mu amanehunu ahorow tumi to Yehowa Adansefo, na wɔnhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛbɔ wɔn ho ban na owu, akwanhyia anaa nea ɛte saa bi anka wɔn. Wonim sɛ ɛnyɛ eyi ne Onyankopɔn apɛde mprempren. Ɔsɛnkafo 9:11, New World Translation ka sɛ: “Ɛbere ne akwanhyia to wɔn nyinaa.” Nanso, Adansefo no fi bere tenten atwe adwene asi Onyankopɔn Asɛm so, efisɛ ne bɔhyɛ ahorow no ma wɔn a wogye di no nya awerɛkyekye a ɛtra hɔ daa.

Ofirikafo bi a wabow nsa de ne lɔre kum Yehowa Dansefo bi nua kunu na ɛmaa ne yere (ne nuabea) no piraa ne ti ma ɛkaa n’adwene enti ehiae sɛ wɔhwɛ no bere nyinaa. Na wɔn nso wɔyɛ Yehowa Adansefo. Ɔka sɛ:

“Wɔ afe biako mu fã kɛse no, na misu bere nyinaa, na na me bo afuw. Na me bo afuw aberante a ɔmaa amanehunu yi bae no, na me bo afuw n’awofo a wɔammue wɔn ani anhwɛ no yiye no. Ɛtɔ da bi a, me bo fuw Onyankopɔn ne abɔfo no mpo sɛ wɔansiw eyi kwan. Nnipa baanu a woye a anka wɔsom no asɛe kwa!

“Nokwarem no, na minim sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ saa nneɛma no na ɔmpɛ sɛ ebesisi. Nanso na mete nka sɛ ɔno na ɔkyerɛ yɛn anammɔn kwan na ɔbɔ yɛn ho ban fi asiane ho. Afei mihuu sɛ ɛsɛ sɛ mete eyi ase yiye, na mifii ase hwehwɛɛ mmuae ahorow no.

“Ɛkyɛe kakra ansa na mifii ase yii yaw no fii me mu ma mitumi susuw asɛm no ho. Na mete nka sɛ Asaf a ɔkae wɔ Dwom 73 sɛ ɛte sɛ nea abɔnefo na wɔdom wɔn no. Nanso wɔ dwom koro no ara mu no, Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware sɛ Onyankopɔn dom abɔnefo, na wɔ ne bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛsɛe wɔn.

“Mibehui sɛ me nsusuwii mmom na ɛnteɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn. Na memfa kyerɛwnsɛm no nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so. Onyankopɔn nhyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban afi asiane, ɔyare anaasɛ owu ho wɔ saa bere yi mu, mmom no saa nhyira horow no ho bɔhyɛ no fa daakye ho, wɔ ne wiase foforo no mu. Bere a metee ase sɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka ankasa ne sɛ mprempren Onyankopɔn bɔ yɛn ho ban wɔ honhom mu na ɛnyɛ honam mu ara pɛ, na abufuw no fii ase kɔɔ fam. Afei na mitumi hu pefee nso sɛ nea ɔde asiane no ba titiriw ne Satan Ɔbonsam a ɔyɛ owudifo fi bere a ɔtew atua tiaa Onyankopɔn no. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ Satan na ɔyɛ wiase a amanehunu pii wom yi nyame.​—Yohane 8:44; 2 Korintofo 4:4.

“Bere a mihuu nokware a ɛfa nea enti a amanehunu wɔ hɔ, nea enti a Onyankopɔn ma ho kwan ne sɛnea ɔbɛma afi hɔ no ho yiye no, me bɛtee ase sɛ Onyankopɔn nyɛ yɛn tamfo, na mmom ɔne yɛn nkwagye!

“Afei bio, na ɛyɛ awerɛkyekye kɛse ma me sɛ mihui sɛ Yehowa nam ne honhom kronkron no so wowaw wɔn a wɔsom no no. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ honhom kronkron no bɛma yɛn ‘tumi a ɛboro so.’ Ɔnam saa kwan yi so ma yɛn ahoɔden a yɛde gyina tebea a emu yɛ den ano. Na ɔma yɛn awerɛkyekye a ɛne anidaso a yɛwɔ sɛ yebehu yɛn adɔfo bio denam owusɔre no so. Enti yebetumi adi amanehunu so nkonim.”​—2 Korintofo 4:7.

Daakye a Ɛyɛ Anigye

Amanehunu ahorow ato nnipa pii a Yehowa Adansefo ka ho fi bere tenten. Eyi si nokware a Onyankopɔn Asɛm yɛ no so dua sɛ bere ne akwanhyia to yɛn nyinaa. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso Onyankopɔn nkoa osuahu ahorow si Onyankopɔn Asɛm mu nokware no so dua sɛ Yehowa ma ne nkurɔfo awerɛkyekye na ɔwowaw wɔn wɔ ahohia bere mu, na ɔsan nso hyɛ wɔn daakye a ɛyɛ anigye wɔ ne wiase foforo a amanehunu a ɛte saa bɛyɛ nea atwam no ho bɔ.

Nokwarem no, ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu no, adesamma benya nokware dɔ ama wɔn yɔnkonom na wɔanya obu ama wɔn nkwa akyɛde a ɛsom bo no. Su ahorow a eye yi besi pɛsɛmenkominya ne ɔdesani mmerɛwyɛ a wɔde pɛ mfaso a abu so wɔ wiase yi mu no ananmu. Mprempren wiase yi mu dadwen, nhyɛso ne ehu a ɛma ebinom te nka sɛ ehia sɛ wɔnom nsa pii anaasɛ nnubɔne afoforo no befi hɔ.

Mprempren mpo, Yehowa Adansefo yɛ wiase nyinaa onuayɛkuw a ɔdɔ aka wɔn abom. (Yohane 13:34, 35) Wɔn a wɔyɛ onuayɛkuw yi mufo no de mmoa a emu yɛ den ma ankorankoro a wɔahwere wɔn adɔfo no. Wɔn ani gye ho sɛ wɔde mmoa bɛma obiara a ɔpɛ sɛ wɔkyekyɛ ne werɛ sɛnea wɔayɛ ama wɔn no.​—2 Korintofo 1:3, 4.

[Kratafa 13 mfoni]

Bible no hyɛ bɔ sɛ owusɔre bɛba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena