Awudisɛm—Dɛn na Ɛrekɔ So?
NA Frank ne Gabriella retu mpase anɔpa bi wɔ Oregon, U.S.A. mpoano rehwɛ owia a apue no. Ná wonnim nea ɛrebesi no ho hwee. Wɔ simma kakraa bi akyi no, obi a ɔbɛn wɔn tow tuo bɔɔ wɔn baanu tirim ma wowui. So na ɛyɛ aweredi? Anaa anibere? Ɛnyɛ mu biara. Na nea ɔtow tuo no nnim wɔn mpo, na ɔredi ne nsusuwii hunu bi ho dwuma—na ɔpɛ sɛ ohu sɛnea wokum obi a ɛte.
“Wɔ Kwasida, April da a ɛto so 28, 1996 mu no, nnipa a wɔwɔ Atɔe fam aman mu no de wɔn adwene sii Martin Bryant so bere a na ɔregye n’ani no. Bere a na ɔnenam Port Arthur, Tasmania no, otuo a ɔtotow bɔɔ obiara a ohyiaa no no ma onyaa anigye ne tumi soronko bi.” (A Study of Our Decline, a Philip Atkinson yɛe) Ɔno nso kunkum nnipa 35!
Wɔ Canada no, na ɔbarima bi a wadi mfe 65 a wakɔ pɛnhyen afi adi reka ne sakre anɔpahema sɛnea ɔyɛ no. Bere a na ɔreka sakre no, ofirikafo bi fi n’akyi de kar bɛbɔɔ no, na ogyaw no hɔ a na ɛyɛ no sɛ wawu. Ɛtwee ne sakre no faa kwan no so kɔɔ akyiri bɛyɛ mita 700. Mfitiase no wosusuwii sɛ ɛyɛ akwanhyia a ofirikafo no gyaw onipa no too hɔ de, nanso nhwehwɛmu foforo ma ɛdaa adi sɛ ofirikafo bi a ɔka kar a wawia de gye n’ani na ɔde bɔɔ no. Na ɛda adi sɛ kar a ɔde bɔɔ nea ɔreka sakre no ka “anigye” no ho.
So Ɛyɛ Nsɛmmɔnedi Soronko?
Nsɛmmɔnedi akɔ so mfehaha pii ni, nanso ɛho nhwɛso a yɛadi kan aka ho asɛm no ma nnipa teɛm ka sɛ: “Adɛn? Dɛn na ɛma obi susuw mpo sɛ obetumi ayɛ ade a ɛte saa?” Ɛwom sɛ nsɛmmɔnedi a ɛtaa si te sɛ korɔnbɔ anaa amimdi ntwetwe nnipa pii adwene de, nanso nneyɛe foforo bi a ɛrenya nkɔanim twe nsɛm ho amanneɛbɔfo adwene ma enti nnipa ka sɛ, ‘Nyansa nni mu! Dɛn na ɛreba wiase?’
Saa nsɛmmɔnedi yi yɛ soronko. Ɛtaa yɛ ahodwiriw na ɛyɛ hu. Te sɛ nhwɛso ahorow a yɛahu dedaw no, wɔtaa yɛ tia nnipa a wɔn ho nni asɛm na wonnim nsɛmmɔnedifo no. Afei nso, mpɛn pii no, ɛte sɛ nea wonhu atirimpɔw nti a wodi nsɛmmɔne yi. Nneyɛe a nyansa nnim pii rekɔ so.
Wɔ April 1999 mu wɔ Colorado, U.S.A. no, sukuufo 2 de tuo kum sukuufo 12 ne ɔkyerɛkyerɛfo bi ansa na wɔrekum wɔn ho wɔ atuo a wɔtotow wɔ sukuu mu no mu. Wɔ 1982 mu wɔ California no, ɔbarima bi wui bere a ɔnom aduru a oduruyɛfo nkyerɛe sɛ ɔnnom a na obi de awuduru bi afra mu no. Wɔ 1993 mu nso, mmofra baanu a obiara adi mfe du daadaa James Bulger a wadi mfe abien fii aguadidan a ɛwɔ Bootle, Merseyside, England, beae a na ne maame wɔ nankwansedan mu no. Wɔde no kɔɔ keteke kwan bi ho na wɔde abaa bi boroo no ma owui.
Yebetumi aka sɛ nneyɛe bi yɛ amumɔyɛsɛm, te sɛ Tokyo keteke kwan a ɛda asase ase a wɔde mframabɔne bi kɔhyɛɛ hɔ wɔ 1995 mu no. Nnipa a wɔwɔ Japan ho dwiriw wɔn bere a sum ase kuw bi mufo gyaee mframabɔne yi mu wɔ Tokyo keteke kwan a ɛda asase ase no so ma ekunkum nnipa 12 na nnipa mpempem pii pirapirae no. Nnipa kakraa bi na wɔn werɛ betumi afi Wiase Aguadi Asoɛe a ɛwɔ New York a wɔtow hyɛɛ so sɛee no ne tow a wɔtow hyɛɛ Pentagon so wɔ Washington, D.C. ma ekunkum nnipa bɛyɛ 3,000, ne ɔtopae a wɔtowee afe a etwaam wɔ Bali, Indonesia a ekunkum nnipa bɛyɛ 200 no.
Ɛda adi sɛ nsɛmmɔnedi a ɛte saa no abu so. Ɔhaw no wɔ wiase nyinaa na ɛka aman ne nnipakuw biara.
Wɔ nsɛm no bi mu no, na ɛte sɛ nea nsɛmmɔnedifo no resi akan ahwɛ nea obetumi adi nsɛmmɔne a ɛyɛ hu sen biara. Bio nso, nsɛmmɔne a ɔtan ma wodi no abu so. Wɔde atirimɔden kɛse yɛ eyi tia nnipa, a wɔn “mfomso” ara ne sɛ wɔyɛ mmusua, ɔsom anaa kasa ne amammerɛ foforo mufo—te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Rwanda a wokunkum Tutsifo bɛyɛ 800,000 wɔ 1994 mu no.
Eyinom nyinaa ma nnipa pii bisa sɛ: ‘Dɛn na ɛrekɔ so yi? So na ɛte saa bere bi a atwam no? Dɛn koraa na ɛma nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu saa no kɔ so? Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɛtew nsɛmmɔnedi a ɛte saa no so anaasɛ wobeyi afi hɔ?’ Asɛm a edi hɔ no bebua nsɛmmisa yi ne afoforo.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
Wɔtaa di nnipa awu a wɔnyɛ nyiyim, na wonhu atirimpɔw nti a wɔyɛ saa no