Dɛn Nti na Awudisɛm Abu so Nnɛ Saa?
NSƐMMƆNEDI biara yɛ bɔne. Nanso ɛyɛ den sɛ wɔbɛte nsɛmmɔnedi a ntease biara nnim ase. Nokwasɛm a ɛne sɛ wɔntaa nhu atirimpɔw nti a wɔyɛ saa no kyere nhwehwɛmufo adwene. Esiane sɛ nsɛm ho amanneɛbɔ retu mpɔn nnansa yi nti, nnipa ɔpepem anaa ɔpepepem pii mpo te nsɛmmɔnedi a ɛyɛ ahodwiriw ho asɛm wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu. Amanneɛbɔ bi a Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde tintimii no ka sɛ “nsɛmmɔnedi ka nsasepɔn, aman ne mmeae dodow no ara.”
Wɔ mmeae a na anka wosusuw sɛ ɛhɔ dwo wɔ mfe bi a atwam mu mpo no, nnansa yi wɔahu basabasayɛ a ntease biara nnim wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, efi bere tenten ni no, awudisɛm kakraa bi pɛ na akɔ so wɔ Japan. Nanso wɔ June 2001 mu wɔ Ikeda no, ɔbarima bi a okura nankwansefo sekan nantew kɔɔ sukuu bi mu na ɔhyɛɛ ase de sekan no wowɔɔ wɔn. Wɔ simma 15 mu no, okum mmofra 8, na opirapiraa afoforo 15. Sɛ wɔde eyi ka amanneɛbɔ afoforo a efi Japan, te sɛ mmabun a wokum ahɔho de gyigye wɔn ani ara kɛkɛ no ho a, ɛma obi hu no yiye sɛ nneɛma asesa.
Wɔ aman a nsɛmmɔnedi dɔɔso wɔ mu mpo mu no, nneyɛe binom a ntease nnim ahaw ɔmanfo. Ná eyi yɛ nokware wɔ September 11, 2001 ntua a wɔde baa Wiase Aguadi Asoɛe a ɛwɔ New York so no akyi. Adwene ne nneyɛe ho nimdefo Gerard Bailes kaa asɛm yi sɛ: “Ɛdan wiase nyinaa ma ɛbɛyɛ sɛ baabi a wonnim na ɛhɔ yɛ hu, na yentumi nka nea ebesi.”
Dɛn Nti na Wɔyɛ Saa?
Yenni ade biako a ɛkyerɛkyerɛ basabasayɛ a ntease nnim no nyinaa mu. Nea ɛma ɛyɛ den kɛse sɛ wɔbɛte nsɛmmɔnedi binom ase no ne ntease a ennim no. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ den kɛse sɛ wobɛte nea enti a obi bɛkɔ nnipa a onnim wɔn koraa no nkyɛn na ɔde sekan awowɔ wɔn akum wɔn anaa ɔde kar betwam afa ofi bi anim na watotow tuo kɛkɛ a ntease biara nnim no ase.
Ebinom ka sɛ basabasayɛ yɛ nnipa awosu. Na afoforo nso ka sɛ yentumi nkyerɛkyerɛ mu sɛ nsɛmmɔnedi a ntease biara nnim yɛ nnipa su a yentumi nkwati.—Hwɛ adaka “So Wɔahyɛ Ato Hɔ Sɛ Wɔnyɛ Basabasa?”
Animdefo pii gye di sɛ nneɛma ne tebea horow pii na ɛkanyan nnipa ma wɔyɛ basabasa a ntease biara nnim no. Amanneɛbɔ a FBI (Ɔman Nhwehwɛmu Asoɛe) Nteteebea tintimii wɔ United States kae sɛ: “Nnipakum nyɛ ade a obi a n’ani so ne n’adwenem da hɔ yɛ.” Aban mpanyimfo bi rennye saa asɛm no ntom. Nanso nnipa pii gye nea ɛkyerɛ no tom. Esiane biribi nti, wɔn a wodi nsɛmmɔne a ntease biara nnim no adwenem ka wɔn. Biribi asɛe wɔn nsusuwii akodu baabi a wɔyɛ nea nyansa nnim. Nneɛma bɛn na ɛma nnipa yɛ nneɛma a ɛtete saa no? Ma yensusuw nneɛma a ebetumi ama aba saa a animdefo aka ho asɛm no pii ho nhwɛ.
Mmusua Asetra a Ɛsɛe
Nyan! kyerɛwfo bisaa Marianito Panganiban, Philippines Ɔman Nhwehwɛmu Asoɛe no kasamafo nsɛm faa wɔn a wodi nsɛmmɔne akɛse no nsɛm tebea ho. Ɔkae sɛ: “Wofi mmusua a emu apaapae mu. Wɔnhwɛ wɔn na wonyi ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn. Nnipa abrabɔ asɛe koraa, kyerɛ sɛ wonni akwankyerɛ, ma enti wodi nsɛmmɔne.” Nhwehwɛmufo pii ka sɛ nsɛmmɔnedifo taa fi mmusua a abusuabɔ pa nnim ne nea basabasayɛ wom mu.
U.S. Ɔman Asoɛe a Ɛhwehwɛ Awudisɛm Mu de nsɛm bi too gua de daa nneɛma a ebetumi ama wɔahu mmabun a wobetumi adi awu wɔ sukuu mu no adi. Na nneɛma a edidi so yi a ɛwɔ abusua mu ka ho: awofo ne mma ntam abusuabɔ a asɛe, awofo a wontumi nhu wɔn mma haw ahorow, abusuabɔ a emu nyɛ den, awofo a wɔde abofra nneyɛe ho anohyeto kakraa bi ma anaa wɔmfa mma koraa, ne mmofra a wɔnka wɔn ho nkɔ afoforo ho a wɔbɔ bra abien ma enti wɔde wɔn abrabɔ fã sie wɔn awofo.
Nnɛ mmofra pii te mmusua a emu apaapae mu. Afoforo nso wɔ awofo a wonnya bere mma wɔn. Na mmofra mpempem pii anyin a wɔannya abrabɔ pa ne abusua ntetee ho akwankyerɛ pii. Animdefo binom te nka sɛ ebia tebea a ɛte saa no remma mmofra no nnya su a ɛbɛma wɔne afoforo abɔ yiye, ma enti ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobedi nsɛmmɔne atia wɔn mfɛfo nnipa, a mpɛn pii no wonni ho yaw biara.
Akuw a Wɔkanyan Ɔtan ne Ɔsom a Wɔn Ho Yɛ Hu
Adanse kyerɛ sɛ akuw a wɔkanyan ɔtan ne ɔsom ahorow a wɔn ho yɛ hu binom anya nkɛntɛnso kɛse wɔ nsɛmmɔne binom a wodi no so. Wɔ Indiana, U.S.A. no, na ɔbarima bibini bi a wadi mfe 19 fi aguadidan mu rekɔ fie. Ankyɛ koraa na obi de tuo bɔɔ ne tirim ma obu hwee kwankyɛn. Aberante bi na ɔde tuo bɔɔ no. Dɛn ntia? Ná owudifo no pɛ sɛ ɔbɛyɛ aborɔfo sum ase ahyehyɛde bi muni, na ama wɔayɛ ananse ntontan mfonini agu ne honam ani sɛ wakum obibini.
Mframabɔne a wogyaee mu wɔ Tokyo keteke kwan a ɛda asase ase wɔ 1995 mu; nnipa dodow a wodii wɔn ho dɔm wɔ Jonestown, Guyana; ne nnipa 69 a wɔyɛ Awia Asɔrefi Ahyehyɛde no mufo a wowuwui wɔ Switzerland, Canada ne France no nyinaa fi ɔsom mu nkɛntɛnso. Nhwɛso horow yi kyerɛkyerɛ nkɛntɛnso kɛse a akuw binom anya wɔ nnipa binom nsusuwii so no mu. Akannifo a wɔwɔ nkɛntɛnso anya nnipa ama wɔayɛ “nneɛma a ntease nnim” denam biribi a wɔkyerɛ sɛ ɛde mfaso bɛbrɛ wɔn a wɔde daadaa wɔn no so.
Nsɛm Ho Amanneɛbɔ ne Basabasayɛ
Nnipa binom ka adanse a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nnɛyi nkitahodi betumi ahyɛ anuɔdensɛm ho nkuran ho asɛm. Wɔka sɛ yi a wɔtaa yi basabasayɛ kyerɛ wɔ television so, sini, video so agodie mu ne Intanɛt so no resɛe nnipa ahonim na ɛhyɛ awudisɛm ho nkuran. Oduruyɛfo Daniel Borenstein, Amerika Adwenem Ayaresa Fekuw titrani no kae sɛ: “Saa bere yi, nhwehwɛmu bɛboro 1,000 na wɔde bɛboro mfe 30 ayɛ de rekyerɛ abusuabɔ a ɛda basabasayɛ a woyi kyerɛ wɔ television so ne anuɔdensɛm a mmofra binom da no adi no ntam.” Bere a na Oduruyɛfo Borenstein gyina U.S. Mmarahyɛ Baguafo boayikuw anim no, ɔde adanse mae sɛ: “Yegye di sɛ basabasayɛ a ɛda adi wɔ anigyede mu nyinaa sɛe ɔmanfo akwahosan.”—Hwɛ adaka “Kɔmputa So Agodie Mu Basabasayɛ—Oduruyɛfo Bi Adwene.”
Mpɛn pii no, wɔde nsɛm pɔtee bi kyerɛ sɛ eyi yɛ nokware. Wɔ ɔbarima a ɔde tuo kum awarefo bi a na wɔrehwɛ owia a ɛrepue wɔ mpoano atirimɔden so a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu fam no, asɛnnifo no de adanse mae de kyerɛe sɛ na owudifo no hwɛ sini a basabasayɛ wom ntoatoaso, na ɛno na ɛkanyan no ma odii awu de gyigyee n’ani no. Wɔ tuo a wɔtow wɔ sukuu mu de kum nnipa 15 mu no, wɔkae sɛ na sukuufo baanu no de nnɔnhwerew pii di video so agoru horow a basabasayɛ wom da biara da. Afei nso, na wɔhwɛ sini a ɛkamfo basabasayɛ ne awudi ntoatoaso.
Nnubɔne
Wɔ United States no, awu dodow a mmofra a wɔadu mpanyin afe so di no bu bɔɔ ho mpɛn abiɛsa wɔ mfe awotwe ntam. Dɛn na atumfo kyerɛ sɛ ɛyɛ ade biako a ɛde ba? Basabasayɛfo kuw, titiriw basabasayɛfo kuw a emufo nom cocaine a ano yɛ den. Nnipa bɛboro 500 a wokunkum wɔn nnansa yi ara wɔ Los Angeles, California no, “polisifo kae sɛ emu ɔha mu nkyem 75 yɛ basabasayɛfo akuw na wɔma ɛbae.”
Amanneɛbɔ a FBI Nteteebea no tintimii ka sɛ: “Nnubɔne ka ho na nnipakum bebrebe yi aba.” Nnipa binom a nnubɔne asɛe wɔn adwene taa kum afoforo bere a nnubɔne no abow wɔn no. Afoforo nam basabasayɛ so bɔ wɔn nnubɔne a wɔtɔn ho ban. Ɛda adi pefee sɛ nnubɔne yɛ nkɛntɛnso kɛse a ɛma nnipa yɛ nneɛma a ɛyɛ ahodwiriw.
Akode a Edi Awu a Obiara Tumi Nya Bi
Sɛnea yɛkae wɔ asɛm a edi kan no mu no, ɔbarima bi a na okura tuo a na ɔwɔ Tasmania, Australia, kum nnipa 35. Opiraa afoforo 19. Na ɔbarima no de asraafo atuo a etumi tow ntoatoaso ahyɛ ne ho. Eyi ama nnipa pii aka sɛ akode a ɛte saa a ɛyɛ mmerɛw sɛ nkurɔfo nsa bɛka bi no yɛ ade foforo a ama awudisɛm redɔɔso no.
Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ nnipa 32 pɛ na wɔde otuo kum wɔn wɔ Japan wɔ 1995 mu, a na wɔn mu dodow no ara yɛ basabasayɛfo kuw mufo a kuw foforo mufo na wokunkum wɔn. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa bɛboro 15,000 na wɔde otuo kunkum wɔn wɔ United States. Dɛn nti na nsonsonoe wom? Ebinom kyerɛe sɛ nea enti a ɛte saa ne sɛ Japanfo wɔ mmara a emu yɛ den fa otuo a ɛsɛ sɛ obi nya ho.
Ɔhaw Ano a Nnipa Ntumi Nnyina
Sɛ wɔte nneyɛe a ɛyɛ hu ho asɛm a, ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Ɛbɛyɛ sɛ onipa no adwene asɛe!’ Nanso ɛnyɛ ankorankoro a wodi nsɛmmɔne a ɛte saa no nyinaa na wɔn adwenem ka wɔn. Mmom ɛyɛ den ma wɔn pii sɛ wobegyina asetram haw ano. Animdefo ka nipasu mu sintɔ a ebetumi ama obi ayɛ biribi atra so ho asɛm. Emu bi na edidi so yi: nhomasua ne asetra mu sintɔ; nkɛntɛnso bɔne a ayayade anaa mmonnaato de ba; su horow a ɛma wɔkwati afoforo; nnipakuw bi a wɔtan wɔn, te sɛ mmea; bɔne a wɔyɛ a wonni ho yaw; ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛdaadaa afoforo.
Sɛnea wɔn haw te biara no, ebinom ma ɔhaw no hyɛ wɔn so araa ma ɛsakra wɔn nsusuwii, na eyi betumi ama wɔayɛ nneɛma a ɛyɛ ahodwiriw. Ɛho nhwɛso ne ɔyarehwɛfo bi a na ɔpɛ sɛ ɔtwe adwene si ne ho so sɛnea ɛnsɛ no. Ɔde aduru a ɛma honam mu ntini dwudwo wɔɔ mmofra nkumaa, na ɛno ma wogyaee ahome. Afei n’ani gyei sɛ afoforo hwɛ no bere a “ogyee” mmofra no nkwa mmiako mmiako no. Awerɛhosɛm ne sɛ, wantumi amma wɔn nyinaa ansan anhome. Wɔbɔɔ no sobo sɛ wakum nnipa.
Ɛda adi wɔ nsɛm a yɛaka dedaw no mu sɛ nneɛma pii na ɛka bom ma nnipa di awu. Nanso sɛ yɛansusuw ade biako a ɛho hia paa ho a, nea yɛabobɔ so yi renni mu.
Mmuae a Bible De Ma
Bible boa yɛn ma yɛte nea ɛresisi seesei ne nea enti a nnipa yɛ ade tra so no ase. Ɛkyerɛkyerɛ nneyɛe a yɛtaa hu no mu pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, su horow a wɔabobɔ din wɔ 2 Timoteo 3:3, 4 no kyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ wɔn a “wonni dɔ,” a “wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa” ne “anuɔdenfo.” Wɔ Bible nhoma foforo bi mu no, wɔkyerɛ sɛ Yesu kae sɛ: “Wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.”—Mateo 24:12.
Bible ka sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” (2 Timoteo 3:1) Yiw, nea yehu no di adanse sɛ yɛte mprempren nneɛma nhyehyɛe no awiei. Tebea horow ne nnipa su horow resɛe. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya ano aduru ntɛm ara? Bible bua sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.”—2 Timoteo 3:13.
So eyi kyerɛ sɛ adesamma bɛkɔ so ahu basabasayɛ a emu yɛ den ne nsɛmmɔnedi a ɛretrɛw bere nyinaa? Momma yɛnhwehwɛ saa asɛmmisa no mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Adaka wɔ kratafa 6]
SO WƆAHYƐ ATO HƆ SƐ WƆNYƐ BASABASA?
Ebinom ka sɛ ɔpɛ a nnipa wɔ sɛ wɔbɛyɛ basabasa anaa wobedi awu no ayɛ wɔn awosu bere nyinaa. Wɔn a wogye adannandi di kyerɛ sɛ nnipa fi nkekaboa mu ma enti yɛanya wɔn basabasayɛ su no bi. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no kyerɛ sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ basabasa bere nyinaa a ɛto rentwa da.
Nanso adanse pii wɔ hɔ a ɛne eyi bɔ abira. Nkyerɛkyerɛ a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no nkyerɛkyerɛ nea enti a nsonsonoe kɛse da basabasayɛ dodow ne sɛnea egu ahorow wɔ aman ahorow mu ntam no mu. Wɔnkyerɛ nea enti a aman bi mu no, ɛte sɛ nea wogye basabasayɛ tom bere a mmeae foforo no wɔntaa nte basabasayɛ ho asɛm, na ɛte sɛ nea awudi ho asɛm de wɔnte koraa no. Adwene ho nhwehwɛmufo Erich Fromm daa mfomso a ɛwɔ nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ yenyaa anuɔdensɛm fii nkontromfi mu no adi bere a ɔkae sɛ ɛwom sɛ mmoa binom yɛ basabasa esiane wɔn honam fam ahiade anaa pɛ a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho ban nti de, nanso nnipa nkutoo na wonim wɔn sɛ wobu nnipakum sɛ anigyede ara kɛkɛ.
Wɔ wɔn nhoma The Will to Kill—Making Sense of Senseless Murder mu no, Abenfo James Alan Fox ne Jack Levin ka sɛ: “Ankorankoro binom taa yɛ basabasa sen afoforo, nanso ɔpɛ mu a wofi yɛ ade no da so ara wɔ hɔ. Ɛwom sɛ nhyɛso pii a efi onipa no ankasa ne afoforo hɔ ba no na ɛma onya ɔpɛ sɛ obekum afoforo de, nanso ɔno ara na ɛsɛ sɛ ɔpaw sɛ ɔbɛyɛ saa na osi ho gyinae, ma enti asodi ne afobu da no so.”
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]
KƆMPUTA SO AGODIE MU BASABASAYƐ—ODURUYƐFO BI ADWENE
Oduruyɛfo Richard F. Corlin, a na kan ɔyɛ Amerika Aduruyɛ Fekuw no titrani, maa ɔkasa bi kyerɛɛ nnuruyɛfo kuw bi a na wɔrewie wɔn adesua wɔ Philadelphia, Pennsylvania, U.S.A. Wɔ ɔkasa no mu no, ɔkaa kɔmputa so agodie a ɛhyɛ basabasayɛ ho nkuran ho asɛm. Wɔ agoru no bi mu no, mma a wɔde ma no gyina apirakuru dodow so, wɔde bi ka ho sɛ otuo no bɔ nipadua no a, na wonya pii ka ho mpo bere a otuo no bɔ nnipa ti no. Mogya ne amemene bɔ pete.
Oduruyɛfo Corlin kae sɛ wɔmma mmofra kwan mma wɔnka kar, wɔmma wɔn kwan mma wɔnnom mmosa, na wɔmma wɔn kwan mma wɔnnom tawa bere a wosusua paa no. Afei ɔkae sɛ: “Nanso yɛma wɔn kwan ma wosua otuotow bere a wonsuaa sɛnea wotumi hyɛ wɔn nkate so na wonni ahokokwaw ne ahosodi a ɛremma wɔmfa akode a wɔde di agoru no mpira afoforo no. . . . Ɛho hia sɛ yɛkyerɛ yɛn mma fi mfitiase sɛ biribi fi nsɛmmɔnedi mu ba—ade a ɛyɛ aniberesɛm—bere nyinaa.”
Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ anka wɔbɛkyerɛ mmofra sɛ nea efi nsɛmmɔnedi mu ba nye no, wɔn na mpɛn pii no wodi wɔn awu. Akontaabu kyerɛ sɛ, wɔ United States no, wɔtow tuo kum mmofra du da biara. Oduruyɛfo Corlin ka sɛ: “United States na edi kan wɔ wiase—wɔ mmofra dodow a wɔde otuo kunkum wɔn no mu.” Ɔde baa awiei dɛn? “Otuo a wɔde yɛ basabasa no de yɛn man no mufo akwahosan to asiane mu. Eyi yɛ nokwasɛm.”
[Adaka wɔ kratafa 9]
NNEƐMA A ƐDE AWUDISƐM BA
Animdefo pii te nka sɛ nneɛma a edidi so yi betumi ama wɔadi nsɛmmɔne a ntease biara nnim:
Mmusua a emu paapae
Akuw a wɔkanyan ɔtan, anuɔdenfo
Ɔsom ahorow a wɔn ho yɛ hu
Anigyede mu basabasayɛ
Basabasayɛ ankasa a wɔhwɛ
Nnubɔnenom
Ɔhaw ahorow ano a wontumi nnyina
Akode a edi awu a ɛyɛ mmerɛw sɛ obi nsa bɛka bi
Adwenemyare ahorow bi
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Atopae anum a ɛtotowee mu biako a anyɛ yiye koraa no ekunkum nnipa 12 na epirapiraa nnipa afoforo bɛboro 80 wɔ Quezon Kuropɔn mu wɔ Philippines
[Asɛm Fibea]
AP Photo/Aaron Favila December 30, 2000
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Sukuufo 2 kum ɔkyerɛkyerɛfo bi, sukuufo 12, ne wɔn ankasa ho wɔ Columbine Ntoaso Sukuu mu wɔ Colorado, U.S.A.
[Asɛm Fibea]
AP Photo/Jefferson County Sheriff’s Department April 20, 1999
[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Ɔtopae bi a ɛhyɛ kar mu kum anyɛ yiye koraa nnipa 182 na epirapira nnipa 132 wɔ asanombea bi wɔ Bali, Indonesia
[Asɛm Fibea]
Maldonado Roberto/GAMMA October 12, 2002