Abɔde a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ntam—Nkitahodi
“Sɛ nkitahodi nni hɔ a, anka yɛn mu biara bɛyɛ sɛ supɔw a atew ne ho afi nsupɔw a aka nyinaa ho.”—The Language of Animals.
EBETUMI aba sɛ mmoa dodow bi ne wɔn ho redi nkitaho a adagyew nnim koraa wɔ kwae bi mu, sare bi so, anaa mpo w’ankasa wo turo mu. The Language of Animals nhoma no ka sɛ: “Mmoa nam nkate so, akwaa a wɔde di dwuma, ne sɛnea wogyina hɔ so; di nkitaho a yenhu—ɛnyɛ nea yentumi nhu te sɛ nea aberɛbee yɛ n’ade bere a ehu aka no no—wɔn ho pampan; osu, dede a ano yɛ den, anyinam ahoɔden a wɔde di nkitaho; kanea a ɛsɔ dum; were ani hwɛbea a wɔsesa no; ‘asaw’ ne mpo nan a wɔde pempem hɔ brɛoo, ne asase a wɔnam so a ɛwosow no.” Nanso dɛn na saa nneyɛe yi nyinaa kyerɛ?
Nyansahufo hu nea mmoa nneyɛe kyerɛ denam hwɛ a wɔhwɛ wɔn yiye no so. Sɛ nhwɛso no, wɔahu sɛ sɛ akokɔ hu akekaboa a ɔnantew asase so te sɛ kɔkɔbo a, ɔde nne a ano yɛ den-teɛm kuk, kuk, kuk de bɔ nkokɔ afoforo no kɔkɔ. Nanso sɛ akokɔ no hu akorɔma a, ɔde nne a ɛyɛ den teɛm kyɛ. Nkokɔ a wɔaka no yɛ ade ntɛm so de yɛ kɔkɔbɔ pɔtee a ɔde ma no ho biribi, a ɛno kyerɛ sɛ ntakrammoa di nkitaho wɔ ɔkwan a ntease wom so. Wɔahu ntakrammoa afoforo nso sɛ wɔreyɛ ade koro a ɛda nsow yi bi.
Songs, Roars, and Rituals nhoma no ka sɛ: “Ɔkwan biako a wɔfa so hu sɛnea mmoa di nkitaho ne sɛ wɔbɛkyere nnyigyei a wɔyɛ de kyerɛ biribi no agu afiri so na wɔasan abɔ akyerɛ aboa no ahwɛ sɛ ɔbɛyɛ n’ade sɛnea wohwɛ kwan no anaa.” Bere a wɔde eyi sɔɔ nkokɔ hwɛe no, wohui sɛ sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ ho no ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ wɔn atrae no yɛ pɛ. Saa na ananse mpo yɛ n’ade. Nea ɛbɛyɛ na wɔahu nea ɛtwetwe anansebere kɔ onini a ɔpɛ sɛ ɔne no hyiam—a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkanyan ɔbere no akɔnnɔ denam ne nan a ɛwɔ anim a nhwi wɔ ho a ɔwosow kyerɛ no so no—ho no, nhwehwɛmufo sɔɔ eyi hwɛe denam anansenini a wotwaa no mfonini guu video ahama so no so, na bere a woyii mfonini no hwɛe wɔ kɔmputa so no, woyii nhwi no fii ne nan ho. Bere a woyii mfonini no kyerɛɛ ɔbere no, n’ani annye ho. Dɛn na yesua fi eyi mu? Ɛda adi sɛ nea ɛtwetwe anansebere bɛn onini nkutoo ne ne nan ho nhwi a ɔwosow kyerɛ no no!
Hua a Wɔde Di Nkitaho
Mmoa pii nam nnuru a ano yɛ den a wɔfrɛ no pheromones a wokyĩ fi akwaa titiriw bi anaa wɔn tiafi ne wɔn dwensɔ mu ne wɔn ho di nkitaho. Sɛnea wɔnam ɔfasu ne edin a wɔkyerɛw gu biribi ho anaa akontaahyɛde so hu sɛ agyapade bi yɛ obi de no, saa ara na mmoa bi te sɛ nkraman ne nyinammoa de pheromones hyɛ asasesin a wɔte mu no nsow. Ɛwom sɛ wonhu de, nanso saa agyiraehyɛde a etu mpɔn yiye a wɔde di dwuma yi ma mmoa a wofi abusua koro mu no bɛn wɔn ho wɔn ho.
Nanso pheromones di dwuma pii sen sɛ ɛbɛhyɛ asasesin bi agyirae kɛkɛ. Ɛte sɛ nkaebɔ pon a mmoa afoforo de anigye kɛse “kenkan” so. How Animals Communicate nhoma no ka sɛ, “nea ebetumi aka” pampan a wɔde hyɛ agyirae no “ho bi ne amanneɛbɔ foforo a ɛfa asasesin a aboa no te mu ho, te sɛ ne mfe a wadi, ne bɔbeasu, n’ahoɔden ne nneɛma afoforo a otumi yɛ, [ne] baabi a wadu wɔ n’awo kyinhyia mu . . . Aboa no ho pampan no di dwuma sɛ krataa bi a ɛma wohu aboa ko a ɔyɛ.” Nokwarem no, mmoa no bi mfa wɔn ho pampan a ɛhyɛ wɔn agyirae no nni agoru koraa—nokwasɛm a mmoa yɛmmea adwumayɛfo nim no yiye. Mmoa yɛmmea adwumayɛfo no ahyɛ no nsow sɛ sɛ wɔhohoro buw a mmoa no da mu no mu wie pɛ a, mmoa no mu dodow no ara tumi san hu wɔn buw ano kwan. Nokwarem no, nhoma a yɛafa mu asɛm aka kyerɛ sɛ, “te a aboa bi nte n’ankasa ho pampan no ma ɔhaw na ɛma otumi yɛ n’ade basabasa na ɛmma ɔnwo mpo.”
Pheromones san di dwuma titiriw wɔ nkoekoemmoa atrae nso. Sɛ nhwɛso no, pheromones a ɛkyerɛ nkoekoemmoa no sɛ asiane bi reba no kanyan wɔn ma wɔbom tu na wɔtow hyɛ asiane no so. Pheromones a ɛtwetwe mmoa boa ano sɛ kuw no twetwe mmoa no kɔ beae a aduan wɔ anaa baabi a wobenya atrae pa. Saa pheromones no bi ne pheromones a ɛma onini ne ɔbere hyiam no, ade a mmoa no bi nkate yɛ kɛse paa wɔ ho no. Nweweenini wɔ nkatemmɛn abien a ɛte sɛ aya ahaban ketewa a ɛyɛ mmerɛw. Saa nkatemmɛn yi tumi te ade nka araa ma etumi te ɔbere no pheromone bɔbea mu aduru ketewa biako pɛ mpo nka! Nnuru nketenkete bɛyɛ 200 bɛka onini no ma wafi ase ahwehwɛ ɔbere no. Nanso, ɛnyɛ mmoa nkutoo na nnuru a ɛwɔ wɔn mu no ma wodi nkitaho.
Afifide a “Wɔkasa”
So wunim sɛ afifide tumi ne wɔn ho wɔn ho ne mmoa bi mpo di nkitaho? Discover nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ nhwehwɛmufo a wɔwɔ Netherlands ahyɛ no nsow sɛ sɛ ananse tow hyɛ asɛdua dua so a, dua no puw aduru bi de kyerɛ sɛ ɛrehu amane, na aduru no twetwe mfɔte foforo ba bɛkyere saa ananse no we. Saa ara na bere a asã tow hyɛ aburow, tawa, ne asaawa nnua so no, epuw nnuru fa mframa mu na ɛtwetwe kotokurodu ma wobekum saa asã no. Nhwehwɛmufo bi kae sɛ: “Afifide nka kɛkɛ sɛ, ‘Yiw, masɛe,’ na mmom wɔka dekode pɔtee a ɛresɛe wɔn no nso. Ɛyɛ nhyehyɛe bi a ɛyɛ nwonwa yiye.”
Afifide a wɔne wɔn ho wɔn ho di nkitaho nso yɛ nwonwa saa ara. Sɛnea Discover nsɛmma nhoma kyerɛ no, nhwehwɛmufo “ahu sɛ asukɔn so nnua, asaawa dua, agyamma, ne birch ne wɔn ho ne nnua a wɔne wɔn fi abusua koro mu no di nkitaho, na atoko nnua a ennyinii nso ne wɔn ho di nkitaho. Wɔ nnua no biara fam no, nea awu no, sɛ́ ɛyɛ asã na wɔwee, ɛho na ehurae, [anaa] ananse na ɛma ewui no, . . . nnuru bi fi mu ba a ɛbɔ nnua a ɛbɛn ho a enwui no ho ban.” Nnua a wonni abusua no mu mpo te nnuru no nka ma wonya ahobammɔ.
Sɛ aboawa bi tow hyɛ dua bi so anaa dua no nya kɔkɔbɔ bi sɛ aboa bi rebɛtow ahyɛ ne so a, ɛno ankasa bɔ ne ho ban. Nea dua no de bɔ ne ho ban no bi ne awuduru anaa nnuru bi a ɛbrɛ aboawa a ɔpɛ sɛ ɔsɛe dua no mmɔdenbɔ ase. Nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ wɔ saa anwonwade yi mu daakye no bɛma wɔahu nneɛma pii a ɛyɛ ahodwiriw a ebia ebi so bɛba mfaso ama kuadwuma mpo.
Bogya Kanea a Wɔde Di Nkitaho Sɛ ‘Morse Code’
Susan Tweit a ɔyɛ abɔde ntam abusuabɔ ho nimdefo no kyerɛwee wɔ asɛm bi a ɔkyerɛw faa bogya ho no mu sɛ: “Wɔn nkanea nketenkete a wɔde tu, a ebubu n’ani wɔ wim no ma beae a mete wɔ kurow ketewa bi mu no yɛ fɛ yiye.” Tweit ka sɛ, saa nkoekoemmoa yi a wofi amanku abusua mu no de kanea di nkitaho “de kyerɛ kɔkɔbɔ a wɔde rema kɛkɛ ne nea wɔde hwehwɛ wɔn ho ware.” Wɔn kanea no kɔla te sɛ ahabammono, akokɔsrade, ne nea ani te sɛ akutu mu nsu. Esiane sɛ ɔbere no ntaa ntu nti, bogya a yehu no mu dodow no ara yɛ anini.—Hwɛ adaka “Bogya Kanea a Ɛnyɛ Hyew No.”
Bogya akuw ahorow 1,900 no mu biara wɔ ɔkwan soronko bi a ɔfa so sɔ ne kanea. Wotumi sɔ wɔn kanea no dum no mprɛnsa wɔ anibu biako anaa nea ɛsen saa ntam, anaa wɔsɔ dum no toatoa so bere tenten bi. Sɛ bogya nini rekyin ahwehwɛ ɔhokafo a, ɔsɔ kanea no dum no toatoa so de kyerɛ sɛ ɔrehwehwɛ ɔhokafo. Audubon nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Sɛ ɔbere no hu sɛnea kanea no sɔ toatoa so no a, ɔno nso sɔ ne de no de gye so sɛ ‘Mini.’” Onini no hu nsato no na otu kɔ ne nkyɛn.
Nnomaa a Wɔn Su Yɛ Dɛ
David Attenborough ka wɔ ne nhoma The Life of Birds mu sɛ: “Aboa biara nni hɔ a ne sũ to anomaa de, ɛdefa sɛnea esũ no tenten te, sɛnea wɔdannan mu, ne sɛnea wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ ho no.” Anomaa sũ nnyigye mfi ne menewa mu, mmom no efi akwaa bi a wɔfrɛ no syrinx, a ɛwɔ ne koko mu tɔnn a ɛbɛn beae a akwaa a mframa fa mu no mu kyɛ abien ansa na adu aharawa no mu no mu.
Nnomaa sua sɛnea wosu fi awo mu na wosua bi nso fi wɔn awofo hɔ. Enti, nsakrae mpo betumi aba nnomaa a wofi abusua koro mu a wɔnte faako no sũ mu. The Life of Birds nhoma no ka sɛ: “Asosɔfunu a wɔde wɔn kɔɔ Australia wɔ afeha a ɛto so dunkron mu, a wɔtee asosɔfunu a wɔwɔ Europa no sũ no, asefo sũ da nsow koraa wɔ asosɔfunu a wɔde wɔn kɔɔ Australia no sũ ho.” Akokɔduedue nini sũ a wɔka ho asɛm sɛ ɛno ne nea ɛyɛ nwonwa na ɛyɛ dɛ sen nnomaa nyinaa de no, yɛ nea wosua fi nnomaa afoforo hɔ. Nokwarem no, Akokɔduedue yɛ asuasua araa ma wotumi yɛ nnyigyei biara a wɔte no bi—te sɛ nea wɔde nnwonto nnwinade yɛ, ɔkraman pɔ, afiri a ɛyɛ dede pam akorɔmfo, dede a abonnua a wɔde pem hɔ yɛ, ne mpo dede a mfoninitwa afiri yɛ no! Nokwarem no, saa asuasua yi nyinaa botae titiriw ne sɛ ɛbɛma wasɔ nea ɔbɛyɛ ne hokafo no ani.
Abobonnua a mpɛn pii no wɔn ano na wɔde tutu fam hwehwɛ aduan no ne nnomaa mu nea wɔbɔ twene paa, na wɔnam wɔn ano a wɔde bobɔ dutan a tokuro da mu anaa dua bãa so ne nnomaa afoforo di nkitaho. Attenborough ka sɛ wɔn mu bi mpo tumi “de hokwan no bɔ nnwinade foforo a wɔn nsa ka . . . , kyɛnsee a wɔde kuru dan anaa dade dorobɛn a sutof wusiw fa mu no.” Nnomaa di nkitaho nso a wɔmfa su anaa nnwonto adwinnade bi nni dwuma. Sɛ nhwɛso no, wotumi ne wɔn ho di nkitaho denam wɔn ntakra fɛfɛ a wɔporow mu no so.
Sɛ Australia anomaa nini bi a wɔfrɛ no kokokyinaka rema nnomaa foforo ahu beae a ɔwɔ no a, ɔyɛ sɛnkyerɛnne no nyinaa—ɔde n’ano bobɔ nneɛma mu, sũ, yɛ nnyigyei ahorow, na ɔporowporow ne ntakra mu. Obu dubaa bi de ne nan fa de wura dutan a awu mu. Bere koro no ara no, ɔbae ne ntaban mu de huw ne ho, hinhim ne ti na ɔde nne-kɛse teɛm—adeyɛ a ɛyɛ nwonwa ampa!
Mmoa afoforo nso tumi de nnomaa sũ hu wɔn. Susuw honey guide, anomaa ketewa bi a ɔte sɛ apatuprɛ a Afrika titiriw na ɔwɔ no ho hwɛ. Sɛnea ne din kyerɛ no, honey guide no tumi de ne sũ a ɛda nsow no di okukuban a ofi aberɛbee abusua mu no anim de no kɔ dua a ɛwo wom ho. Bere a anomaa no asi dua no so anaa wabɛn ho no, osũ sũ foforo bi de kyerɛ sɛ, “Ɛwo wɔ ha!” Okukuban no hu dua no, na ɔde ne bɔwerɛw wae dutan no mu de n’anum dɛdɛɛdɛ no bom.
Nsu Ase Nkitahodi
Fi bere a telefon a wɔde di nkitaho wɔ nsu ase bae no, nhwehwɛmufo ho adwiriw wɔn wɔ nnyigyei ahorow a wɔte wɔ po mu no ho. Efi dede a ɛwɔ fam te sɛ wowa sũ so kosi dede a ɛte sɛ agyinamoa de so ne mpo nea ano yɛ den paa so, saa nnyigyei yi dɔɔso araa ma po ase akofo ka no nnaadaa so sɛ nnyigyei yi fi wɔn akohyɛn a wɔde di dwuma no mu na ɛba. Nanso nnyigyei a nsu mu nam yɛ no nyɛ nea ɛnkyerɛ biribi. Robert Burgess a ɔyɛ po mu abɔde a nkwa wom ho nimdefo no ka wɔ ne nhoma Secret Languages of the Sea mu sɛ: “Bere a ebia apataa bi ‘poro ne hwenem, de ne tɛkrɛma yɛ nnyigyei bi, na osu,’ na afei ɔsan yɛ nnyigyei koro no ara bio no, ‘apataa foforo yɛ nnyigyei bi a ano yɛ den kakra na waka ne se asi so prɛko pɛ,’ afei ɔteɛm de kyerɛ sɛ ne yɔnko no nsan nyɛ bio.”
Esiane sɛ apataa nni menewa ntini nti, ɔyɛ dɛn yɛ nnyigyei? Burgess ka sɛ ebinom wosow ntini “a ɛsã toa bi a ɛte sɛ baluu a ɛwɔ wɔn mu ma wotumi guare nsu mu ma ɛbobɔ toa no mu kosi sɛ” ɛbɛyɛ nnyigyei te sɛ twene a wɔrebɔ. Apataa no bi twɛre wɔn se anaa wobuebue beae a wɔhome fa no ma ɛyɛ nnyigyei soronko bi anaa ɛyɛ nnyigyei denneennen prɛko pɛ. So eyinom nyinaa yɛ “dede” hunu? Ɛnte saa koraa. Burgess ka sɛ, te sɛ asase so mmoa no, nsu mu nam yɛ nnyigyei de “twetwe wɔn a ɛsono wɔn bɔbea su no, de hu wɔn ho, de ko tia atamfo, di nkitaho biara na wɔde hunahuna wɔn ho.”
Apataa tumi te ade yiye nso. Nokwarem no, mpataa pii wɔ akwaa titiriw bi wɔ wɔn nsɔe mu ne ade bi a ɛma wɔte nnyigyei—nkwammoaa a wɔwɔ atenka paa a wɔsã wɔn nkyɛnmu. Saa nkwammoaa kuw a wɔfrɛ wɔn lateral line no tumi te po asorɔkye nnyigyei no nka bere a ɔnam nsu no mu no.
Asase so Nkitahodifo a Wɔsen Biara
Noam Chomsky a ɔyɛ kasa ho adesua mu ɔbenfo no kyerɛwee sɛ: “Bere a yɛyɛ nnipa kasa mu nhwehwɛmu no, na yɛrebɛn nea ebinom bɛfrɛ no ‘onipa ho ade titiriw’ no, adwene no mu nneɛma a ɛda nsow, a sɛnea yenim ankasa no, ɛma nnipa da nsow.” Barbara Lust a ɔyɛ kasa ho adesua ne nnipa nkɔso ho ɔbenfo no kae sɛ: “Mmofra a wɔadi bɛyɛ mfe 3 no wɔ kasa mmara ne kasa hyehyɛ ho nimdeɛ a ɛyɛ nwonwa bi dedaw, na ɛyɛ biribi a emu dɔ na edi mu araa ma ɛyɛ den sɛ nkyerɛkyerɛ bi betumi akyerɛ ɔkwan a wɔfa so nya saa nimdeɛ no.”
Nanso, Bible no de nkyerɛkyerɛmu a ntease wom ma wɔ nnipa kasa a ɛyɛ nwonwa no ho. Ɛkyerɛ sɛ saa akyɛde yi fi Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn, a ɔbɔɔ nnipa wɔ ne “suban” so no hɔ. (Genesis 1:27) Nanso ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn su da adi wɔ yɛn kasa mu?
Ma yɛmfa dinto sɛ nhwɛso. Frank Dance a ɔyɛ kasa mu nkitahodi ho ɔbenfo no kyerɛwee sɛ nnipa “nkutoo ne abɔde a wotumi to din.” Ɛne sɛ eyi yɛ Onyankopɔn su a Kyerɛwnsɛm no di ho adanse. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ, wɔ adebɔ mfiase pɛɛ na Onyankopɔn frɛɛ “hann sɛ awia, na esum no de, ɔfrɛɛ no anadwo.” (Genesis 1:5) Sɛnea Yesaia 40:26 kyerɛ no, ɛda adi sɛ Onyankopɔn maa nsoromma biara din—adeyɛ a ɛyɛ nwonwa!
Onyankopɔn bɔɔ Adam wiei no, nnwuma a edi kan a ɔde hyɛɛ ne nsa no mu biako ne sɛ ɔbɛtoto mmoa no din. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa dwumadi no sɔɔ Adam tumi a ɔde hwɛ ade ne adwinni ho nyansa a ɔwɔ no hwɛe! Akyiri yi Adam too ne yere din Hawa. Hawa nso frɛɛ wɔn ba a odi kan no Kain. (Genesis 2:19, 20; 3:20; 4:1) Efi saa bere no, nnipa abɔ mmɔden ato biribiara a wɔwo no no din—a ne nyinaa atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma nkitahodi ayɛ mmerɛw. Yiw, susuw sɛnea edin nni hɔ a, anka ɛbɛyɛ den sɛ yebetumi adi nkitaho nyansam no ho.
Sɛ tumi ne ɔpɛ a nnipa wɔ sɛ wɔbɛto nneɛma din no da nkyɛn a, wɔsan wɔ nkitahodi su foforo pii a ɛnyɛ ne nyinaa na wɔde wɔn ano yɛ. Nokwarem no, nneɛma a yebetumi ne afoforo adi ho nkitaho no nni ano, efi nsusuwii a ɛkyere adwene so kosi nkate a emu dɔ so. Nanso, nkitahodi titiriw bi wɔ hɔ a ɛboro eyinom nyinaa so, sɛnea yebehu afei no.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]
Bogya Kanea A Ɛnyɛ Hyew No
Kanea a ɛhyerɛn yiye de n’ahoɔden tumi a ɛboro ɔha mu 90 ma ɔhyew. Bogya kanea a nnuru a edi afra anwonwakwan so wɔ ne mu ma ɛsɔ no de ɔha mu 90 kosi 98 ma hann, na nnuru no bi nka a ɛbɛma ayɛ hyew. Enti, ɛfata sɛ wɔfrɛ no kanea a ɛnyɛ hyew. Nnuru a edi afra ma kanea no sɔ no dwumadi kɔ so wɔ nkwammoaa titiriw bi a wɔfrɛ wɔn photocytes mu. Ehon ntini no na ɛma photocytes no sɔ kanea no na edum.
[Asɛm Fibea]
John M. Burnley/Bruce Coleman Inc.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24, 25]
Mmoa A Ɛbɛma Akwan A Wofa So Di Nkitaho Atu Mpɔn
1. Sɛ afoforo kasa a fa anigye tie wɔn, na nkasa pii nsen afoforo bere a moredi nkɔmmɔ no. Nkurɔfo bebu wɔn ani agu nsɛmfua a wɔmmɔ din yiye anaa kasa mmara a wɔfom so, nanso wɔn ani rennye obi a ɔpɛ sɛ ɔkasa nanso ontie afoforo ho. Bible no ka sɛ: ‘Yɛ ntɛm ntie, na yɛ nyaa kasa.’—Yakobo 1:19.
2. Nya asetra ne nneɛma a atwa wo ho ahyia no ho anigye. Kenkan nneɛma pii ho nsɛm nanso fa atɛmpa di dwuma wɔ ne yɛ mu. Sɛ wo ne afoforo resusuw nea wusua ho a, da anidahɔ ne ahobrɛase adi wɔ wo nkɔmmɔbɔ mu.—Dwom 5:5; Mmebusɛm 11:2.
3. Hwehwɛ nsɛmfua pii—a mfaso wɔ so a wode bedi dwuma, ɛnyɛ nsɛm a obi ka de hoahoa ne ho de twe adwene ba ne ho so. Nkurɔfo ka faa Yesu ho sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.” (Yohane 7:46) Nanso, nnipa a “wonsuaa nhoma da, na wɔyɛ mpapahwekwa” mpo tee Yesu nsɛm ase a wɔammrɛ ho.—Asomafo no Nnwuma 4:13.
4. Ma wo kasa mu ntew, na bobɔ nsɛmfua din yiye. Nanso kwati sɛ wobɛma wokasa no ayɛ frenkyemm dodo anaa wobɛboapa akye ho. Sɛ yɛkasa ma emu da hɔ yiye na yɛkwati sɛ yɛbɛkeka nsɛm abɔ so anaa yebetwitwa so a, yɛma yɛn kasa ho ba nyam na yesusuw wɔn a wɔretie yɛn no ho.—1 Korintofo 14:7-9.
5. Hu sɛ akwan a wofa so di nkitaho no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Eyi bɛka wo ma wode adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛda obu adi so.—Yakobo 1:17.
[Mfonini wɔ kratafa 21]
Nwewee wɔ nkatemmɛn a ɛte ade nka yiye
[Asɛm Fibea]
Courtesy Phil Pellitteri
[Mfonini wɔ kratafa 22, 23]
Abobonnua
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Paradise anomaa
[Asɛm Fibea]
© Michael S. Yamashita/CORBIS
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Kokokyinaka
[Asɛm Fibea]
Roland Seitre