Kuayɛ mu Nsɛnnennen Bɛba Awiei
RODNEY a ɔyɛ okuafo a ɔto so abiɛsa wɔ n’abusua awo ntoatoaso mu no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ nnipa binom a wɔnyɛ akuafo no bisa nea enti a akuafo kɔ so yɛ mfuw ɛmfa ho ɔhaw a wohyia no.” Nanso wiase nyinaa no, nnipa pii gu so yɛ kua. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso binom so no, ebia na adwuma nni hɔ; na kuayɛ betumi aboa abusua no wɔ ɔkwan bi so ma wɔanya nea wobedi daa.
Bio nso, mmusua pii te nka sɛ kuayɛ nyɛ adwuma a ɛma wonya sika ara kɛkɛ na mmom ɛyɛ asetra kwan. Nnipa dodow no ara akɔ so ayɛ kua ɛmfa ho ɔpɛ, nyarewa, sikasɛm tebea a enye ne ɔhaw afoforo no, de adi wɔn bo a wɔasi ne ɔdɔ a wɔwɔ ma kuayɛ ho adanse. Ansa na yɛbɛhwehwɛ kuayɛ ho nsɛnnennen ano aduru mu no, ma yɛnhwɛ ɔkwan a wɔafa so aboa akuafo binom ama wɔatumi agyina ɔhaw no ano.
Sɛnea Ebinom Gyina Ano
Nsɛnnennen pii wɔ kuayɛ mu a wontumi nkwati. Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ wim tebea, sikasɛm ne nneɛma foforo pii wɔ hɔ a wontumi nsiw ano. Nsɛm bi a North Carolina Kuayɛ Mu Mpɔntu Fekuw tintimii no ka sɛ: “Ade a ɛyɛ den ma akuafo pii sɛ wobegye atom ne sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na adwumaden de yiyedi ba. Na ɛnyɛ bere nyinaa na adwumayɛ ho su pa a wɔde adua kuani biara mu no ma onya ɛso akatua a ɛsɛ sɛ anka onya no. Wɔ okuafo biara fam no, nsɛm tebea ne nneɛma ahorow bi wɔ hɔ a ontumi nyɛ ho hwee.” Okuafo bi a ne mfe akɔ anim rekyerɛkyerɛ sɛnea ɔmaa n’ani gyei mu no, ɔkae sɛ: “M’asua sɛ megyina tebea ahorow a mintumi nyɛ ho hwee no ano.”
Tete bɛ bi ka sɛ: “Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba, na nea ɔhwɛ amununkum no rentwa.” (Ɔsɛnkafo 11:4) Adwenem naayɛ betumi ama obi abam abu. Nneyɛe pa a wode besi adwemmɔne ananmu no betumi aboa wo ma woatew adwennwen hunu so.
Yebetumi anya aduampa a yebedi, ahomegye a ɛfata, ne apɔw-mu-teɛteɛ a ɛsɛ nso so mfaso. The Western Producer ka sɛ akuafo a wɔhwɛ wɔn akwahosan so yiye no “sisi gyinae pa.” Okuafo bi a ne din de Eugene ne ne yere Candace ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Ahomegye a ɛfata boa yɛn ma yetumi gyina adwennwen ano. Sɛ yegye yɛn ahome a, ɛma ɔhaw akɛse yɛ te sɛ nea esua a ɛnyɛ den sɛ yebedi ho dwuma. Aduampa nso boa, titiriw sɛ wo ne abusua no bom didi a.” Afotu yi ne nea Bible ka no hyia: “Sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no.”—Ɔsɛnkafo 3:13.
Mmoa a Yɛde Bɛma Abusua No
Okuafo bi ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Mmusua pii a wɔyɛ kua no yɛ nnwuma foforo de boa wɔn ho. Ɛwom sɛ eyi a wɔyɛ no botae ne sɛ ebeyi wɔn afi sikasɛm mu dadwen mu de, nanso dadwen foforo a ɛwɔ abusuabɔ mu betumi asɔre. Biakoyɛ a na anka bere bi ɛda mmusua binom a wɔyɛ akuafo ntam no asɛe.” Ɔkwan bɛn so na mmusua betumi agyina ɔhaw no ano?
Bɛyɛ mfe 2,700 a atwam ni no, wɔde afotu maa mmusua ti sɛ: “Siesie w’adwuma wɔ baabi, na yɛ w’asase so kua fa, na ɛno akyi woakyekye wo fi.” (Mmebusɛm 24:27) Randy a ɔyɛ agya ne okuafo a ɔto so anan wɔ n’abusua awo ntoatoaso mu no ka sɛ: “Ɔkwan biara so no ɛsɛ sɛ wugye bere de kyerɛ abusua no mufo a wɔaka no ho anisɔ. Abusua no muni biara hia nkuranhyɛ ne ɔdɔ. Nsɛm a ɛyɛ dɛ ne wo nneyɛe bɛma obiara ate nka sɛ ne ho hia na w’ani sɔ no.”
Mmofra titiriw hia awerɛhyem bere a nsakrae kɛse bi aba no. Wɔde sɛnea mmofra te nka sɛ wɔahwere ade no atoto mmofra a wɔn awofo agyae aware anaa wɔawuwu de ho. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ ɛnyɛ wɔn na wɔmaa ɔhaw no bae na abusua no mu rentetew.
Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
Akuafo a wɔwɔ adwenemhaw betumi ayɛ anuonyampɛ, na mpo wɔatwe wɔn ho afi wɔn nnamfonom ho. (Mmebusɛm 18:1) Nanso wɔ ahohia bere mu na onipa hia afoforo nkuranhyɛ kɛse sen bere biara!
So wowɔ nnamfo anaa ayɔnkofo a wɔrehu amane esiane kuayɛ mu nsɛnnennen nti? Tema kɛkɛ a wobɛda no adi akyerɛ nnipa a wɔte saa no nso betumi adi aboa. Okuafo bi a ne din de Ron ka sɛ: “Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛn nnamfonom nim ahohia a yɛwɔ mu no ankasa yɛ awerɛkyekye.” Yiw, di kan kɔsra wo nnamfo na tie wɔn bere a wɔda wɔn nkate adi no.
Jack nyaa nsrahwɛ a ɛte saa so mfaso. Ɔka sɛ: “Mekae mmere bi a me nnamfonom huu sɛ mahaw no, wɔbɛsraa me hyɛɛ me den.” Ɛnyɛ kuayɛ ho nimdeɛ kɛse a obi wɔ no na ɛbɛma watumi de nkuranhyɛ ama. Rodney a yɛkaa ne ho asɛm mfitiase no ka sɛ: “Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ me nnamfonom nim sɛ mewɔ adesoa kɛse bi no nkutoo ma me ahoɔden ne ɔpɛ sɛ mɛyɛ nea metumi biara.” Ɛkae yɛn Bible mu bɛ yi: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17.
Ano Aduru Koraa
Kuayɛ mu nsɛnnennen no yɛ adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ onipa ntumi nhwɛ asase ne emu nneɛma so yiye no mu biako pɛ. Odiyifo Yeremia kae sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ɛda adi sɛ onipa hia Onyankopɔn mmoa. Na wubetumi anya ahotoso sɛ saa mmoa no bɛba nnansa yi ara.
Bible kyerɛwtohɔ ka sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn de onipa no koduaa Eden turom sɛ ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ.” (Genesis 2:15) Yiw, ɛnam yɛn Bɔfo no ahyɛde so na kuayɛ bae! Mfehaha bi akyi no, Onyankopɔn de ne nkurɔfo Israelfo no baa Kanaan asase so. Ɛdefa saa asase no ho no, kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ: “Ɛnom ɔsoro su mu nsu, asase a [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn hwɛ so daa yi, [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn ani wɔ so fi afe mfiase kosi afe awiei.” (Deuteronomium 11:11, 12) Yehowa de mmara a ɛbɛbɔ Bɔhyɛ Asase no ho ban mae na wɔamfa anni dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Sɛ nhwɛso no, na ɛsɛ sɛ Israelfo no gyaw wɔn asase, bobe nturo ne ngodua turo ma ɛda mpan mfe ason biara. (Exodus 23:10, 11) Wɔnam saayɛ so koraa asase no so.
Yebetumi anya ahotoso sɛ daakye, wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso—ɔsoro nniso a Yesu Kristo di so—ase no, asase so kuayɛ bɛyɛ anika na asow aba pii. (Yesaia 35:1-7) Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, Ahenni yi Sodifo a wɔapaw no no daa tumi a ɔwɔ wɔ abɔde mu tumi a enya kuayɛ so nkɛntɛnso no adi. (Marko 4:37-41) Dwom 72 kyerɛkyerɛ sɛnea tebea no bɛyɛ bere a ɔbɛda ne tumi yi adi de asa asase ne wɔn a wɔte so yare no mu. Ɛma yɛn awerɛhyem sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow sɛ Lebanon, na nkurow no asoa sɛ asase so wura.” (Dwom 72:16) Anigye a Onyankopɔn nkurɔfo de betwa nnɔbae pii a ɛso bi nni retwɛn wɔn wɔ saa wiase a wɔahyɛ ho bɔ no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]
“Ade a ɛyɛ den ma akuafo pii sɛ wobegye atom ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na adwumaden de yiyedi ba”
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]
Abusua no nkate fam ne honhom fam ahiade a wɔde bɛma wɔn no betumi aboa ama wɔagyina
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Wɔ Onyankopɔn nniso ase no, asase no bɛma aduan ama aboro so
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]
Garo Nalbandian