Nsɛnnennen a Akuafo Hyia
RICHARD dɔw asase koro a na ne nanabarima yɛ so adwuma bɛyɛ mfe 100 a atwam ni no. Nanso, wɔ 2001 mu no, Canadani kuani yi ne obi a odi kan wɔ abusua no awo ntoatoaso a ɛto so anan mu a wannya nnɔbae biara. Ɔpɛ a esii sɛee nnɔbae no. Nnuan bo a ɛbaa fam wɔ mfe a atwam no mu ne kuayɛ ho nneɛma a na ne bo reyɛ den no ka ho bi na ne ho kyeree no. Richard bɔɔ abubuw sɛ: “Tebea no sɛe ara na ɛrekɔ so sɛe, a meyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye.”
Larry wɔ afuw bi wɔ Beae Kɛse bi a Wodua Aburow wɔ United States, a na ɛyɛ n’abusua de mfe 115 ni. Ɔka sɛ: “Na mete nka sɛ ɛyɛ m’asɛyɛde sɛ mekɔ so yɛ afuw no, na minya ho mfaso . . . , nanso mantumi anyɛ.” Larry ne ne yere antumi anyɛ wɔn afuw no.
Ɛnyɛ Larry ne Richard nkutoo ne akuafo a wohyia nsɛnnennen. Ɔyare bi a ɛma ayɛmmoa ano, wɔn anan ne wɔn nufu tutu akuru a esii wɔ Britain no maa akuafo kɔɔ sika ne nkate fam ahokyerɛ mu kɛse. Nsɛm ho amanneɛbɔ bi kae sɛ: “Na wɔn a wɔte mfuw a ɛwɔ Britain mu—a na mfuw a yare no nnya nnuu hɔ mpo ka ho—no hyia ahoyeraw, ankonamyɛ, na na wɔbɔ mmɔden biara sɛ wobetutu ɛka a wɔde wɔn akafo no ahyɛ da.” Wɔ aman a wonyaa nkɔso pii mu no, ɔko, ɔpɛ, nnipa nkyereso ne nneɛma afoforo ama mmɔden a akuafo rebɔ no ayɛ ɔkwa. Ama aban ahorow no kra nnuan fi amannɔne—nnuan a mmusua pii ntumi nnya sika ntɔ bi.
Enti ɔhaw ahorow a akuafo hyia no trɛw kɔ akyiri. Nanso nnipa a wɔte nkurow akɛse mu kakraa bi pɛ na wosusuw kuayɛ mu nsɛnnennen ho. Kan U.S. Mampanyin Dwight D. Eisenhower kae bɛyɛ mfe 50 a atwam ni sɛ: “Sɛ wote kurow kɛse mu yɛ krakyedwuma a, ɛte sɛ nea kuayɛ nyɛ den koraa no.” Saa ara nso na nnɛ akuafo te nka sɛ nnipa pii nnim kuayɛ ne adwuma titiriw a akuafo yɛ ho hwee. Okuafo bi a ɔwɔ Canada ka sɛ: “Nnipa pii nsusuw beae a yɛn nnuan fi ba ho. Ansa na wɔde nnuan bɛhyɛ boaa mu na wɔde akogu sotɔɔ mu no, na nnipa pii ayɛ ho adwuma.”
Esiane sɛ yɛn nyinaa dan kuayɛ nti, yentumi mmu yɛn ani ngu nsɛnnennen a akuafo hyia no so. Nnipa ntam abusuabɔ ho animdefo, Don A. Dillman ne Daryl J. Hobbs bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔ wiase a yɛdan yɛn ho yɛn ho mu no, ɛnkyɛ na ɔhaw ahorow a ɛwɔ nkuraase no adu nkurow akɛse mu na saa ara na nkurow akɛse mu de nso du nkuraase. Nkurow akɛse anaa nkuraase wɔ wiase yi mu ntumi nni yiye nkyɛ bere a ɔfoforo no wɔ ahokyerɛ mu.” Bio nso, esiane nnɛ amanaman ntam nkitahodi nti, sɛ ɔman biako sikasɛm sɛe a etumi nya nnɔbae a wɔtɔn ne ka a wɔbɔ wɔ nneɛma a wodua so nkɛntɛnso kɛse wɔ aman afoforo so.
Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Asoɛe a Ɛhwɛ Nnuru a Wɔde Yɛ Kua ne Akwahosan so wɔ New York no kae sɛ: “Kuayɛ yɛ nnwuma 10 a ɛhaw adwene paa wɔ United States no mu biako.” Dɛn ne nneɛma a ɛde kuayɛ mu nsɛnnennen ba no bi? Ɔkwan bɛn so na akuafo betumi agyina ano? So biribi wɔ hɔ a enti yebetumi agye adi sɛ wobetumi adi nsɛnnennen no ho dwuma?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
“Sɛ wote kurow kɛse mu yɛ krakyedwuma a, ɛte sɛ nea kuayɛ nyɛ den koraa no”