Fapem a Meto Maa Asetra a Atirimpɔw Wom
SƐNEA ERNEST PANDACHUK KA KYERƐE
Wɔwoo me wɔ Canada asasetaw Saskatchewan so. Bere a midii mfe 23 no, mekɔɔ Afrika, beae a mede mfe 35 trae ahomeka mu sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Ɛyɛɛ dɛn na m’asetra fii ase wɔ saa kwan yi so? Amma kwa. Ma menkyerɛkyerɛ mu.
NA WƆDE nnua, dɔte ne sare na asi ofie a midii kan traa mu no—ade a na ɛma yɛn abusua no nya ahotɔ kakra wɔ awɔw a ano yɛ den a ɛba asasetaw no so no mu. Ansa na wɔrewo yɛn mmofra baakron no, Paapa ne Maame gyee Bible ho nhoma ahorow bi fii ɔhɔho bi a ɔbaa yɛn akuraase hɔ nkyɛn wɔ afe 1928 mu. Wɔde saa nhoma yi suaa Bible no wɔ awɔw bere a ɛkyɛe no mu. Ebeduu osutɔbere no, na wogye di yiye sɛ wɔahu nokware no. Wɔkaa ɛho asɛm kyerɛɛ abusuafo, nnamfo, ne afipamfo, na ne titiriw no wɔn mma no.
Wɔwoo me afe 1931 mu, na ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔwoo me nuanom baanum a wodi m’akyi no. Na Bible akenkan ne ne sua ka yɛn abusua nhyehyɛe ho. Mede anigye kae anɔpa a na yɛn nyinaa hyia no. Na Paapa di anim ma yesusuw Bible mu asɛm bi ho, bere mpo a na ahɔho wɔ yɛn nkyɛn no. Na Maame ne Paapa ne afei mmofra a wɔanyinyin no nya Bible ho nhoma a wɔkenkan no den no mu kyɛfa.
Sɛ yɛde akenkan ne akyerɛw a wɔkyerɛɛ yɛn no to nkyɛn a, Paapa san kyerɛɛ yɛn sɛnea yɛde Bible mu nsɛm a wɔahyehyɛ bɛyɛ nhwehwɛmu. Ankyɛ na yehuu sɛnea yɛde Bible bɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu akyerɛ afoforo. Nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye yi boaa me ma misusuw Bible mu nsɛm ho. Bere kɔɔ so no, mitumi de Bible no bɔɔ atoro som nkyerɛkyerɛ gui. Na mitumi kyerɛe sɛ ɔkra no wu, na hellgya biara nni hɔ, na Onyankopɔn ne Yesu nyɛ pɛ anaa wɔnyɛ nea wɔfrɛ no Baasakoro no fã.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4; Yohane 14:28.
Paapa ne Maame nso nam wɔn nhwɛso so kyerɛkyerɛɛ yɛn, na wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yennyina nea ɛteɛ akyi, sɛ ɛno bɛma yɛayɛ nkurɔfo a afoforo ani nnye yɛn ho mpo a. Sɛ nhwɛso no, wɔannom tawa da, na wɔbɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ sɛnea ebetumi agu yɛn ho fĩ ne nhyɛso a yebehyia wɔ sukuu mu sɛ yɛmfa nni dwuma no ho. Mekae Paapa nsɛm yi: “Sɛ woannom a, ebia wɔbɛfrɛ wo ɔbanin-bere. Nanso, bisa saa onipa no sɛ, ‘Hena na ɔyɛ ɔbarima ankasa? Nea wura wɔ ne so tumi anaa nea ɔwɔ wura so tumi?’”
Bere a midii mfe 11 no, mihyiaa sɔhwɛ foforo nso wɔ dwuma a na mede Bible no a wɔde atete me wɔ me mmofraase bedi no ho. Saa bere no na Wiase Ko II no afi ase, na na wɔhwehwɛ sɛ sukuufo mmofra ka nokwaredi ho ntam kyerɛ frankaa. Mihui wɔ me Bible adesua mu sɛ ntanka a ɛte saa no yɛ ɔsom adeyɛ, enti mamfa me ho anhyɛ mu. Eyi ma wɔpam me fii sukuu mu asram asia.
Ne nyinaa mu no, miwiee sukuu, na wɔ March 1947 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne. Asram asia akyi no, mebɛyɛɛ ɔkwampaefo, bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Midii kan kɔsom wɔ Saskatchewan anafo fam, na midii akuafo ne mmoayɛnfo adanse wɔ saa asasesin kɛse yi mu. Na metra pɔnkɔ so tu kwan wɔ ahohuru bere mu, na wɔ awɔw bere a emu yɛ nwini no nso, na mede teaseɛnam a pɔnkɔ twe a wɔakata so a yɛfrɛɛ no caboose no na etutu akwan. Esiane sɛ kropɔt na na mesɔ wɔ kar no mu ma emu yɛ hyew nti, na ɛsɛ sɛ meyɛ ahwɛyiye na anhwe ase.
Nkuraa no asefo daa adamfofa ne ahɔhoyɛ adi. Mpɛn pii na sɛ mekɔsra wɔn anwummere a, na wɔma me baabi da. Hwɛ sɛnea m’ani gyee Bible mu nkɔmmɔ a na yɛbɔ no anigye so no ho! Ná Peterson abusua no yɛ abusua bi a wɔn ani gye anadwo nkɔmmɔ a na yɛbɔ no ho. Earl ne ne maame bɛyɛɛ Yehowa Adansefo a wɔyɛ nsi.
Mekɔsom Wɔ Quebec
Migyee nsa a wɔto frɛɛ akwampaefo wɔ afe 1949 mu sɛ wɔmmɛboa asɛmpaka adwuma no wɔ Quebec mansin mu no so. Akwampaefo bɛyɛ 200 a wofi Canada atɔe fam gyee ɔfrɛ no so. Woduu Montreal kurow no mu September a na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛyɛ nnwuma a wɔde bɛma wɔn wɔ Quebec no. Na saa bere no yɛ bere a Katolek Sɔfopanyin Maurice Duplessis a osii nketekrakye sɛ ɔbɛtɔre Adansefo ase afi ɔmansin no mu redi ade.
Na saa bere no yɛ bere a adagyew nnim na anigye ne nsɛnnennen ahyɛ mu ma nso. Eyi mu bi ne Franse kasa a misuae, kyere a wɔkyeree me, basabasayɛfo haw ne yɛn Kristofo nhyiam ahorow a na anuɔdenfo bɛsɛe no a migyinaa ano. Nanso, kateeyɛ a ɛte saa no ammɔ me hu anaasɛ amma manhinhim wɔ m’adwumam sɛ Onyankopɔn somfo. Ná m’awofo de nea ɛyɛ papa ne gyidi a ɛne sɛ wɔ ɔsɔretia nyinaa akyi no, wobewie wiase nyinaa asɛnka adwuma a na Yesu aka ho asɛm asie no ho dɔ adua me mu.—Mateo 24:9, 14.
Bere a mewɔ Quebec no, mihyiaa Emily Hawrysh, ɔkwampaefo nokwafo bi a ofi Saskatchewan. Efi bere a yehyiaa ayeforo wɔ January 27, 1951 no, Emily abɛyɛ me yɔnko dwumayɛni nokwafo ne ɔhokafo nkuranhyɛfo. Esiane sɛ na yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu nti, yebisaa hokwan ma wɔfaa yɛn sɛ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a ɛde asram dodow bi tete asomfo ma wɔkɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no, adesuafo. Yewiee Gilead adesuakuw a ɛto so 20 no February 1953.
Bere a na yɛretwɛn nkrataa a ɛbɛma yɛanya hokwan akɔ Afrika no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔboa Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ Alberta ne Ontario wɔ Canada no. Saa mmere no, na yɛfa ɔmanfo kar na ɛde kɔsrasra asafo ahorow no. Enti yesuaa sɛnea yɛbɛma yɛn asetra ayɛ nea ɛnkyere so ne sɛnea yɛde yɛn ahode begu adaka a wɔde tu kwan mu. Bere a yɛn nsa kaa yɛn akwantu nkrataa wɔ asram kakra akyi no, yefii hɔ kɔɔ Southern Rhodesia a ɛnnɛ wɔfrɛ no Zimbabwe no.
Nsakrae a Yɛyɛe Ma Yetumi Traa Afrika
Wɔ asram asia pɛ akyi bere a yeduu hɔ no, wɔde hyɛɛ yɛn nsa sɛ yɛnkɔsrasra Yehowa Adansefo akuw a ɛwɔ Zimbabwe ne afei Botswana ne Northern Rhodesia (mprempren Zambia) anafo fam no. Wɔhyɛɛ yɛn nkuran wɔ Gilead Sukuu no mu sɛ yɛmmfa yɛn amannɔne dwumadi no nntoto yɛn kurom ho na yɛnkae nso sɛ tebea biara a yɛbɛkɔ mu no, yebetumi asua biribi afi mu. Afotu pa a ɛte saa no boaa yɛn ma yɛsesaa yɛn nsusuwii. Ebesi nnɛ, me ne Emily gye asɛm yi tom sɛ, “Yɛ nea wubetumi nyinaa wɔ tebea biara mu; ebia ɛnsan mma bio.”
Yɛde keteke, bɔs, lɔre, anaa sakre—biribiara a yenyae biara—dii atutra. Ɛwom sɛ na eyi gye mmɔdenbɔ de, nanso tebea afoforo nso sɔɔ yɛn bo a na yɛasi sɛ ‘yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ tebea biara mu’ no hwɛe. Mfe abien a edi kan no de, esiane sɛ na yenni ho kwan nti, Emily antumi ne me ankɔ abibifo atrae ahorow no. Enti na ɛsɛ sɛ me yere a afei na maware no foforo yi nkutoo twɛn wɔ nkurow a ɛbemmɛn keteke kwan ho a na mpɛn pii no Adansefo biara nni hɔ no mu. Ɛnyɛ anisɔ ne ɔdɔ nkutoo na Emily gyidi, n’akokoduru, ne n’animia ma minya maa no, na mmom ɛmaa Ahenni aba a yegui wɔ saa nkurow no mu nso sowee.
Sɛ yenya dabere wɔ ɛhɔfo no biako nkyɛn ara pɛ a, na Emily di adanse wɔ mpɔtam hɔ kosi bere a mefi abibifo atrae hɔ bɛba. Mmere bi wɔ hɔ a, na ɔno nkutoo som ɔsram biako. Yehowa basa a ɛyɛ den a ɔde ne ho too so no maa no ahoɔden ne ahobammɔ ma enti ne som adwuma no sow aba. Wɔ nhwɛso biako mu no, Rita Hancock begyee Bible mu nokwasɛm toom na akyiri yi ne kunu nso bɛkaa ne ho. Ɔbɛyɛɛ gyidini na ɔsomee sɛ Kristoni panyin kosii ne wuda. Ɛnnɛ, wɔanya asafo ahorow a ɛrenya nkɔso wɔ nkurow bi a Emily guu Bible mu nokware aba no wɔ hɔ no mu.
Afrikafo Ahɔhoyɛ ne Wɔn Nyansa
Saa bere no, anisɔ kɛse a na Afrika Adansefo a wɔtete abibifo atrae no wɔ ma Yehowa ahyehyɛde no ne n’ananmusifo a wotutu akwan no maa me ho dwiriw me. Anuanom Kristofo a wɔwɔ dɔ yi hwɛɛ me yiye. Dwoda biara na mekɔ nhyiambea foforo. Na me dabere taa yɛ dɔtedan a wɔasi no foforo a wɔde sare akuru so; na ɛno ma mekae m’abusuafie a ɛwɔ Saskatchewan no. Na mpa a meda so yɛ sare a ne pipripi yɛ sɛntimita 30 a wɔde ato fam de mpasotam asɛw so.
Na wɔtaa yɛ nhyiam wɔ kwae bi mu wɔ abibifo atrae hɔ. Na nhyiamfo no dodɔw hɔ gyaw nnua a nhaban wɔ so no na ama wɔanya onwini. Na wɔde sare a wɔakyekyere no kamakama ahyehyɛ no fɛfɛɛfɛ na ɛyɛ nkongua. Sɛ wowie a, wɔde sare gye ban twa faako a wɔadɔw no ho hyia. Wɔ baabi a ɛhɔ yɛ ahomeka saa no, na bere biara minya anigye soronko bere a anuanom Afrikafo mmarima ne mmea no de ɛne a ɛyɛ dɛ to ayeyi nnwom ma Yehowa wɔ biakoyɛ mu wɔ ɔkwan a werɛ ntumi mfi da so no.
Osuahu Bi a Yɛbɛkae Daa
Wɔ me som adwuma mu no, mihyiaa Gideon Zenda, ɔpanyin paa a na ɔhwɛ Anglikan Asɔre no sukuu ahorow so no. Ɛyɛ asɔre no na ɛhwɛɛ Gideon wɔ ne nhomasua mu a sukuupɔn a ɔkɔe nso ka ho. Nanso na onnyaa mmuae a ɛfata wɔ ne Bible mu nsɛmmisa pii ho. Enti ɔsrɛe sɛ minhyia ɔne n’ayɔnkofo dodow bi na me ne wɔn nsusuw wɔn nsɛmmisa ho. Nnipa bɛyɛ 50 a sukuu mpanyimfo, sukuu so ahwɛfo, ne akyerɛkyerɛfo ka ho baa dwumadi yi ase bi. Gideon na ɔyɛɛ oguamtrani. Yesusuw nsɛmpɔw ahorow ho wɔ asomdwoe mu nnidiso nnidiso. Mede simma 15 kaa ɔsɛmpɔw biara ho asɛm na ɛno akyi no, wobisabisaa me nsɛm. Dwumadi no gyee nnɔnhwerew pii.
Nea efi adeyɛ a na wɔnhwɛ kwan yi mu bae ne sɛ Gideon, n’abusua ne n’ayɔnkofo pii bɛyɛɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu. Ɛhɔnom sɔfopanyin no yii wɔn adi fii Anglikan nhomasua nhyehyɛe no mu. Nanso wɔn mu biara anhinhim, na wogyinaa pintinn wɔ Yehowa som adwuma no mu ma ebinom mpo bɛyɛɛ akwampaefo.
Sɛnea Wɔyɛɛ Wɔn Ade Wɔ Sini Soronko Bi Ho
Wɔ afe 1954 mu no, Yehowa Adansefo yii sini a emu mfonini keka wɔn ho, The New World Society in Action adi. Afe a edi hɔ no, wotwaa mmara a na ɛbara ɔyere sɛ ɔne ne kunu bɛkɔ abibifo atrae no mu. Eyi buee kwan ma Emily tumi ne me kɔɔ abibifo atrae ahorow hɔ. Saa bere no, wɔmaa yɛn kar, afiri a ɛma yenya anyinam ahoɔden, ne afiri a wɔde yi sini na yɛde ayi sini no wɔ abibifo atrae hɔ. Esiane sɛ na wɔn mu pii nhwɛɛ sini da nti, ɛmaa nkurɔfo bebree bɛhwɛɛ bi. Sini no ma wohuu sɛnea wotintim Bible ne Bible ho nhoma ahorow wɔ yɛn nhoma tintimbea kɛse a ɛwɔ Brooklyn, New York no.
Sini no nso ma wohuu Yehowa Adansefo wiase nyinaa onuayɛ kuw no sɛ wɔabom resom wɔ Yankee Stadium, New York wɔ afe 1953 mu. Ná Afrikafo yi nhuu biakoyɛ ne ɔdɔ a nnipa a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea da no adi saa no bi da. Saa sini yi kanyan Zimbabwefo mmusua pii ma wɔne Adansefo no bɔe de suaa Bible no. Sukuu so ahwɛfo a wɔwɔ ɔman no mu baabiara a wohuu dwuma a wobetumi de saa sini yi adi wɔ adekyerɛ mu no srɛe bere nyinaa sɛ wommeyi nkyerɛ wɔn sukuu mmofra.
Da koro anadwo bi, Adansefo a wɔwɔ hɔ no benyanee me sɛ minyi sini no nkyerɛ wɔn. Me ho dwiriw me bere a mihui sɛ nnipa bɛyɛ 500 anantew nnɔnhwerew pii sɛ wɔrebɛhwɛ bi no. Na wɔate sɛ maba saa beae no na mereyi wɔ hɔ. Eduu bere a saa dɔm no fii hɔ no, na nnipa 300 foforo nso aba. Enti mesan yii sini no bio. Ɛbɔɔ ahemadakye nnɔnabiɛsa ansa na wɔn a wɔbaa akyiri yi bɛhwɛe no fii hɔ kɔe! Wɔ Zambia nkutoo no, nnipa ɔpepem biako ne akyi na wɔhwɛɛ saa sini a na ɛwɔ nkɛntɛnso kɛse no bi wɔ bɛyɛ mfe 17 mu!
Wɔma Yɛn Dwumadi Afoforo Wɔ Afrika
Bere a yɛsom bɛyɛ mfe anum ne fã wɔ Zimbabwe no, woyii yɛn kɔɔ South Africa. Na eyi hwehwɛ sɛ yesua Afrikaans kasa. Akyiri yi, yɛsan suaa Sesotho ne Zulu kasa. Onyankopɔn Asɛm a na yetumi kyerɛkyerɛ wɔ kasa afoforo mu no maa yɛn som adwuma no nyaa nkɔanim na ɛma yenyaa akomatɔyam ankasa.
Wɔ afe 1960 mfiase no, wɔde akwantu adwuma hyɛɛ yɛn nsa wɔ Afrika anafo fam. Mfe 27 a edi hɔ no, yetutuu akwan yiye kɔɔ Lesotho, Namibia, South Africa, ne Swaziland ne afei Ascension ne St. Helena nsupɔw a ɛwɔ Atlantic Po Anafo no nyinaa so. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, yetutuu akwan kilomita mpempem pii de som yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea. Wɔn gyidi ne wɔn nokwaredi wɔ tebea a ɛnyɛ koraa mu no ahyɛ yɛn nkuran ma yɛmpaa abaw da.
Sɛ nhwɛso no, me ne Adansefo a na wɔwɔ Swaziland a wɔannyae wɔn gyidi mu bere a Ɔhene Sobhuza II wui no bɔe yiye. Esiane sɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ amanne ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so a wɔyɛe bere a na onipa titiriw saa awu mu nti, woyii wɔn adi wɔ wɔn nnwuma mu na wɔsan hweree hokwan ahorow a na wɔwɔ sɛ ɔman mma no. Ɛmfa ho mfe pii a wɔde kɔɔ ahohia ne ahokyere mu no, wɔannyae wɔn gyidi mu ansiesie. Mibu saa Kristofo anuanom mmarima ne mmea a wɔda nsow yi a me ne wɔn bɔe san kasae anim ne anim no sɛ hokwan soronko a manya ma enti meda Yehowa ase daa wɔ ho.
Afei, Philemon Mafereka, daa ɔkwampaefo bi a ofi Mokhotlong, Lesotho, a ɛda bepɔw bi a ne tenten bɛboro mita 3,000 so no nso wɔ hɔ. Esiane sɛ na akwantu ho nhyehyɛe biara nni hɔ nti, ɔne ne yere, wɔn mma, ne asubɔ hwehwɛfo baanan nantew kilomita 100 baa nhyiam wɔ bepɔw bi a ne tenten bɛyɛ mita 1,200 so. Na ɛsɛ sɛ wodi mmepɔw so aforosian wɔ kwan so. Wɔweaweaa wɔn nkotodwe anim de dii aforosian twaa nsuten ne nsubɔnten pii.
Bere a wɔresan akɔ fie wɔ nhyiam no akyi no, wogyee Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no ɔha de kɔe. Na wɔde rekɔma nkurɔfo a wɔwɔ Mokhotlong no. Nanso, esiane anigye a wɔn a wohyiaa wɔn wɔ kwan so no kyerɛe wɔ Bible ho nhoma no ho nti, nhoma no sae wɔ kwan so ansa na woduu fie. Nnamyɛ ne ahofama a m’ankasa mihui sɛ Kristofo anuanom te sɛ Philemon ne ne yere daa no adi no yɛ hokwan a me ne Emily anya na yɛda so kyerɛ ho anisɔ.
Mmere bi wɔ hɔ a na yehyia asiane ahorow te sɛ awɔ a wɔn ano wɔ bɔre te sɛ aprammiri ne nsuyiri akɛse a na ɛtaa ba no. Saa tebea ahorow yi, ɛwom sɛ saa bere no na ɛyɛ hu de, nanso sɛ wɔde toto akatua ne anigye a yenya wɔ Yehowa som adwuma no mu ho a, na ɛnyɛ hwee koraa. Yehui sɛ onnyaw n’anokwafo da.
Bere a Emily akwahosan yɛɛ basaa no, Yehowa maa yɛn nyansa a yɛde bedi ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so. N’aduan a yɛsakraa mu ne nhyehyɛe a yɛyɛe na ama yɛanya beae a ɛhɔ tew atra no boa maa onyaa ahotɔ ntɛm. Yesii ɔdan bi wɔ kar bi a emu yɛ hare so na ama Emily anya baabi pa atra bere a yɛretu kwan no, na bere bi akyi no, Emily nyaa akwahosan pa.
Yɛsan Kɔ Canada
Wɔ afe 1988 mu bere a na yɛde mfe 35 ayɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Afrika asasepɔn a ɛso yɛ anika saa so no, wɔmaa yɛn adwuma wɔ Canada bio. Enti, mifii ase som bio sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ afe 1991 mu. Mfe awotwe akyi no, me fã dwudwoe. Ɛwom sɛ mintumi nyɛ pii saa bere yi de, nanso m’ani gye sɛ mesom sɛ asafo mu panyin wɔ asafo ahorow a ɛwɔ London, Ontario, no mu biako mu.
Ɛnnɛ, mede abotɔyam kae bere a mehyɛɛ ase sɛ daa ɔkwampaefo a na metra ɔpɔnkɔ so wɔ Saskatchewan anafo fam bɛyɛ mfe 56 a abɛsen kɔ no. Hwɛ sɛnea m’ani sɔ sɛ Paapa kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛnea yebesusuw nsɛm ho sɛ honhom mufo a wonsuro sɛ wobegyina nokware ne asɛntrenee akyi! Ɔkyerɛkyerɛɛ me Onyankopɔn Asɛm na ɛmaa minyaa asetra a atirimpɔw wom. Manya mfaso afi agyapade yi mu me nkwa nna nyinaa. Meremfa ɔsom a mede ma Yehowa no nsesa biribiara a wiase dedaw yi de ma no da.
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Yɛn abusua a mmofra baakron na ɛwɔ mu wɔ afe 1949 mu, Maame na okura akumaa koraa no. Me na migyina n’akyi no
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Meyɛɛ saa “caboose” yi na mede ayɛ me som adwuma
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Mmea a wɔwɔ Quebec a wɔkyeree wɔn esiane asɛmpa no nti no
[Mfonini wɔ kratafa 30]
Na meka wɔn a wɔkyerɛkyerɛɛ saa ahwɛfo akwantufo a wɔwɔ Zimbabwe yi ho
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Misii saa ɔdan yi na ama Emily akwahosan pa
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Me ne Emily mfonini a yetwaa no nnansa yi ara