Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g05 1/8 kr. 14
  • Mmotafowa Sukuu a Agode Nni Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmotafowa Sukuu a Agode Nni Hɔ
  • Nyan!—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Agode a Eye Sen Biara
    Nyan!—2004
  • Nkwadaa-Nkwadaa Agorɔ—Nea Enti a Mfaso Wɔ So
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Nea Enti a Ehia sɛ Yɛyɛ Adwuma
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Boa Mmofra Ma Wonnya Mfaso Pii Mfi Nhyiam Horow Mu
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2005
g05 1/8 kr. 14

Mmotafowa Sukuu a Agode Nni Hɔ

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GERMANY HƆ

Anɔpa bi a mmofra nkumaa no kɔɔ wɔn sukuu dan mu no, wohui sɛ nkongua ne apon a wɔkyerɛw so nkutoo na aka wɔ hɔ. Wɔhwehwɛɛ wɔn abaduaba ne agode afoforo no, nanso ankosi hwee. Na wɔn nhoma ne nnua asinasin a wotumi hyehyɛ no mu biara nso nni hɔ. Wonhu krataa ne apasoɔ mpo. Na wɔasesa agode no nyinaa afi hɔ a gye sɛ asram mmiɛnsa akyi ansa na wɔde aba. Dɛn na na asi?

Mmotafowa sukuu a ɛte sɛɛ yi redɔɔso wɔ Austria, Germany, ne Switzerland, aman a wɔde wɔn ho ahyɛ dwumadi soronko foforo bi a wɔfrɛ no Mmotafowa Sukuu a Agode Nni Hɔ no mu. Ɛwom sɛ ebia eyi bɛyɛ sɛ ade foforo de, nanso akwahosan ho abenfo a wɔwɔ Europa Aman Nkabom Kuw mu akamfo saa dwumadi yi yiye. Wɔn botae ne sɛ wɔde resiw ade a ne yɛ ka obi hɔ no ano. Nnansa yi nhwehwɛmufo abehu sɛ, sɛ nnipa fi wɔn mmofraase sua sɛnea wɔne afoforo di nkitaho na wɔyɛ nneɛma bom a, ɛntaa mma ade bi yɛ nka wɔn hɔ. Sɛnea atesɛm krataa bi ka no, nneɛma a ehia sɛ wohu no bi ne “nkitahodi, nkɔmmɔbɔ, sɛnea wodi nsɛnnennen ho dwuma, gye nea ebefi wɔn nneyɛe mu aba atom, de botae asisi wɔn ani so, ahu ɔhaw a ɛbɛba, ne sɛnea wɔhwehwɛ mmoa de apɛ ɔhaw bi ano aduru.” Sɛnea dwumadi yi akyitaafo kyerɛ no, ɛsɛ sɛ obi nya nea yɛabobɔ so yi ho nimdeɛ na ohu ne yɛ wɔ ne mmofraase pɛɛ, nanso sɛ ebetumi ayɛ yiye a, gye sɛ woyi agode no fi hɔ na ahyɛ mmofra no nkuran ma wɔabɔ wɔn tirim ayɛ ade na wɔanya wɔn ho mu ahotoso nso.

Wɔne awofo ne mmofra no nyinaa asusuw saa asram mmiɛnsa a mmofra no mfa agode nni agoru yi ho yiye. Mfiase no, na ɛyɛ den ma mmofra no binom sɛ wɔbɛtra ase a agode nka wɔn ho. Amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ “Wɔ mmotafowa sukuu bi mu no, mmofra no yɛɛ asobrakye wɔ ɔsram a edi kan mu no,” na ɛmaa wɔn a wɔhyehyɛɛ dwumadi no ho kyeree wɔn. Nanso ɛnyɛ den mma mmofra sɛ wɔbɛyɛ nsakrae na wɔabɔ wɔn tirim ayɛ ade. Bere a agode biara nni hɔ no, mmofra no bom susuw nsɛm ho, wodwen, na wɔbom di agoru yiye, ma enti wɔrenya nkɔso wɔ wɔne afoforo ntam nkitahodi ne ɔkasa mu. Ebinom a na anka wɔne mmofra afoforo nkasa esiane wɔn agode nti no afi ase refa nnamfo. Awofo nso ahu sɛ wɔn mma no ayɛ nsakrae a ɛfata. Wɔka sɛ, mmofra no redi agoru a wɔnko, na seesei wotumi bɔ wɔn tirim yɛ ade sen kan no.—g04 9/22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena