Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g04 10/8 kr. 31
  • Agode a Eye Sen Biara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agode a Eye Sen Biara
  • Nyan!—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmotafowa Sukuu a Agode Nni Hɔ
    Nyan!—2005
  • Nea Enti a Ehia sɛ Yɛyɛ Adwuma
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nkwadaa-Nkwadaa Agorɔ—Nea Enti a Mfaso Wɔ So
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2004
g04 10/8 kr. 31

Agode a Eye Sen Biara

Agode bɛn na mentɔ mma me ba? Sika ahe na minsɛe wɔ ho? Sɛ woyɛ ɔwofo a, ebia woabisa nsɛm yi mpɛn pii. Wiɛ, ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wubehu sɛ ebia agode a eye sen biara no bo nyɛ den koraa.

Motivated Minds—Raising Children to Love Learning (Adwene a wɔkanyan—mmofra a wɔboa wɔn ma wɔn ani gye adesua ho) nhoma no ka sɛ: “Sɛ mmofra de wɔn ho hyɛ biribi yɛ mu na wɔyɛ mu nhwehwɛmu a, wonya so mfaso kɛse sen sɛ wɔbɛtra hɔ ahwɛ dekode no. Enti agode a ɛnkyere so pii a ɛma mmofra ankasa de wɔn adwene yɛ biribi no ye sen kar ne abaduaba a wɔde batere hyem ma ɛyɛ adwuma a ɛka wo ba no nimdeɛ hyɛ no.” Sɛ mmofra nya agode a batere hyem yi bi a, “mfiase no wɔn ani gye ho nanso ɛnkyɛ na atew wɔn ani so, efisɛ ɛmma wonnya kwan nyɛ ho nhwehwɛmu anaa wɔn ankasa ntumi mfa wɔn adwene nyɛ ho biribi.”

Agode a mmofra de di agoru a etumi kanyan wɔn adwene no bi ne nneɛma a ɛnkyere so te sɛ ntayaa nketenkete a wɔde dua anaa rɔba ayɛ a wɔhyehyɛ, nnakato, krataa, nneɛma a wɔde yɛ mfonini, ne anhwea ne nsu mpo. Motivated Minds nhoma no ka sɛ: “Abofra betumi ahyehyɛ wuram mmoa nsɛso a wɔde ayɛ agode nketewa no akuwakuw, na ɔde ayɛ anansesɛm asua kasa.” Nhoma no san kamfo sanku nketewa a wɔde bɔ nnwom kyerɛ—sɛ wunsuro dede a—efisɛ eyi ma mmofra tumi sua nnyigyei ahorow ne sɛnea wɔde bɔ nnwom.

Mmofra tumi bɔ wɔn tirim yɛ ade, na wɔpɛ adesua ne agodi. Enti, paw agode nyansam fa boa wo mma ma wonnya su abiɛsa a yɛaka ho asɛm yi nyinaa bi.—g04 8/8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena