Mmofra Ntetee Fi Wɔn Mmofraase Kosi Mmabunbere So
“Efi wo mma no mmofraase ara a kosi mfe anum so no, wɔwɔ fie a wɔn ho atɔ wɔn. Enti ɛyɛ mmerɛw sɛ wode ntetee pa bɛma wɔn. Nanso sɛ wonya fi sukuu ase ara pɛ, na wɔahu sɛnea afoforo yɛ wɔn ade ne ɔkwan a wɔfa so kasa.”—Valter, Italy.
MMOFRA renyin a, nea wɔn ani bɛbɔ so biara no, wɔpɛ sɛ wohu nea ɛkyerɛ. Wɔne nnipa pii bɔ—atipɛnfo a wɔne wɔn goru, wɔn a wɔne kɔ sukuu, ne wɔn abusuafo. Sɛnea Valter a yɛafa n’asɛm aka no kyerɛ no, ɛnyɛ wo nkutoo na wunya wo ba no asetena so nkɛntɛnso sɛnea na ɛte bere a ɔyɛ akokoaa no. Ɛno nti na ɛho hia sɛ wode saa mfe no kyerɛkyerɛ wo ba no ma ohu mfaso a ɛwɔ osetie ne suban pa so. Ɛho hia nso sɛ wode akwankyerɛ bɛma no wɔ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho.
Ntetee a yɛaka ho asɛm yi mma ara kwa, na egye bere nso. Ɛno kyerɛ sɛ ɛho behia sɛ ‘wuyi ntɛn, woka anim, wutu fo, abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn nyinaa mu.’ (2 Timoteo 4:2) Wɔde Onyankopɔn mmara ho ahyɛde maa Israelfo a wɔyɛ awofo no sɛ: “Fa dua wo ba komam na ka ho asɛm bere a wote wo fie, bere a wonam kwan so, bere a woda hɔ, ne bere a woasɔre.” (Deuteronomium 6:6, 7) Sɛnea saa kyerɛwsɛm no ka no, ntetee a wobɛkɔ so de ama no ho hia paa.
Awofo hyia nsɛnnennen pii wɔ mmofra ntetee mu. Momma yensusuw emu kakraa bi ho nhwɛ.
Bere a Ɛsɛ sɛ Wotie Asɛm
Bible ka sɛ ‘ɔkasa wɔ ne bere,’ na bere a wɔde tie asɛm nso wɔ ne bere. (Ɔsɛnkafo 3:7) Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛ wo ba sɛnea wotie asɛm bere a afoforo rekasa—a wo nso wo ka ho? Ɔkwan biako ne sɛ wobɛyɛ nhwɛso. So afoforo rekasa a wutie wɔn yiye? Na wo mma nso ɛ?
Ɛnyɛ den koraa sɛ nneɛma bɛtwetwe mmofra adwene, na akyinnye biara nni ho sɛ bere a worebɔ mmɔden sɛ wo ne wo mma bedi nkitaho no, ɛbɛsɔ wo ntoboase ahwɛ. Ɛsono abofra biara, enti fa w’ani to fam na hu ɔkwampa a wobɛfa so ne wo ba adi nkitaho. Sɛ nhwɛso no, David, agya bi a ɔwɔ Britain no ka sɛ: “Mema yɛn babea no de n’ankasa nsɛm ka asɛm a maka akyerɛ no no. Eyi nti bere a ɔrenyin no, ɔyɛ aso tie asɛm yiye.”
Bere a Yesu rema n’asuafo no akwankyerɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye.” (Luka 8:18) Sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo tie asɛm yiye a, ɛnde na ɛsɛ sɛ mmofra yɛ nea ɛsen saa koraa!
“Momfa Mfirifiri Mo Ho Korakora”
Bible ka sɛ: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.” (Kolosefo 3:13) Yebetumi atete mmofra ma wɔasua sɛnea wɔde bɔne firi. Ɔkwan bɛn so?
Sɛnea yɛasusuw ɔkwan a wɔfa so tie asɛm ho no, ɛsɛ sɛ woyɛ ho nhwɛso. Ma wo mma nhu sɛ woda fafiri su adi bere a wo ne afoforo redi nsɛm no. Ɛna bi a ɔwɔ Russia a ne din de Marina bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa. Ɔka sɛ: “Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso pa ama mmofra no denam afoforo mfomso a yɛde firi wɔn, yɛne afoforo nsɛm a yegyae mu, na yɛmma nsɛm nhyɛ yɛn abufuw no so. Ɔde ka ho sɛ, Sɛ mefom me mma a, mepa wɔn kyɛw. Mepɛ sɛ wosua saa su no bere a wɔne afoforo redi nsɛm no.”
Ɔkwan a wɔfa so siesie nsɛm na wɔde bɔne firi ho behia wɔn bere a wɔanyinyin no. Tete wo mma seesei ma wonhu sɛnea wosusuw afoforo ho ne sɛnea wobegye wɔn mfomso atom. Saa a wobɛyɛ no bɛma wɔanya suban pa a ɛbɛboa wɔn yiye bere a wɔrenyin no.
“Monkyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ”
Wɔ saa “mmere a emu yɛ den” yi mu no, nnipa pii yɛ “ahopɛ.” (2 Timoteo 3:1, 2) Seesei a wo mma da so yɛ mmofra no ne bere a ɛsɛ sɛ wotete wɔn ma wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.”—Kolosefo 3:15.
Bere a mmofra susua mpo no, wobetumi asua sɛnea wɔda suban pa adi na wosusuw afoforo ho. Ɔkwan bɛn so? Oduruyɛfo Kyle Pruett ka kyerɛɛ Parents nsɛmma nhoma akyerɛwfo no sɛ: “Ɔkwan a eye sen biara a wubetumi afa so ama wo mma akyerɛ nneɛma ho anisɔ ne sɛ wobɛda su no adi wɔ fie bere nyinaa a wommrɛ ho.” Ɔde kaa ho sɛ: “Eyi kyerɛ sɛ wobɛka sɛnea w’ani sɔ mmoa anaa nneɛma a afoforo yɛ ma wo no ho asɛm . . . Ɛsɛ sɛ woyɛ no mpɛn pii.”
Richard a ɔyɛ agya wɔ Britain no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa, na ɔka sɛ: “Sɛ me ne me yere reda anisɔ adi akyerɛ wɔn a wɔayɛ yɛn adɔe te sɛ akyerɛkyerɛfo ne yɛn awofo a, yɛma mmofra no hu. Sɛ abusua bi to nsa frɛ yɛn ma yekodidi na sɛ yɛrekyerɛw krataa akɔda wɔn ase a, yɛma mmofra no de wɔn nsa hyɛ ase anaa wɔyɛ mfonini gu so.” Sɛ mokyerɛ obu ne anisɔ ma afoforo a, ɛbɛboa mo mma, ma daakye wɔne afoforo anya abusuabɔ a emu yɛ den a ɛtena hɔ daa.
“Mfa Nteɛso Nkame Abofra”
Bere a wo mma no renyin no, ɛho hia sɛ wohu sɛ nneyɛe biara ne ɛho asodi. Ɛmfa ho sɛ wɔyɛ mmofra nkumaa mpo no, sɛ́ wɔwɔ fie anaa sukuu mu no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma mpanyimfo. Wubetumi aboa wo mma ma wɔahu nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ wobetwa nea wɔyɛ biara so aba. (Galatifo 6:7) Ɔkwan bɛn so?
Bible ka sɛ: “Mfa nteɛso nkame abofra.” (Mmebusɛm 23:13) Sɛ woaka sɛ wode asotwe bi bɛma wɔ bɔne pɔtẽẽ bi ho a, mma ɛnyɛ wo den sɛ wobɛhwɛ adi w’asɛm so. Ɛna bi a ɔwɔ Argentina a wɔfrɛ no Norma ka sɛ, “Ehia sɛ wusi pi bere nyinaa. Sɛ woansi pi a, ɛbɛhyɛ abofra no nkuran ma ɔde hokwan no ayɛ nea ɔpɛ.”
Sɛ awofo di kan ma mmofra hu wɔn asoɔden ho asotwe a, ɛma wɔkwati akasakasa a ɛsɔre bere a mmofra no adi mfomso akyi no. Sɛ mmofra nim asotwe a wobenya bere a wɔadi mfomso a, ɛntaa mma sɛ wɔbɛsɔre atia asotwe no, efisɛ wonim sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛtwe wɔn aso.
Nokwasɛm ne sɛ, sɛ nteɛso betumi aboa mmofra no a, ɛnsɛ sɛ yɛde ma wɔ abufuw so. Bible ka sɛ “Momma wonyi menasepɔw nyinaa ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu.” (Efesofo 4:31) Ɛnsɛ sɛ wɔde nteɛso ma wɔ atirimɔden so ma epira mmofra no—honam fam anaa nkate fam.
Nanso wobɛyɛ dɛn ahyɛ w’abufuw so bere a wo ba ayɛ ade ma atra so no? Agya bi a ɔwɔ New Zealand a wɔfrɛ no Peter gye tom sɛ, “Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den. Nanso ɛsɛ sɛ mmofra no hu sɛ ɛyɛ wɔn mfomso nti na wɔtwe wɔn aso na ɛnyɛ sɛ awofo no bo afuw wɔn.”
Peter ne ne yere bɔ mmɔden boa wɔn mma ma wohu mfaso a wobenya wɔ nteɛso so nnɛ ne daa. Ɔka sɛ, “Sɛ mmofra no di mfomso bi a anibere wom mpo a, yɛkasa kyerɛ wɔn ma wohu su a ɛfata sɛ wɔda no adi, na ɛnyɛ subammɔne a wɔayi no adi no.”
‘Momma Wonhu Mo Ntease’
Onyankopɔn kaa nteɛso a ɔde bɛma ne nkurɔfo no ho asɛm sɛ: “Mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata.” (Yeremia 46:28) Sɛ abofra di mfomso na wode nteɛso a ɛsɛ na ɛfata ma no a, wubenya so mfaso pii. Paulo kyerɛw maa Kristofo sɛ: ‘Momma wonhu mo ntease.’—Filipifo 4:5.
Nea ɛka nteɛso a wɔde ma wɔ ɔkwampa so ho ne sɛ worenteɛ wo mma so mma wɔn anim ngu ase. Agya bi a ɔwɔ Italy a wɔfrɛ no Santi ka sɛ: “Mimmu me babarima anaa me babea animtiaa. Mmom no, mebɔ mmɔden sɛ mehu nea ɛde ɔhaw no bae, na madi ho dwuma. Memfa nteɛso mma wɔn wɔ afoforo anim, sɛ ɛbɛyɛ yiye mpo a, menyɛ wɔ wɔn nuanom anim. Memfa wɔn mmerɛwyɛ nni wɔn ho fɛw wɔ fie anaa abɔnten.”
Richard, a yɛadi kan afa n’asɛm aka no nso ahu sɛ nyansa wom sɛ ɔda ntease adi. Ɔka sɛ, “Ɛnsɛ sɛ yɛboaboa asotwe ano de mfomso foforo biara a wobedi no ho asotwe ka dedaw no ho. Sɛ wode nteɛso ma wie a, enhia sɛ wokɔ so ka ho asɛm de kaakae abofra no ne mfomso.”
Mmofra ntetee yɛ adwumaden a egye ahofama, nanso ɛde anigye pii ba. Eyi na Yelena a ɔyɛ ɔwofo wɔ Russia no, ahyɛ no nsow. Ɔka sɛ: “Mede me bere fã na ɛyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a menya bere pii ama me babarima no. Egye mmɔdenbɔ, na wohwere sika nso, nanso anigye a me ba no anya ne nkabom a ɛde abrɛ yɛn no sen biribiara a mede abɔ afɔre.”—g11-E 10.
[Mfonini wɔ kratafa 11]
Mmofra betumi asua sɛnea wodwen afoforo ho
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Teɛ mmofra so wɔ ɔkwan bi so a ɛremma wɔn anim ngu ase