Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/12 kr. 4-5
  • Nneɛma a Ɛma Nokwaredi Yɛ Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma a Ɛma Nokwaredi Yɛ Den
  • Nyan!—2012
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛma Nokwaredi Kɔ Fam
  • Obi Anni Nokware a, Nsunsuanso Bɛn na Ɛde Ba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Di Nokware Wɔ Nneɛma Nyinaa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Mfaso wɔ Nokwaredi So
    Nyan!—2012
  • Nokwaredi—Nea Enti a Mfaso wɔ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2012
g 4/12 kr. 4-5

Nneɛma a Ɛma Nokwaredi Yɛ Den

“Adwuma mu nokwaredi bere atwam, na wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi nokware no adwuma begu.”—Stephen, U.S.A.

SO WUGYE asɛm a ɛyɛ asefem yi tom? Akyinnye biara nni ho sɛ nkurɔfo taa nya nokware a wonni so mfaso—sɛ ɛyɛ bere tiaa mu mpo a. Ne saa nti, wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi nokware no hyia nhyɛso a ano yɛ den wɔ tebea a edidi so yi mu.

Nea Ɛsɔ W’ankasa Hwɛ. Hena na onya sika pii anaa ahonyade ka nea ɔwɔ ho a ɔmpɛ? Sɛ sika bɔne bi ho kwan bue ma wo a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛpo.

● “Me na migyina m’adwumakuw ananmu de nnwuma ma nkurɔfo yɛ. Nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma me adanmude. Sika a ɛnyɛ den sɛ wo nsa bɛka betumi adaadaa wo paa.”—Franz, Middle East.

Mfaso Bum Ho Sɔhwɛ. Nnansa yi mfe mu no, sikasɛm a ɛrekɔ fam no ama nnwumakuw a ɛwɔ wiase nyinaa rehyia nsɛnnennen. Ɛsɛ sɛ wotumi gyina mfiridwuma mu nsakrae a ɛreba ntɛmntɛm ne akansi a ano yɛ den a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no ano. Ebia adwumayɛfo bɛte nka sɛ ɔkwan koro pɛ a wobetumi afa so ayɛ nea wɔn adwumawuranom hwehwɛ ne sɛ worenni nokware.

● “Na yesusuw sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. . . . Anyɛ saa a, yebegu adwuma no.”—Reinhard Siekaczek, a wɔkyeree no sɛ wagye adanmude no.—The New York Times.

Afoforo Nkɛntɛnso. Ɛtɔ mmere bi a, mfɛfo adwumayɛfo anaa adetɔfo betumi aka akyerɛ wo anaa wɔahyɛ wo sɛ wo ne wɔn nyɛ nneɛma bi wɔ sum ase.

● “Adwumakuw bi a me ne wɔn di gua sohwɛfo bɛka kyerɛɛ me sɛ, sɛ mamfa ‘ne kyɛfa’—kyerɛ sɛ, kokoam mfaso amma no a, me nsa renka adwuma no bio.”—Johan, South Africa.

Amammerɛ. Wɔ aman bi mu no, ɛyɛ amammerɛ sɛ bere a wɔredi gua no, wɔbɛkyekyɛ wɔn ho ade. Ebetumi ayɛ den sɛ wubehu nokwaredi a ɛwɔ saa aguadi no mu esiane sɛnea akyɛde no kɛse te ne nea enti a wɔde akyɛde no rema no nti. Wɔ aman pii so no, aban mpanyimfo a wonni nokware hwehwɛ sika ansa na wɔayɛ adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na wofi wɔn pɛ mu gye sika fi afoforo hɔ de yɛ nneɛma ntɛmntɛm ma wɔn.

● “Ɛyɛ den bere nyinaa sɛ wubehu nsonsonoe a ɛda akyɛde ne adanmude ntam.”—William, Colombia.

Tebea a Obi Wom. Wɔn a wodi ohia buroburoo anaa wɔn a wɔte aman a emufo asɔre atia atumfoɔ mu no na wohyia nhyɛso kɛse sen biara. Wɔ mmeae a ɛtete saa no, ebia wobebu wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔbɔ apoo anaa wowia ade no sɛ nnipa a worentumi nhwɛ wɔn mmusua yiye.

● “Sɛ obi anni nokware a, wobu no sɛ asɛm biara nni ho, ɛho hia, na mfomso biara nni ho, mpɛn dodow a wɔankyere no no.”—Tomasi, Congo Kinshasa.

Nea Ɛma Nokwaredi Kɔ Fam

Nhyɛso a wɔde ba afoforo so sɛ mma wonni nokware no ano yɛ den paa. Adwuma mu mpanyimfo mu nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Australia no kyerɛ sɛ, wɔn mu 10 biara mu 9 bu adanmude ne nyansakorɔn sɛ “enye nanso worentumi nyɛ ho hwee.” Wɔn a wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu no kae sɛ wɔayɛ krado sɛ wobebu wɔn ani agu wɔn ahonim so na ama wɔn nsa aka adwuma bi anaa wɔanya biribi a ɛbɛba wɔn adwumakuw no so mfaso.

Nanso, wɔn a wonni nneɛma mu nokware no taa bu wɔn ho sɛ wɔyɛ nokwaredifo. Ɛyɛ dɛn na nnipa a wonni nokware yi ka sɛ wɔyɛ nokwaredifo? Journal of Marketing Research ka sɛ: “Nnipa fa ɔkwammɔne so pɛ mfaso, nanso bere koro no ara no wɔdaadaa wɔn ho sɛ wɔbɔ bra pa na wodi nokware.” Nea ɛbɛyɛ na ɛrenhaw wɔn ahonim no, wɔtaa yiyi wɔn ho ano, wobu no sɛ ɛyɛ ade ketewaa bi anaa wɔfa akwan pii so bu wɔn ho bem.

Sɛ nhwɛso no, wotumi de nsɛm bi kyerɛkyerɛ nokware a wonni mu ma ɛbɛyɛ sɛ su bi a mfomso biara nni ho. Sɛ obi twa atoro anaa osisi obi a, nea ɔka ne sɛ “matwa no.” Sɛ obi gye adanmude a, otumi ka sɛ “ɛyɛ wo nti” anaa “mede bepia ma akɔ ntɛm.”

Ɔkwan a afoforo fa so ka nokwaredi ho asɛm no ma wonya anoyi ma wɔn nneyɛe bɔne no. Tom a ɔyɛ adwuma wɔ beae a wɔhwɛ sikasɛm so no, ka sɛ: “Nkurɔfo adwene a wokura wɔ nokwaredi ho no gyina nea wobetumi awia a aban mmara renkyere wɔn no so, sen sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ ankasa.” David a ná ɔyɛ adwuma bi so panyin no ka sɛ: “Ɛwom sɛ sɛ obi anni nokware na ɛbɛda adi a, wɔkasa tia no de, nanso sɛ nea ɔyɛe no anna adi a, wobu no sɛ mfomso biara nni ho. Wobu nnipa a wowia ade a wɔnkyere wɔn no sɛ wɔn ani atew na ‘wɔaben.’”

Nnipa pii mpo gye tom sɛ sɛ obi bedi yiye a, ennyina nokwaredi so. Obi a wadi gua akyɛ ka sɛ: “Mpɛn pii no, akansi ma nkurɔfo ka sɛ, ‘Ɔkwan biara a wobɛfa so ama wo nsa aka adwuma no, fa so.’” Nanso, eye saa? Anaa so wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobeyi wɔn ho ano wɔ nokware a wonni ho no de ‘nsusuwii hunu na ɛredaadaa wɔn ho’? (Yakobo 1:22) Susuw mfaso a ɛwɔ nokwaredi so ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Nkurɔfo adwene a wokura wɔ nokwaredi ho no gyina nea wobetumi awia a aban mmara renkyere wɔn no so, sen sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ ankasa”

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Nnipa pii gye tom sɛ sɛ obi bedi yiye a, ennyina nokwaredi so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena