Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp16 nɔma 1 kr. 4-5
  • Obi Anni Nokware a, Nsunsuanso Bɛn na Ɛde Ba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obi Anni Nokware a, Nsunsuanso Bɛn na Ɛde Ba?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • OBI ANNI NOKWARE A, ƐBƐMA ƆNE NE NNAMFO NTAM ASƐE
  • OBI A ONNI NOKWARE SUBAN TUMI SAN
  • Nneɛma a Ɛma Nokwaredi Yɛ Den
    Nyan!—2012
  • Nokwaredi—Nea Enti a Mfaso wɔ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Sɛnea Wubegyina Abrabɔ Mu Asɛnnennen A Ɛne Ohiani A Woyɛ No Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Di Nokware Wɔ Nneɛma Nyinaa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
wp16 nɔma 1 kr. 4-5
Mmaa mmienu bi a wɔrekasa

ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WUDI NOKWARE?

Obi Anni Nokware a, Nsunsuanso Bɛn na Ɛde Ba?

“Mpɛn pii no, sɛ asɛm bi si a, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wubedi atoro kakra.”​—Samantha, South Africa.

Wo ne Samantha yɛ adwene anaa? Sɛnea Samantha kae no, ɛtɔ da a yɛn nyinaa tumi kɔ ahokyere a ɛte saa mu. Sɛ asɛm bi sɔre na ɛsɛ sɛ woka nokware na woanka a, ɛno ma yehu nea ɛwɔ wo komam. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ woka nokware a w’anim begu ase nti wubedi atoro de atetew wo ho. Nanso sɛ nokware no bɛda adi a, w’anim begu ase pɔtɔɔ. Yensusuw nea edidi so yi ho nhwɛ.

OBI ANNI NOKWARE A, ƐBƐMA ƆNE NE NNAMFO NTAM ASƐE

Sɛ ayɔnkofa bɛkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ obiara di nokware. Sɛ nnipa mmienu gye wɔn ho di a, wɔn ani gye na wɔn koma tɔ wɔn yam. Nanso ɛnyɛ da koro na obi de gye obi di. Sɛ nnipa mmienu betumi agye wɔn ho adi a, gye sɛ wɔbɔ kyɛ na wofi wɔn komam bɔ nkɔmmɔ, na obiara yi ne yam ma ne yɔnko. Nanso, atoro baako pɛ betumi asɛe saa ayɔnkofa no. Sɛ wugye obi di na odi wo huammɔ a, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛsan anya ne mu ahotoso.

Wo yɔnko berɛbo bi adaadaa wo pɛn anaa? Wotee nka sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ wo yaw paa na ebia wotee nka sɛ wama wo nsa asi fam. Ɛyɛɛ wo yaw mpo a, ɛyɛ ne kwan so. Enti yebetumi aka paa sɛ obi anni nokware a, ɛsɛe ɔne ne nnamfo ntam.

OBI A ONNI NOKWARE SUBAN TUMI SAN

Sikasɛm ho ɔbenfo Robert Innes a ɔwɔ University of California yɛɛ nhwehwɛmu bi. Ne nhwehwɛmu no ma ɛdaa adi sɛ “wɔn a wonni nokware suban tumi san afoforo.” Obi a onni nokware te sɛ obi a ɔwɔ nsanyare. Enti sɛ wofa ɔtorofo adamfo a, ɛnyɛ dɛn ara a ne suban no bi “bɛsan” wo.

Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛansuasua wɔn a wonni nokware no? Bible betumi aboa yɛn. Wo de, ma yɛnhwɛ Bible mu afotusɛm bi.

Dɛn na Obi Yɛ a Ɛkyerɛ sɛ Ɔnyɛ Ɔnokwafo?

Atorodi

Ɔbarima warefo bi a ɔreyi ne kawa

ƐYƐ DƐN? Sɛ yɛreka asɛm bi akyerɛ obi a ɛsɛ sɛ ohu asɛm no mu nokware, na yɛanka a, ɛkyerɛ sɛ yɛadi atoro. Nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wadi atoro no bi ne sɛ, obekyinkyim nokware no de adaadaa obi, ɔbɛka asɛm no na wagyaw bi, anaa ɔbɛhaahaa n’ani aka asɛm no sɛnea yebegye no adi.

NEA BIBLE KA: “Yehowa kyi okontomponi, na teefo na Ɔne wɔn di atirimsɛm.” (Mmebusɛm 3:32) “Afei a moayi nkontompo agu yi, mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.”​—Efesofo 4:25.

Ntwatoso

Mmarima mmienu bi reyɛ huhuhuhu, na ɔbarima foforo rewura dan no mu

ƐYƐ DƐN? Ɛne sɛ obi bɛhyɛ da atwa asɛm ato obi so de asɛe ne din.

NEA BIBLE KA: “Onipa kɔntɔnkye toto nnipa ntam, na nea ɔsɛe nkurɔfo din no tetew nnamfo ntam.” (Mmebusɛm 16:28) “Sɛ nnyina nni hɔ a, ogya dum, na sɛ dinsɛefo nni hɔ a, ntɔkwaw to twa.”​—Mmebusɛm 26:20.

Amimdi

Ɔbarima bi de wɔɔkye asie ne koot mu na ɔde ne nsa akyerɛ so

ƐYƐ DƐN? Ɛne sɛ obi bɛfa nyansakwan bi so adaadaa obi agye ne sika anaa n’agyapade.

NEA BIBLE KA: “Nsisi ɔpaani hiani a ne ho akyere no.” (Deuteronomium 24:14, 15) “Nea osisi ɔbrɛfo no bɔ ne Bɔfo ahohora, na nea ɔdom ohiani no hyɛ No anuonyam.”​—Mmebusɛm 14:31.

Korɔnbɔ

Ɔbi rewia ade wɔ obi bag mu

ƐYƐ DƐN? Sɛ wofa obi ade na woanka ankyerɛ no a, woabɔ korɔn.

NEA BIBLE KA: “Mma ɔkorɔmfo nnwia ade bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden, mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na ama wanya biribi a ɔde bɛma nea ahia no.” (Efesofo 4:28) Mommma wɔnnnaadaa mo. . . . Akorɔmfo anaa adifudepɛfo anaa asabofo anaa wɔn a wɔsopa afoforo anaa apoobɔfo rennya Onyankopɔn ahenni no.”​—1 Korintofo 6:9, 10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena