Sɛ agyinamoa yi nyinsɛn a, asram abien akyi no, otumi wo mma bɛyɛ abiɛsa
SƐ EDU anadwo kɔnkɔn wɔ anhweatam wosee so a, anhweatam so agyinamoa pue fi baabi a ɔhyɛ begyina petee mu. Otwa n’ani hwɛ baabiara tie nea ɛrekɔ so. Afei ɔkotow fam, na ɔwea nkakrankakra fa anhweatam no so.
Prɛko pɛ, ohuruw kyere abotokura a n’ani nna ne ho so no. Eyi akyi no, ɔtoa n’ahayɔ no so, na ohuruhuruw kyekyere mmoa anadwo mũ no nyinaa. Sɛ ɔkyere nam pii a ɔrentumi nwe wɔn nyinaa a, ɔde bi sie anhwea no mu. Ɔsan kɔhyɛ ne buw no mu anɔpatutuutu na ompue bio kosi anadwo. Susuw nneɛma ahorow bi a ɛyɛ nwonwa wɔ aboa a ne ho yɛ na yi ho hwɛ.