Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 3/15 kr. 10-11
  • Asɛm a Ɛkyekyɛɛ Wiase Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛm a Ɛkyekyɛɛ Wiase Mu
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AHEMFO NE POPEFO KYEKYƐƐ WIASE NO MU
  • AHYEƐ FOFORO
  • Amammerɛ Ahorow Ntam Asidi
    Nyan!—1992
  • So Ɛyɛ Ahyɛde a Wɔde Mae wɔ Onyankopɔn Din Mu?
    Nyan!—2013
  • Paapa No Akwantu Ahorow
    Nyan!—1984
  • Atomde, Sika Kɔkɔɔ, Gyidifo, Ne Anuonyam A Wɔhwehwɛ
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 3/15 kr. 10-11

ABAKƆSƐM

Asɛm A Ɛkyekyɛɛ Wiase Mu

Pope Alexander VI

BERE a Christopher Columbus kɔɔ Amerika bae afe 1493 mu no, na Spain ne Portugal hene nyinaa pɛ sɛ wɔdi aman foforo no so na wɔgye wɔn adwadie bɔ so. Spain hene de asɛm no kɔtoo Pope Alexander VI anim sɛ ɔnhwɛ nka.

AHEMFO NE POPEFO KYEKYƐƐ WIASE NO MU

Saa bere no, na Spain ne Portugal ne Popefo akyɛ nsase foforo a wɔhui no nyinaa afa dada. Afe 1455 mu no, Pope Nicholas V de nsase ne nsupɔ a ɛwɔ Atlantic mpoano wɔ Afrika no maa Portugalfo sɛ biribiara a wɔbɛnya wɔ so no wɔmfa. Afe 1479 mu no, Portugal hene Afonso V ne ne ba, Prince John ne Spain hene Ferdinand ne ne yere Isabella yɛɛ apam wɔ Alcáçovas, na wɔgyaa Canary Island maa Spain sɛ wɔnni so. Ɛbaa saa no, Spainfo nso gyaa Portugalfo sɛ wɔnni dwa wɔ Afrika. Afei wɔgye toom sɛ Azores, Cape Verde Island, ne Madeira nsase no yɛ Portugalfo dea. Mfe mmienu akyi no, Pope Sixtus IV gyee saa apam no toom, na ɔkae sɛ biribi foforo biara a wɔbɛhu wɔ Canary Island anafoɔ anaa apuei fam no bɛyɛ Portugalfo agyapade.

Nanso Portugal hene ba John a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no John II kaa sɛ nsase a Columbus kɔhuu no yɛ wɔn dea. Nanso Spainfo annye antom na wɔde asɛm no kɔdanee Pope Alexander VI sɛ ɔmma wɔn kwan ma wɔnni nsase a Columbus kɔhuu no so. Wɔkae sɛ ɔde ma wɔn a, wɔbɛma wɔn a wɔte so no abɛyɛ Kristofo.

Pope Alexander VI de ne kyerɛwdua na ɛkyekyɛɛ wiase no mu

Wei nti, Alexander de ahyɛdeɛ mmiɛnsa too dwa. Nea ɛdi kan, ɔkaa sɛ “ɔnam tumi a ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn” de ama no no so de nsase foforo no nyinaa ahyɛ Spainfo nsa afebɔɔ. Nea ɛtɔ so mmienu, ɔtwaa hyeɛ fii atifi kɔsii anafo, na na ɛkontɔn fa Cape Verde Island atɔe fam bɛyɛ kilomita 560. Alexander kaa sɛ, ɔman biara a ɛwɔ hɔ, ne foforo biara a wɔbɛhu no yɛ Spainfo dea. Enti Pope no de kyerɛwdua kɛkɛ na ɛkyekyɛɛ wiase no mu! Alexander ahyɛdeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa no maa ɛyɛɛ sɛ afei deɛ na Spain bɛtumi atrɛ ne tumidi mu akɔ atɔe fam akɔsi India. Nokwasɛm ni, asɛm yi hyɛɛ Portugal hene John II abufuw, efisɛ afei koraa na na ne nkurɔfo afa Afrika anafo fam ma enti India Po no abɛdi Portugalfo nsam.

AHYEƐ FOFORO

Ná John ani nnye nea na Alexandera reyɛ no ho, enti ɔde n’asɛm kɔtoo Ferdinand ne Isabella ankasa anim. William Bernstein kyerɛw sɛ, “Ná Spain ahemman no suro Portugalfo na na Amerikafo asase a wɔanya no agye wɔn adwene. Enti na wɔn ani gye ho sɛ wɔne Portugalfo bɛsi nkonnwa.” Wei nti, afe 1494 mu no, wɔyɛɛ apam bi wɔ Spain kuro bi a ɛde Tordesillas mu, na wɔde kuro no din too so.

Bere a wɔyɛɛ Tordesillas apam no, wɔansɛe ɛhyeɛ a Alexander twa too hɔ no, mmom wɔtrɛw mu kɔɔ akyire bɛyɛ kilomita 1,480. Ɔkwan bi so no, na Afrika ne Asia nsase nyinaa “abɛdi” Portugalfo nsam; na Spain nso faa Amerika nsase no. Esiane sɛ wɔtwee ɛhyeɛ no kɔɔ akyi nti, Brazil asase no bɛdii Portugalfo deɛ mu.

Tumi a ɛmaa Spain ne Portugal pere nsase fae no de mogyahwiegu na ɛbae. Saa tumi yi ma wɔtiatiaa nnipa a na wɔte aman no so fahodi so. Wɔhyɛɛ wɔn so sisii wɔn na wɔde wɔn yɛɛ nkoadwuma. Afei nso, ɛmaa aman ahorow dii ako pere tumi ne fahodi mfe pii.

a Sɛ wopɛ sɛ wohu pope a wagye dimmɔne yi ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae June 15, 2003, kratafa 26-29. Asɛmti no ne, “Alexander VI​—Pope a Rome Werɛ Remfi No.”

NOKWASƐM TIAWA

  • Pope a wɔdii so bae nyinaa kaa sɛ bere a Spain ne Portugal repere nsase no, wɔnhwɛ sɛ wɔbɛma abosonsomfo a wɔbɛhyia wɔn nyinaa adan Kristofo.

  • Afe 1493 mu no, Pope Alexander VI twaa hyeɛ too Atlantic Po no mu, na ɔkaa sɛ Spain mfa nsase a ɛwɔ atɔe fam no.

  • Asɛm a Alexander kae ne nea akyire yi afoforo kae no maa Spain ahoɔden ma ɔperee nsase foforo no.

  • Asɛm a Popefo kae no de ntawantawadi bɛtoo Europa aman bi ntam. Ebinom gyinaa so peree nsase na ebinom nso ko tiae.

“Aman a Wɔyɛ Dwɛɛ”

Asase mfonini a wɔakyɛ mu mmienu

Nwoma kyerɛwfo Barnaby Rogerson kaa sɛ, “Seesei sɛ nkurɔfo dwene nea enti a Roman Pope yi kyɛɛ wiase no mu maa Europa ahemman nketewa mmienu no ho a, ɛnsen wɔn tirim. Wei ma yɛhu sɛ edin a na wɔpɛ sɛ wɔgye ne dwɛɛ na ɛma wɔyɛɛ saa.” Rogerson toaa so sɛ, “Yɛbɛtumi aka sɛ Popefo ahyɛdeɛ yi na ɛmaa tete aman bi dii afoforo so atirimɔden so.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena