Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 6/15 kr. 10-11
  • Galileo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Galileo
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NYANSAHU NE ASƆRE NO
  • “Nanso Etwa Ne Ho!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nyansahu Ne Nyamesom Nea Ɛkɔfaa Ntawtawdi Bi Bae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nhoma A Wɔakyinkyim No
    Amansan Nhoma
  • Nyansahu Ne Bible—So Ɛbɔ Abira Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 6/15 kr. 10-11
Galileo

ABAKƆSƐM

Galileo

Bɛyɛ mfe 1400 kɔsi 1600 wɔ Yesu wu akyi no, nyansahufo ne nyansapɛfo a wɔwɔ Europa huu owia ne okyinsoroma ho nokwasɛm pii. Wɔn nhwehwɛmu no maa wɔhuu biribi a na ɛne Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ nhyia. Nyansahufo baako a na ɔdi wei mu akoten paa ne Galileo Galilei.

ANSA na Galileo reba no, na nnipa pii gye di sɛ owia ne okyinsoroma ne nsoromma nyinaa di asase ho kyinhyia. Adwene a ɛte saa na na Katolek Asɔre no kura mu dendeenden.

Na Galileo wɔ afidie bi a ɔde hwɛ nneɛma wɔ akyirikyiri, na ɛboaa no ma ɔhuu sɛ nea nyansahufo bi aka no nyɛ nokware. Ɛho nhwɛso ni: Ɔhuu nneɛma bi wɔ owia no ho, na ɔhwɛ a ɛte sɛ nea ɛretwa ne ho. Wei ma ɔgye toom sɛ owia no ankasa twa ne ho. Nea ɔhui no boaa nnipa pii ma wɔhuu sɛnea nsoromma ne owia yɛ adwuma. Nanso wei de ntawantawadi baa Galileo ne Katolek Asɔre no ntam.

NYANSAHU NE ASƆRE NO

Galileo de nea wahu no reto dwa

Ansa na wɔrewo Galileo mpo no, na nsoromma ho nimdefo bi a wɔfrɛ no Nicolaus Copernicus a ɔfi Poland adi kan ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ asase di owia ho kyinhyia. Galileo gyee bere suaa Copernicus kyerɛwtohɔ no, na nhwehwɛmu a ɔno ankasa yɛe no maa ɛdaa adi sɛ Copernicus kyerɛwtohɔ no yɛ nokware. Mfiase no Galileo twentwɛn ne nan ase sɛ ɔde nea wahu no bɛto dwa, efisɛ na ɔsuro sɛ ɔmanfo bɛdi ne ho fɛw. Nanso ɛduu baabi no, na ɔntumi mfa nea wahu wɔ n’afidie so no nsie bio, enti ɔde too dwa. Asɛm yi nti, na nyansahufo bi ne Galileo ani nhyia koraa, na yɛreka yi na asɔfo bi nso de no akɔgyina wɔn asɔredan mu regu n’anim ase.

Afe 1616 mu no, ɔsɔfo bi a na ne nkyerɛkyerɛ agye din a wɔfrɛ no Bellarmine ka kyerɛɛ Galileo sɛ Katolek Asɔre no ahyɛ mmara atia Copernicus asɛm no. Bellarmine kaa no dendeenden sɛ Galileo ntie nea asɔre no reka no. Afei Galileo kaa n’ano toom mfe pii, na wanka wɔ badwam sɛ asase no di owia ho kyinhyia.

Afe 1623 mu no, Katolek Asɔre no nyaa pope foforo a ɔde Urban VIII. Na pope foforo yi yɛ Galileo adamfo, na afe 1624 mu no Galileo ka kyerɛɛ no sɛ ɔntwa asɔre no mmara a wɔhyɛɛ no afe 1616 mu no mu. Nanso Urban ka kyerɛɛ Galileo sɛ ɔnhwɛ Copernicus kyerɛwtohɔ no ne Aristotle de no mu na ɔnkyerɛkyerɛ emu biara mu, nanso ɛnsɛ sɛ ɔgyina wɔn mu biara akyi.

Enti Galileo kyerɛw nwoma bi a wɔato din Dialogue on the Great World Systems. Na Pope no aka akyerɛ Galileo sɛ ɛnsɛ sɛ ɔgyina obiara akyi, nanso nwoma no daa no adi sɛ Galileo pene Copernicus kyerɛwtohɔ no so. Afei Galileo atamfo maa wɔn homene so, na wɔkaa sɛ ne nwoma no redi pope no ho fɛw. Wɔbɔɔ Galileo soboɔ sɛ ne nkyerɛkyerɛ ne asɔre no adwene nhyia, na wɔhunahunaa no ma ɔpoo Copernicus nkyerɛkyerɛ no. Afe 1633 no, Roma Asɛnnibea de Galileo too afiase na wɔbaraa ne nwoma no. Galileo wuu January 8, 1642 wɔ ne fie wɔ Arcetri, wɔ Florence mpɔtam.

Pope John Paul II gye toom sɛ ɛyɛ mfomso sɛ Katolek Asɔre no sɔre tiaa Galileo

Na Galileo nwoma no ka nwoma a Katolek Asɔre no abara sɛ Katolekni biara nkan no ho. Nanso afe 1979 no, asɔre no san hwɛɛ gyinae a Roma Asɛnnibea no sii bɛyɛ mfe 300 a atwam no. Afe 1992 mu no, Pope John Paul II gye toom sɛ ɛyɛ mfomso sɛ Katolek Asɔre no sɔre tiaa Galileo.

NOKWASƐM TIAWA

  • Wɔwoo Galileo Galilei afe 1564 wɔ Pisa, Italy. Pisa abantenten no ama kuro no agye din paa. Galileo kyerɛɛ ade wɔ Padua suapɔn mu, na akyiri yi ɔkɔtenaa Florence yɛɛ adwuma.

  • Ɛwom, ɛnyɛ Galileo na ɔde telescope baa wiase, nanso ɔboa maa ɛtuu mpɔn.

  • Nea Galileo ka faa asase ne owia ho nti Roma asɛnnibea no dii n’asɛm mprenu. Na asɛnnibea yi de asotwe ma wɔn a wɔn nkyerɛkyerɛ ne Katolek Asɔre no de nhyia.

Asɔre no Yɛɛ Galileo Ayayade Anaa?

Abakɔsɛm akyerɛwfo bi susu sɛ Roma Asɛnnibea no ma wɔyɛɛ Galileo ayayade. Bere a wɔrebu no atɛn no, wɔkaa sɛ ɛhia sɛ wɔyɛ ade “anibere so” na wɔahu Galileo adwene. Wei yɛ kasakoa, na mpɛn pii no ɛkyerɛ “ayayade,” anaa “ahunahuna.”

Animdefo bi ka sɛ na ayayade no gu ahorow. Ɛtɔ da a, nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔde nneɛma a wɔde bɛyɛ obi ayayade no kyerɛ no, anaa wɔpa ne ho. Ebi wɔ hɔ nso a wɔbɛkyekyere no, anaa wɔbɛyɛ biribi ma wate honam mu yaw. Bɛsi nnɛ obiara nnim ade pɔtee a wɔde yɛɛ Galileo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena