“Nanso Etwa Ne Ho!”
AFEHA a ɛto so 16 mu Italiani nyansahufo ne abɔrehudeni Galileo Galilei kae sɛ: “Bible no kyerɛ ɔkwan a wɔfa so kɔ soro na ɛnyɛ sɛnea ɔsoro abɔde yɛ adwuma.” Gyidi horow te sɛ eyi maa akasakasa a ɛma wɔde ayayade ne afiasenna hunahunaa no baa ɔne Roman Katolek Asɔre no ntam. Bɛyɛ mfe 350 akyi no, asɔre no san hwehwɛɛ nea wɔyɛɛ Galileo no mu. Wɔaka nea esii wɔ Galileo nna no mu ho asɛm sɛ “nyansahu a egyina nea wɔahu so ne kateeyɛ a ntease nnim ntam akameakamedi.”
Ɛnnɛ, wɔn a wɔhwehwɛ nokware no betumi asua biribi afi Galileo osuahu no mu. Nanso dɛn nti na akameakamedi a ɛte sɛɛ bae? Nyansahufo adwenkyerɛ a na wogye tom wɔ ne bere so no mu a yɛbɛhwehwɛ bɛma yɛahu mmuae no.
Wɔ afeha a ɛto so 16 mfinimfini mu hɔ no, na wosusuw sɛ asase no wɔ amansan no mfinimfini. Na wosusuw sɛ okyinsoromma ahorow no twa wɔn ho si pɛpɛɛpɛ. Ɛwom sɛ na wɔmfaa nyansahu so nkyerɛe sɛ ɛyɛ nokware de, nanso na wogye nsusuwii yi di sɛ nokwasɛm a wogye tom. Nokwarem no, na nyansahu ne ɛho “adwenkyerɛ a ɛyɛ nwonwa” ne nyamesom yɛ ade biako.
Wiase a ɛte sɛɛ mu na Pisa abusua bi a wobu wɔn woo Galileo toe wɔ 1564 mu. Na ne papa pɛ sɛ osua aduyɛ, nanso abarimaa ɔsɛmpɛfo no ani begyee nkontaa ho. Ankyɛ, sɛ nyansahu mu ɔdenimfo no, ohuu sɛnea biribi tumi gyina faako ho nnyinasosɛm ahorow bi. Bere a ɔtee tete Hollandfo afiri a wɔde hwɛ ade kɛse bi ho asɛm no, osiesiei ma ɛyɛɛ papa na ɔyɛɛ n’ankasa de a eye kyɛn ɛno. Ɔde hwɛɛ ɔsoro na ɔkyerɛwee nea ohui no wɔ ne nhoma a edi kan a ɛne Sidereus Nuncius (Nsoromma Ɔsomafo) no mu, na ɔdaa Jupiter so asram anan adi kyerɛɛ n’awo ntoatoaso no. Wɔ 1611 mu no, wɔfrɛɛ no kɔɔ Roma ma ɔde nea ohui no kɔkyerɛɛ Jesuitfo Collegio Romano (Romafo Kɔlege) wɔ hɔ. Wɔnam nhyiam bi a wogyee nea ohui no toom wom no so hyɛɛ no anuonyam.
Asɔre no Sɔre Tiaa Nkyerɛkyerɛ No
Awerɛhosɛm ne sɛ ansa na Galileo refi Roma no, Jesuitni bi a ɔwɔ tumi kɛse, Cardinal Bellarmine maa wɔhwehwɛɛ Galileo nkyerɛkyerɛ no mu. Galileo gye dii sɛ mmara ahorow a nnipa nam adesua so betumi ahu na ɛkyerɛ abɔde kwan. Katolek Asɔre no annye adwenkyerɛ yi antom.
Nsoromma ho adenimfo bi mpo annye Galileo adwenkyerɛ no antom. Wogye dii sɛ afiri kɛse a wɔde hwɛ ade no ntumi mma wonhu biribi yiye, ne sɛ abɔrehude no yɛ nnaadaa. Ɔsɔfo biako kyerɛe mpo sɛ wayɛ nsoromma no ahyehyɛ afiri no mu! Bere a Galileo huu asram so mmepɔw, ma esii so dua sɛ ɔsoro abɔde no nyɛ kurukuruwa ankasa no, ɔsɔfo Clavius kae sɛ ɔsram no hyɛ ahwehwɛ mu, enti ɛwom sɛ obi betumi ahu mmepɔw no wom de, nanso ɛda so ara yɛ kurukuruwa ankasa. Galileo buae sɛ: “Eyi yɛ nsusuwii ara kwa na ɛnyɛ nokwasɛm ankasa.”
Anigye kɛse a na Galileo wɔ sɛ ɔbɛkenkan “Ɔdomankoma Nhoma” sɛnea ɔfrɛ adebɔ ho adesua no, maa okohuu Polandni nsoromma ho ɔdenimfo Nicolaus Copernicus nnwuma. Wɔ 1548 mu no, na Copernicus akyerɛw nhoma bi a ɛkyerɛ sɛ asase no twa owia no ho si. Galileo kyerɛe sɛ eyi yɛ ampa. Nanso, eyi de akasakasa baa Galileo ne ne bere so nyansahu, amammui ne nyamesom ahyehyɛde ahorow no ntam.
Ɛwom sɛ na Katolek Asɔre no de Copernicus nsoromma ho nimdeɛ no buu mmere te sɛ bere a wodi Easter de, nanso na ɛnyɛ nea wɔahyɛ da agye Copernicus adwenkyerɛ no atom. Asɔre no mpanyimfo gyinaa Aristotle nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ asase no wɔ amansan no mfinimfini no akyi. Nanso, Galileo adwenkyerɛ afoforo no gyee din a wɔwɔ no ne wɔn tumi ho kyim.
Ɛwom sɛ nyansahufo a wɔyɛ wɔn ankasa nnwuma a wɔwɔ Europa nyinaa yɛɛ adwuma de sii Copernicus nhyehyɛe no so dua de, nanso na nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛka ho asɛm wɔ nyansahufo nko ntam. Enti, Katolek Asɔre no anhaw wɔn. Galileo ankyerɛw nea ohui no wɔ Latin kasa nkutoo mu, na mmom Italia kasa a na nnipa a wɔba fam no ka nso mu, ma enti ɛma ɛhyetae. Asɔfo no tee nka sɛ ɛnyɛ wɔn nkutoo na ogye wɔn kyim na mmom Onyankopɔn Asɛm nso.
Ɛnyɛ Nyansahu Nhoma
Ɛwom, amansan no ho nokwasɛm a wobehu no nnye Onyankopɔn Asɛm no ho kyim. Saa Asɛm no asuafo nim sɛ Bible no nyɛ nyansahu nhoma, ɛwom sɛ sɛ ɛka nyansahu ho nsɛm a, ɛka no pɛpɛɛpɛ de. Wɔkyerɛw na ama gyidifo anyin wɔ honhom mu, na ɛnyɛ sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ nyansahu fã bi a ɛde physics anaasɛ nyansahu foforo bi mu. (2 Timoteo 3:16, 17) Galileo gye toom. Ɔkyerɛe sɛ kasa horow abien na ɛwɔ hɔ: nyansahu nsɛm ankasa ne akyerɛwfo a wɔde honhom kaa wɔn no da biara nsɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛho hia wɔ Kyerɛwnsɛm mu . . . sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ eyi mu ma nnipa a wɔba fam no ate ase, na aka nneɛma pii a ɛte sɛ nea ɛne nokware turodoo no nhyia (wɔ nea nsɛmfua no kyerɛ mu) no ho asɛm.”
Eyi ho nhwɛso wɔ Bible kyerɛw nsɛm ahorow mu. Biako ne Hiob 38:6, a Bible no ka asase ho asɛm wɔ hɔ sɛ ɛwɔ “nnyinaso” ne “twea abo” no. Ebinom de eyi di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ asase no si biribi so. Saa nsɛm no nyɛ nyansahu nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔ asase no ho, na mmom, asase no bɔ a wɔde toto ɔdansi ho wɔ anwensɛm kwan so, a Yehowa ne Ɔdansifo Kɛse no.
Sɛnea obi asetra mu nsɛm ho ɔkyerɛwfo L. Geymonat da no adi wɔ ne nhoma Galileo Galilei mu no: “Asɔfo a wɔn adwene sua a wɔpɛ sɛ wogyina Bible nsɛm so brɛ nyansahu ase no bɛka Bible no ankasa ho nsɛmmɔne. Pɛsɛmenkominya nti, nnipa a wɔasen wɔn kɔn yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. Wɔkyerɛw krataa akyiri yi kɔɔ Holy Office sɛ wɔnyɛ Galileo ho nhwehwɛmu.
Wɔ February 19, 1616 mu no, wɔde nsɛm abien yi too Katolekfo nyamekyerɛfo anim: (1) “owia no na ɛwɔ amansan no mfinimfini” ne (2) “asase no nni amansan no mfinimfini.” February 24 no, wobuu saa adwenkyerɛ yi sɛ nkwaseasɛm ne ɔsom mu atuatew. Wɔhyɛɛ Galileo sɛ ɔnkyerɛ nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ bio.
Wɔmaa Galileo kaa n’ano toom. Ɛnyɛ sɛ Katolek Asɔre no sɔre tiaa no nko, na mmom ne nnamfo antumi anyɛ hwee ammoa no nso. Ɔyɛɛ nhwehwɛmu nkutoo. Sɛ wɔansakra paapa no wɔ 1623 mu a, anka ebia wɔrente ne nka bio. Nanso, na paapa foforo no, Urban VIII, yɛ nhomanimfo ne Galileo okyigyinafo. Galileo tee sɛ paapa no bɛpene ma wakyerɛw nhoma foforo. N’ankasa kohuu paapa no mpo. Esiane sɛ na eyi da no adi sɛ paapa no gye nsusuwii afoforo tom nti, Galileo fii ase kyerɛw nhoma no.
Ɛwom sɛ na Galileo nam Katolekfo tumi krataa so kyerɛw Dialogue Concerning the Two Chief Word Systems nea edi kan no wɔ 1632 mu de, nanso bere tiaa bi mu no, paapa no ankɔ so ankyerɛ ho anigye bio. Bere a na Galileo adi mfe 70 no, wɔma ɔbaa Atirimɔden Asenni anim ne mprenu so. Na adwene a wɔanya sɛ watew ɔsom mu atua ho sobo no hwehwɛ sɛ odi kan kyerɛkyerɛ tumi a asɔre no de maa no sɛ ɔnkyerɛw nhoma no mu, na wɔkae sɛ Galileo nam nnaadaa so siw Copernicus nkyerɛkyerɛ a wɔabara dedaw no so. Esiane sɛ Dialogue de nsoromma nhyehyɛe a Copernicus de nso ka ho totoo ho nti, wɔkae sɛ wanni bara a wɔbarae no so.
Galileo buae sɛ ne nhoma no kasa tiaa Copernicus. Na ɛyɛ anoyi a ɛyɛ mmerɛw, efisɛ na waka biribi a edi boa Copernicus pefee wɔ nhoma no mu. Afei nso, ɔde paapa no nsɛm a ɔkae no hyɛɛ nhoma no muni bi a ne ti awu sen biara a wɔfrɛ no Simplicio ano, ma enti ɔhyɛɛ Paapa Urban VIII abufuw.
Wobuu Galileo Fɔ sɛ Watew Ɔsom mu Atua
Wobuu Galileo fɔ. Esiane sɛ na ɔyare dedaw na wohunahunaa no sɛ sɛ wansan nea ɔkae no a, wɔbɛyɛ no ayayade nti, ɔyɛɛ saa. Obuu nkotodwe kaa ntam sɛ: “Megyae bɔne ne ɔsom mu atuatew no . . . Merenka . . . nsɛm a ɛte sɛɛ a ebetumi ama wɔanya me ho adwene saa no bio da.” Anigyesɛm ne sɛ atetesɛm kyerɛ sɛ bere a ɔresɔre afi fam no, ɔde ne nsa bɔɔ fam na obesebesee n’ano sɛ “Eppur si muove! [Nanso etwa ne ho!]”
Asotwe a wɔde maa no ne afiasenna ne ayayade a n’ankasa bɛyɛ ne ho de akyerɛ ahonu kosi ne wu, ade a esii wɔ mfe akron akyi. Krataa bi a ɔkyerɛwee wɔ 1634 mu no kae sɛ: “Ɛnyɛ m’adwenkyerɛ biara na efii ɔko no ase, na mmom ɛyɛ Jesuitfo no anim dom a na minni no.”
Wɔmaa kwan sɛ wɔmfa ne nhoma nni dwuma wɔ 1882 mu. Nanso, 1979 ansa na Paapa John Paul II san pagyaw asɛm no na wogye toom sɛ “Asɔre no mu mmarima ne ahyehyɛde ahorow” maa Galileo “huu amane kɛse.” Mario D’Addio, bagua titiriw bi a Paapa John Paul II hyehyɛe sɛ ɛnsan nhwehwɛ Galileo atemmu wɔ 1633 mu no muni a wagye din kae wɔ Vatican atesɛm krataa a ɛne L’Osservatore Romano no mu sɛ: “Ɛte sɛ nea ɔsom mu atua a wɔkyerɛ sɛ Galileo tew no nni nnyinaso biara wɔ nyamekyerɛ anaa asɔre no mmara mu.” Sɛnea D’Addio kyerɛ no, Atirimɔden asenni no yɛɛ ade traa tumi a wɔde maa wɔn no—Galileo nkyerɛkyerɛ no ammu gyidi ho asɛm biara so. Vatican atesɛm krataa no gye toom sɛ atɛn a wobuu Galileo sɛ watew ɔsom mu atua no nni nnyinaso biara.
Dɛn na yesua fi Galileo osuahu no mu? Ɛsɛ sɛ Kristoni hu sɛ Bible no nyɛ nyansahu nhoma. Sɛ ɛte sɛ nea Bible no ne nyansahu bɔ abira a, enhia sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma “abirabɔ” biara ne wɔn ho ahyia. Efisɛ Kristofo gyidi nnyina nyansahu tumi so, na mmom “Kristo asɛm” so. (Romafo 10:17) Ɛno akyi no, nyansahu kɔ so sakra bere nyinaa. Wobehu ɔkyena sɛ ɔkyerɛkyerɛ bi a ebia na ɛte sɛ nea ɛne Bible no bɔ abira a agye din nnɛ no yɛ mfomso na wɔbɛpow.
Nanso, sɛ wɔretwe adwene asi Galileo asɛm no so de akyerɛ sɔre a nyamesom sɔre tia nyansahu no a, eye sɛ nyansahufo kae sɛ na Galileo nna no mu nhwehwɛmu ahyehyɛde no nnye nea ohui no ntom. Nea ɛne ne bere sofo nsusuwii bɔ abira no, Bible no ne saa nokware no mmɔ abira. Na enhia sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Ɛyɛ Katolek Asɔre no nkyerɛase a ɛnteɛ no na ɛde ɔhaw no bae.
Ɛsɛ sɛ amansan no mu biakoyɛ a edi mu ne adebɔ ho mmara no kanyan obiara ma ɔkyerɛ anisɔ kɛse ma Ɔbɔadeɛ a ɔne Yehowa Nyankopɔn no. Galileo bisae sɛ: “So Adwuma no nni nidi kɛse te sɛ Asɛm no”? Ɔsomafo Paulo bua sɛ: “[Onyankopɔn] su horow a aniwa nhu no ada adi, efisɛ wɔde adwene hu denam nneɛma a wayɛ no so.”—Romafo 1:20, New World Translation.