Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 7/15 kr. 10-11
  • Bere a Awareɛ Nhyehyɛe Bi Anyɛ Yie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Awareɛ Nhyehyɛe Bi Anyɛ Yie
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ayi M’adwene Afi Obi Ho Anigye a Manya no So?
    Nyan!—1994
  • Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’aware Nhyehyɛe Akɔ Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Na Sɛ Ɔmfa Ne Dɔ Mma Me Ɛ?
    Nyan!—1998
  • Sɛ M’awofo Te Nka sɛ Misua sɛ Mɛyɛ Nhyehyɛe Apue Nso Ɛ?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 7/15 kr. 10-11
Aberante bi ne ababaa bi atwa awareɛ nhyehyɛe mu na ɔredwene ho

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMABUN

Bere a Awareɛ Nhyehyɛe Bi Anyɛ Yie

ƆHAW NO

“Ná mesusu sɛ manya obi a ɔfata me. Mekaa no me tirim sɛ, ‘Aberante yi ara na me ne no bɛwu.’ Nanso abosome mmienu akyi no, mehuu sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwa mu. Anokwa, mannye anni sɛ biribi a yɛhyɛɛ ase fɛfɛɛfɛ bɛtumi aba awie prɛko pɛ saa!”—Anna.a

“Ná ɛyɛ me sɛ yɛn biribiara hyia. Na ɛyɛ me sɛ yɛaware ara ne sa. Nanso akyiri yi, ɛbɛdaa adi sɛ yɛn adwene nhyia koraa. Mehuu sɛ mereyɛ adi mfomso kɛse, enti me ne aberante no twaa mu.”—Elaine.

Biribi saa ato wo da? Sɛ saa a, asɛm yi bɛtumi aboa wo.

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Sɛ wo ne obi yɛ nhyehyɛe na ɛsɛe a ɛyɛ ya; wo na wotwaa mu mpo a ɛbɛtumi aha wo. Ababaa bi a ɔde Sarah ne aberante bi yɛɛ awareɛ nhyehyɛe, na abosome nsia akyi na ɔtwaa mu. Sarah kaa sɛ: “Ɛhaa me paa! Wo deɛ hwɛ sɛ wo ne obi ayɛ nhyehyɛe sɛ mobɛware, afei prɛko pɛ biribiara aba awie! Na yɛwɔ nnwom bi a yɛn ani gye ho paa; mete pɛ na makae no. Bio nso nea ɛhia ara ne sɛ mekɔ baabi a yɛakɔ pɛn, na mafe no. Ampa, me ara na mekaa sɛ yɛntwam, nanso mamfa no ahogono!”

Wo ne obi twam a ɛyɛ ya, nanso ebia na ne papa mu a. Elaine ka sɛ: “Wo ne obi yɛ nhyehyɛe na nneɛma nkɔ yie a, ɛyɛ a wompɛ sɛ wobɛyɛ biribi a ɛbɛha no. Nanso wotumi hu paa sɛ motoa so a, daakye ɛremmoa mo mu biara.” Sarah nso kaa biribi saa. Ɔse: “Sɛ wo ne obi bɔ na mo ani nnye a, ɛkyerɛ sɛ moware a, ebia mo ani rennye. Enti ne papa mu ne sɛ mode bɛsi hɔ ara.”

Sɛ nhyehyɛe no sɛe a, ɛnkyerɛ sɛ woyɛ onipa bɔne. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ moyɛ awareɛ nhyehyɛe a, ɛnkyerɛ sɛ ɔkwan biara so ɛbɛkɔ akɔwie awareɛ mu, mmom ɛboa ma mohu sɛ mobɛtumi aware anaa montumi. Sɛ mo mu biara tirim ntene no a, ɛbɛyɛ papa sɛ motwa nhyehyɛe no mu. Enti sɛ woyɛ nhyehyɛe bi na ɛgu a, ɛnkyerɛ sɛ wo wiase nyinaa aba awie. Mma w’abam mmu! Ɛnneɛ, dɛn na ɛbɛboa wo?

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Gye nea aba no tom. Bere a asɛm a ɛte saa too Elaine no ɔkaa sɛ: “Na yɛnnyɛ nnamfo bi kɛkɛ, na ɔyɛ me yɔnko berɛboɔ ankasa.” Wo ne wo dɔfo bi ntam sɛe a, ɛnyɛ dɛn ara a wobɛdi ho awerɛhoɔ kakra. Aberante bi a ɔde Adam kaa sɛ: “Sɛ wogye tom sɛ twa ara na ɛsɛ sɛ motwa nhyehyɛe no mu mpo a, ɛnyɛ dɛn ara ɛbɛka wo, wobɛdi ho yaw.” Ebia wobɛyɛ sɛ Ɔhene Dawid. Ɔde awerɛhoɔ kaa sɛ: “Me mpa fɔ anadwo mũ nyinaa.” (Dwom 6:6) Ɛtɔ da a, woamfa yaw no mu a, yaw no mfi hɔ. Enti gye nea aba no tom. Woyɛ saa a, wo ho bɛtɔ wo ntɛm.—Bible mu asɛm: Dwom 4:4.

Hwehwɛ wɔn a wɔbɛtumi aboa wo. Nokwasɛm ni, nea yɛreka yi nna fam. Anna a yɛaka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Mfiase no, na mempɛ obiara anim ahwɛ. Na m’adwene nyinaa atu afra, enti na mempɛ sɛ obiara bɛha me.” Akyiri yi ɔhuu sɛ ɛbɛyɛ papa mmom sɛ ɔbɛbɛn ne nnamfo ma wɔaboa no. Ɔkaa sɛ: “Seesei mehu sɛ me ho abae me. Bere a nhyehyɛe no sɛeɛ no, meyɛɛ hahaaha, nanso seesei ɛnyɛ me saa bio.”—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 17:17.

Sua biribi fi mu. Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na mɛtumi asua afi nea asi no mu? Sɛ daakye me ne obi foforo yɛ nhyehyɛe a, nsakrae bɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?’ Ababaa bi a ɔde Marcia kaa sɛ: “Bere a me nhyehyɛe gui no, memaa me ho bere kakra, na ɛno akyi no mehuu nneɛma ani so yie. Ɛno mpo no, ɛgyee bere ansa na meresan asi me dada mu.” Adam nso kaa biribi saa ara: “Bere a me nhyehyɛe gui no, ɛgyee afe ansa na meresan agyina me nan so bio. Nanso mfe bi twaam ansa na meretumi asua biribi afi nea ɛsii no mu. Nea mefaa mu no ma mehuu me ho yie, na mesuaa sɛnea me ne mmaa ne afoforo bɛdi. Seesei ɛnyɛ me ya pii sɛ kan no.”

Sɛ adwennwene hyɛ wo so a, bɔ ho mpae. Bible ka sɛ, “wɔn a wɔn akoma abubuo no,” Onyankopɔn sa wɔn yareɛ, na “ɔkyekyere wɔn akuro.” (Dwom 147:3) Ɛwom, ɛnyɛ ɔno na ɔpɛ kunu anaa yere ma yɛn, na sɛ yɛn awareɛ nhyehyɛe nso ankɔ yie a, yɛntumi mmɔ no soboɔ. Nanso Onyankopɔn dwene yɛn ho na ɔpɛ sɛ ɛsi yɛn yie. Enti fa wo haw ne wo dadwene nyinaa to n’anim.—Bible mu asɛm: 1 Petro 5:7.

a Wɔasesa edin ahorow no.

KYERƐWNSƐM ATITIRIW

  • ‘Mo bo fu a, momma mo nsɛm ntena mo akoma mu mo mpa so.’—Dwom 4:4.

  • ‘Ɔyɔnko berɛboɔ, wɔwoo no maa ahohia da.’—Mmebusɛm 17:17.

  • “Monto mo dadwene nyinaa ngu [Onyankopɔn] so, ɛfiri sɛ ɔdwene mo ho.”—1 Petro 5:7.

“KOMA NO TUMI SA NE HO YAREƐ”

“Bere a me ne ɔbarima no twaa yɛn nhyehyɛe mu no, na ɛyɛ me sɛ mfomso no nyinaa fi me. Enti na m’adwene atu afra, na mayɛ ankonam, na na me ara mehu sɛ magyegya. Nokwasɛm ni, sɛ obi te wo koma a, ɛyɛ ya sen biribiara. Nanso sɛnea Onyankopɔn yɛɛ yɛn no yɛ nwonwa paa; asɛm kyɛ a, na ɛyaw no so ate. Ɛyɛ a yɛka sɛ ‘ɔdɔ bi yɛ owuo,’ nanso Onyankopɔn anyɛ ɔdɔ sɛ ɛnkum yɛn. Ɛgye bere ansa na obi de ne koma ama obi, enti sɛ biribi si na wɔn ntam tete a, ɛbɛgye bere ansa na ɛyaw no afi hɔ. Nanso ɛkyɛ sɛ dɛn koraa a ɛbɛkɔ, efisɛ koma no tumi sa ne ho yareɛ.”—Marcia.

Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ, Questions Young People Ask—Answers That Work, Volume 1, kratafa 31. Kɔ PUBLICATIONS > BOOKS & BROCHURES.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena