Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 11/15 kr. 7-9
  • Nnipa a Wɔwɔ Ani Nanso Wɔnhu Adeɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa a Wɔwɔ Ani Nanso Wɔnhu Adeɛ
  • Nyan!—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Boa Anifuraefo Ma Wɔnhu Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nkyerɛwee a Ɛsesa Nkurɔfo Abrabɔ
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Di Anifuraefo Adanse
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nkurɔfo Aniwa a Wobue wɔ Asɛmpa no Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 11/15 kr. 7-9
Paqui ne ne kunu

Nnipa a Wɔwɔ Ani Nanso Wɔnhu Adeɛ

“Wɔwoo me no, wɔde aduro bi guu m’ani so, ná ano yɛ den enti ɛsɛee m’ani kakra. Medii bɛyɛ mfe 20 mpo deɛ, m’ani furae koraa ma enti na menni anigye.”—Paqui; ɔbaa bi a ɔne ne kunu nyinaa ani afura.

NEA ɛde anifurae ba dɔɔso. Sɛ obi yare anaa opira a, ɛbɛtumi aka n’amemene ama n’ani afura. Sɛ obi ani nhu adeɛ papa anaasɛ n’ani fura koraa a, ɛma ne werɛ ho, ɛma ɛhu ka no, na ɛyɛ den sɛ ɔbɛgye atom. Nanso ɛbinom mma wei mmu wɔn abam; wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn ani agye.

Yɛn ani na yɛde hwɛ biribiara. Enti sɛ obi ani fura a, nneɛma a anka ɔde n’ani bɛhu no, ɔde n’aso, ne hwene, ne nsa ne ne tɛkrɛma na ɛhu.

Nwoma bi a ɛde Scientific American kyerɛ sɛnea adwene no yɛ adwuma. Ɛka sɛ adwene no tumi yɛ “nneɛma pii.” Ɛsan ka sɛ, “Adwene no na ɛkura nipadua no nyinaa. Enti nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ nipadua no fa bi ho ka a, adwene no tumi boa akwaa a aka no ma ɛyɛ adwuma yie.” Yɛnhwɛ bi:

Aso: Yɛtumi de obi nanteɛ ne ɛne a ɔde kasa hyɛ no nso. Onifuraefo bi a ne din de Fernando kaa sɛ, “Mede nkurɔfo nanteɛ ne wɔn nne na ɛhu wɔn.” Juan nso ani afura; ɔkaa sɛ, “Onifuraefo deɛ, nkurɔfo nne na ɔde hu wɔn.” Sɛ obi ani agye anaa ne werɛ aho a, ɛne a ɔde kasa no ma yɛhu. Enti anifuraefo nso, wɔtumi de nkurɔfo nne hu sɛnea wɔte nka.

Esiane sɛ anifuraefo nhu adeɛ nti wɔn aso di boa wɔn paa. Yɛmfa no sɛ nsuo retɔ anaa kar reba a, wɔte. Sɛ wɔwɔ dan bi mu a, ɛhɔ nnyegyee ma wɔtumi hu sɛnea ɛhɔ kɛse te. Wɔn aso boa wɔn ma wɔtumi hu baabi a ɛsɛ sɛ wɔfa na wɔampira.

Ɛhwene: Adeɛ baako nso a ɛboa anifuraefo yɛ wɔn hwene. Ɛnyɛ nneɛma hwa nko ara na ɛma wɔte, ɛsan ma wɔhyɛ baabi nso. Nhwɛso bi ni, sɛ anifuraefo nam abɔnten a, baabi hwa ma wɔtumi hu sɛ yɛtɔn aduane wɔ hɔ, anaasɛ ɛhɔ yɛ dwam. Ɛne bi a wɔtaa te ne wɔn nsa nso boa wɔn ma wɔhyɛ nneɛma nsow.

Nsa: Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Francisco kaa sɛ “Me nsa na ɛyɛ m’ani.” Anifuraefo sɔ abaa mu a wɔtumi nante. Wɔwoo Manasés no, na n’ani afura, enti abaa na ɔde suaa nante. Ɔkaa sɛ “m’aso, me hwene, me nsa ne m’adwene boa ma mehu baabi a mewɔ. Menam nso a abaa no nti mehu kwan.”

Obi rekenkan Ɔwɛn-Aban a wɔakyerɛw no Braille mu

Obi rekenkan Ɔwɛn-Aban a wɔakyerɛw no Braille mu

Anifuraefo pii de wɔn nsa kenkan nwoma a wɔde anifuraefo nkyerɛwde (Braille) ayɛ. Seesei, nneɛma bebree wɔ hɔ a anifuraefo bɛtumi de asua adeɛ na wɔne Onyankopɔn afa adamfo. Nwoma a ɛwɔ Braille mu da nkyɛn a, nneɛma a wɔbɛbɔ atie ne kɔmputa so dwumadie pii wɔ hɔ. Wei ma wɔtumi kenkan Bible ne Bible ho nwoma ahorow.a

Saa nneɛma yi aboa Paqui ne ne kunu a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no paa. Ama wɔanya awerɛkyekye ne anidaso. Seesei wɔyɛ Yehowa Adansefo, na wɔn nuanom a wɔne wɔn som no boa wɔn paa. Paqui kaa sɛ, “Seesei yɛn ani gye na yɛtumi yɛ nneɛma pii nso.”

Obi ani fura a ɛnna fam. Nanso sɛnea amemene no ne nipadua no akwaa ahorow yɛ adwuma nti, ɔbɛtumi ayɛ nneɛma bebree ama n’ani agye!

a Yehowa Adansefo atintim Bible ho nwoma ahorow wɔ kasa bɛboro 25 wɔ Braille mu.

M’ani Afura, Nanso Memmɔɔ Asesa

Marco Antonio ne ne kraman, Dante

Owura Marco Antonio wɔ yere ne mma, na ɔne obi nso abue adwuma. Wɔwoo no no, na n’ani afura. Nyan! kyerɛwfo ne no twetwee nkɔmmɔ faa anigye a wanya ne ɔhaw a wahyia ho.

Wokɔ adwuma a dɛn na woyɛ?

Obi frɛ a me na mefa fon no, na wɔn a yɛne wɔn di dwa no nso, me ne wɔn na ɛdi nsawɔsoɔ. Afei biribiara a ɛfa bank ho nso, me na meyɛ ho adwuma.

Ɛdeɛn na wode gyegye w’ani?

Mepɛ nnwom paa. Mebɔ nnwom a na m’akoma atɔ me yam. Ɛtɔ da nso a mebɔ sanku. Esiane sɛ m’ani afura nti, mentumi mfa me nsa mmienu nyinaa mmɔ. Enti da a ɛdi kan a mɛbɔ no, mede me nsa nifa kenkan a na mede benkum no abɔ, efisɛ merentumi nkenkan nnwom a wɔde Braille akyerɛw na mensan mfa me nsa mmienu mmɔ. Ɛno nti, ɛyɛ a mebɔ ara ma emu nsɛm no ka me tirim ansa na akyiri yi matumi de me nsa mmienu abɔ.

Woahyia ɔhaw bi pɛn?

Meyɛ abofra no, m’awofo ne me nuanom hwɛɛ me yie paa; wɔanyɛ me sɛ yarefoɔ. Mayɛ onifuraefo yi deɛ, ɛtɔ da a me nan tumi kɔpem biribi anaa mete hwe. Nanso nneɛma a wɔn a wɔn ani hu adeɛ yɛ no, na me nso metumi yɛ mu bebree. Menyinii no, adeɛ a na ɛha me paa ne sɛ mentumi nka kar.

Seesei m’aware awo na anigye wɔ yɛn abusua mu paa; obiara boa ne yɔnko. Nanso me ba David nso afa me yareɛ no bi, enti mereboa no ama wahu nea ɔbɛtumi ayɛ. Mepɛ sɛ ɔhu sɛ sɛ ɔto ne bo ase wɔ abrabɔ mu na ɔyere ne ho a, ɔbɛtumi ayɛ nneɛma pii.

Seesei mehu sɛ wo ne ɔkraman na ɛnante. Adɛn ntia?

Me kraman no din de Dante. Me ne no nam a mensuro na ɛma me ho yɛ ha. Meyere Loli de ɔhu adeɛ, enti merekɔ baabi a mennim hɔ a, ɔkɔgya me ne Dante sɛnea yɛbɛtumi ahyɛ kwan no nso. Ahyɛase no, na mennye nni sɛ ɔkraman no bɛtumi aboa me, enti me ne no nam a na mesuro. Nanso wama magye no adi paa. Yɛnam na sɛ mekyekyere n’ano a, biribiara ntwetwe n’adwene.

Menim sɛ woyɛ Yehowa Danseni. Woyɛ dɛn sua Bible?

Kan no, na nneɛma a anifuraefo de sua adeɛ nnɔɔso, enti me yere Loli boaa me paa. Ɔno na na ɔkenkan Bible ne Bible ho nwoma ahorow kyerɛ me. Enti na metumi ma ɔkasa wɔ Kristofo nhyiam ase. Seesei deɛ, yɛwɔ Bible ne Bible ho nwoma a wɔde Braille akyerɛw, enti me ara metumi kenkan adeɛ. Afei nso metumi kɔ Yehowa Adansefo wɛbsaet jw.org so kɔtwe nneɛma bɔ tie. Braille no tumi ma mekenkan adeɛ wɔ kɔmputa so. Wɔayɛ nneɛma nketenkete bi wɔ kɔmputa no so a ɛma metumi nya Braille nkyerɛwde. Ɛyɛ anika kɛkɛ!

Seesei mekɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Madrid, Spain kɔboa ma wɔyɛ nwoma ahorow wɔ Braille mu. Saa akwannya yi ama m’ani agye paa. Wɔn a wɔyɛ Braille no mpɛ sɛ wɔyɛ biribi a anifuraefo nte ase. Enti wɔmfa yɛn a yɛn ani afira no adwenkyerɛ nni agorɔ koraa. Wei nti mɛtumi de me nsa asi me bo aka sɛ me nuanom a me ne wɔn som no pɛ m’asɛm na wɔbu me.

Wowɔ nkurɔfo a wo ne wɔn bɔ?

Aane. M’abusuafo ne me nuanom Yehowa Adansefo paa na me ne wɔn bɔ kɛse. Yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn kɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn. Wɔma m’ani gye; wɔmma mente nka sɛ meyɛ yarefoɔ na ɛtɔ da mpo a, wɔn werɛ fi sɛ m’ani afura!

Bio nso, asɛnka adwuma no ma menya kwan ka anidaso a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Nsɛm no bi ne nea ɛwɔ Yesaia 35:5 no. Ɛka sɛ, “anifirafoɔ ani bɛbue.” Yesu wɔ asase so no, ɔsaa anifuraefo yareɛ de kyerɛɛ nea ɔbɛyɛ daakye. (Mateo 15:30, 31) Nea Yesu yɛe no ma yɛhu sɛ anifurae nso ka yareɛ a ɔbɛtu ase no ho. Paradise ba asase so a, obiara nni hɔ a ɔbɛbue n’ano aka sɛ, ‘Meyare anaa madi dɛm.’​—Yesaia 33:24; Luka 23:43.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena