Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 March kr. 7
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Di Anifuraefo Adanse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Di Anifuraefo Adanse
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Boa Anifuraefo Ma Wɔnhu Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nkyerɛwee a Ɛsesa Nkurɔfo Abrabɔ
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
  • Nnipa a Wɔwɔ Ani Nanso Wɔnhu Adeɛ
    Nyan!—2015
  • Nkurɔfo Aniwa a Wobue wɔ Asɛmpa no Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 March kr. 7
Onuawa bi a n’ani afura rekenkan ade wɔ braille mu.

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu​—Di Anifuraefo Adanse

NEA ENTI A ƐHO HIA: Wɔn a wɔn ani afura no mu pii wɔ hɔ a, wɔn ani nnye ho sɛ wɔne obi a wonnim no bɛbɔ nkɔmmɔ. Wei nti, egye mmɔdenbɔ paa na yɛatumi adi wɔn adanse. Yehowa dwen anifuraefo ho paa. (Le 19:14) Yɛn nso, sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛboa anifuraefo ama wɔne Yehowa afa adamfo a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • ‘Hwehwɛ’ wɔn a wɔn ani afura. (Mt 10:11) Wunim obi a ne busuani bi ani afura? Sɛ wohwɛ w’asasesin mu a, mowɔ anifuraefo sukuu bi anaa adwumakuw bi a wɔhwɛ anifuraefo a wobehia anifuraefo nhoma anaa?

  • Ma onhu sɛ wudwen ne ho. Sɛ wuhyia obi a n’ani afura na woma ohu sɛ wudwen ne ho, anaa ne ho hia wo a, ɛbɛma ne koma atɔ ne yam. Wubetumi ne no abɔ biribi a ɛrekɔ so wɔ mpɔtam hɔ ho nkɔmmɔ

  • Ma anifuraefo nsa nka yɛn nhoma ahorow a ɛbɛboa wɔn ama wɔabɛn Yehowa. Yehowa ahyehyɛde no ayɛ anifuraefo nhoma ahorow a wubetumi de aboa wɔn a wɔn ani afura ne wɔn a wonhu ade papa no. Bisa no sɛ, sɛ ɔpɛ sɛ osua ade a, ɔyɛ no sɛn? Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no hwɛ hu sɛ, onua a ɔhwɛ nhoma so no akra nhoma a onifuraefo no hia

Nhoma a wɔatintim ama anifuraefo ne wɔn a wonhu ade papa wɔ kasa ahorow mu no, wubenya bi wɔ nea edidi so yi mu:

  • Ɔdio fael ahorow a ɛwɔ yɛn wɛbsaet ne JW Library so a obetumi abɔ atie

  • Nkyerɛwee akɛse

  • Braille

  • Ɛlɛtrɔnik fael ahorow ma wɔn a wotumi kenkan na wɔkyerɛw Braille (wɔde afiri bi a etumi sesa nkyerɛwee kɔ braille mu ne afiri bi a ɛsan bɔ ma wutie na ɛyɛ saa)

  • Ɛlɛtrɔnik fael ahorow a wɔbɔ tie (obetumi de kɔmputa so dwumadi bi abɔ atie)

Mfoni: 1. Onuawa bi rekenkan ade wɔ braille mu. 2. Onuawa bi de afiri a wɔde kyerɛw braille reyɛ kyerɛwtohɔ.

Obi rekan nhoma wɔ braille mu; obi nso de afiri bi rekyerɛw ade wɔ braille mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena