Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g17 nɔma 2 kr. 8-9
  • Bere a Obi Maame Anaa ne Papa Awu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Obi Maame Anaa ne Papa Awu
  • Nyan!—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • NEA ƐSƐ SƐ WUHU
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Mmofra a Wɔredi Awerɛhow
    Nyan!—2017
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow No Ano?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • Sɛnea Wubegyina Awerɛhow Ano—Nea Wubetumi Ayɛ Nnɛ
    Nyan!—2018
  • So Saa Ara Na Obiara Te Nka?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2017
g17 nɔma 2 kr. 8-9
Obi asɔ abofra bi nsa wɔ asiei

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA

Bere a Obi Maame Anaa ne Papa Awu

ƆHAW NO

Bere a abaayewa bi a yɛfrɛ no Dami dii mfe nsia no, ntini mu yare bi kum ne papa. Abarimaa bi nso de Derrick. Odii mfe nkron no, komayare kum ne papa. Abaayewa bi a ɔde Jeannie nso, bere a odii mfe nson no, ne maame nyaa kokoram wɔ ne mmadwoa mu. Maame no koo yare no afe baako, na ɛno akyi no owui.a

Mmofra mmiɛnsa a yɛaka wɔn ho asɛm yi, wɔannyin annu baabiara na wɔn awofo wui mpofirim. Asɛm a ɛte saa ato wo pɛn? Sɛ saa a, asɛm yi betumi aboa wo ma woagyina ano.b Nanso nea edi kan koraa no, ma yensusuw awerɛhodi ho nokwasɛm kakra ho nhwɛ.

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Ɛsono ɔkwan a obiara fa so di awerɛhow. Ɛno kyerɛ sɛ, sɛ obi redi awerɛhow a, sɛnea ɔyɛ n’ade no, ebia ɛnyɛ saa na woyɛ. Nhoma bi kaa sɛ: “Sɛ yɛn ho nipa bi wu na yɛpɛ sɛ yegyina ɛyaw no ano a, mmara biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yedi so, na ɔkwan pɔtee biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛfa so.” (Helping Teens Cope With Death) Nea ehia ara ne sɛ yɛrenka yɛn awerɛhow nhyɛ sɛnea ɛnsɛ. Adɛn ntia? Efisɛ . . .

Woka w’awerɛhow hyɛ a, ebetumi apira wo. Yɛadi kan aka Jeannie ho asɛm. Nea ɔkae ni: “Ná mepɛ sɛ mehyɛ me nua ketewa no den, enti mehyɛɛ m’awerɛhow so. Ɛde besi nnɛ, mebɔ mmɔden sɛ mɛhyɛ yaw a midi no so, nanso ɛmmoa me.”

Abenfo gye wei tom. Nhoma bi kaa sɛ: “Sɛ woka w’awerɛhow hyɛ anaa wode sie a, ɛrentumi nhyɛ wo ho daa. Bere a wonhwɛ kwan no, ɛbɛsan aba. Na ɛba a, ebetumi ama woanya adwenemhaw anaa abɔ wo yare mpo.” (The Grieving Teen) Awerɛhow a ebinom pɛ sɛ wɔhyɛ so nti, wɔnom nsa tra so anaa wɔnom nnubɔne.

W’adwene betumi atu afra bere a woredi awerɛhow no. Ɛho nhwɛso na edidi so yi. Ebinom bo fuw nea wawu no, efisɛ wosusuw sɛ nea wawu no “agyaw” wɔn akwantifi. Afoforo nso, sɛ wɔn dɔfo bi wu a, wɔbɔ Onyankopɔn sobo sɛ wansiw ano. Nnipa pii nso, ebia wɔyɛɛ nneɛma bi anaa wɔkaa asɛm bi tiaa nipa no ansa na ɔrewu. Esiane sɛ wontumi nyɛ ho hwee nti, wobu wɔn ho fɔ.

Enti yɛahu sɛ, sɛ obi redi awerɛhow a nneɛma pii na ɔfa mu. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woadi awerɛhow so na woakɔ so abɔ wo bra?

NEA WUBETUMI AYƐ

Ka w’asɛm kyerɛ obi. Sɛ awerɛhow hyɛ wo so a, ebetumi ama woatew wo ho afi nnipa mu. Nanso sɛ woka w’asɛm kyerɛ wo busuani bi anaa w’adamfo a, ɔbɛboa wo ma woagyina w’awerɛhow no ano na ammunkam wo so.​—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 18:24.

Yɛ kyerɛwtohɔ. Wo papa anaa wo maame a wawu no, kyerɛw ne ho asɛm to hɔ. Dɛn na w’ani gye ho paa wɔ ne ho a wubetumi de akae no? Kyerɛw suban pa a wunim fa ne ho. Emu nea ɛwɔ he na wobɛpɛ sɛ wusuasua?

Sɛ adwennwen hyɛ wo so a, sɛnea wote nka ne nea enti a wote nka saa no, kyerɛw to hɔ. Ebetumi aba sɛ, wuntumi nyi asɛm bi a woka tiaa wo maame anaa wo papa ansa na ɔrewu no mfi wo tirim. Kyerɛw ne nyinaa to hɔ. Wubetumi akyerɛw biribi sei: “Ade rebɛkye ama me papa awu no, me ne no nyaa akasakasa. Ama m’ahonim bu me fɔ.”

Afei bisa wo ho sɛ ehia sɛ wubu wo ho fɔ anaa. Nhoma bi a yɛfrɛ no The Grieving Teen kaa sɛ: “Sɛ woyɛ biribi na woannya kwan ansrɛ bɔne fafiri a, ɛnsɛ sɛ wubu wo ho fɔ efisɛ na wunnim sɛ ɛbɛba no saa. Obiara nni hɔ a obetumi aka sɛ ɔno deɛ, ɔrenka anaa ɔrenyɛ biribi a akyiri yi ebehia sɛ ɔpa ho kyɛw.”​—Bible mu asɛm: Hiob 10:1.

Hwɛ wo ho so yiye. Nya bere da, tenetene w’apɔw mu yiye, na di aduan pa. Sɛ w’anom ato a, da mu no nyinaa hwɛ sɛ wubedi aduan nketenkete bi a ahoɔden wom kosi sɛ wubetumi adidi yiye. Mfa sradeduan anaa nsa nnwudwo w’awerɛhow no ano; ɛbɛma ayɛ kɛse mmom.

Fa w’asɛm to Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu. Bible ka sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.” (Dwom 55:22) Mpaebɔ nyɛ biribi a ɛbɛma wo ho atɔ wo kɛkɛ. Ɛyɛ nkitaho ankasa a wo ne Onyankopɔn di. Ɔno na “ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.”​—2 Korintofo 1:3, 4.

Akwan pii wɔ hɔ a Nyankopɔn fa so kyekye wɔn a wodi awerɛhow no werɛ. Emu baako ne n’Asɛm Bible no. Bible ka tebea a awufo wom ne owusɔre anidaso ho asɛm. Adɛn nti na wonhwehwɛ mu?c​—Bible mu asɛm: Dwom 94:19.

a Wubetumi akenkan Dami, Derrick, ne Jeannie ho nsɛm pii wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

b Ɛwom, yɛreka bere a obi papa anaa ne maame awu ho asɛm. Nanso sɛ obi nua anaa n’adamfo nso wu a, obetumi de afotusɛm yi ayɛ adwuma.

c Hwɛ Ɔwɛn-Aban No. 3 2016, kratafa 3-8. Wubetumi atwe bi wɔ www.pr2711.com/tw a wuntua hwee. Kɔ NHOMA afã hɔ.

KYERƐWSƐM ATITIRIW

  • “Adamfo bi nso wɔ hɔ a ɔfam ho sen onua.”​—Mmebusɛm 18:24.

  • “Mɛkasa me kra awerɛhow mu!”​—Hiob 10:1.

  • “Sɛ me mu dadwen yɛ bebree a, [Onyankopɔn,] w’awerɛkyekye na ɛma me kra ani gye.”​—Dwom 94:19.

WUBETUMI ABOA AFOFORO

“Me ne m’abusuafo yɛ Yehowa Adansefo. Mfe kakraa bi a atwam no, maame bi yenim ɔne n’abusua nyaa kokoram na owui. Ogyaa mmofra mmienu wɔ n’akyi. Ná mmofra no adi mfe 6 ne 3. Bɛyɛ mfe 17 a atwam ni no, me nso me papa wui. Saa bere no, na me ne me nuabaa kumaa no nso adi bɛyɛ mfe 6 ne 3 saa ara.

“Me ne me maame, me nuabaa ketewa, ne me nuabarima yɛɛ sɛ yɛbɛboa abusua yi. Yɛbɛto nsa afrɛ wɔn aba yɛn fie. Sɛ wɔrepɛ obi aka wɔn asɛm akyerɛ wɔn a, yebetie wɔn. Yebenya bere ama wɔn, na biribiara a wobehia sɛ yɛyɛ ma wɔn no, yɛbɛyɛ ama wɔn. Sɛ wɔpɛ sɛ yɛne wɔn di agorɔ oo, wɔka wɔn asɛm kyerɛ yɛn oo, wohia afotu oo, yɛwɔ hɔ ma wɔn.

“Sɛ wo papa anaa wo maame wu a, ɛyɛ yaw paa. Wo werɛ ntumi mfi da. Awerɛhow no ano tumi brɛ ase, nanso daa wobɛkae sɛ wahwere wo dɔfo bi. Minim nea na saa abusua no refa mu. Ɛka ho bi nti na m’ani agye sɛ me ne m’abusua atumi aboa wɔn no. Ɛmaa yɛn abusua no bɛn wɔn, na ama yɛn nso, yɛabɛn yɛn ho yɛn ho yiye.”​—Dami.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena