Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g19 nɔma 3 kr. 3
  • Ɛyɛ Nhoma a Akyɛ Paa, Nanso Ɛso Wɔ Mfaso Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛyɛ Nhoma a Akyɛ Paa, Nanso Ɛso Wɔ Mfaso Nnɛ
  • Nyan!—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Ɛwɔ Nyan! Yi Mu: Bible Betumi Ama Asi Wo Yiye Anaa?
    Nyan!—2019
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2019
  • Nhoma A Yetumi De Bɔ Bra Nnɛ
    Amansan Nhoma
  • 4 | Afotu a Ɛwɔ Bible Mu Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2019
g19 nɔma 3 kr. 3
Ɔbarima bi rehwɛ Bible dedaw ahorow wɔ tete nneɛma akorae bi

Ɛyɛ Nhoma a Akyɛ Paa, Nanso Ɛso Wɔ Mfaso Nnɛ

Nnipa pii bu Bible sɛ ɛyɛ nhoma kronkron. Ɛwom, Bible ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ ɛno nko. Ɛma yenya afotusɛm a mfaso wɔ so a yɛde bɛbɔ yɛn bra da biara da.

Ebinom akenkan Bible de emu afotusɛm ayɛ adwuma ma ɛso aba wɔn mfaso. Ma yentie nea wɔn mu bi aka.

“Seesei, m’asom dwo me. Memma nsɛm nhyɛ me so, na wei ma m’ani gye paa.”​—Fiona.

“Bible a meresua no aboa me ama mahu nea enti a yɛwɔ wiase, na ama me koma atɔ me yam paa.”​—Gnitko.

“Nneɛma atotɔ yiye wɔ m’asetenam. Seesei memfa adwumasɛm nkyekyere me ho bio, enti minya bere ma m’abusua.”​—Andrew.

Ɛnyɛ saa nnipa yi nko ara na wɔanya Bible so mfaso. Wokɔ wiase baabiara a, nnipa pii ahu sɛ Bible ma yenya akwankyerɛ pa a yebetumi de abɔ yɛn bra da biara da.

Ma yɛnhwɛ sɛnea Bible betumi aboa yɛn ama . . . 

  • Yɛanya apɔwmuden

  • Yɛanya suban pa

  • Yɛne yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo ntam ayɛ kama

  • Yɛatoto yɛn sikasɛm yiye

  • Yɛne Onyankopɔn ntam ayɛ papa

Nsɛm a edidi so wɔ nhoma yi mu no bɛma yɛahu sɛ, Bible nyɛ nhoma kronkron kɛkɛ, mmom ebetumi ama yɛanya akwankyerɛ pa a yɛde bɛbɔ yɛn bra da biara da.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena