Nnianim Nsɛm
Asiane tumi to obiara. Etumi yɛ yare, akwanhyia, atoyerɛnkyɛm,anaa abɔnefosɛm a nnipa de di wɔn yɔnko nnipa.
Ɛyɛ a nkurɔfo pɛ sɛ wohu nea enti a nsɛm a ɛte saa sisi.
Ebinom kyerɛ sɛ amane a yehu no, ɛyɛ yɛn nkrabea, anaa nea ɛto yɛn no, biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ de asiw kwan.
Ebinom wɔ gyidi bi a wɔfrɛ no karma. Wɔkyerɛ sɛ, bɔne bi a yɛyɛe bere bi a atwam na ɛma yehu amane. Afei nso wɔka sɛ, sɛ onipa wu a, wɔsan wo no bio, enti ɛtɔ da a, bɔne bi a yɛyɛe ansa na yɛrewu ama wɔasan awo yɛn na ɛma yehu amane.
Sɛ asiane bi si a, ɛma yɛtaa bisa yɛn ho nsɛm pii.