Woatra Nkwa mu Mpɛn Ahe?
Efi lndia “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
BERE a oyii n‘atade no fii so no, yehuu ofiewura a ɔyɛ Indiani no nan a gyepim ama asɛe koraa no. Afei ɔde ne nsa kyerɛ ne nan no na ɔkae sɛ: “Eyi ne me kan asetra mu nneyɛe (karma) so akatua..”
Ɛdenam saa nsɛm yi so no, ɔbarima no daa Hindufo gyidi a agye din a ɛkyerɛ sɛ mprempren asetra yɛ awo ahorow a enni awiei ntoaso ara kwa no adi. Wogye di sɛ sɛnea wɔte wɔ asetra mu mprempren no yɛ nea woguu wɔ wɔn kan asetra ahorow no mu a wɔretwa, ne sɛ, mprempren wɔredua nea wobetwa wɔ wɔn daakye awo mu.
Gyidi a Atrɛw Kɛse
Nanso ɛnyɛ Indiafo nkutoo na wogye obi a owu ma ɔsan ba ma wɔwo no bio no di. Hindufo kannifo a wɔfrɛ no S. Radhakrishnan kyerɛwee sɛ, “Ɛkame ayɛ sɛ wogye di wɔ wiase afanan nyinaa.” Wɔ wiase nyinaa—wɔ Afrika, Asia, Amerika Kusuu ne Kesee Fam, nsupɔw ahorow a ɛwɔ Pacific po no mu ne Europa—no, nkurɔfo gye di sɛ adesamma akra tu kɔhyɛn oboodede, ɔkyekye, asebɔ, nnyinammoa, nkura ne mmoawa nketenkete te sɛ kotokurodu ne nkukurubinsin mpo mu! Saa ara nso na ɛnyɛ mmoa ahorow nkutoo na wowu na wɔsan ba ma wɔwo wɔn bio. Mmea a wɔyɛ abonini a wɔwɔ Afrika ne India kɔhwehwɛ mmoa fi nnua ahorow a wogye di sɛ awufo akra te mu no nkyɛn. Na amanne ahorow a ɛte saa ara nso wɔ tete Europa. Nanso ɔkwan bɛn so na obi a owu na ɔsan ba ma wɔwo no bio anaasɛ ɔkra a etu kɔhyɛn nipadua foforo mu no mu gyidi no fii ase? Dɛn nti na nkurɔfo gye dii Na ɔkwan bɛn so na saa nkyerɛkyerɛ yi akã nkurɔfo asetra?
Ne Fibea a Yebehu
Sɛ ɔdesani kra tu fi nipadua biako mu kɔhyɛn foforo mu a, ɛnde ɛnsɛ sɛ ewu. Enti obi a owu na ɔsan ba ma wɔwo no bio nkyerɛkyerɛ no yɛ nea egyina ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no so na ɛsɛ sɛ yehu ne mfiase wɔ saa nnipa anaasɛ aman horow a na wokura gyidi a ɛte sɛɛ mu no nkutoo mu. Esiane eyi nti, ebinom susuw sɛ enyaa ne mfiase fii tete Misraim. Nanso afoforo ka sɛ efii ase wɔ tete Babilon a ɛyɛ faako a abakɔsɛm mu nyamesom a ɛyɛ nwonwa a edi kan fii ase no. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma wɔn atoro nyamesom no agye din no, Babilon asɔre asɔfokuw no maa ɔkra a etu kɔhyɛn nipadua foforo mu nkyerɛkyerɛ no nyaa nkɔso. Enti na wobetumi aka sɛ nnipa a wɔwɔ din wɔ wɔn nyamesom mu no yɛ wɔn nananom atitiriw a wɔawuwu bere tenten ni a wɔasan aba ma wɔawo wɔn bio no.
Nanso gyidi no ase tim kɛse wɔ India mmom. Na Hindufo asɔfo no rebɔ mmɔden adi ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛne bɔne ne amane a adesamma hu no ho dwuma. Na wobisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na eyi ne adwene a ɛkyerɛ sɛ ɔbɔadeɛ no yɛ ɔtreneeni no ahyia?’ Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi abirabɔ a ɛda ɔtreneeni a Onyankopɔn yɛ ne asiane ahorow a wɔnhwɛ kwan a ɛba ne sen a ebinom sen afoforo wɔ wiase no mu no ntam ho dwuma. Nea efii mu bae ne “nneyɛe ne so akatua ho mmara” no—nneyɛe ne nea efi mu ba ho mmara. Wɔkyerɛw ‘ɛho nsɛm’ pii a ɛkyerɛ sɛnea obi nya n’asetra mu nneyɛe pa so akatua anaasɛ nneyɛe bɔne so asotwe wɔ asetra a edi hɔ mu no.
“Karma” kyerɛ “adeyɛ” ara kwa. Wɔka Hinduni ho asɛm sɛ wayɛ “adepa,” sɛ odi asetra ne nyamesom mu mmara ahorow so a, anaasɛ wayɛ “adebɔne” sɛ wannyɛ saa a. N’adeyɛ anaasɛ ne “karma” na ɛbɛkyerɛ sɛnea ne daakye bɛyɛ wɔ n’awo a ɛbɛtoatoa so aba no mu biara mu. Nanso wɔn botae titiriw ne sɛ, wobegye wɔn afi tu a wɔn akra tu kɔhyɛn nipadua afoforo mu a ɛtoatoa so ba yi mu na wɔayɛ Amansan Honhom no fã. Wogye di sɛ wɔn nsa bɛka eyi denam mmɔden a wɔbɛbɔ abu bra pa wɔ asetra mu na wɔa- nya Hindusom ho nimdeɛ titiriw no so.
Aba a Obi a Ɔsan Ba Ma Wɔwo No Bio No Asow
Indiani nyansapɛfo a wɔfrɛ no S. N. Dasgupta asɛm a ɔkae no kyerɛ sɛnea obi a ogye obi a owu na ɔsan ba ma wɔwo no biodi no adwene a ɔwɔ wɔ asetra ho no te no: “Adeyɛ wɔ asetra yi mu rentumi nsiw asetra yi mu ɔhaw ahorow a wɔahyehyɛ ato hɔ sɛ ɛmmra obi so esiane sɛnea ne kan asetra mu nneyɛe te no nti no mu biara ano.” Mpɛn pii nea efi mu ba ne adwene a wonya wɔ asetra ho a ɛkyerɛ sɛ biribiara a esi no yɛ nea wɔahyehyɛ ato hɔ dedaw, ne titiriw no, asetra mu nneyɛe bɔne ne nsisi ahorow.
Nneyɛe ne ɛso akatua ho mmara no ama Hindufo nyamesom kuw nhyehyɛe no nso akɔ so atra hɔ. Ɔkwan bɛn so? Esiane se gyidi yi kyerɛ sɛ obi mprempren gyinabea wɔ asetra mu fi ne kan asetra ahorow mu nneyɛe nti, wobu no sɛ ɛyɛ nea wɔrentumi nsakra wɔ mprempren asetra yi mu. Nanso Swami Nikhilananda kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane nnwuma ahorow a ne nyamesom kuw akyerɛ sɛ ɔnyɛ a odi ho dwuma no nti, ɛma obi fata sɛ wɔwo no to nyamesom kuw a ɛkorɔn mu wɔ ne daakye asetra mu.” Enti obi a ɔyɛ nyamesom kuw a ɛba fam no muni no suro sɛ obebu ne nyamesom kuw no mmara ne amanne ahorow no so. Nea ɛka ho no, wosuro sɛ wɔbɛtwe wɔn aso na wɔapow wɔn, efisɛ ebia obi a obu n’asetra mu kuw no mmara ne amanne horow no mu biara so no abusuafo bɛtwe n’asõ anaasɛ wɔbɛpa no mpo. Esiane ehu a ɛte sɛɛ nti, ɔpepem pii ntumi ntwe wɔn ho mfi ahiafo kuw a ɛne “wɔn a wobu wɔn sɛ wɔn ho ntew” anaasɛ wɔn a wonni nyamesom kuw abusua biara mu a wonni hokwan ahorow a ɔmanfo wɔ no bi no. Bere a mmɔden ahorow a nnɛyi mmarahyɛ baguafo bɔ no ama ayayade a wɔyɛ wɔn a wobu wɔn sɛ wɔn ho ntew no ano abrɛ ase kakra no, ɛyɛ den sɛ wobetumi atu nyamesom mu amanne horow a ase atim kɛse ase wɔ abusua a atetesɛm adi wɔn ti a ɛte sɛɛ mu.
Obi a Owu Na Ɔsan Ba Ma Wɔwo No Bio—So Ntease Wom?
Nanso dɛn nti na amanehunu ne sen a ebinom sen afoforo wɔ adesamma abusua no mu wɔ hɔ? So obi a owu na ɔsan ba ma wɔwo no bio nkutoo na etumi kyerɛkyerɛ mu, anaasɛ so ɛne nea ntease wom? Susuw ɔbarima a na gyepim ayɛ no no a yɛaka ne ho asɛm wɔ asɛm no mfiase no ho. Esiane sɛ onni nea ɛde ɔyare yi ba ho nimdeɛ nti, osusuw sɛ n’amanehunu no fi ne nneyɛe. Nanso sɛ ɔnte faako a ntontom wɔ a wobetumi ama nkurɔfo anya gyepim anaasɛ sɛ onim biribi fa ntontom ho na ɔbɔɔ ne bo ban fii wɔn ho a, so anka ɔyare a ɛyɛ hu no bɛyɛ no? Enti n’amanehunu no mfi ne nneyɛe na mmom efi “bere ne akwanhyia.”—Ɔsɛnkafo 9:11, NW.
Wɔ nnansa yi mfe no mu no, Mohandas Gandhi ne akannifo afoforo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛko atia nneɛma ahorow a afi nneyɛe ne awo ahorow mu aba no, bere a ɔkae sɛ: “Afoforo a wobu wɔn sɛ wɔn ho ntew no yɛ bɔne a wɔyɛ de tia Onyankopɔn ne onipa” no. Gandhi ne afoforo a wokura adwene a ɛte saa ara no mmɔdenbɔ ahorow ama “wɔn a wobu wɔn sɛ wɔn ho ntew no” asetra ayɛ yiye kakra. So eyi nkyerɛ sɛ obi asetra sɛ́ “obi a wobu no sɛ ne ho ntew no” mfi obi nneyɛe ma enti ɛnyɛ nea wɔrentumi nsakra no? Nokwarem no, ɛkyerɛ sɛ nhyɛso asetra kwan ho nhyehyɛe a ɛte sɛɛ yɛ nea wonya fii awo mu na wobetumi ama ayɛ yiye anaasɛ wobetumi asakra no mpo. Enti abofra a ɔyɛ obi a “wobu no sɛ ne ho ntew” no daakye yɛ nea onipa na wahyehyɛ ato hɔ na emfi soro.
Na adifudepɛ ne odwowtwa a ɛwɔ aguadi wiase no mu no nso ɛ?Adwumawura bi a ɔyɛ osisifo bɛpaw sɛ ɔbɛma adanmude anaasɛ ɔbɛbɔ apoo. Nanso so ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa? So n’amumɔyɛ no mfi fa a wamfa ne pɛ anni dwuma wɔ ɔkwan pa so? Enti yenhia “nneyɛe ne awo ahorow” ho nkyerɛkyerɛ na yɛde akyerɛkyerɛ nea enti a adesamma hu amane no mu. Nnipa a wosusuw nneɛma ho hu sɛ akwanhyia ahorow, su ahorow a efi awo mu,ne obi pɛ a ɔmfa nni dwuma wɔ ɔkwan pa so na ɛde asetra mu nneyɛe bɔne ahorow ne sen a ebinom sen afoforo no ba.—Romafo 5:12; Ɔsɛnkafo 7:29.
Obi a Owu Na Ɔsan Ba Ma Wɔwo No Bio —So Ɛyɛ Nokware?
Wɔde obi a owu na ɔsan ba ma wɔwo no bio nkyerɛkyerɛ no agyina ɔkra a enwu da gyidi no so. Sɛ asase so akra tumi wu a, ɛnde na awo ahorow ho nkyerɛkyerɛ no nyɛ nokware. Nanso ɛhe na yebetumi adan akɔ na ama yɛanya nimdeɛ a edi mu wɔ asɛm yi ho? Bere a ɛkame ayɛ sɛ nyamesom nhoma ahorow atitiriw nyinaa kyerɛkyerɛ ɔkra a enwu da wɔ ɔkwan bi so no, Bible no nyɛ saa.
Ɛdefa nea onipa kra yɛ no ho no, Bible no ka sɛ: “Na [Yehowa] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” (Genesis 2:7) Enti onipa—onipa teasefo a ɔhome no—yɛ ɔkra. Onni’ ɔkra a atew ne ho a ɛyɛ soronko wɔ ne mu a esiesie ne ho sɛ ebefi nipadua no mu bere a awu no.
Wɔ nea esi bere a obi awu ho no, Genesis 3:19 ka kyerɛ yɛn sɛ: “W”anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” Enti wɔ owu mu no, adesamma ‘san kɔ’ “dɔte mu” na ɛnyɛ asetra foforo anaasɛ awo foforo mu. Bible no kyerɛkyerɛ pefee sɛ onipa kra no wu. Entu nkɔhyɛn nipadua foforo mu. Bible ka no pefee sɛ, “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no—ɔno ara na obewu.”—Hesekiel 18:4, 20.
Anidaso Wɔ Hɔ Ma Awufo
Esiane sɛ ɔkra no wu nti, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma awufo? Sɛ anka wobegyaw adesamma abɔnefo ma wɔayɛ wɔn ankasa daakye ho nhyehyɛe denam awo ahorow a amanehunu ne ɔyaw ka ho so no, Bible no bua sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”-Asomafo no Nnwuma 24:15.
Ɛdenam ne nyansa ne ne dɔ a enni awiei so no, ɔbɔadeɛ no kae awufo no asetra kwan. Ɔnyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ obegyina so abu wɔn atɛn na watwe wɔn aso sɛnea nneyɛe ne ɛso akatua ho mmara no bɛpɛ sɛ yegye di no. Mmom no, ɔyɛ saa na ama wanyan nkurɔfo afi awufo mu aba a wokura nipasu ahorow koro no ara na wɔwɔ ansa na wowuwui no. Afei wobegyina wɔn asetra kwan wɔ owusɔre no akyi no so abu wɔn a wonyan wɔn ba nkwa mu wɔ asase so no ntɛn. Afei sɛ́ adesamma no—wobenya nkwa ho anidaso bio—wɔ asase so paradise a wɔasan de asi hɔ bio a Bible no hyɛ yɛn bɔ wɔ ho sɛ: “Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam” no so.—Adiyisɛm 21:4.
[Kratafa 19 mfoni]
Dɛn na ɔbarima yi yɛe nti a ɛsɛ sɛ eyi yɛ no?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]
Ghandi kae sɛ: “Afoforo a wobu wɔn sɛ wɔn ho ntew no yɛ bɔne a wɔyɛ de tia Onyankopɔn ne onipa”
[Box on page 22]
“Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa; na nea’ne kra befi ne nsa me ne asɛmpa no nti no, obegye ne nkwa. Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfo kronkron no bɛba wɔ n’anuonyam mu no.”—Marko 8:35-38.