Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/1 kr. 3-4
  • Afoforo wɔ wo ho Adwemmɔne?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afoforo wɔ wo ho Adwemmɔne?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwemmɔne Betumi Apira
  • Ɔtan Hunu—Ɛyɛ Amansan Haw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ɔtanhunu—Saa Suban No Bi Wɔ Wo Ho Anaa?
    Nyan!—2020
  • Ɔtan Hunu Befi Wiase—Da Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Bere a Wɔrennya Afoforo ho Adwemmɔne Bio!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/1 kr. 3-4

Afoforo wɔ wo ho Adwemmɔne?

ABUSUABƆ bɛn na ɛda mmusua ntam basabasayɛ, nnipa mu nyiyim, animhwɛ, mmusua mu mpaapaemu, ne mmusua asetɔre ntam? Ne nyinaa yɛ nea nnipa su a emu atrɛw yiye, adwemmɔne—de aba!

Dɛn ne adwemmɔne? Nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm bi kyerɛ ase sɛ “adwene a obi nya a onnye bere anaa ɔnhaw ne ho mmu ho atɛn yiye.” Sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya adwemmɔne akodu baabi. Ebia wubetumi akae mmere bi a wubuaa asɛm bere a na wunnim nokwasɛm ahorow no nyinaa no. Bible kyerɛ sɛnea adwemmɔne su a ɛte saa ne ɔkwan a Yehowa Nyankopɔn fa so bu atɛn no bɔ abira fa. Ɛka sɛ: “Menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na Awurade de, ɔhwɛ komam.”—1 Samuel 16:7.

Adwemmɔne Betumi Apira

Akyinnye biara nni ho sɛ wɔabu yɛn mu biara ntɛnkyea pɛn. (Fa toto Ɔsɛnkafo 7:21, 22 ho.) Sɛ yɛbɛka a, afoforo wɔ yɛn nyinaa ho adwemmɔne. Nanso, sɛ yeyi adwemmɔne fi yɛn tirim ntɛm a, ebia ɛrenhaw yɛn kɛse anaa ɛrenhaw yɛn koraa. Ɛyɛ nsusuwii a ɛte saa a yɛbɛkora so no na ebetumi ahaw yɛn. Ebetumi adaadaa yɛn ma yɛagye atosɛm adi. Sɛ nhwɛso no, nnipa bi a adwemmɔne anya wɔn so nkɛntɛnso gye di ampa sɛ esiane sɛ obi yɛ nyamesom, abusua, anaa ɔman bi muni kɛkɛ nti no, ɔyɛ odifudepɛfo, onihafo, ɔkwasea, anaa ɔhantanfo.

Mpɛn pii no, atɛnkyea a ɛte saa no taa kowie afoforo a wɔne wɔn nni no yiye, wɔyɛ wɔn ayayade anaa wɔyɛ wɔn basabasa mpo mu. Nnipa ɔpepem pii ahwere wɔn nkwa wɔ akunkɛse, mmusua asetɔre, mmusua ntam awudi, ne adwemmɔne a ɛkɔ akyiri mu nneyɛe afoforo mu.

Wiase nyinaa no, nniso horow no ako atia adwemmɔne denam ahofadi, dwoodwoo asetra, ne sen a obi nsen obi hokwan a obiara wɔ ho mmara a wɔahyehyɛ a wontumi mmu so so. Sɛ wokenkan wo man amanyɔ nhoma anaa mmara atitiriw a wɔahyehyɛ no a, akyinnye biara nni ho sɛ wubehu emu asɛm anaa nsakrae bi a wɔayɛ na wɔde abɔ ɔmamfo nyinaa hokwan a wɔwɔ ho ban, ɛmfa ho wɔn abusua, bɔbeasu a wokura, anaa nyamesom a wɔwom no. Nanso, afoforo ho adwemmɔne ne nyiyim yɛ nea abu so wɔ wiase nyinaa.

Afoforo wɔ wo ho adwemmɔne? Wɔabu wo sɛ obi a woyɛ odifudepɛfo, onihafo, ɔkwasea, anaa ɔhantanfo esiane w’abusua, mfe a woadi, wo bɔbeasu, ɔman a wufi mu, anaa nyamesom mu gyidi a wukura kɛkɛ nti? Esiane adwemmɔne nti, so wɔde nhomasua a ɛfata, adwuma, ofie, ne yiyedi ho dwumadi hokwan akame wo? Sɛ saa a, wobɛyɛ dɛn agyina ano?

[Kratafa 3 mfonini]

Adwemmɔne ho nsusuwii a wɔkora so no kanyan abusua mu nitan

[Asɛm Fibea]

Nina Berman/Sipa Press

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena