Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 3 kr. 6-7
  • Nya Tema

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Tema
  • Nyan!—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba
  • Bible Mu Afotusɛm
  • Sɛ Yɛwɔ Tema a, Ɛboa Yɛn Sɛn?
  • Nea Wubetumi Ayɛ
  • Tema—Ade a Ɛma Yɛda Ayamye ne Mmɔborohunu Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Da Tema Adi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Onyankopɔn Da Tema Adi Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
  • Yi Téma Adi Wɔ Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 3 kr. 6-7
Buroni bi te Indiani bi nkyɛn wɔ wimhyɛn mu. Wɔrebɔ nkɔmmɔbɔ, na wɔn ani agye.

Nya Tema

Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba

Ɛsono sɛnea yɛte, ɛnna ɛsono sɛnea afoforo nso te. Nanso sɛ yɛde yɛn adwene si ɛno so dodow a, anhwɛ a yebenya adwene sɛ wɔn a wɔnyɛ wɔn ade te sɛ yɛn no, biribi nkɔ yiye wɔ wɔn ho. Ɛba saa a, na nea yɛrepɛ akyerɛ ara ne sɛ, wɔn de wɔnsɛ hwee. Sɛ yenya adwene a ɛte saa wɔ nkurɔfo ho a, ɛma ɛyɛ den sɛ yebenya tema ama wɔn. Enti sɛ wɔn ho kyere wɔn mpo a, biribiara renka yɛn sɛ yɛmmoa wɔn.

Bible Mu Afotusɛm

“Mo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi; na mo ne wɔn a wosu nsu.”​—ROMAFO 12:15.

Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? Sɛ yɛbɛbɔ no mua a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, nya tema. Sɛ yɛka sɛ obi wɔ tema a, ɛkyerɛ sɛ ohu nea afoforo refa mu, na ɔfa no sɛ ɔno na ɔwɔ saa tebea no mu.

Sɛ Yɛwɔ Tema a, Ɛboa Yɛn Sɛn?

Sɛ yɛwɔ tema ma obi a, yebehu sɛ ɛnsono yɛn ɛnna ɛsono ɔno. Enti sɛ asɛm bi to no a, sɛnea ɔbɛyɛ n’ade wɔ ho no, sɛ ɛyɛ yɛn a ebia anka saa ara na yɛbɛyɛ. Sɛ yɛwɔ tema a, ɛboa yɛn ma yehu sɛ, sɛ yefi he oo, sɛ yefi he oo, yɛn nyinaa yɛ abusua baako. Enti sɛ yehu sɛ ɛnsono afoforo ɛnna ɛsono yɛn a, ɛremma yennya wɔn ho adwemmɔne.

Sɛ yɛwɔ tema a, ɛsan boa yɛn ma yedi afoforo ni. Anne-Marie fi Senegal. Wɔn man mu no, nnipa bi wɔ hɔ a nkurɔfo mmu wɔn, na bere bi a atwam no, na ɔno nso bu wɔn animtiaa. Nanso ɔkyerɛe sɛ bere a onyaa tema no, ɛboaa no paa. Ɔkaa sɛ: “Bere a mihuu ahokyere a saa nkurɔfo no refa mu no, mibisaa me ho sɛ, ‘Enti sɛ ɛyɛ me paa a, anka dɛn na mɛyɛ?’ Midwinnwen asɛm no ho kɔɔ akyiri, na mihui sɛ menkyɛn wɔn efisɛ abusua a wɔwoo me too mu no, ɛnyɛ me na mepɛ na wɔwoo me too mu.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu nea ama nkurɔfo refa ahokyere mu a, ɛbɛma yɛanya tema ama wɔn na yɛrenkasa ntia wɔn.

Nea Wubetumi Ayɛ

Sɛ wowɔ nnipa bi ho adwene a ɛmfata a, bɔ mmɔden sɛ wubehu nneɛma bi wɔ wɔn ho a ɛkyerɛ sɛ wo ne wɔn nyinaa yɛ pɛ. Wo de, hwɛ sɛnea wɔte nka bere a wɔreyɛ nneɛma a edidi so yi

Sɛ yɛwɔ tema a, ɛboa yɛn ma yehu sɛ yɛn nyinaa fi abusua baako mu

  • bere a wɔne wɔn abusua abom redidi

  • bere a wɔakɔyɛ adwumaden na wɔapɔn aba fie

  • bere a wɔne wɔn nnamfonom abom regye wɔn ani

  • bere a wɔretie nnwom bi a wɔn ani gye ho

Afei fa no sɛ wufi saa abusua no mu. Bisa wo ho sɛ:

  • ‘Sɛ obi bu me abomfiaa a, mɛte nka sɛn?’

  • ‘Sɛ obi nnim me baabiara na ɔyɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ onni me ho adwempa a, mɛte nka sɛn?’

  • ‘Sɛ mifi saa abusua no mu a, sɛn na anka mɛpɛ sɛ nkurɔfo ne me di?’

Buroni no de n’abusua, agorɔ a n’ani gye ho, ne adwuma a ɔyɛ ho mfoni rekyerɛ Indiani no wɔ fon so, na Indiani no nso de ne de rekyerɛ no.

Asɛm a Esii Ankasa: Robert (Singapore)

“Bere bi a atwam no, na ɛyɛ me sɛ sɛ obi yɛ mum a, n’asɛm mfa kwan mu, onnim ade, na ne koko haw no. Enti na mempɛ sɛ mɛbɛn wɔn a wɔyɛ mum. Nanso na minhu sɛ ɛyɛ ɔtanhunu efisɛ na menyɛɛ obiara bɔne.

“Minyaa tema maa wɔn a wɔyɛ mum no, na ɛboaa me ma mesesaa adwene a ɛmfata a na mewɔ wɔ wɔn ho no. Sɛ nhwɛso no, na ɛyɛ me sɛ sɛ obi yɛ mum a, n’adwene nye efisɛ me ne wɔn kasa a, na wɔhwɛ m’anim saa. Enti mibisaa me ho sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ me na obi rekasa akyerɛ me na mente a, anka mɛyɛ m’ade sɛn?’ Anka mɛhwɛ n’anim haa! Sɛ afiri a ɛboa obi ma ɔte kasa yiye hyɛ m’asom mpo a, sɛnea mɛyɛ m’anim no, ebia ɛbɛyɛ onipa no sɛ asɛm a ɔkae no, mente ase. Nanso wobɛhwɛ mu no, na mante nea ɔkae no mpo na kampɛsɛ mate ase.

“Bere a mebɛtee mumfo ase no, adwene a ɛmfata biara a mewɔ wɔ wɔn ho no tu yerae.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena