Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb21 July kr. 3
  • Da Tema Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Da Tema Adi
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tema—Ade a Ɛma Yɛda Ayamye ne Mmɔborohunu Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Onyankopɔn Da Tema Adi Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
  • Nya Tema
    Nyan!—2020
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Na Ama Anigye a Wode Yɛ Asɛnka Adwuma No Ayɛ Kɛse?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
mwb21 July kr. 3

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO | DƐN NA WOBƐYƐ NA AMA ANIGYE A WODE YƐ ASƐNKA ADWUMA NO AYƐ KƐSE?

Da Tema Adi

Sɛ yɛka sɛ obi wɔ tema a, ɛkyerɛ sɛ ɔte afoforo ase, onim wɔn ahiade, ne sɛnea wosusuw nneɛma ho. Sɛ yedwen obi ho na yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi boa no a, ɛbɛma yɛanya tema ama no. Sɛ obi wɔ tema a, ɛnyɛ den sɛ afoforo behu. Sɛ yenya tema ma nkurɔfo wɔ asɛnka mu a, na yɛresuasua sɛnea Yehowa dɔ nnipa na odwen wɔn ho no, na ɛno twe nkurɔfo bɛn no.—Flp 2:4.

Sɛ obi wɔ tema a, ɛnyɛ n’ano kɛkɛ na ɔde ka, mmom efi koma mu. Enti sɛnea otie asɛm, sɛnea ɔkasa, sɛnea ɔyɛ n’anim bere a ɔretie asɛm, ne ne nneyɛe ma wuhu sɛ ɔte afoforo ase. Sɛ obi hu sɛ ne ho hia yɛn a, ɛbɛma wahu sɛ yɛwɔ tema ma no. Ɛsɛ sɛ yɛma nea onii no ani gye ho, ne gyidi, ne n’asetenam nsɛm nyinaa hia yɛn. Yebetumi ama wahu nneɛma bi a ɔyɛ a ebetumi aboa no, na afei yɛayɛ biribi pɔtee nso de aboa no. Nanso yɛrenhyɛ no sɛ ɔnsesa ne suban. Sɛ nkurɔfo pene so ma yɛboa wɔn a, ɛbɛma asɛnka adwuma no ayɛ yɛn dɛ paa.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐ YƐMA YƐN HO KOKWAW WƆ ASUAFOYƐ ADWUMA NO MU A, ƐBƐMA YƐN ANI AGYE—DA TEMA ADI NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Video a yɛato din ‘Sɛ Yɛma Yɛn Ho Kokwaw Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu a, Ɛbɛma Yɛn Ani Agye—Da Tema Adi no mu mfoni bi.’ Jade ne Neeta te baabi a wɔtɔn kɔfe. Ɔreka nea enti a saa da no, ɔrentumi nsua ade akyerɛ Neeta.

    Bere a Jade anni ne bere so no, dɛn na Neeta yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ tema?

  • Video a yɛato din ‘Sɛ Yɛma Yɛn Ho Kokwaw Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu a, Ɛbɛma Yɛn Ani Agye—Da Tema Adi no mu mfoni bi.’ Neeta ayɛ komm retie Jade. Wuhu sɛ ɔte nka ma no.

    Bere a Jade kaa sɛ nneɛma ahyɛ no so enti ɔrentumi nsua ade no, dɛn na Neeta yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ tema?

  • Video a yɛato din ‘Sɛ Yɛma Yɛn Ho Kokwaw Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu a, Ɛbɛma Yɛn Ani Agye—Da Tema Adi no mu mfoni bi.’ Neeta reboa Jade ama wasiesie ne dan mu.

    Sɛ yɛda tema adi a, ɛtwe nkurɔfo bɛn Yehowa

    Bere a Jade kaa sɛ ontumi ntoto ne nneɛma yiye no, dɛn na Neeta yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ tema?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena