Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 3 kr. 10-11
  • Fa Nnipa Ahorow Nyinaa Nnamfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nnipa Ahorow Nyinaa Nnamfo
  • Nyan!—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba
  • Bible Mu Afotusɛm
  • Sɛ Yɛfa Nnipa Ahorow Nyinaa Nnamfo a, Sɛn Na Ɛbɛboa Yɛn?
  • Nea Wubetumi Ayɛ
  • Wotumi Dii Ɔtanhunu So
    Nyan!—2020
  • Ma Nkurɔfo Nhu Sɛ Wodɔ Wɔn
    Nyan!—2020
  • Hwɛ W’ayɔnkofa Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Sɛnea Wubetumi Afa Nnamfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 3 kr. 10-11
Mmea nnan bi gyina abɔnten rebɔ nkɔmmɔ na wɔreserew. Ɛsono abusuakuw a wɔn mu biara fi mu. Wɔn mma nso abom redi agorɔ.

Fa Nnipa Ahorow Nyinaa Nnamfo

Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba

Nkurɔfo a yenni wɔn ho adwempa no, sɛ yɛanka yɛn ho ankɔ wɔn ho a, ebewie ase no na yekyi wɔn koraa. Sɛ yɛne nkurɔfo a wɔte sɛ yɛn nko ara na ɛbɔ a, anhwɛ a nea obiara yɛ renyɛ yɛn fɛ, na ebi mpo a yebenya adwene sɛ nea yɛka ne nea yɛyɛ nko ara na ɛyɛ papa.

Bible Mu Afotusɛm

“Montrɛw mo komam.”​—2 KORINTOFO 6:13.

Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? “Koma” a Bible ka ho asɛm wɔ ha yi betumi akyerɛ sɛnea yɛte nka wɔ nkurɔfo ho. Sɛ wɔn a wɔte sɛ yɛn nko ara na yɛpɛ wɔn asɛm a, ɛbɛma yɛayɛ nkurɔfo a yɛmpɛ nnipa. Sɛ yɛmpɛ sɛ yenya suban a ɛte saa a, ɛnde ɛnyɛ wɔn a wɔte sɛ yɛn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ.

Sɛ Yɛfa Nnipa Ahorow Nyinaa Nnamfo a, Sɛn Na Ɛbɛboa Yɛn?

Sɛ yehu afoforo yiye a, ɛma yehu nea enti a ɛsono sɛnea wɔyɛ wɔn ade, na yɛte wɔn ase. Sɛ yɛne wɔn adamfofa mu yɛ den a, yɛn werɛ befi mpo sɛ wɔnte sɛ yɛn. Yɛbɛpɛ wɔn asɛm paa, na wɔn su bɛyɛ yɛn su, na wɔn serew nso ayɛ yɛn serew.

Yɛnhwɛ ɔbea bi a wɔfrɛ no Nazaré. Bere bi na ɔmpɛ ahɔho a wɔatu abɛtena ne man mu no asɛm. Dɛn na ɛboaa no ma ɔsesaa ne suban? Ɔkaa sɛ: “Me ne wɔn bɔe na me ne wɔn yɛɛ adwuma nso. Mibehui sɛ, nsɛm a na nkurɔfo keka fa wɔn ho no, na ɛnte saa koraa. Wo ne nkurɔfo a ɛsono wɔn amammerɛ bɔ a, w’ani begye wɔn ho, na worenka wɔn nyinaa mmom nka sɛ wɔn suban yɛ pɛ.”

Kɔkɔbɔ Bi Ni

Ebinom asua suban bi a epira wɔn ankasa ne afoforo. Enti sɛ yɛrefa nnamfo a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Wei nti, sɛ obi bra asɛe na yɛamfa no adamfo a, ɛno nkyerɛ sɛ yɛyɛ nyiyim. Ɛwom sɛ sɛ yɛn ani nnye sɛnea nkurɔfo bɔ wɔn bra ho a, yɛrenyɛ wɔn bɔne anaa yɛrentiatia wɔn fahodi so de, nanso ɛyɛ papa sɛ yɛremfa nkurɔfo a wɔte saa nnamfo.​—Mmebusɛm 13:20.

Nea Wubetumi Ayɛ

Nkurɔfo a wo ne wɔn mfi ɔman baako mu anaa ɛsono abusuakuw a wofi mu ne kasa a wɔka no, pɛ ɔkwan bi fa so ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Wubetumi ayɛ nea edidi so yi

  • Ma wɔnka wɔn ho asɛm kakra nkyerɛ wo.

  • To nsa frɛ wɔn ma wɔne wo mmedidi.

  • Wɔreka wɔn ho asɛm akyerɛ wo a, yɛ aso tie na bɔ mmɔden sɛ wubehu nea ehia wɔn paa.

Sɛ wuhu nea enti a nnipakuw bi yɛ wɔn ade wɔ ɔkwan pɔtee bi so a, ɛbɛma woate wɔn ase na wuhyia wɔn mu bi wɔ baabi a, wubenya ne ho adwempa.

Asɛm a Esii Ankasa: Kandasamy ne Sookammah (Canada)

“Wɔtetee yɛn wɔ South Africa. Saa bere no, na aban no ahyɛ mmara sɛ, ɛnsɛ sɛ mmusuakuw bi ne mmusuakuw foforo bom tena faako. Wei maa nitan bɛdaa mmusuakuw no ntam. Yɛnyɛ aborɔfo, na na yɛmpɛ aborɔfo asɛm, efisɛ na wɔn mu bi bu yɛn animtiaa. Saa bere no, na yenhu sɛ ɔtanhunu adidi yɛn mu. Ná ɛyɛ yɛn sɛ yɛn mmom na wɔredi yɛn ani.

“Ná yɛpɛ sɛ yɛsesa yɛn suban. Enti yefii ase ne nkurɔfo a wofi mmusuakuw foforo mu faa nnamfo. Bere a yefii ase ne aborɔfo bɔe no, yebehui sɛ nsonsonoe kɛse biara nhyɛ da nni yɛne wɔn ntam. Nea wɔrefa mu wɔ asetenam no, ɛno ara bi na yɛn nso yɛrefa mu.

“Yɛmaa awarefo bi mpo a wɔyɛ aborɔfo bɛtenaa yɛn fie kyɛe. Ɛma yehuu wɔn yiye, na ankyɛ koraa na yɛbɛyɛɛ nnamfo, na yehui sɛ obiara nkyɛn ne yɔnko. Wei ma yefii ase nyaa aborɔfo ho adwempa.”

Wɔabɛyɛ anuanom ankasa

Johny ne Gideon rekyia mmofra bi wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa bi anim.

Ɛwom sɛ na Johny ne Gideon mfi abusuakuw baako mu, na na ɛsono amanyɔkuw a wɔn mu biara dɔm, nanso wɔbɛyɛɛ nnamfo paa.

Hwɛ video a wɔato din Johny ne Gideon: Atamfo a Wɔadane Anuanom. Wubehu wɔ jw.org/tw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena