Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 3 kr. 12-13
  • Ma Nkurɔfo Nhu Sɛ Wodɔ Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Nkurɔfo Nhu Sɛ Wodɔ Wɔn
  • Nyan!—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba
  • Bible Mu Afotusɛm
  • Nea Wubetumi Ayɛ
  • Wotumi Dii Ɔtanhunu So
    Nyan!—2020
  • Ɔtanhunu—Saa Suban No Bi Wɔ Wo Ho Anaa?
    Nyan!—2020
  • Ná Mepɛ Sɛ Meko Tia Ntɛnkyea
    Bible Tumi Sesa Nnipa
  • Ɔtan Hunu Befi Wiase—Da Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 3 kr. 12-13
Aberewa bi a ɔyɛ buroni akodi gua. Ɔbea bi a ɔyɛ Indiani agye ne nneɛma no, na ɔreboa no ama waforo stɛps.

Ma Nkurɔfo Nhu Sɛ Wodɔ Wɔn

Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba

Sɛ obi wɔ ɔtanhunu a, ɛnyɛ sɛ ɔda sɔree ara na afi ne mu. Sɛ obi nya nsanyare a, egye bere ne mmɔdenbɔ ansa na watumi atu ase. Saa ara na ɔtanhunu nso te. Dɛn na wobɛyɛ na woatumi ayi ɔtanhunu afi wo mu?

Bible Mu Afotusɛm

Mfoni ahorow: 1. Ɔbarima bi a ofi Asia abue pon ama obibini bi a okura kɔfe. 2. Obibini no de kɔfe no bi rema n’adwumamfo, na Indiani bea a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka ho.

“Monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”​—KOLOSEFO 3:14.

Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? Sɛ yɛyɛ afoforo papa a, ɛma wɔbɛn yɛn. Sɛ wotaa yɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ wodɔ afoforo a, ɛbɛyɛ den sɛ wubenya wɔn ho adwemmɔne. Sɛ wunya nkurɔfo ho dɔ kɛse a, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛtan wɔn anaasɛ wubebu wɔn animtiaa.

Nea Wubetumi Ayɛ

Mfoni ahorow: 1. Aberewa bi a ɔyɛ buroni akodi gua. Ɔbea bi a ɔyɛ Indiani agye ne nneɛma no, na ɔreboa no ama waforo stɛps. 2. Aberewa a ɔyɛ buroni no de bisket rema ɔbarima bi a ɔyɛ Asiani a ɔte bɛn no.

Nnipakuw bi a w’ani nhyɛ da nnye wɔn ho no, hwɛ nneɛma pɔtee bi a wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodɔ wɔn. Ɛho nhia sɛ woyɛ biribi kyenkyenee biara. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea edidi so yi bi:

Sɛ woyɛ nneɛma nketenkete de kyerɛ sɛ wodɔ afoforo a, ɛbɛma woanya wɔn ho adwempa

  • Yɛ nneɛma bi fa kyerɛ sɛ wubu wɔn. Ebi ne sɛ wubebue pon ama wɔn anaa sɛ mowɔ bɔs mu a wobɛsɔre ama wɔn mu bi atena ase.

  • Sɛ wuhyia wɔn mu bi na sɛ ɔnte kasa a woka no yiye mpo a, pɛ ɔkwan bi fa so ne no mmɔ nkɔmmɔ kakra.

  • Sɛ wɔyɛ biribi na sɛ wonte ase mpo a, nya wɔn ho abotare.

  • Sɛ wɔreka nea ɛhaw wɔn akyerɛ wo a, yɛ aso tie wɔn.

Asɛm a Esii Ankasa: Nazaré (Guinea-Bissau)

“Bere bi a atwam no, na mempɛ ahɔho a wɔatu abɛtena yɛn man mu no asɛm. Ná nkurɔfo keka sɛ, wodi atoro kyerɛ aban no sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya mmoa afi aban no hɔ, na wodi nsɛmmɔne nso. Wei nti, na mempɛ wɔn anim ahwɛ koraa. Nanso me de, na minhu sɛ mereyɛ nnipa mu nyiyim, efisɛ na nnipa dodow no ara nka wɔn ho asɛm pa.

“Nanso eduu baabi no, mibehui sɛ na wɔnyɛɛ me hwee, na mmom pɛ ara na na mempɛ wɔn asɛm. Bible mu afotu a mede yɛɛ adwuma no aboa me ama m’ani abegye wɔn ho. Seesei mihyia wɔn a, mentwetwe me ho. Mikyia wɔn, na me ne wɔn bɔ nkɔmmɔ. Sɛ mihyia wɔn mu bi a, mebɔ mmɔden sɛ mehu no yiye. Seesei manya wɔn ho adwempa, na minsuro sɛ me ne wɔn bɛbɔ.”

“Ná mepɛ sɛ meko tia ntɛnkyea”

Rafika Morris.

Rafika de ne ho bɔɔ atuatew kuw bi sɛ ɔreko atia ntɛnkyea. Nanso bere a ɔkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi no, ohui sɛ baakoyɛ ne nkabom a ɛwɔ wɔn mu no, ɛno ara ne ade a na ɔrehwehwɛ.

Hwɛ video a wɔato din Rafika Morris: Ná Mepɛ Sɛ Meko Tia Ntɛnkyea. Wubehu wɔ jw.org/tw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena