Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g22 nɔma 1 kr. 13-15
  • 4 | Anidaso a Wowɔ No, Bɔ Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 4 | Anidaso a Wowɔ No, Bɔ Ho Ban
  • Nyan!—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A ƐHO HIA
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu
  • Nea Wubetumi Ayɛ No Nnɛ
  • Bible Ma Yenya Anidaso Ankasa
  • Bible Ma Yenya Anidaso
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Bible Ma Yenya Anidaso
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Fi Bible Mu Nkɔmmɔ Ase
  • Afe 2024—Akyea Nso Emmui, Anidaso Wɔ Hɔ—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Bere a Yare Abɔ Wo Mpofirim
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2022
g22 nɔma 1 kr. 13-15
An open Bible next to a vase with flowers.

WIASE YI AYƐ BISIBASAA

4 | Anidaso a Wowɔ No, Bɔ Ho Ban

NEA ENTI A ƐHO HIA

Sɛnea wiase ayɛ bisibasaa no, ɛho dadwen tumi bɔ ebinom yare, na etumi sɛe ebi nso anigye. Wɔn a nneɛma bɔne te sɛ atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho aka no, wɔn mu bebree te nka sɛ wɔn anidaso asa. Ɛba saa a, sɛn na wɔyɛ wɔn ade?

  • Ebinom wɔ hɔ a wɔmfa daakye asɛm nhaw wɔn ho bio.

  • Ebinom nso de dane nsawe ne nnubɔnenom. Wɔn adwene nyinaa ne sɛ ɛbɛma wɔn werɛ afi wɔn haw.

  • Ebinom hu no sɛ, ɛyɛ sɛ wobewu sen sɛ wɔbɛtena ase.

Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu

  • Ɔhaw no bi wɔ hɔ a, ɛrentena wo so nkyɛ. Ɛnnɛ na nneɛma mu nyɛ a, ɔkyena ebetumi asesa ama ayɛ wo nwonwa.

  • Sɛ mpo ansesa a, nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ na ama woatumi agyina ano.

  • Bible ma yenya anidaso. Ama yɛahu sɛ daakye, nnipa haw nyinaa bɛba awiei. Ɔhaw a ɛde ɔhaw de, yɛrenhyia bio.

Nea Wubetumi Ayɛ No Nnɛ

Bible ka sɛ: “Enti ɛnsɛ sɛ mudwinnwen ɔkyena ho da, efisɛ ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Ɛda biara wɔ n’ankasa haw a ɛdɔɔso ma no.”—Mateo 6:34.

Mfa ɔkyena nhaw wo ho. Nea ɛsɛ sɛ woyɛ no nnɛ no, yere wo ho na yɛ. Mma nneɛma a ebesi daakye no ho adwinnwen nhyɛ wo so dodo.

Mma nneɛma bɔne ho adwinnwen nhyɛ wo so. Ebi wɔ hɔ koraa a, nea woredwinnwen ho no, ɛrensi da. Sɛ wode haw wo ho a, w’abam bebu. Ɛba saa a, daakye papa a worehwɛ kwan no, ebeyi w’adwene afi so.

NEA ƐBƐBOA WO AMA WOATUMI ATENA WIASE YI MU​—Nea Woyɛ a Ɛbɛboa Wo

NYA NNEƐMA HO ADWEMPA

A woman gazing contentedly out a window.

Bible ka sɛ: “Mmɔborɔwa de, da biara nye mma no, na nea ɔwɔ anigye koma de, daa ɔwɔ apontow mu.” (Mmebusɛm 15:15) Sɛ woma ɔhaw a worehyia no gye w’adwene nyinaa a, nea wubetumi ayɛ de adi ɔhaw no ho dwuma mpo, anhwɛ a worenhu. Nanso sɛ wunya adwempa a, wubehu sɛ akwan bebree wɔ hɔ a wubetumi afa so adi ɔhaw no ho dwuma.

  • Bere dodow a wode tie amanneɛbɔ ne kaseɛbɔ ahorow no, tew so.

  • Da biara, ansa na wobɛkɔ kɛtɛ so no, wubetumi akyerɛw nneɛma mmienu anaa mmiɛnsa bi a ɛmaa w’ani gyei.

  • Da biara, nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ no, kyerɛw-kyerɛw. Ɛyɛ a kyerɛw nneɛma a wubetumi ayɛ no nko ara. Sɛ wowɔ adwuma kɛse bi yɛ a, kyekyɛ mu yɛ no nkakrankakra, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛda no nkɔ awiei no, wubehu sɛ woatumi ayɛ biribi.

MA AFOFORO MMOA WO

An older man speaks reassuringly to a younger man.

Bible ka sɛ: “Obiara a ɔtew ne ho no, . . . ɔpo nyansa nyinaa.” (Mmebusɛm 18:1) Sɛ wokɔtɔ amena donkodonko mu a, wo nko ara worentumi mpue, gye sɛ obi boa wo na woatumi apue.

  • Ma w’abusuafo ne wo nnamfo nhu sɛ wuhia mmoa.

  • Afei, wo nso hwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa wɔn. Sɛ woyɛ nneɛma boa afoforo a, ɛbɛma w’adwinnwen no so atew.

  • Sɛ w’anidaso nyinaa asa na ɛyɛ wo sɛ kum wo ho a, bɔ mmɔden kohu dɔkta. Ɛtɔ da na adwinnwen hyɛ obi so boro so a, ebetumi aba sɛ yare bi te sɛ adwenemhaw na ɛreteetee no. Wɔn a na wɔte saa no, seesei wɔn mu bebree anya ayaresa ama wɔn ho atɔ wɔn.a

a Nyan! nkyerɛ sɛ obi mfa kwan pɔtee bi so nsa ne ho yare.

Bible Ma Yenya Anidaso Ankasa

Tete dwontofo bi bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) Hwɛ nea enti a yebetumi de Onyankopɔn Asɛm Bible no atoto kanea ne hann ho.

Kanea boa wo ma wutumi hu kwan mu. Saa na Bible no nso te. Sɛ yɛpɛ sɛ yesi biribi a ɛho hia paa ho gyinae a, afotusɛm a nyansa wom a ɛwɔ Bible mu no betumi akyerɛ yɛn kwan ama yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

Hann ma yehu ade kɔ akyiri. Saa na Bible no te, ɛma yehu ade kɔ akyiri. Ɛboa ma yehu sɛ daakye papa bi da yɛn anim retwɛn yɛn.

Bible no yɛ nhoma kronkron, na ɛma yehu nea ɛyɛe a Onyankopɔn bɔɔ nnipa. Ɛsan ma yenya anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye. Ɛma yehu:

Baako

Nea ɛkɔfaa ɔhaw brɛɛ nnipa: Bible ka sɛ: “Ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12.

Mmienu

Nea enti a nnipa amammuo ntumi nyii ɔhaw no mfii hɔ: Bible ka sɛ: “Sɛnea onipa nam a obetutu ne nan mpo, enni ne nsam.” (Yeremia 10:23) Nea ɛrekɔ so wɔ wiase no ma yehu sɛ ampa nea Bible aka no yɛ nokware.

Mmiɛnsa

Nea Onyankopɔn bɛyɛ wɔ asɛm no ho: Bible ma yehu sɛ: “Ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.

A scene from the video “Why Study the Bible?” A wife shares something she read in the Bible with her husband.

SUA PII KA HO. Hwɛ video a yɛato din Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible? Sɛ wokɔ jw.org a, bɔ asɛmti no hyɛ Hwehwɛ afa hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena