Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g24 nɔma 1 kr. 4-6
  • Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Afoforo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Afoforo?
  • Nyan!—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A EHIA SƐ YENYA OBU MA AFOFORO
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • NEA YƐREYƐ
  • Da Obu Adi Kyerɛ Afoforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Adɛn Nti Na Obu Ho Ayɛ Na Saa?
    Nyan!—2024
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Afoforo Abu Me?
    Nyan!—1992
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Obu Ma Wɔn a Yɛhyɛ Wɔn Ase?
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2024
g24 nɔma 1 kr. 4-6
Ɔbarima bi te baabi a wɔtɔn aduan, na ɔreteɛteɛm gu aberante a ɔrebrɛ no aduan no so, ɛnna aberante no nso repa no kyɛw. Wuhu sɛ wɔn a wɔne ɔbarima no te hɔ no ayɛ basaa.

Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Afoforo?

NEA ENTI A EHIA SƐ YENYA OBU MA AFOFORO

Sɛ yenya obu ma afoforo na sɛ abufuw ba mpo a, ɛma nkurɔfo bo dwo. Afei nso, ɛmma asɛm a ɛnyɛ asɛm mmɛyɛ asɛm kɛse.

  • Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa, na asɛm a ɛyɛ yaw de, ɛhyɛ abufuw.” (Mmebusɛm 15:1) Sɛ obi mmu ade na sɛ n’ano yɛ yaw a, ɛntaa nwie yiye.

  • Yesu kaa sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mateo 12:34) Ɛtɔ da a, nea ɛmma nkurɔfo nnya obu mma afoforo ne sɛ, ɛsono baabi a wɔfi ne wɔn honam ani kɔla. Ebinom nso bu afoforo abomfiaa. Sɛ obi bu nkurɔfo animtiaa saa a, ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ haw.

    Nnansa yi ara, wɔbisabisaa nnipa 32,000 a wɔfi aman 28 so nsɛm a ɛfa obu ho; wɔn mu ɔha mu nkyem 65 kaa sɛ ɛnnɛ, sɛnea nnipa mmu ade no, wɔnhuu ɛso bi da.

NEA WUBETUMI AYƐ

Sɛ wowɔ sukuu mu anaa adwuma mu a, ɛsɛ sɛ wunya obu ma obiara. Sɛ wo ne nkurɔfo nyɛ adwene mpo a, ɛsɛ sɛ wubu wɔn. Hwehwɛ nneɛma a wo ne nkurɔfo adwene betumi ahyia wɔ ho. Ɛbɛma woanya wɔn ho abotare na woammu obiara atɛn.

“Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn, na wɔammu mo atɛn.”—Mateo 7:1.

Nea wopɛ sɛ nkurɔfo yɛ ma wo no, wo nso yɛ saa ara ma wɔn. Sɛ woda ayamye adi na wo ne obiara di no yiye a, ebetumi ama wɔn nso ne wo adi no yiye.

“Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Luka 6:31.

Fa bɔne kyɛ. Ɛyɛ a nnwen adwemmɔne mma nkurɔfo, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔka asɛm bi anaa wɔyɛ biribi na anyɛ wo dɛ a, wubetumi abu w’ani agu so.

“Onipa nhumu ma ɔtwentwɛn n’abufuw ase, na ɛyɛ anuonyam ma no sɛ obebu n’ani agu mfomso so.”—Mmebusɛm 19:11.

 Ɛha yɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Nnipa a ɛwɔ hɔ no, ɛsono obiara mfe ne baabi a ofi, na wɔde anigye rekyiakyia wɔn ho, redi nkɔmmɔ ansa na nhyiam no afi ase.
Ɛha yɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Nnipa a ɛwɔ hɔ no, ɛsono obiara mfe ne baabi a ofi, na wɔde anigye rekyiakyia wɔn ho, redi nkɔmmɔ ansa na nhyiam no afi ase.

NEA YƐREYƐ

Baabi a Yehowa Adansefo te anaa wɔyɛ adwuma biara, wɔyɛ nneɛma de kyerɛ sɛ wɔbu ade.

Yɛde Bible kyerɛkyerɛ nkurɔfo na yennye wɔn sika, na wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no nso, yɛmfa yɛn gyidi mpuapua wɔn sɛ kyinkyin ara a wɔnye nea yɛreka no ntom. Mmom no, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ wɔn a, yɛde Bible afotu yɛ adwuma, enti yɛkyerɛkyerɛ wɔn wɔ “odwo ne nidi mu.”—1 Petro 3:15; 2 Timoteo 2:24.

Yɛnsa nnipa mu, na obiara a ɔpɛ sɛ ohu nea Bible kyerɛkyerɛ no, sɛ ɔba yɛn nhyiam ase a, yɛde anigye ma no akwaaba a yɛnhwɛ baabi a ofi. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte nkurɔfo ase, na yɛde ‘obu a ɛfata ama obiara.’—1 Petro 2:​17, New International Version.

Yebu aban mpanyimfo, na baabi a yɛte biara yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ wɔn ase. (Romafo 13:1) Yedi mmara so, na yetua tow ahorow. Ɛwom, yennyina ɔfã biara, nanso gyinae biara a afoforo sisi wɔ amanyɔsɛm ho no, yɛnkasa ntia.

Mfoni Ahorow: Mfoni a wɔatwa afi “Enti Bere Bi Bɛba a Nokware Dɔ Bedi Ɔtan So?” video no mu 1. Arabni barima. 2. Yudani barima.

SUA PII KA HO

Sɛ wɔakyerɛkyerɛ wo ama wode nkurɔfo bi ho tan ahyɛ wo mu a, ɛma no yɛ den sɛ wubenya obu ama wɔn. Hwɛ nea ɛboaa mmarima mmienu bi a wɔfi aman a wɔn ani nhyia so ma wɔnyaa obu maa nkurɔfo. Hwehwɛ video a yɛato din Enti Bere Bi Bɛba a Nokware Dɔ Bedi Ɔtan So? Ɛwɔ jw.org.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena