NNEƐMA BO REYƐ DEN—DƐN NA WUBETUMI AYƐ?
Ma W’ani Nsɔ Nea Wowɔ
Sɛ obi ma n’ani sɔ nea ɔwɔ a, n’ani gye wɔ abrabɔ mu. Sɛ mmere dan a, wɔn nso dan wɔn ho bi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnni mmoro nea wɔnya so.
NEA ENTI A ƐHO HIA
Sɛnea nnipa adwene yɛ adwuma ne sɛnea nnipa yɛ wɔn ade no, Jessica Koehler yɛ ɛho nimdefo. Wabehu sɛ, sɛ obi ma n’ani sɔ nea ɔwɔ a, ɛma n’abrabɔ di mu. Afei nso, n’ani mmere nkurɔfo. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ obi a ɔte saa no, daa ɔwɔ anigye mu na n’adwinnwen so tew. Nokwasɛm ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a wɔnni bi nanso wɔn ani gye paa. Sɛ obi de nneɛma a ɛho hia paa te sɛ n’abusua, ne ne nnamfo a obenya bere ama wɔn di kan de a, anigye a onya no, sika mpo ntumi ntɔ.
NEA WUBETUMI AYƐ
Mfa wo ho ntoto nkurɔfo ho. Sɛ wode kakra a wowɔ no toto nneɛma aboɔden a nkurɔfo wɔ ho a, anhwɛ a ɛremma w’ani nsɔ nea wowɔ na w’ani mpo betumi abere wɔn. Nea ɛte ne sɛ, anhwɛ a wobɛka sɛ saafo no wɔ sika paa, nanso wɔn mu pii wɔ hɔ a, hyɛnhyɛn kwa, ɛka a egu wɔn so no nyɛ agorɔ. Nicole te Senegal. Ɔka sɛ: “Minhia nneɛma bebree na ama m’ani agye. Nea nkurɔfo wɔ no, sɛ minni bi mpo na mema m’ani sɔ nea mewɔ a, ɛma m’ani gye.”
Sɔ wei hwɛ: Nneɛma pii a wɔbɔ ho dawuru, ne nneɛma a wɔde toto sohyia midia so no, bebree wɔ hɔ a ɛtwe adwene si nneɛma akɛse a nkurɔfo wɔ so. Enti ɛyɛ a nkɔhwɛ saa nneɛma no.
Nea wowɔ biara, ma w’ani nnye ho. Obi ma n’ani gye nea ɔwɔ ho a, ɛma n’ani sɔ nea ɔwɔ, na ɔnte nka sɛ ohia nneɛma pii wɔ abrabɔ mu. Roberton fi Haiti, na ɔka sɛ: “Nneɛma pa a nkurɔfo ayɛ ama me ne m’abusua no, ɛyɛ a migye bere dwinnwen ho. Afei mema wɔhu sɛ, yɛn ani sɔ nea wɔayɛ ama yɛn nyinaa. Me babarima a wadi mfe nwɔtwe nso, mekyerɛ no sɛ, sɛ obi ma no biribi a, ɛyɛ a ɔnka meda ase.”
Sɔ wei hwɛ: Wubetumi apɛ nhoma ketewa bi, na biribiara a ɛma w’ani gye wɔ abrabɔ mu no, woakyerɛkyerɛw agu mu. Da biara, wubetumi ayɛ saa. Nea wubetumi akyerɛw no bi yɛ apɔwmuden papa a wowɔ, owia fɛfɛɛfɛ a ɛrekɔtɔ, anaa nea w’ani gye ho wɔ wo busuani a ɔbɛn wo paa anaa wo nnamfo ho.
Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛda fam sɛ yɛbɛma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ. Nanso sɛ yɛyere yɛn ho yɛ saa a, yɛn brɛ renyɛ kwa! Sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ a, anigye rempa yɛn abrabɔ mu da. Anigye nso de, ɛnyɛ ade a sika betumi atɔ da!