ADESUA ASƐM 31
DWOM 111 Nea Ɛma Yɛn Ani Gye
Woahu Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’ani Asɔ Nea Wowɔ?
“Masua sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mɛma m’ani asɔ nea mewɔ.”—FILIP. 4:11.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛ yɛanyɛ bonniayɛ, yɛhwɛ yɛn anim tee na yɛbrɛ yɛn ho ase, na yedwinnwen yɛn anidaso no ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ.
1. Sɛ yɛka sɛ obi ani sɔ nea ɔwɔ a, ɛkyerɛ sɛn, na dɛn na ɛnkyerɛ?
W’ANI sɔ nea wowɔ anaa? Sɛ obi ani sɔ nea ɔwɔ a, n’ani mmere nea afoforo wɔ, na mmom nea ɔwɔ no mprempren no, ɛno na ɔde n’adwene si so. Wei ma onya anigye ne asomdwoe. Nneɛma bi wɔ hɔ na onni bi a, ɛnyɛ no yaw. Nanso sɛ yɛn ani sɔ nea yɛwɔ a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛkeka yɛn ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛfata sɛ yɛhwehwɛ hokwan a yɛde bɛtrɛw yɛn som mu. (Rom. 12:1; 1 Tim. 3:1) Nanso sɛ yɛrepɛ hokwan bi na amma ntɛm a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛsɛe yɛn anigye.
2. Sɛ yɛn ani nsɔ nea yɛwɔ a, adɛn nti na ɛyɛ hu paa?
2 Sɛ yɛn ani nsɔ nea yɛwɔ a, ebetumi akɔfa ɔhaw akɛseakɛse pii aba. Wɔn a wɔn ani nsɔ nea wɔwɔ no, wɔtumi yɛ adwuma nnɔnhwerew pii pɛ sika de totɔ nneɛma a wɔnhyɛ da nhia. Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo bi mpo awia sika ne nneɛma afoforo a wɔn ani bere. Ebia adwene a wɔnyae ne sɛ, ‘Wei deɛ, ke ara ne ke, ɛsɛ sɛ minya,’ ‘Matwɛn akyɛ dodo,’ anaa ‘Ma memfa, akyiri yi mɛpɛ abehyem.’ Nanso Yehowa kyi korɔno biara efisɛ, egu ne din ho fĩ. (Mmeb. 30:9) Ebinom nso wɔ hɔ a, hokwan bi a wɔrepɛ a wɔn nsa anka nti, ayɛ wɔn yaw ara ma wɔagyae Yehowa som mpo. (Gal. 6:9) Dɛn paa na ɛbɛma Yehowa somfo bi ayɛ saa? Ebia nea saa nipa no wɔ no, n’ani nsɔ bio.
3. Dɛn na yebetumi asua afi Filipifo 4:11, 12 mu?
3 Yɛn mu biara betumi asua sɛ ɔbɛma n’ani asɔ nea ɔwɔ. Ɔsomafo Paul kaa sɛ, ‘wasua sɛ tebea biara a ɔwɔ mu no, ɔbɛma n’ani asɔ nea ɔwɔ.’ (Kenkan Filipifo 4:11, 12.) Bere a ɔda afiase na ɔkyerɛw saa asɛm no. Saa bere no mpo, na n’anigye nsɛee. Ná ‘wasua’ sɛ ɔbɛma n’ani asɔ nea ɔwɔ. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ a, Paul nsɛm ne ne suahu no ma yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi ayɛ saa. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛwɔ hɔ kɛkɛ na yɛanyɛ hwee a, yɛn ani bɛsɔ nea yɛwɔ. Mmom, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ. Yɛbɛyɛ no sɛn? Momma yɛnhwɛ suban ahorow bi a ehia sɛ yenya na aboa yɛn ama yɛn ani asɔ nea yɛwɔ.
NYƐ BONNIAYƐ
4. Sɛ yɛanyɛ bonniayɛ a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ama yɛn ani asɔ nea yɛwɔ? (1 Tesalonikafo 5:18)
4 Sɛ yɛanyɛ bonniayɛ a, ɛbɛma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ. (Kenkan 1 Tesalonikafo 5:18.) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, asetenam ahiade a yɛwɔ no, sɛ yɛn ani sɔ paa a, ɛda adi sɛ nneɛma a yenni no, sɛ yɛpɛ mpo a, yɛremfa yɛn adwene nkɔ so pii. Hokwan a yɛwɔ seesei wɔ Yehowa som mu no, sɛ yɛma yɛn ani sɔ a, yɛde yɛn adwene besi so na yɛayere yɛn ho ayɛ no yiye. Wei bɛboa yɛn na hokwan foforo bi a yɛrepɛ no, yɛannwinnwen ho amfa anhaw yɛn ho. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ, sɛ yɛrebɔ mpae a, yɛnna Yehowa ase! Sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ a, ɛboa yɛn ma yenya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so no.”—Filip. 4:6, 7.
5. Adɛn nti na anka ɛnsɛ sɛ Israelfo no yɛ bonniayɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)
5 Yɛmfa nea Israelfo no yɛe nyɛ nhwɛso. Wɔsu guu Yehowa so mpɛn pii sɛ aduan a na wɔnya di wɔ Egypt no, wɔnnya bi nni. (Num. 11:4-6) Ɛwom, na sare no so asetena nna fam. Nanso dɛn na anka ɛbɛboa wɔn ama wɔn ani asɔ nea wɔwɔ? Nea na Yehowa ayɛ ama wɔn dedaw no, na anka ɛsɛ sɛ wɔdwinnwen ho, na wɔkyerɛ ho anisɔ. Bere a na wɔyɛ nkoa wɔ Egypt a wɔn atamfo dii wɔn ani no, Yehowa de ɔhaw du baa wɔn atamfo no so. Bere a Yehowa gyee Israelfo no na wɔrefi Egypt no, “wɔwerɛw Egyptfo ho,” kyerɛ sɛ, wɔgyee dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne ntama fii wɔn hɔ. (Ex. 12:35, 36) Bere a Egyptfo no tiw Israelfo no koduu Po Kɔkɔɔ no ho no, Yehowa yɛɛ anwanwade maa po no mu paee ma wɔfaa mu kɔe. Afei nso, bere a na wɔnam sare no so no, da biara na Yehowa ma wɔn mana di. Ɛnde, na wɔn haw paa ne sɛn? Ɛyɛ bonniayɛ, efisɛ na ɛnyɛ sɛ wɔnni nea wɔbedi, na mmom na wɔn ani nsɔ nea wɔwɔ.
Adɛn nti na Israelfo no ani ansɔ nea wɔwɔ? (Hwɛ nkyekyɛm 5)
6. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛanyɛ bonniayɛ?
6 Ɛnde, wobɛyɛ dɛn na woanyɛ bonniayɛ? Nea edi kan, da biara pɛ bere fa dwinnwen nneɛma pa a wowɔ no ho. Wubetumi mpo akyerɛw emu mmienu anaa mmiɛnsa a w’ani gye ho paa ato hɔ. (Kwa. 3:22, 23) Nea ɛtɔ so mmienu, yɛ biribi fa kyerɛ sɛ w’ani sɔ. Nea afoforo yɛ ma wo no, da wɔn ase wɔ ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, da Yehowa ase daa. (Dw. 75:1) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, fa wɔn a wɔtaa kyerɛ nneɛma ho anisɔ no adamfo. Kae sɛ, sɛ wofa obi a ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ anaa obi a ɔyɛ bonniayɛ adamfo a, wɔn mu biara suban no betumi anya wo so nkɛntɛnso. (Deut. 1:26-28; 2 Tim. 3:1, 2, 5) Sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ bonniayɛ.
7. Dɛn na ɛboaa Aci ma ɔkyerɛɛ nneɛma ho anisɔ, na dɛn na efii mu bae?
7 Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Aci a ɔte Indonesia no suahu. Ɔka sɛ: “Bere a COVID-19 nsanyare no bae no, mifii ase de me tebea totoo me nuanom Kristofo de ho. Ɛno nti, na m’ani nsɔ nea mewɔ.” (Gal. 6:4) Dɛn na ɛboaa no ma ɔsesaa n’adwene? Ɔka sɛ: “Nhyira pii a da biara na minya, ne nneɛma pa pii a Yehowa som nti na manya no, mifii ase dwinnwen ho. Afei medaa Yehowa ase. Wei maa m’ani gyei, na me koma tɔɔ me yam paa.” Sɛ wuhu sɛ bonniayɛ su reyɛ agye ntini wɔ wo mu a, wubetumi asuasua nea Aci yɛe no, na woakyerɛ nneɛma ho anisɔ.
HWƐ W’ANIM TEE NA BRƐ WO HO ASE
8. Afiri bɛn na eyii Baruk?
8 Bere bi, afiri bi yii odiyifo Yeremia kyerɛwfo Baruk. Yehowa de adwumaden bi hyɛɛ Baruk nsa; ná ɛsɛ sɛ ɔboa Yeremia ma ɔde kɔkɔbɔ a ano yɛ hyew ma Israelfo bonniayɛfo no. Nanso eduu baabi no, biribi foforo koraa na na Baruk redwen ho. Sɛ́ anka ɔde n’adwene besi adwuma a na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ no so no, ɔmaa nneɛma a ɔpɛ sɛ onya wɔ asetenam no gyee n’adwene. Enti Yehowa nam Yeremia so ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Nneɛma akɛse na worehwehwɛ. Gyae hwehwɛ.” (Yer. 45:3-5) Sɛ yɛbɛka a, na Yehowa reka akyerɛ no sɛ: “Ma w’ani nsɔ nea wowɔ no.” Baruk tiee afotu no, na Yehowa ne no antwa adamfofa mu.
9. Sɛnea 1 Korintofo 4:6, 7 kyerɛ no, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, dɛn na yɛbɛma atena yɛn tirim? (Hwɛ mfoni no nso.)
9 Ɛtɔ da a, ebia Kristoni bi bɛte nka sɛ ɔkwan biara so, ɛsɛ onya hokwan bi. Ebia na onim nneɛma pii yɛ, ɔpɛ adwuma, anaa ɔwɔ suahu pii; ebi mpo a na ɔwɔ ne mmiɛnsa nyinaa. Nanso ebia afoforo na ebenya hokwan a ɔrepɛ no. Dɛn na ɔbɛyɛ na ɛho asɛm anteetee no? Asɛm a ɔsomafo Paul kyerɛwee wɔ 1 Korintofo 4:6, 7 no, obetumi adwinnwen ho. (Kenkan.) Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn tirim sɛ, hokwan biara a wɔde bɛma yɛn ne ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ no, efi Yehowa hɔ. Ɛnyɛ yɛn nimdeɛ, yɛn ahoɔfɛ anaa yɛn nyansa soronko bi nti na Yehowa de saa nneɛma yi ama yɛn. Mmom ɛyɛ n’adom ara kwa.—Rom. 12:3, 6; Efe. 2:8, 9.
Hokwan biara a yɛanya, anaa ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ no, ɛyɛ Yehowa adom ara kwa (Hwɛ nkyekyɛm 9)b
10. Yɛbɛyɛ dɛn abrɛ yɛn ho ase?
10 Sɛ yedwinnwen nhwɛso a Yesu ayɛ ama yɛn no ho kɔ akyiri a, ɛbɛboa yɛn ama yɛabrɛ yɛn ho ase. Anadwo a Yesu hohoroo n’asomafo no nan ho no, yɛnhwɛ nea esii. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Ná Yesu nim sɛ [1] Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa . . . [2] ofi Onyankopɔn hɔ, na [3] ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn. Enti . . . ofii ase hohoroo asuafo no nan ho.” (Yoh. 13:3-5) Anka Yesu betumi ate nka sɛ n’asomafo no mmom na ɛsɛ sɛ wɔhohoro ne nan ho. Bere a Yesu wɔ asaase so no, wannya adwene da sɛ esiane sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba nti, ɛsɛ sɛ onya asetena pa na odwudwo ne ho. (Luka 9:58) Ná Yesu brɛ ne ho ase, na na n’ani sɔ nea ɔwɔ. Wayɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ ama yɛn.—Yoh. 13:15.
11. Sɛn na ahobrɛase aboa Dennis ma n’ani asɔ nea ɔwɔ?
11 Dennis fi Netherlands; wabɔ mmɔden ara sɛ obesuasua Yesu ahobrɛase, nanso ɛnyɛ mmerɛw mma no. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da na obi nya hokwan bi a mepɛ a, ɛyɛ a na ɛyɛ me yaw anaa m’ani bere onii no. Ɛba saa a, misua ahobrɛase ho ade. JW Library® app no mu no, mahyɛ kyerɛwnsɛm bi a ɛfa ahobrɛase ho nsow, sɛnea ɛbɛyɛ a, merehwehwɛ a mehu no ntɛm na makenkan. Afei nso, ɔkasa ahorow a ɛfa ahobrɛase ho no, matwe bi agu me fon so, na ɛyɛ a metaa bɔ tie.a Mabehu sɛ, adwuma biara a yɛyɛ no, yɛnyɛ mfa nhyɛ yɛn ho anuonyam, mmom yɛde hyɛ Yehowa anuonyam. Nea Yehowa reyɛ no na wapɔne ho kakra ama yɛn sɛ yɛnyɛ.” Sɛ wote nka sɛ w’ani nsɔ nea wowɔ a, yɛ nneɛma a ɛbɛma woanya ahobrɛase. Wei bɛboa wo ma wo ne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den, na ɛbɛboa wo nso ama woanya akomatɔyam.—Yak. 4:6, 8.
DWINNWEN W’ANIDASO NO HO
12. Daakye ho anidaso bɛn na ɛboa yɛn ma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ? (Yesaia 65:21-25)
12 Daakye ho anidaso papa bi a yɛwɔ no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛboa yɛn ma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ. Asɛm a Yehowa maa odiyifo Yesaia kyerɛwee no ma yehu sɛ, ɛwom sɛ wiase yi mu asetena tumi fono yɛn, nanso ɛrenkyɛ Yehowa bɛma yɛn haw nyinaa to atwa. (Kenkan Yesaia 65:21-25.) Yɛbɛtena adan papa mu, na biribiara mmɔ yɛn hu. Yebenya adwuma pa ayɛ, na yɛadi nnuan a ɛyɛ dɛ na ahoɔden wom. Yɛrensuro da sɛ obi bɛba abɛyɛ yɛn anaa yɛn mma bɔne bi. (Yes. 32:17, 18; Hes. 34:25) Momma yɛnka na daakye papa bi da hɔ retwɛn yɛn!
13. Tebea ahorow bɛn mu paa na ebehia sɛ yɛde yɛn ani si yɛn anidaso no so?
13 Saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si yɛn anidaso no so. Adɛn ntia? Efisɛ yɛte “awiei mmere no” mu, na yɛn nyinaa hyia ɔhaw a “emu yɛ den.” (2 Tim. 3:1) Da biara, Yehowa ma yɛn akwankyerɛ, ɔhyɛ yɛn den, na ɔboa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrempa abaw. (Dw. 145:14) Afei nso, sɛ yehyia ɔhaw a emu yɛ den a, yɛn anidaso no betumi akurakura yɛn. Ebia ɛyɛ den sɛ wobɛhwɛ w’abusua. Sɛ saa a, wei kyerɛ sɛ wubedi hia afebɔɔ anaa? Daabida! Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛ wokɔ Paradise a, nea wuhia no ɔbɛma wo mmɔho mmɔho. (Dw. 9:18; 72:12-14) Ebia na yare koankɔ anaa adwenemyare bi abɛtena wo so, anaa yaw bi a worefa mu no, wugye wo ho a ennye. Wohwɛ a, ateetee a ɛte sei ara na wobɛfa mu afebɔɔ anaa? Ɛnte saa koraa. Onyankopɔn wiase foforo no mu no, yare ne owu akyi bɛyera koraa. (Adi. 21:3, 4) Enti mprempren sɛ nneɛma nkɔ yiye mpo a, saa anidaso no nti, ɛmma yenni abooboo mmoro so, na yɛn bo mfuw. Sɛ obi ne yɛn anni no yiye, yɛn dɔfo bi wu, yare bi reteetee yɛn, anaa yɛrehyia sɔhwɛ foforo biara a, yebetumi akɔ so anya anigye ne akomatɔyam. Adɛn ntia? Efisɛ ɔhaw a yɛrehyia no, sɛ ɛso sɛ dɛn mpo a, yenim sɛ “amanehunu no wɔ hɔ bere tiaa bi,” na ɛrenkyɛ wiase foforo no bɛma yɛn haw nyinaa to atwa.—2 Kor. 4:17, 18.
14. Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn anidaso no mu den?
14 Esiane sɛ anidaso boa yɛn ma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ nti, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn anidaso no mu den? Sɛ obi pɛ sɛ ohu biribi a ɛwɔ akyirikyiri a, ebia ebehia sɛ ɔhyɛ ahwehwɛniwa na watumi ahu no yiye. Yɛn nso, ebia ebehia sɛ yetu anammɔn ahorow bi de hyɛ yɛn anidaso no mu den, sɛnea ɛbɛyɛ a Paradise a ɛreba no, yebetumi atwa ho mfoni yiye. Sɛ sikasɛm ho dadwen rebu yɛn kɔn mu a, sɛnea yɛn asetena bɛyɛ bere a ohia ne sikasɛm mu ahokyere afi hɔ no, yebetumi atwa ho mfoni wɔ yɛn adwenem. Ebia na yɛrepɛ ɔsom hokwan bi na yɛn nsa nnya nkae, enti agyaw yɛn tipae. Sɛ saa a, ɛnde akwannya a yɛde bɛsom Yehowa afebɔɔ bere a bɔne ne sintɔ afi yɛn ho no, yebetumi adwinnwen ho. Yɛyɛ saa a, yebehu sɛ hokwan a yennyae no, ɛnyɛ ade biara a ɛsɛ sɛ yɛde haw yɛn ho. (1 Tim. 6:19) Yɛrekasa yi, ebia ɔhaw bi a yɛrehyia ho adwinnwen nti, ayɛ den sɛ yebepia ɛno ato nkyɛn na yɛadwinnwen sɛnea yɛn asetena bɛyɛ daakye ho. Nanso sɛ yɛampa abaw na yɛkɔ so yɛ a, ebedu baabi no, ɛrenyɛ den mma yɛn sɛ yebedwinnwen wiase foforo no mu asetena ho.
15. Dɛn na yesua fi asɛm a Christa kae no mu?
15 Yɛnhwɛ sɛnea anidaso boaa Christa; ne kunu ne Dennis a yedii kan kaa ne ho asɛm no. Ɔka sɛ: “Mewɔ ntini mu yare bi a ɛmma me ho ntɔ me koraa. Wei nti, ɛyɛ a metena mmubuafo akongua mu, na meda mpa mu kyɛ paa. Ɛyaw a mete no nnyae da. Nnansa yi ara, me dɔkta a ɔhwɛ me ka kyerɛɛ me sɛ, asɛ anidaso biara nnim. Nanso ɛhɔ ara na ebesii me tirim sɛ, ‘Gyama onnim sɛ mewɔ anidaso.’ Midwinnwen m’anidaso no ho, na ɛma minya asomdwoe. Sɛ ɛnnɛ na meresu wɔ wiase bɔne yi mu a, wiase foforo no mu de, mɛserew!”
“WƆN A WOSURO NO NO, BIRIBIARA NHIA WƆN”
16. Adɛn nti na Dawid tumi kyerɛwee sɛ wɔn a wɔsuro Yehowa no “biribiara nhia wɔn”?
16 Sɛ obi yɛ Yehowa somfo na n’ani sɔ nea ɔwɔ mpo a, obetumi ahyia ɔhaw. Anyɛ yiye koraa no, Ɔhene Dawid mma mmiɛnsa wui. Nkurɔfo kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokware faa ne ho, ne nnamfo binom dii no huammɔ, na Ɔhene Saul taataa no mfe pii sɛ ɔrepɛ no akum no. Ɔhaw yi nyinaa mu no, ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Wɔn a wosuro no no, biribiara nhia wɔn.” (Dw. 34:9, 10) Adɛn nti na otumi kaa saa? Efisɛ yenim sɛ ɔhaw de, ɛnyɛ dɛn ara a Yehowa asomfo behyia bi, nanso yegye di paa sɛ, nea yehia paa de, ɛremmɔ yɛn da. (Dw. 145:16) Afei nso, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so sɛ, ɔhaw biara a yebehyia no, ɔrennyaw yɛn mu da. Anokwa, ɛmfa ho sɛnea yɛn tebea te biara, yebetumi anya anigye ne asomdwoe.
17. Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wobɛma w’ani asɔ nea wowɔ?
17 Yehowa pɛ sɛ woma w’ani sɔ nea wowɔ. (Dw. 131:1, 2) Enti bɔ mmɔden sua sɛ wobɛma w’ani asɔ nea wowɔ. Sɛ woanyɛ bonniayɛ, wohwɛ w’anim tee na wobrɛ wo ho ase, na wudwinnwen w’anidaso no ho a, wubetumi aka sɛ, “m’ani sɔ” nea mewɔ.—Dw. 16:5, 6.
DWOM 118 “Ma Yɛn Gyidi Nyɛ Kɛse”
a Wubetumi ahwɛ Daa Asɛm dwumadi a yɛato din Jehovah Cares for the Humble ne Pride Is Before a Crash wɔ jw.org.
b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi reyɛ afiri bi ho adwuma wɔ asafo dan bi mu, onua bi rebisabisa onuawa bi a wasua mum kasa nsɛm wɔ ɔmansin nhyiam bi ase; onua bi rema baguam ɔkasa.