Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 89
  • Yesu Tew Asɔrefi Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Tew Asɔrefi Hɔ
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Pamoo Nkurɔfo a Wɔregu Asɔrefie No Ho Fĩ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yehowa Som Ho Mmɔdenbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Yesu De Nnamyɛ Yɛɛ Onyankopɔn Apɛde
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Mmoa
    Nyan!—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 89
Yesu repam wɔn a wɔsesa sika wɔ asɔrefie hɔ no afi hɔ; wadan wɔn apon no abutuw

ASƐM 89

Yesu Tew Asɔrefi Hɔ

YESU bo afuw kɛse wɔ ha, ɛnte saa anaa? Wunim nea enti a ne bo afuw saa? Efisɛ mmarima yi a wɔwɔ Onyankopɔn asɔrefi hɔ wɔ Yerusalem no yɛ adifudepɛfo. Wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya sika pii afi nnipa a wɔaba ha rebɛsom Onyankopɔn no nkyɛn.

Wuhu saa anantwi ne nguan ne mmorɔnoma no? Mmarima no retɔn saa mmoa yi wɔ asɔrefi ha. Wunim nea enti? Efisɛ na Israelfo hia mmoa ne nnomaa na wɔde abɔ Onyankopɔn afɔre.

Onyankopɔn mmara kae sɛ sɛ Israelni yɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ afɔre ma Onyankopɔn. Na na mmere afoforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Israelfo bɔ afɔre. Nanso na ɛhe na Israelni benya nnomaa ne mmoa de abɔ Onyankopɔn afɔre?

Na Israelfo no binom wɔ nnomaa ne mmoa. Enti na wobetumi de abɔ afɔre. Nanso na Israelfo no pii nni mmoa anaa nnomaa biara. Na na ebinom nso te baabi a ɛne Yerusalem ntam ware a wontumi mfa wɔn mmoa mma asɔrefi ha. Enti nkurɔfo no baa ha bɛtɔɔ mmoa anaa nnomaa a wohia. Nanso na sika a saa mmarima yi gye nkurɔfo no dɔɔso dodo. Na wɔresisi nkurɔfo no. Afei nso, na ɛnsɛ sɛ wodi gua wɔ Onyankopɔn asɔrefi hɔ pɛɛ.

Eyi na ɛhyɛɛ Yesu abufuw. Enti ɔdan mmarima no apon no butubutuwii, na sika no bɔ petee. Afei nso ɔde mpire pam mmoa no fii asɔrefi hɔ. Ɔka kyerɛɛ mmarima a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: ‘Momfa wɔn mfi ha, monnyɛ m’agya fi baabi a wɔde anibere pɛ sika.’

Na Yesu akyidifo no binom ka ne ho wɔ asɔrefi ha wɔ Yerusalem. Nea na Yesu reyɛ no yɛɛ wɔn nwonwa. Nanso afei wɔkaee sɛ wɔaka Onyankopɔn Ba no ho asɛm wɔ Bible mu sɛ: ‘Onyankopɔn fi ho dɔ bɛdɛw te sɛ ogya wɔ ne mu.’

Bere a Yesu baa Twam afahyɛ no wɔ Yerusalem ha no, ɔyɛɛ anwonwade pii. Akyiri yi, Yesu fii Yudea na osiim sɛ ɔresan akɔ Galilea. Nanso wɔ kwan so no ɔkɔfaa Samaria mantam mu. Ma yɛnhwɛ nea ɛkɔɔ so wɔ hɔ.

Yohane 2:13-25; 4:3, 4.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena