Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 93
  • Yesu Ma Nnipa Pii Aduan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Ma Nnipa Pii Aduan
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔde Paanoo ne Mpataa Kakraa Bi Maa Mpempem Dii
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Maa Nnipa Mpempem Aduan Dii
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yesu Betumi Abɔ Yɛn Ho Ban
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Sodifo a Ɔkorɔn Sen Onipa a Yehia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 93
Yesu de paanoo ne nam kakraa bi rebɛma nnipadɔm bi

ASƐM 93

Yesu Ma Nnipa Pii Aduan

ASƐM bɔne bi asi. Wɔakum Yohane Osuboni no. Ná Herodia a ɔyɛ ɔhene no yere mpɛ n’asɛm. Na otumi yɛ maa ɔhene no ma wotwaa Yohane ti.

Bere a Yesu tee no, ne werɛ howee. Ɔkɔhyɛɛ baabi komm. Nanso nkurɔfo no dii n’akyi. Bere a Yesu huu nnipa dɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Enti ɔkaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn na ɔsaa wɔn ayarefo yare.

Saa anwummere no n’asuafo bɛka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ade resa, na ɛha nso yɛ sare so. Ma nkurɔfo no nkɔ na wɔatumi akɔtɔ aduan adi wɔ nkuraa a ɛbemmɛn ha no ase.’

Yesu buae sɛ: ‘Ɛho nhia sɛ wɔkɔ. Mo ara momma wɔn biribi nni.’ Ɔdan hwɛɛ Filipo no Yesu bisae sɛ: ‘Ɛhe na yebenya aduan a ɛbɛso nnipa yi nyinaa atɔ?’

Filipo buae sɛ: ‘Aduan a yɛbɛtɔ ma nnipa a wɔwɔ ha no mu biara anya kakraa bi pɛ mpo adi no bo bɛkɔ soro papaapa.’ Andrea kae sɛ: ‘Abofra a ɔso yɛn aduan no wɔ abodoo anum ne mpataa abien. Nanso ɛrenso nnipa yi nyinaa baabiara.’

Yesu kae sɛ: ‘Ma nkurɔfo no nyinaa ntratra sare no so.’ Afei ɔdaa Onyankopɔn ase wɔ aduan no ho, na ofii ase bubuu mu. Na asuafo no de abodoo ne mpataa no maa nkurɔfo no nyinaa. Ná mmarima 5,000 wɔ hɔ, ne mmea ne mmofra mpempem pii. Wɔn nyinaa didi mee. Na bere a asuafo no boaboaa nea ɛkae no ano no, wonyaa nkɛntɛn 12!

Afei Yesu maa n’asuafo no traa hyɛmma mu na wɔde atwa Galilea Po no. Anadwo no mframa kɛse bi tui, na asorɔkye no wosow hyɛmma no. Ehu kaa asuafo no. Na ɔdasu mu no, wohui sɛ obi nam nsu no so reba wɔn nkyɛn. Wɔde ehu teɛteɛɛm efisɛ na wonnim dekode a wɔrehu no.

Yesu kae sɛ: ‘Munnsuro. Ɛyɛ me!’ Na wontumi nnye nni. Enti Petro kae sɛ: ‘Sɛ wo ampa a, ka ma mennantew nsu no ani mmra wo nkyɛn.’ Yesu buae sɛ: ‘Bra!’ Na Petro fii adi nantew nsu no ani! Afei ehu kaa no na ofii ase sɛ ɔremem, nanso Yesu gyee no.

Akyiri yi, Yesu maa nnipa mpempem aduan bio. Saa bere yi de ɔde abodoo ason ne mpataa kakraa bi. Na ɛha nso obiara didi mee. So sɛnea Yesu boa afoforo no nyɛ nwonwa? Bere a obedi tumi sɛ ɔhene a Onyankopɔn apaw no no, ɛho renhia sɛ yɛhaw yɛn ho wɔ biribiara ho!

Mateo 14:1-32; 15:29-38; Yohane 6:1-21.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena