Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kc ti 12 kr. 105-116
  • “Nna a Edi Akyiri” ne Ahenni No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nna a Edi Akyiri” ne Ahenni No
  • “W’Ahenni Mmra”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MMAMU AHOROW ABIEN
  • ƐFA ASASE NYINAA HO
  • BA A ƆHENE NO BA ƆSORO ANUONYAM MU
  • “AWOKO YAW MFIASE”
  • Mprempren Nhyehyɛe Yi Bɛtra Hɔ Akosi Bere Bɛn?
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • “Wiase Awiei” Abɛn!
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Onyankopɔn Ahenni ‘Ba’​—Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
“W’Ahenni Mmra”
kc ti 12 kr. 105-116

Ti 12

“Nna a Edi Akyiri” ne Ahenni No

1. (a) Nsemmisa a ehia bɛn na afei ɛsɔre? (b) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ nna a edi akyiri no ho [i] fa yɛn asase yi ho, [ii] fa wɔn a wɔresɛe no ho?

SO YƐTE “nna a edi akyiri” no mu mprempren? Dɛn na “nna a edi akyiri” no kyerɛ? Nea ɛyɛ anigye no, asase no ankasa rennya “nna a edi akyiri.” Efisɛ Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: ‘Asase nhim da biara da.’ Sɛnea Yehowa mfitiase atirimpɔw te no, wɔbɛma adesamma ne mmoa atra ha daa. (Dwom 104:5-24; 119:89, 90; Genesis 1:27, 28; 8:21, 22) Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ saa amanaman ne ankorankoro abɔnefo a wɔresɛe Onyankopɔn asase no “nna a edi akyiri” wɔ hɔ. Ahenni no ‘ba’ na ɛbɛba abɛsɛe saa adesɛefo no.—2 Petro 3:3-7; Yakobo 5:1-4; Adiyisɛm 11:15-18.

2. Dɛn pɔtee na Paulo hyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛba wɔ yɛn “mmere a ɛyɛ hu” yi mu?

2 So ebetumi aba sɛ yɛte saa “nna a edi akyiri” no mu nnɛ? Wo de, fa Bible nkyerɛase biara na kenkan nea Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Timoteo Nhoma a Ɛto so Abien ti 3, nkyekyem 1 kosi 5 sɛ ɛbɛba “nna a edi akyiri” no. Afei bisa wo ho sɛ, saa na adesamma wiase no te nnɛ anaa? Ɛha no, ɔsomafo no hyɛ “mmere a emu yɛ den” ho nkɔm, na ɔde ka ho sɛ:

“Nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho.”

3. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Paulo ka “nna a edi akyiri” no ho asɛm sɛ ɛho hia koraa sen Yudafo nhyehyɛe no?

3 Bere a ɔsomafo no kyerɛw nea ɛwɔ atifi hɔ no, na ɛnyɛ Yudafo nneɛma nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” ho asɛm na ɔreka. Ná ɛno rentumi nyɛ saa, efisɛ Paulo kyerɛw saa nsɛm no bɛyɛ afe 65 Y.B., bere a na saa “nna a edi akyiri” no akɔ so bɛboro mfe 30 dedaw ma aka mfe anum pɛ na Yerusalem amamfoyɛ adu. Saa ara nso na na ɔwae no nnya mmaa wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no mu. Ná saa Yudafo nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” no asɛe de, nanso nsɛm a ebesisi wɔ Satan wiase nneɛma nhyehyɛe mũ no nyinaa “nna a edi akyiri,” bere a Yesu bɛsan aba de n’Ahenni abesi hɔ no, bɛkyɛn ɛno koraa.

MMAMU AHOROW ABIEN

4. Dɛn na ɛmaa asuafo no bisaa asɛm a ɛwɔ Mateo 24:3 no?

4 Wɔ Yesu mmɛ no mu no, na waka “wiase awiei” ho asɛm. (Mateo 13:39, 40, 49) Sɛnea ɛte wɔ nnipa ho no, eyi kanyan n’asuafo no anigye, ne titiriw no, esiane sɛ saa bere no mpo na mpapahwekwa no rehu amane kɛse pii wɔ Romafo ne Yudafo nyamesom akannifo atirimɔden nniso no ase nti. Wonyaa anidaso sɛ Onyankopɔn Ahenni no de ahotɔ bɛba. Ne saa nti, nnansa ansa na wɔrekum Yesu no, n’asuafo no mu baanan baa ne nkyɛn bere a na ɔte Ngo Bepɔw a ɛwɔ Yerusalem atifi no so bebisaa no sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, bere bɛn na nneɛma yi bɛyɛ, na dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a woaba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?”—Mateo 24:3, NW; Marko 13:3, 4.

5. Ɔkwan bɛn so na Yesu nsɛm a ɔde maa mmuae no bɛbam?

5 Ɛwom sɛ bere a na ɛda Yesu asuafo no anim pɛɛ no ho nko na wɔredwen de, nanso na mmuae a Yesu de mae saa bere no benya mmamu ahorow abien: nea edi kan, Yudafo nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” ne, ɛno akyi koraa no, Satan wiase nhyehyɛe a ɛwɔ asase mũ no nyinaa so no “nna a edi akyiri” no mu.

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 24:7-22 no nyaa mmamu ketewaa bi? (b) Eyi mu nkaede a ɛyɛ hu bɛn na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ?

6 Nea Yesu ka kyerɛɛ saa asuafo no sɛnea wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Mateo 24, nkyekyem 7 kosi 22 no kaa nsɛm a ebesisi a wɔn mu bi behu wɔ ɔkwan ketewaa bi so wɔ mfe 37 a edi hɔ no mu ara akosi afe 70 Y.B. no. Wɔ Yesu bere so Yudafo no fam no, na ɛbɛyɛ basabasayɛ bere a akokoakoko, aduankɔm, asasewosow, Kristofo a wɔbɛtan wɔn ne atoro Mesia ahorow a wobepue bɛba ama wɔn. Nanso na “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi” abɔde nyinaa mu de adi adanse. Awiei no, saa “akyide a ɛbɔ ɔman,” a ɛne Roma asraafo dɔm abosonsomfo no nya bɛtow hyɛɛ Yerusalem asɔrefi no “kronkronbea” no so ampa. Bere tiaa bi a Romafo no fii hɔ a emu na Yesu asuafo no tumi dii ne nkɔmhyɛ ahyɛde no so denam guan a woguan kɔɔ mmepɔw so dwoodwoo so no, wɔsan bae bio a na wɔhyɛ Ɔsahene Titus ase. Wodwiriw Yerusalem ne ne mma guu fam na wɔsɛee n’asɔrefi a wɔannyaw ɔbo ɔbo so.—Hwɛ Luka 19:43, 44; Kolosefo 1:23 nso.

7 Wɔ Yesu “sɛnkyerɛnne” no mmamu mu no, ɔhaw a aboaboa ano yi baa Yudafo no so, na Yerusalem a ɛsɛee pasaa wɔ afe 70 Y.B. mu no na ɛde baa awiei. Yudafo bɛboro ɔpepem biako na wɔsɛe kaa wɔn kurow no ho, na wɔfaa wɔn a wonyaa nkwa no nnommum kɔe. Titus nkonimdi nkaedum no si Rome de besi nnɛ sɛ Yesu nkɔmhyɛ no mmamu mu nkaede a ɛyɛ awerɛhow. Nanso, wɔkyerɛw Yesu “sɛnkyerɛnne” no too hɔ koraa sɛ kɔkɔbɔ ma nnipa a na wɔte ase wɔ afeha a edi kan no mu nkutoo anaa? Ɛyɛ ‘abakɔsɛm hunu’ kɛkɛ nnɛ anaa? Ɛsɛ sɛ mmuae no yɛ, Dabi!

ƐFA ASASE NYINAA HO

8. (a) Ɛsɛ sɛ Yesu nsɛm no mmamu ketewaa no ka yɛn dɛn nnɛ? (b) Nneɛma a ɛso kyɛn so ho nkɔmhyɛ nhwɛsode bɛn na eyi de ma?

8 Ɛsɛ sɛ mmamu ketewaa bi a Yesu nsɛm no nyae wɔ Yudafo nneɛma nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” no mu no hyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ mu tumi mu den. Nanso, saa afeha a edi kan no mu nsɛm a esisii no de nkɔmhyɛ nhwɛsode bi nso ma wɔ nsɛm a ebesisi a ɛbɛyɛ kɛse asen ɛno a ɛfa Satan wiase nneɛma nhyehyɛe no nyinaa ho no ho. Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 24:21, 22 no retwɛn ne mmamu kɛse koraa:

“Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti wobetwa nna no so.”

9. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu nsɛm no fa wiase nyinaa atemmu ho?

9 Yesu nkɔmhyɛ no mu nsɛm a edidi so wɔ Mateo 24:23–25:46 no kyerɛ nso sɛ “wiase awiei” no bɛka wiase nyinaa. Bere a saa ahohiahia no mu yɛ den sen biara no, “onipa ba” no de atemmu ba Satan wiase no so sɛ́ Onyankopɔn hene a ɔde no asi ahengua so, na “asase so mmusuakuw nyinaa besu.” Adesamma a wɔpow Yesu Ahenni no nyinaa bɛka ho. Ɛnyɛ atemmu a ɛbɛba ɔman biako pɛ ne ne kuropɔn so, na mmom ɛbɛyɛ wiase nyinaa atemmu da.—Mateo 24:30.

10. (a) Sɛnea wɔyɛɛ ho mfatoho wɔ Yesu nkɔmhyɛ no mu no, ɔkwan bɛn so na wɔn a ‘wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ’ no awiei bɛyɛ soronko wɔ wɔn a ‘wɔhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni kan’ no de ho? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi yɛ nea ɛbɛba wiase nyinaa?

10 Bere a Yesu nkɔmhyɛ no resan akyerɛ sɛ Onyankopɔn atemmu bɛba wiase no nyinaa so no, ɛkɔ so de “wiase awiei” no toto nna a edii Noa bere so Nsuyiri no anim pɛɛ no ho sɛ:

“Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.”

Sɛnea saa bere no mu Nsuyiri no popaa amumɔyɛfo wiase no nyinaa fii hɔ no, saa ara nso na ahohiahia a ano yɛ den a ɛde Mesia no ‘ba’ no ba awiei no bɛpopa wɔn a wobu ani gu Ahenni no so yɛ ‘nea wɔn ankasa pɛ’ no afi yɛn asase yi so. Nea ɛyɛ anigye no, nnipa pii a ‘wɔhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan’ no benya wɔn ti adidi mu na wɔanya daa nkwa wɔ paradise asase so. So wobɛyɛ eyinom mu biako?—Mateo 6:33; 24:37-39; 25:31-46.

11. Nkɔmhyɛ afoforo bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛbɛfa amanaman nyinaa ho, na ebinom befi mu aka?

11 Bible nkɔmhyɛ pii kyerɛ sɛ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no bɛka “asase so aman” nyinaa. (Dwom 2:2-9; Yesaia 34:1, 2; Yeremia 25:31-33; Hesekiel 38:23; Yoel 3:12-16; Mika 5:15; Habakuk 3:1, 12, 13) Nanso ebinom befi mu aka!—Yesaia 26:20, 21; Daniel 12:1; Yoel 2:31, 32.

BA A ƆHENE NO BA ƆSORO ANUONYAM MU

12. (a) Dɛn nti na ba a Yesu aba ho “sɛnkyerɛnne” ho hia? (b) Dɛn nti na ɛho nhia sɛ ɔsan de honam nipadua pue?

12 Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa ba a waba ho “sɛnkyerɛnne” ho no kyerɛ yɛn sɛ bere a “onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so.” (Mateo 25:31) Esiane sɛ saa anuonyam no haran bɛsɛe ɔdesani aniwa ara kwa nti, ɛsɛ sɛ Ɔhene no tra hɔ a adesamma aniwu nhu no. (Fa toto Exodus 33:17-20; Hebrifo 12:2 ho.) Ɛno nti na ‘ba a waba ho sɛnkyerɛnne’ ho hia no. Mesia no ba a ɛto so abien no mu no, ɛho nhia bio sɛ ogyae ne honhom mu asetra a ɔwɔ wɔ soro no mu na ama ɔde honam nipadua abepue asase so ma wɔde adi dwuma sɛ “bɔne ho afɔre.” Esiane sɛ ɔde ne desani afɔrebɔ no ama “prɛko” nti, “[ɔbɛkwati] bɔne ayi ne ho adi ne mprenu so” sɛ ɔsoro hene a aniwa nhu no.—Hebrifo 7:26, 27; 9:27, 28; 10:8-10; 1 Petro 3:18.

13. Dɛn na Luka 19:11-27 kyerɛ wɔ bere a Yesu san ba ne sɛnea wobegye no atom wɔ amanaman no mu no ho?

13 Anadwo a edi akyiri a Yesu ne n’asuafo a wɔbɛn no kɛse no wɔ hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merekɔ akosiesie baabi ama mo. Afei nso, sɛ mekɔ na mikosiesie baabi ma mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn wɔ me fie.” (Yohane 14:2, 3, NW) Nea ɛne eyi hyia no, Yesu bɛ a ɛwɔ Luka 19:11-27 no ka ne ho asɛm sɛ “ɔdehye bi [a ɔkɔɔ] asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye n’ahenni na wasan aba.” Ná eyi begye bere tenten. Nanso “ne manfo tan no, na wɔsomaa abɔfo dii n’akyi sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.” Saa ara na nnɛ nso nnipa bi wɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso wɔpow “ahene mu Hene” no na wɔpɛ mmom sɛ wɔma wɔn ankasa nnipa nniso a ɛnyɛ pɛ no kɔ so tra ase. (Adiyisɛm 19:16) Te sɛ ‘amanfo’ a wɔwɔ Yesu mfatoho no mu no, wɔbɛtwe eyinom aso denneennen.

“AWOKO YAW MFIASE”

14. Ɛmfa ho sɛ wobegye kyim aka biribi foforo no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ampa sɛ Kristo san bae 1914 Y.B.?

14 Bere bɛn na Ɔhene tumfoɔ yi a amanaman no mpɛ no no fii ase dii yɛn asase no so hene? Adanse no nyinaa kyerɛ sɛ ɛyɛ 1914 Y.B. Nanso obi begye kyim, aka sɛ, ‘Sɛ́ anka saa afe no de Kristo asomdwoe Ahenni bɛba no, efii adesamma amanehunu bere ase!’ Asɛm no are nen! Efisɛ, sɛnea Bible nkɔmhyɛ kyerɛ no, ɛyɛ bere a ‘wiase ahenni bɛyɛ yɛn Awurade Yehowa ne ne Kristo no Ahenni’ na asase so amanaman no ‘bo fuw.’ (Adiyisɛm 11:15, 18) Ɛno nso ne bere a Yehowa soma ne hene a ɔka ne ho no sɛ, “Di hene w’atamfo mfinimfini!” (Dwom 110:1, 2) Nanso ɔnsɛe saa atamfo no amonom hɔ ara.

15. Ɔkwan bɛn so na, sɛnea ɛfata no, Adiyisɛm 12 ka Ahenni no awo ho asɛm?

15 Adiyisɛm ti 12 ka adehu bi a ɛyɛ ahodwiriw a emu na ɔsomafo Yohane huu Onyankopɔn Mesia Ahenni no awo wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Te sɛ ɔbabanin no, wɔwo oyi fi Onyankopɔn “ɔbea” no mu—ne soro abɔde a wɔyɛ abɔfo ahyehyɛde no. “Wɔfaa . . . no de no kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua no nkyɛn,” efisɛ ɛsɛ sɛ Ahenni no de ne ho to Yehowa ne ne tumidi so wɔ ne dwumadi mu.—Adiyisɛm 12:1-5.

16, 17. (a) Dɛn na ɛmaa amanehunu baa asase so fi 1914? (b) Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo ne Luka no ka saa ɔhaw ahorow yi mfiase ho asɛm dɛn?

16 Nea edi hɔ no, ɔko ba ɔsoro! Ɔhene a wɔde no asi agua so no ne n’abɔfo ne Satan ne n’adaemone dɔm no ko, na wɔto eyinom fi Yehowa soro hɔnom kyene yɛn asase yi so. Ɛno nti “asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:7-12) Saa ‘bere tiaa’ no mu no, Ɔhene no boaboa adesamma a wɔdɔ trenee ano ma nkwagye na ɔbɔ Satan wiase nneɛma nhyehyɛe no atemmu a ɛreba no ho kɔkɔ.—Mateo 24:32-41; 25:31-33.

17 Ɛnnɛ, yehu Yesu “sɛnkyerɛnne” no mmamu, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu fefeefe wɔ Mateo atiri 24 ne 25, Marko ti 13 ne Luka ti 21 no. Hyɛ no nsow sɛ ɛha no, Yesu ka “awoko yaw mfiase” ho asɛm wɔ saa nsɛm yi mu:

“Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so. Na asasewosow kɛse bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛba; na ahude ne nsɛnkyerɛnne akɛse befi soro aba. (Mateo 24:3, 7, 8; Luka 21:10, 11)

“Awoko yaw” a ɛte saa de ɔhaw baa adesamma so fi 1914 Y.B. reba yi anaa?

18. Efi 1914 no, ɔkwan bɛn so na ɔko bɛyɛɛ nea ɛyɛ hu yiye?

18 Afe 1914 mu na Ɔko Kɛse (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no “Wiase Ko I”) no fii ase, na ɛde ɔyaredɔm ne ɔkɔm bae. Ɛyɛ den ma akyerɛwfo sɛ wobetumi aka ahude a esisii wɔ akono bere a nnipa ɔpepem pii wuwui wɔ akodi amoa mu wɔ 1914-1918 okunkɛse no mu ho asɛm yiye. Wɔ nhoma Eye Deep in Hell mu no, wɔfaa asɛm a Paul Nash ka faa Europa akono ho no kae sɛ: “Kyerɛwdua anaasɛ mfonini a wɔyɛ biara rentumi nkyerɛ sɛnea ɔman yi yɛe mu—sɛnea ɔko no kɔɔ so da biara awia ne anadwo, asram pii no. Bɔne ne honhommɔne tirimɔdenfo nkutoo na obetumi de ɔko yi aba, na wonhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nsa wom wɔ baabiara. . . . Aprɛm aboba a wɔtotow no nnyae . . . nnipa asetɔre, ɛdɛmdi, abɔdamsɛm da, wohuruw gu ɔdamoa a ɛne asase yi mu; ɔdamoa kɛse biako, na wɔtow atɔfo a wɔyɛ mmɔbɔ no gu mu. Enni kabea, ɛyɛ amumɔyɛ, anidaso biara nni mu.”

19. Dɛn na akontaabu ahorow kyerɛ wɔ asasewosow ahorow a adɔɔso fi 1914 no ho?

19 Wɔde “asasewosow” nso ka ho sɛ “sɛnkyerɛnne” no fã. Asasewosow adɔɔso fi 1914 anaa? Eyi bɛyɛ sɛ nea ɛyɛ nwonwa. Nanso ɛho kyerɛwtohɔ ahorow no mpo yɛ nwonwa sen saa! Sɛnea Geo Malagoli kae wɔ Il Piccolo mu no: “Wɔ mfe 1,059 (fi afe 856 kosi 1914) mu no, amanneɛbɔ ahorow a wotumi de ho to so kyerɛ sɛ asasewosow akɛse 24 pɛ na esisii.” N’akontaabu no kyerɛ sɛ saa mfe no mu no, sɛ wɔkyekyɛ mu a, nnipa 1,800 na wowuwui afe biara wɔ asasewosow ahorow mu, bere a efi afe 1915 reba no, asasewosow akɛse 43 na aba a sɛ wɔkyekyem a, akunkum nnipa 25,300 afe biara.

20, 21. Dɛn na ada adi fi 1914, na dɛn ntia?

20 Wiase Ko I no mu no, aprɛm a wɔtotowee bere nyinaa no kyerɛɛ biribi foforo—akodi ankasa. Ɛno ne nea edi kan a wɔde mframahyɛn ne afei, nea ɛsen biara no, wimhyɛn fii wim akodi ase.

21 Nea wɔfrɛ no ahunmu nkonim a onipa adi no atwe adwene asi owia, ɔsram ne nsoromma ahorow so, na ahude wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Tumi Akɛse no wɔ adwene sɛ wɔde ahunmu ahyɛn befi akodi ase. Nanso wonim sɛnea wobefi ahunmu atotow aprɛm mmɛmma a etumi fi asasepɔn biako so kɔ baabiara a wɔpɛ dedaw. Nuklea akode a abu so mprempren, a amanaman a wɔne wɔn ho nka no aboaboa ano asie no dɔɔso araa ma ebetumi atɔre adesamma ase mpɛn pii, na wɔabu akontaa sɛ ansa na afeha yi bɛkɔ n’awiei no na aman bɛyɛ 35 wɔ akode a etumi sɛe nneɛma pii saa no bi.

22. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛpo ankasa abenya hwɛbea foforo fi 1914? (b) Dɛn ho kɔkɔbɔ na animdefo de ma wɔ nea ehunahuna yɛn asase yi ho?

22 Ɛpo hwɛbea bɛyɛɛ foforo bere a wɔde po ase akohyɛn baa Wiase Ko I mu no; eyi maa United States de ne ho hyɛɛ ɔko no mu, na ɛnnɛ ayɛ hu sen saa mpo. Po ase nuklea akohyɛn ayɛ krado. Kuropɔn biara nni asase so a nuklea mmɛmma nnu hɔ. New York Times a ɛbae August 30, 1980, no faa U.S. Ɔman Dwumadibea ɔbenfo Marshall D. Shulman asɛm kae sɛ tumi a nuklea ko betumi aba no “betumi akɔ soro mmom sen sɛ ɛbɛbrɛ ase.” New York Times a ɛbae March 2, 1980 mu aguade ho dawurubɔ a ɛyɛ kratafa biako a adwumayɛfo mmarima ne mmea bɛboro 600 na wɔma wɔkyerɛwee no kae sɛ: “Nuklea ko, nea ‘esua’ mpo de owu, opira ne nyarewa a ebi mmae da wɔ adesamma asetra ho abakɔsɛm mu bɛba.” Wɔde kaa ho sɛ “wobetumi awie nuklea ɔko a ɛyɛ to ma mento wɔ dɔnhwerew biako mu, na ebetumi asɛe nkwa dodow no ara wɔ asase atifi.” U.S. ɔman nanmusifo a wɔde no kɔɔ Moscow no kae wɔ afe 1981 mu sɛ: “Mihu sɛ wiase ayɛ hu sen bere biara wɔ n’abakɔsɛm mu.” Nanso ɛka a wɔbɔ wɔ akode a ɛsɛe nneɛma bebree ho kɔ soro ara.

23. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yefi komam bɔ Ahenni no ‘ba’ ho mpae?

23 Ɛte sɛ nea adesamma reyɛ adu tebea a Harold C. Urey a onyaa Nobel Akyɛde no kaa ho asɛm siei mfe bi a atwam no mu, nea ɔkae sɛ: “Yebedi ehu, ada ehu mu, atra ehu mu na yɛawu ehu mu” no. Nea ɛyɛ anigye no, Amansan Hene Yehowa, a ɔbɔɔ asase yi maa n’atirimpɔw pa bi no nam ne Ba Ahenni no so de ano aduru bɛma. Nanso ansa na yɛbɛhwehwɛ eyi mu akɔ akyiri no, ma yɛmfa yɛn adwene nkɔ Yesu nkɔmhyɛ no so bio. Hyɛ sɛnea ne nsɛm a ɛfa wiase ko, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ho, a ɛyɛ “sɛnkyerɛnne” no afã horow no, ne nkɔmhyɛ titiriw bi a ɛne Adiyisɛm di nsɛ no nsow. Kae sɛ, Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Mesia so no ne ano aduru—Ahenni a yefi komam bɔ ne ‘ba’ ho mpae no!

[Kratafa 115 adaka]

NEA AKYERƐWFO AKA AFA 1914 HO

Wiase ko a ɛto so abien akyi mpo no, nnipa pii dan adwene kɔ 1914 so sɛ nnɛyi abakɔsɛm mu nsakrae bere kɛse:

“Nokwarem no, 1914 na efii yɛn bere yi mu nsakrae no ase na ɛnyɛ Hiroshima.”—Rene Albrecht-Carrie, “The Scientific Monthly,” July 1951

“Efi 1914 reba no, obiara a n’ani da ne ho so wɔ wiase nsɛm ho no ahaw kɛse wɔ nea ayɛ te sɛ aperenten a wɔkɔ so tu kɔ ɔsɛe kɛse a wɔahyɛ ato hɔ a wontumi nkwati mu. Nnipa a wodwen yiye ate nka sɛ wontumi nyɛ hwee mfa nkwati ɔsɛe a yɛrekɔ mu no. Wohu adesamma abusua no te sɛ Helafo anansesɛm mu ɔkatakyie bi a anyame a wɔn bo afuw piapia no a onni n’ankasa awiei so tumi bio.”—Bertrand Russell, New York “Times Magazine,” September 27, 1953

“Nnɛ mmere yi . . . fii ase 1914, na obiara nnim bere ko anaa ɔkwan ko a ɛbɛfa so awie. . . . Ebetumi ama nnipa ase atɔre.”—Samufo asɛm, “The Seattle Times,” January 1, 1959

“Afe 1914 mu na sɛnea wonim wiase no na wogye tom saa bere no baa awiei.”—James Cameron, “1914,” a wɔkyerɛw no 1959

“Ná Wiase Ko a Edi Kan no yɛ abakɔsɛm mu basabasayɛ akɛse no mu biako.”—Barbara Tuchman, “The Guns of August,” 1962

“Nsusuwii ne mfonini ahorow ba m’adwene mu . . . nsusuwii ahorow a ɛfa tebea a na ɛwɔ hɔ ansa na 1914 reba bere a na asomdwoe, ahotɔ ne ahobammɔ ankasa wɔ asase yi so—bere a na yennim ehu no. . . . Ahobammɔ ne ahotɔ ayera afi nnipa asetra mu fi 1914.”—Germany ɔmanyɛfo Konrad Adenauer, 1965

“Wiase dɛwee ankasa wɔ Wiase Ko I mu na besi nnɛ no, yennim nea enti a ɛbaa saa. . . . Na yɛhwɛ wiase a ɛyɛ pɛ bi kwan. Ná asomdwoe ne yiyedi wɔ hɔ. Afei biribiara yɛɛ basaa. Efi saa bere no yɛwɔ tebea bi a nneɛma nkɔ yiye wom mu.”—Oduruyɛfo Walker Percy, “American Medical News,” November 21, 1977

“Wɔ 1914 mu no, wiase hweree biakoyɛ bi a efi saa bere no, entumi nnyae bio. . . . Ayɛ basabasayɛ ne anuɔden bere soronko, nea ɛtra amanaman ahye na ɛkɔ so wɔn mu ankasa nso.”—“The Economist,” London, August 4, 1979

“Ɔyare bɔne bi a ebia ɛremfi hɔ da kaa anibuei wɔ 1914 mu.”—Frank Peters, St. Louis “Post-Dispatch,” January 27, 1980

“Ná biribiara rekɔ so yɛ yiye. Mekyerɛ wiase a wɔwoo me toom no. . . . Bere a wɔnhwɛ kwan, 1914 anɔpa bi no, biribiara baa awiei mpofirim.”—Britania ɔmanyɛfo Harold Macmillan, New York “Times,” November 23, 1980

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena