Yehowa Boaboa Ne Nkurɔfo Ano na Osiesie Wɔn ma Adwumayɛ
Wɔ mfehaha no mu no ɔwae no trɛwee wɔ asase so nyinaa te sɛ wura a wɔagu wɔ awifuw mu. Ná asɔre ahorow pii no wɔ Bible nkyerɛkyerɛ ahorow bi, nanso nnipa atetesɛm ne amanne ahorow a efi abosonsom mu akyi na wodii titiriw. Akwanhwɛ a ɛfa ba a Kristo bɛsan aba ho no yɛ nea efii wɔn adwene mu koraa.—Fa toto Mateo 13:24-30, 37-43 ho.
Nanso, na Yesu aka sɛ yɛnkɔ so nwɛn wɔ ne ba a ɔbɛsan aba no ho! Ná kuw biako bi reyɛ eyi wɔ Allegheny, Pennsylvania, U.S.A. Wɔ 1870 mfiase mu hɔ no, Charles Taze Russell, ne ne nnamfo binom nkutoo fii ase yɛɛ Bible no mu nhwehwɛmu kɛse a ɛfa Kristo ba a ɔbɛsan aba no ho. Afei nso wofii ase hwehwɛɛ Bible mu nokware a ɛfa ɔkyerɛkyerɛ atitiriw afoforo pii ho. Eyi na efii Yehowa Adansefo nnɛyi adwuma no ase.—Mateo 24:42.
Saa kuw yi bɛtee ase sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ne Bible no nhyia na mmom Yehowa nkutoo ne ade nyinaa so tumfoɔ ne Ɔbɔadeɛ, Yesu Kristo ne N’abɔde a odi kan ne ne Ba a ɔwoo no koro, na honhom kronkron no nyɛ onipa na mmom Onyankopɔn adeyɛ tumi a aniwa nhu. Kuw yi hui sɛ ɛnyɛ nea ɔkra no ntumi nwu na mmom ɛyɛ nea ewu, sɛ anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo ne owusɔre, ne sɛ ɛnyɛ daa ayayade ne asotwe a ɛwɔ hɔ ma abɔnefo a wonnu wɔn ho na mmom ɔsɛe.
Wohuu Yesu nkwa a ɔde mae sɛ agyede ma adesamma no sɛ ɛyɛ Bible no nkyerɛkyerɛ titiriw. Nea edi kan no, wobeyi mmarima ne mmea 144,000 a wɔpaw wɔn fii afeha a edi kan no mu besii yɛn bere yi mu no afi asase so ma wɔakɔyɛ Kristo mfɛfo adedifo wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Afei ɛdenam Yesu agyede no so no, adesamma ɔpepepem pii a wɔn a wɔanyan wɔn nso ka ho bedu ɔdesani pɛyɛ ho a wɔwɔ daa nkwa wɔ asase so wɔ saa Ahenni no nniso ase ho anidaso.
Russell ne ne mfɛfo no hui nso sɛ Kristo ba no bɛyɛ nea aniwa nhu, honhom mu de. Amanaman Mmere a ɛyɛ bere a wɔanna Onyankopɔn tumidi adi denam nniso biara so wɔ asase so no bɛba awiei wɔ 1914 mu. Afei ɔde Onyankopɔn Ahenni no besi hɔ wɔ soro. Eyi da so ara yɛ nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ nnɛ.
Russell ne ne mfɛfo no bɔɔ nokware ahorow yi ho dawuru duu akyiri denam ɔkasa ahorow ne nhoma ahorow a wotintimii so. Wɔ July 1879 mu no, Russell fii ase tintim Zion’s Watch Tower no (mprempren wɔfrɛ no Ɔwɛn-Aban). Ɔkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ Bible Asuafo asɛnka adwuma no yɛ nea egyina ntoboa a wofi wɔn pɛ mu yi so a ɛnyɛ nea wɔde prɛte fa obiara anim gyigye sika. Afei nso ɛsɛ sɛ wɔtrɛw asɛm no mu denam wɔn a wɔagye adi a wɔde wɔn ho ama a wontua wɔn ka no mmɔdenbɔ so. Russell ankasa de sika a na wayɛ adwuma saa bere no anya no boae.
Ná Bible Asuafo no hyiam sɛ adesua akuw, saa na na wɔfrɛ wɔn asafo ahorow no saa bere no. Ná wohyiam bɛyɛ mprɛnsa dapɛn biara ma ɔkasa ahorow, yɛ Kyerɛwnsɛm no mu adesua, ne adansedi nhyiam ahorow. Na wɔtow aba paw mmarima a wɔfata bere nyinaa sɛ mpanyimfo ma wɔhwɛ kuw biara honhom fam dwumadi ahorow so.
Wɔ 1884 mu no, wɔde Zion’s Watch Tower Tract Society no hyɛɛ aban mmara ase sɛ adwumayɛkuw a ɛnhwehwɛ honam fam mfaso a ɛwɔ Pennsylvania. Ná ɛsɛ sɛ wɔpaw adwumayɛkuw no titrani afe biara. Eyi ma wonyaa mmara kwan so ahyehyɛde a ɛbɛma Bible ntetee adwuma no anya nkɔso a ennyina nkwa mu a onipa biako bi wɔ so. Wɔpaw Charles T. Russell sɛ ne titrani, na n’adwumayɛbea no bɛyɛɛ Asafo no ti.
Wɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛtrɛw adwuma no mu akɔ aman afoforo so. Ebeduu Canada ne England wɔ 1880 mfe no mfiase mu hɔ. Russell tuu kwan kɔɔ Europa ne Mfinimfini Apuei wɔ 1891 mu na ɔkɔhwɛɛ nea wobetumi ayɛ de ama asɛmpa no ka akɔ so wɔ hɔ. Wɔ 1900 mfe no mfiase mu hɔ no, wobuee Asafo no baa dwumadibea ahorow wɔ Britain, Germany, ne Australia.
Wɔ 1909 mu no, woyii Ɔwɛn Aban Asafo no ti no kɔɔ Brooklyn, New York, na ama wɔatumi atrɛw asɛnka adwuma no mu wɔ wiase nyinaa yiye. Ɛbɛyɛɛ nea ɛho hia sɛ wonya adwumayɛkuw foforo wɔ New York Ɔman no mmara ase a ɛno na mprempren wɔfrɛ no Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. no. Wɔ 1914 mu no, wɔtew International Bible Students Association no wɔ London, England, na ahwɛ ma Bible Asuafo adwuma no akɔ so wɔ Britain ne aman a ɛhyɛ n’ase no nyinaa mu. Mprempren wɔatew mmara kwan so adwumayɛkuw ahorow bɛyɛ 70 wɔ aman ahorow pii so wɔ wiase nyinaa a ɛredi Ɔwɛn Aban Asafo no atirimpɔw ahorow ho dwuma. Eyinom nyinaa yɛ ahyehyɛde a ɛmpɛ honam fam mfaso a ntoboa a wofi wɔn pɛ mu yi ne adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama na ɛboa.
Charles Taze Russell wui wɔ 1916 mu na Joseph Franklin Rutherford dii n’ade sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani. Wɔ Wiase Ko I awiei bere no mu hɔ no, wɔnam ɔtaa so sɔɔ Bible Asuafo no hwɛe kɛse a nea etwa to ne anuanom baawɔtwe a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa wɔ Asafo no ti wɔ Amerika a wɔde wɔn koguu afiase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so no. Na ɛte sɛ nea Bible Asuafo no adwuma no wɔ asiane mu. Nanso, wɔ 1919 mu no, wogyaa saa anuanom yi na wɔkyerɛe sɛ wɔn ho nni asɛm, na afei asɛnka adwuma no ntrɛwmu kɛse no fii ase.
Ɛdenam Asafo no ti no so no, Kristofo Bible Asuafo a wɔasra wɔn kuw no kɔɔ so de honhom mu aduan maa nnipa a wɔde wɔn ho abɔ ahyehyɛde no ho nyinaa wɔ bere a ɛsɛ mu. Sɛnea na Kristofo a wɔasra wɔn asafo a ɛwɔ afeha a edi kan no mu no yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Yesu kaa ne ho asɛm no, saa ara na kuw a wɔasra wɔn a wɔyɛ Bible Asuafo a wɔahyira wɔn ho so a wɔyɛ Ahenni adwuma no ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no wɔ yɛn bere yi mu. Bere a Yesu bɛhwɛɛ asafo no, ohui sɛ saa kuw yi rema ne fifo no aduan; enti ɔma odii nneɛma a ɔwɔ nyinaa so.—Mateo 24:45-47; Luka 12:42.
Wɔ Wiase Ko I akyi pɛɛ no, wohui pefee sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Kristo Yesu so no asi hɔ wɔ ɔsoro wɔ 1914 mu. Enti na afei de Yesu asɛm no betumi anya ne mmamu koraa: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Joseph F. Rutherford fii ase sɛ ɔbɛda Ahenni no ho asɛm yi adi akyerɛ nnipa pii.—Mateo 24:14.
Enti Asafo no sii gyinae sɛ ɛno ankasa betintim ne nhoma ahorow a adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama a wɔyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so na ɛbɛyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi atintim Bible nhoma ahorow bere nyinaa a ɛyɛ nea ne bo ba fam sɛnea ebetumi. Wɔhyɛɛ Bible Asuafo yi nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ Ahenni no ho asɛmpaka no mu daa. Wɔmaa Bible mu ɔkasa ahorow wɔ radio so wɔ aman ahorow pii so.
Ansa na 1918 reba no, na ntease a Bible Asuafo no wɔ ne sɛ atirimpɔw nti a wɔka asɛm no ne sɛ wɔbɛboaboa wɔn a wɔapaw wɔn ma wɔakɔka Kristo Yesu ho wɔ ɔsoro no nkaefo no ano na wɔabɔ wiase no kɔkɔ wɔ Onyankopɔn atemmu a ɛreba no ho. Wɔansusuw wɔn a wobetwa mprempren nhyehyɛe bɔne yi awiei no ma wɔatra asase so no ano a wɔbɛboaboa no ho kɛse. Afei efi 1918 rekɔ no, wɔmaa ɔkasa a ɛne, “Ebia Ɔpepem a Wɔte Ase Mprempren Renwu Da!” no wɔ mmeae pii.
Wɔ 1923 mu no, Yesu bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho a ɛwɔ Mateo 25:31-46 no ho adesua daa no adi sɛ ansa na Harmagedon bɛba no, nnipa atreneefo a wɔnyɛ wɔn a wɔka ɔsoro Ahenni no mufo ho nso benya Onyankopɔn dom na wɔatwa Harmagedon. Wɔ 1935 mu no, adesua foforo daa no adi sɛ nnipa a wɔte sɛ nguanten yi te sɛ nnipakuw kɛse a wontumi nkan wɔn a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9-17 no. Wɔbɛboaboa eyinom ano afi amanaman nyinaa mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetwa ahohiahia kɛse no na wɔanya daa nkwa wɔ asase so. Ntease yi kanyan wɔn kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu.—Yohane 10:16.
Bible Asuafo no gyee edin Yehowa Adansefo no toom wɔ 1931 mu. Ansa na eyi reba no, na wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo, Amanaman Ntam Bible Asuafo, Mfirihyia Apemfo, ne Ɔwɛn Abanfo. Wodii wɔn ho fɛw frɛɛ wɔn Russell ne Rutherford Akyidifo mpo. Ɛda adi sɛ na edin yi mu biara nni hɔ a ɛfata wɔn yiye. Bere a edin Kristofo a wɔnam ɔsoro akwankyerɛ so de maa Yesu asuafo no wɔ afeha a edi kan no mu no yɛ nea ɛfata no, ɛyɛ nea akuw ahorow pii a wodi atoro nkyerɛkyerɛ akyi nso de di dwuma. Sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo nokware akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no bɛda nsow wɔ Kristofo ɔpepem pii a edin no da wɔn so ara kwa no ho no, na ɛsɛ sɛ wonya edin bi a ɛbɛma wɔada nsow koraa.
Kyerɛwnsɛm no ho a wosusuwii daa no adi pefee sɛ, te sɛ nea Yehowa frɛɛ ne nkurɔfo Israel sɛ n’adansefo no, saa ara na ɛfata sɛ wɔfrɛ ne nkurɔfo a wɔwɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei yi mu a wɔahyira wɔn ho so sɛ wɔbɛda ne din ne n’atirimpɔw adi no sɛ Yehowa Adansefo. Saa din yi ama Yehowa nokware Kristofo asomfo no ada nsow wɔ afoforo a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo nnɛ no ho.—Dwom 83:18; Yesaia 43:10-12.
Wɔ 1942 mu wɔ Wiase Ko II mu no, Joseph F. Rutherford wui, na Nathan H. Knorr dii n’ade sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani. Afei wohui sɛ nkɔmhyɛ ahorow no kyerɛ pefee sɛ wobenya asomdwoe ne ahofadi kakra wɔ ɔko no akyi a ɛbɛma wɔatumi atrɛw Ahenni asɛnka adwuma no mu kɛse ansa na nhyehyɛe yi awiei aba. Wɔ February 1943 mu no, wobuee Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu a wɔde bɛtete bere nyinaa asomfo ama asɛmpatrɛw adwuma wɔ amannɔne nsase so no ano. Akyiri yi wɔ saa afe no mu no, wɔde ɔsom adwuma no ho ntetee titiriw bi kaa Yehowa Adansefo dapɛn dapɛn nhyiam ho nhyehyɛe no ho.
Wɔ 1950 mu no, Asafo no fii ase yii New World Translation of the Holy Scriptures a ɛyɛ Bible nkyerɛase a ɛwɔ nnɛyi Engiresi kasa mu a wɔkyerɛɛ ase fii mfitiase kasa a wɔde kyerɛwee de no mu no afã horow bi adi. Saa Bible a wɔada emu nsɛm no adi pɛpɛɛpɛ a asete nyɛ den na ne bo nso nyɛ den a Asafo no ankasa na etintim yi aboa kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛde besi nnɛ wɔatintim mfuamfua ɔpepem 40 wɔ kasa horow 11 mu.
Ansa na 1985 reba awiei no, na Yehowa Adansefo a wɔn dodow boro ɔpepem abiɛsa nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ nsase ne nsupɔw bɛboro 200 so. Ɛdefa Kristo wu Nkaedi no ho no, ɛno ne wɔn nhyiam kɛse a ɛsen biara a wɔyɛe wɔ wɔn asafo ahorow 49,716 no mu wɔ 1985 mu a nnipa a wɔbae no dodow yɛ 7,792,109.
Sɛ́ ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn de Yehowa Adansefo redi dwuma no yɛ nea wohu wɔ kɔ a wɔkɔ so wɔ ne som adwuma mu, wɔn wiase nyinaa biakoyɛ, nnamyɛ a wɔde ma Yehowa din so, n’Ahenni no ho asɛm a wɔka, wɔn abrabɔ a ɛho tew gyinapɛn, Bible mu no nyinaa a wogye tom sɛ Onyankopɔn Asɛm a mfomso biara nnim, ne wɔn ho a wɔayi afi gyidihunu ne ahonhomsɛmdi ho no mu.
Afã a edidi so no kyerɛ sɛnea yebetumi anya mfaso wɔ Onyankopɔn nokware som a wɔasan de asi hɔ yi mu.
• Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw bɛn na ɛmaa Bible Asuafo no daa nsow wɔ asɔre ahorow no ho?
• Ahyehyɛde mu nkɔso bɛn na Bible Asuafo no nyae de besii 1918?
• Ɔkwan bɛn so na wobetumi aka sɛ Bible Asuafo a wɔasra wɔn kuw no ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔaka ne ho asɛm wɔ Mateo 24:45-47 no?
• Onyankopɔn atirimpɔw ho ntease bɛn na ɛkanyan wɔn kɛse wɔ asɛnka adwuma no a wɔbɛtrɛw mu no mu?
• Atirimpɔw bɛn na edin Yehowa Adansefo no di ho dwuma?
• Adanse ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de Yehowa Adansefo redi dwuma ampa?
[Kratafa 8 mfonini ahorow]
C. T. Russell wɔ 1879 mu
July, 1879 de
Bible Asuafo Kuw a wodi kan, Pittsburgh, Pa.
[Kratafa 9 mfonini ahorow]
Asafo no ti wɔ 1889-1909 mu, Pittsburgh, Pa.
Adwumayɛbea titiriw, 1909-1918, Brooklyn, N.Y.
Asafo no ti adwumayɛfo atrae, 1909-1926, Brooklyn, N.Y.
[Kratafa 10 mfonini ahorow]
Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no ti, Brooklyn, New York, U.S.A.
Atifi, benkum so: Office ahorow
Atifi, nifa so: Adwumayɛfo atrae
Ase, benkum so: Tintimbea
Ase, nifa so: Faako a wofi de nhoma ahorow mana
[Kratafa 11 mfonini ahorow]
J. F. Rutherford rema ɔkasa wɔ radio so
Ɔwɛn Aban Asafo no tintim afiri a edi kan a nnipa a wɔatu wɔn ho ama na wɔyɛ ho adwuma
Wiase Foforo Nkyerɛase Bible, mprempren wotintim wɔ kasa horow 11 mu