Wɔn Mfiase Ne Nkɔso Wɔ Nnɛ Bere Yi Mu
YEHOWA ADANSEFO nnɛyi abakɔsɛm no fii ase mfe ɔha a atwam ni. Wɔ 1870 mfe no mu no, Bible adesua kuw ketewa bi fii ase wɔ Allegheny, Pennsylvania, U.S.A., a seesei ɛwɔ Pittsburgh no. Ná Charles Taze Russell na odi kuw no anim. Wɔ July 1879 mu no wotintim Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence nsɛmma nhoma no mu nea edi kan. Eduu 1880 no, na asafo ahorow pii fi Bible adesua kuw ketewa biako pɛ no mu atrɛw kɔ amantam a ɛbemmɛn hɔ no mu. Wɔ 1881 mu no, wɔtee Zion’s Watch Tower Tract Society, na 1884 mu no, wɔde hyɛɛ mmara ase, a na ne titrani ne Russell. Akyiri yi, wɔsesaa Asafo ti no din yɛɛ no Watch Tower Bible and Tract Society. Nnipa pii yɛɛ afie afie adansedi kyekyɛɛ Bible ho nhoma ahorow. Ná nnipa aduonum na wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ 1888 mu—seesei nnipa bɛyɛ 700,000 na wɔreyɛ saa wɔ wiase nyinaa.
Eduu 1909 no, na wɔn adwuma no adu wiase nyinaa, na woyii Asafo no adwumayɛbea ti no kɔɔ Brooklyn, New York, baabi a ɛwɔ seesei no. Wɔmaa wotintim asɛmpa a wɔka no wɔ atesɛm nkrataa mu, na eduu 1913 no, na eyi wɔ kasa horow anan mu wɔ atesɛm krataa 3,000 mu wɔ United States, Canada, ne Europa. Wɔkyekyɛɛ nhoma, nhomawa, ne nkratawa ɔpepehaha pii.
Wɔ 1912 mu no, wofii ase yɛɛ “Photo-Drama of Creation” no ho adwuma. Sini a mfonini a ɛwom no bi nkeka ne ho na ebi keka ne ho kasa a efi asase bɔ so kosi Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no awiei no na na ɛwom. Wofii ase yi kyerɛe wɔ 1914 mu, na na nnipa 35,000 na wɔhwɛ no da biara. Ná ɛno ne sini a edi kan a mfonini a ɛwom no keka ne ho na ɛkasa.
AFE 1914
Ná bere titiriw bi reba n’awiei. Wɔ 1876 mu no, Bible suani Charles Taze Russell kyerɛw asɛm “Amanaman Mmere: Bere Bɛn na Ɛbɛba Awiei?” wɔ Bible Examiner a na wotintim wɔ Brooklyn, New York, no mu, na ɛkae wɔ nea ɛbae wɔ October mu no kratafa 27 sɛ, “Mmere ason no bɛba awiei wɔ 1914 Y.B. mu.” Amanaman Mmere no yɛ bere a Bible nkyerɛase foforo kaa ho asɛm sɛ ‘amanaman mmere a wɔahyɛ’ no. (Luka 21:24) Ɛnyɛ nea na wɔhwɛ kwan sɛ ebesisi wɔ 1914 mu no nyinaa na esisii, nanso nea ɛkɔɔ so no kyerɛe sɛ Amanaman Mmere no aba awiei na na ɛyɛ afe titiriw nso. Abakɔsɛm akyerɛwfo ne nkyerɛkyerɛmufo pii gye tom sɛ 1914 yɛ onipa abakɔsɛm mu bere titiriw. Nsɛm a edi hɔ a wɔafa aka yi da eyi adi:
“Afe a etwa to koraa a ‘nneɛma kɔɔ yiye’ wɔ abakɔsɛm mu ne 1913, afe a ɛno akyi na Wiase Ko I sii no.”—Samufo nsɛm a ɛwɔ Times-Herald, Washington, D.C., March 13, 1949, mu no.
“Abakɔsɛm akyerɛwfo ahu mfe 75 a efi 1914 kosi 1989, a wiase ko abien ne Apuei ne Atɔe ntam Ntawntawdi kɔɔ so wom, no yiye sɛ bere titiriw, bere soronko a wiase aman dodow no ara dii ako, wofii akodi mu fii anaasɛ na wɔresiesie wɔn ho ama akodi.”—The New York Times, May 7, 1995.
“Wiase Ko I no sɛee wiase nyinaa, na ebesi nnɛ no yennim nea enti a ɛte saa. Ansa na saa bere no reba no, nnipa susuwii sɛ ɛrenkyɛ asetra bɛyɛ anigye paa. Ná nnipa wɔ asomdwoe na wodi yiye. Afei biribiara sɛee. Yɛakɔ tebea a nnipa ntumi nyɛ hwee mu fi saa bere no . . . Wɔakum nnipa pii wɔ afeha yi mu sen biara wɔ abakɔsɛm mu.”—Ɔbenfo Walker Percy, American Medical News, November 21, 1977.
Afe 1914 akyi bɛboro mfe 50 no, Germanni manyɛfo Konrad Adenauer kyerɛwee sɛ: “Efi 1914 no, asomdwoe ne ahobammɔ biara nni nnipa asetra mu.”—The West Parker, Cleveland, Ohio, January 20, 1966.
Asafo no titrani a odi kan, C. T. Russell, wui wɔ 1916 mu, na afe a edi hɔ no, Joseph F. Rutherford dii n’ade. Nsakrae pii bae. Wofii ase tintim nsɛmma nhoma a ɛka Ɔwɛn-Aban ho a na wɔfrɛ no The Golden Age no. (Seesei wɔfrɛ no Nyan! na wɔkyekyɛ bɛboro 20,000,000 wɔ kasa bɛboro 80 mu.) Wɔtwee adwene sii afie afie asɛnka adwuma no so kɛse. Nea ɛbɛyɛ na saa Kristofo yi ada nsow wɔ Kristoman asɔre ahorow ho no, wɔfaa edin Yehowa Adansefo too wɔn ho so wɔ 1931 mu. Saa din yi gyina Yesaia 43:10-12 so.
Wɔde radio dii dwuma kɛse wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu. Eduu 1933 no, na Asafo ti no de radio dwumadibea ahorow 403 na edi dwuma de bɔ Bible mu nsɛm dawuru. Akyiri yi, Adansefo no de gramafon ne Bible mu nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so yɛɛ afie afie nsrahwɛ pii de sii radio dwumadi ananmu. Wɔne obiara a ɔkyerɛ Bible mu nokware ho anigye no fii ofie Bible adesua ase.
BEM A WƆADI WƆ ASƐNNIBEA AHOROW
Wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu no, wɔkyekyee Adansefo pii sɛ wɔreyɛ saa adwuma yi, na wɔde asɛm no kɔɔ asɛnnibea na ama wɔanya ahofadi wɔ kasa, nhomatintim, nhyiam, ne ɔsom mu. Woyii wɔn asɛm no fii United States asɛnnibea nketewa hɔ kɔdan United States Asɛnnibea Kunini no, na eyi maa Adansefo no dii bem wɔ nsɛm 43 mu. Saa ara na asɛnnibea kunini ahorow a ɛwɔ nsase foforo so no aboa ma wɔadi bem. Ɛdefa bem a wɔadi wɔ asɛnnibea ahorow ho no, Ɔbenfo C. S. Braden, kaa Adansefo no ho asɛm wɔ ne nhoma These Also Believe mu sɛ: “Wɔayɛ adwuma a ɛda nsow de aboa ama dodow amammu akɔ so denam mmɔden a wɔabɔ de akora hokwan a ɔmanfo wɔ so no so, efisɛ wɔn mmɔdenbɔ no aboa kɛse ma nnipa mpapahwekwa nyinaa anya saa hokwan no bi wɔ Amerika.”
NTETEE SORONKO A WƆDE AMA
J. F. Rutherford wui wɔ 1942 mu, na N. H. Knorr dii n’ade sɛ titrani. Wofii ase de ntetee titiriw bi mae. Wɔ 1943 no, wɔtew sukuu titiriw bi a wɔde bɛtete asɛmpatrɛwfo, a wɔfrɛ no Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu. Efi saa bere no, wɔde wɔn a wɔawie saa sukuu yi bi no akokɔ asase so mmaa nyinaa. Wɔatete asafo ahorow wɔ mmeae a na anka ebi nni no, na nnɛ wɔasisi baa dwumadibea bɛboro 100 wɔ wiase nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a, wɔyɛ adesua titiriw ho nhyehyɛe de tete asafo mu mpanyimfo, wɔn a wɔatu wɔn ho ama resom wɔ baa dwumadibea ahorow, ne wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma no mu (sɛ akwampaefo) wɔ adansedi adwuma no mu. Wɔayɛ sukuu atitiriw a wɔde tete asomfo no pii wɔ adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York, no.
N. H. Knorr wui wɔ 1977 mu. Ahyehyɛde mu nsakrae foforo a etwa to a ɔboa ma wɔyɛe ansa na ɔrewu no mu biako ne Sodikuw a ɛwɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn no a wɔmaa ɛyɛɛ kɛse no. Wɔ 1976 mu no, wɔkyekyɛɛ ɔhwɛ adwuma no mu yɛɛ no boayikuw ahorow a emufo fi Sodikuw no mu, a wɔn mu biara de mfe pii asom.
WƆTRƐW NHOMATINTIM HO NNEƐMA MU
Nsɛm a ɛyɛ nwonwa ayɛ Yehowa Adansefo nnɛyi abakɔsɛm ma. Eduu afe 2000 mu no, na Adansefo no fi Bible adesua kuw ketewa biako a na ɛwɔ Pennsylvania wɔ 1870 mu no mu anyin abɛyɛ asafo ahorow bɛyɛ 90,000 wɔ wiase nyinaa. Kan no, na aguadifo akuw bi na wotintim yɛn nhoma no nyinaa; afei, wɔ 1920 mu no, na Adansefo no tintim wɔn nhoma no bi wɔ nnwumakuw ahorow mu tua ho ka. Nanso, efi 1927 no, wɔatintim nhoma pii wɔ adwumayɛdan a ɛtoa so awotwe a ɛwɔ Brooklyn, New York, a ɛyɛ Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., ankasa de, no mu. Seesei, wɔatrɛw mu abenya adan ne adwumayɛdan afoforo aka ho. Wɔwɔ adan foforo wɔ Brooklyn a emu na asomfo a wotu wɔn ho ma boa ma wotintim nhoma no te. Eyi da nkyɛn a, wɔwɔ afuw ne nhomatintimbea wɔ Wallkill, a ɛwɔ New York atifi fam a wɔyɛ mfuw wɔ hɔ no. Wotintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no wɔ hɔ na wodua nnuan ma asomfo a wɔwɔ adwumayɛbea ahorow no di. Ɔsram biara wɔma odwumayɛni biara sika kakra a ɔde bɛtotɔ nneɛma nketenkete bi a ohia.
AMANAMAN NTAM NHYIAM AHOROW
Wɔ 1893 mu no, wɔyɛɛ nhyiam kɛse a edi kan wɔ Chicago, Illinois, U.S.A. Nnipa 360 na wɔkɔɔ bi, na wɔbɔɔ nnipa 70 a na wɔaba foforo asu. Amanaman ntam nhyiam kɛse a etwa to ne nea wɔyɛe wɔ New York Kuropɔn wɔ 1958 mu no. Wɔyɛe wɔ Yankee Stadium ne Polo Grounds a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Nnipa 253,922 na wɔkɔe; wɔbɔɔ afoforo 7,136 asu. Efi saa bere no, wɔayɛ amanaman ntam nhyiam no pii wɔ aman pii mu. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, nhyiam a ɛtete saa a wɔyɛ wɔ aman pii mu no yɛ bɛyɛ apem wɔ wiase nyinaa.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
Adwuma titiriw a ɛma ɔmanfo nya ahofadi
[Mfonini wɔ kratafa 6]
“Ɔwɛn-Aban,” no fi 6,000 wɔ kasa biako mu abedu bɛboro 22,000,000 wɔ kasa bɛboro 132 mu
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Nnipa abakɔsɛm mu bere titiriw
[Kratafa a ne nyinaa yɛ mfonini wɔ kratafa 10]