‘Kɔ So Wɔ Nneɛma A Woasua No Mu’
Ɛno ne nea ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa aberante Timoteo. (2 Timoteo 3:14, New World Translation) Bere a woakenkan nhoma yi awie no, wunim nneɛma pa pii a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no. Nanso ɛho hia sɛ wokɔ so nya nkɔanim wɔ honhom mu. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo, sɛ wo nsa nkaa saa mmoa no dedaw a. Kyerɛw dwumadibea a ɛwɔ wo man mu, a n’address wɔ ase ha no, na bisa sɛ Yehowa Adansefo mu ɔsomfo bi mmra wo fi ne wo mmɛyɛ Bible adesua daa a wuntua ho hwee.